DWOM 58
Yɛhwehwɛ Asomdwoe Nnipa
1. Ye-su a-ma yɛn a-hyɛ-de kɛ-se:
‘Mon-kɔ a-man nyi-naa ’ra mu;
Mon-yɛ wɔn nyi-naa m’a-sua-fo.’
Nyan-ko-pɔn nguan no, ɔ-frɛɛ wɔn nyi-naa.
Ɔ-hwe-hwɛɛ nni-pa a-nɔ-pa
Ko-si a-na-dwo.
A-fie a-fie ne baa-bia-ra,
Yɛ-ma nni-pa a-bo-tɔ-yam.
Yɛ-ky’rɛ-ky’rɛ wɔn sɛ ɔ-haw nyi-naa be-twam.
(NNYESO)
Wia-se nyi-naa,
Ye-kyin hwe-hwɛ a-som-dwoe nni-pa;
Yɛ-re-hwe-hwɛ
O-bia-ra a ɔ-pɛ n-kwa-gye.
Yɛ-bɔ mmɔ-den
Kɔ baa-bia-ra.
2. Sɛ o-bi sa-kra, ye-nya a-ni-gye.
En-ti yɛ-bɔ mmɔ-den boa no,
Yɛ-de yɛn ho bɔ a-fɔ-re.
Yɛ-boa no ma o-hu no-kwa-re kwan.
Ɛ-ma o-nya a-ni-da-so
De som Ye-ho-wa.
Yɛ-hwe-hwɛ nni-pa baa-bia-ra,
Yɛ-de ɔ-dɔ boa wɔn nyi-naa.
O-bi tie a, ye-nya a-ko-ma-tɔ-yam.
(NNYESO)
Wia-se nyi-naa,
Ye-kyin hwe-hwɛ a-som-dwoe nni-pa;
Yɛ-re-hwe-hwɛ
O-bia-ra a ɔ-pɛ n-kwa-gye.
Yɛ-bɔ mmɔ-den
Kɔ baa-bia-ra.
(Hwɛ Yes. 52:7; Mat. 28:19, 20; Luka 8:1; Rom. 10:10 nso.)