Dwom 11
Ma Yehowa Koma Ntɔ Ne Yam
Nea Yɛaprente
1. Nyankopɔn, yɛbɛsom wo daa,
W’adwuma no na yɛbɛyɛ.
Ɛno na yɛnam so bɛma
Wo koma atɔ wo yam daa.
2. W’akoa ne wo fiehwɛfo no
Bɔ wo din wɔ asase so.
Ɔma yɛte w’Asɛm ase;
Ɛhyɛ yɛn den ma yɛsom wo.
3. Ma yɛn wo honhom kronkron no,
Ɛno ma yedi nokware;
Ɛbɛma yɛakamfo wo din;
Wo koma ani begye daa.
(Hwɛ Mat. 24:45-47; Luka 11:13; 22:42 nso.)