Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
JANUARY 1-7
BIBLE MU AKORADE | MATEO 1-3
“Ɔsoro Ahenni No Abɛn”
nwtsty Mt 3:1, 2 ho adesua nsɛm
bɛkaa asɛm: Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ “obi a wɔasoma no bɛbɔ biribi ho dawuru akyerɛ nkurɔfo.” Ɛtwe adwene si ɔkwan a onii no bɛfa so abɔ dawuru no: ɛtaa yɛ abɔnten, anaa baguam, sen sɛ ɔbɛboa nnipakuw bi ano.
Ahenni: Bere a edi kan a wɔde Hela asɛmfua ba·si·leiʹa di dwuma, na ɛkyerɛ aban a adedifo no yɛ adehye. Bio nso, ɛkyerɛ mmeae a aban no di tumi ne nnipa a aban no di wɔn so. Hela asɛmfua yi pue mpɛn 162 wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Mateo nhoma no nko ara mu no, epue mpɛn 55, na emu dodow no ara ka Onyankopɔn soro ahenni ho asɛm. Mateo de asɛmfua ahenni dii dwuma pa ara ma enti, wɔtaa frɛ ne nhoma no Ahenni Asɛmpa.
Ɔsoro Ahenni: Asɛmfua yi pue bɛyɛ mpɛn 30 na Mateo Asɛmpa no mu nko ara na ɛwɔ. Marko ne Luka Nsɛmpa no mu no, asɛm foforo a wɔde kyerɛɛ mu ne “Onyankopɔn Ahenni.” Wei kyerɛ sɛ “Onyankopɔn Ahenni” wɔ honhom atenae wɔ soro, na ɛhɔ na efi di ade.—Mt 21:43; Mr 1:15; Lu 4:43; Da 2:44; 2Ti 4:18.
abɛn: Ɛha yi nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛrenkyɛ, nea na ɔbɛyɛ ɔsoro Ahenni so Hene no bɛba.
nwtsty mfonini
Yohane Suboni Atade Ne Sɛnea Osiesie Ne Ho
Ná Yohane hyɛ atade a wɔde yoma nhwi anwene, na na ɔde aboa nhoma abɔso a wotumi de nneɛma nketenkete gu mu bɔ n’asen. Saa atade no bi na na odiyifo Elia hyɛ. (2Ah 1:8) Na yoma nhwi ntama yɛ weserawesera na na ahiafo na ɛtaa hyɛ. Nanso asikafo de, na wɔhyɛ ntade bɔkɔɔ a wɔde sirikyi anaa nwera ayɛ. (Mt 11:7-9) Esiane sɛ na Yohane yɛ Nasirini fi awo mu nti, ebetumi aba sɛ wɔanyi ne ti da. Sɛ wohwɛ atade a na Yohane hyɛ ne sɛnea osiesie ne ho a, ɛbɛyɛ sɛ na wutumi hu ntɛm ara sɛ ɔyɛ awiɛmfoɔ, na ɔde ne ho nyinaa ama Onyankopɔn sɛ ɔbɛyɛ n’apɛde.
Mmoadabi
Asɛmfua “mmoadabi” a Bible de di dwuma no, ebetumi akyerɛ mmebɛw ahorow a wɔwɔ mmɛn ntiantiaa a ɛma wɔte ade nka, titiriw mmebɛw a wɔka wɔn ho bom tu yuu kɔ mmeae ahorow. Nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ wɔ Yerusalem no kyerɛ sɛ, wɔkyɛ sare so abebɛw baako biara mu ɔha a, ne nkyem 75 yɛ nnuannuru a wɔfrɛ no protein. Ɛnnɛ, sɛ obi bedi mmoadabi a, obubu ne ti, ne nan, ne ne ntaban. Afei oyi ne yam no ma ɛka ne bo nko ara. Ebinom noa ansa na wɔadi. Ebi nso di no saa ara a wɔnnoa. Wɔkyerɛ sɛ wudi a ɛte sɛ mmɔnkɔ anaa kɔtɔ, na nnuannuru protein dɔɔso wom paa.
Wuram Ɛwo
Mfonini a edi kan no yɛ ɛwokyɛm a wuram nwowa na ayɛ, na nea ɛto so mmienu no nso yɛ ɛwokyɛm a ɛwo adonnɔn no. Ɛwo a na Yohane di no, ebetumi aba sɛ na wuram nwowa bi a yɛfrɛ no Apis mellifera syriaca, a ɛwɔ Yuda sare so na na ɛyɛ. Saa nwowa a wɔn ani yɛ den yi tumi tena Yuda sare a ɛhɔ yɛ hyew, na nsu ntaa ntɔ wɔ hɔ no so. Ná ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi bɛyɛn wɔn. Nanso afeha a ɛto so nkron A.Y.B. mu no, na nkurɔfo a wɔte Israel no de wɔn gu dɔte anwenne bi a ɛte sɛ kuku anwenne mu. Wohuu dɔte anwenne yi pii wɔ kurow kɛse bi a ɛwɔ Yordan Subon no mfinimfini (seesei wɔfrɛ hɔ Tel Rehov). Ɛwo a na ɛwɔ dɔte anwenne yi mu no, ɛbɛyɛ sɛ nwowa bi a na wofi baabi a ɛnnɛ yɛfrɛ hɔ Turkey no na ɛyɛe.
Tweetwee Bible Mu
nwtsty Mt 1:3 ho adesua asɛm
Tamar: Mmea nnum a Mateo bobɔɔ wɔn din bere a ɔreyɛ Mesia abusua ho kyerɛwtohɔ no, Tamar na odi kan. Nnan a wɔka ho no ne Rahab ne Rut a na wɔnyɛ Israelfo (nky. 5); “Uria yere” Bat-Seba (nky. 6); ne Maria (nky. 16). Abusua a Yesu fi mu ho kyerɛwtohɔ a Mateo yɛe no, na emu dodow no ara yɛ mmarima. Nanso ebia nea enti a ɔbobɔɔ mmea yi din kaa mmarima no ho ne sɛ, ɔkwan a wɔn mu biara faa so bɛyɛɛ Yesu nanabea no da nsow.
nwtsty Mt 3:11 ho adesua asɛm
na ɛbɔ mo asu: Anaa sɛ wɔde obi bɛhyɛ nsu mu koraa. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase ba·ptiʹzo no kyerɛ sɛ wɔde biribi “benu; bewura” nsu mu. Mmeae foforo a Bible no de asubɔ yɛɛ adwuma no, na ɛkyerɛ sɛ wɔde obi bɛhyɛ nsu mu koraa. Bere bi, na Yohane rebɔ asu wɔ Yordan Subon no mu baabi a ɛbɛn Salim, efisɛ na “nsu pii wɔ hɔ.” (Yoh 3:23) Bere a Filipo rebɔ Etiopiani piani no asu no, “wɔn baanu nyinaa sian kɔɔ nsu no mu.” (Aso 8:38) Hela asɛmfua koro yi ara na Septuagint no de dii dwuma wɔ 2Ah 5:14, bere a ɛreka sɛ Naaman “kɔtɔɔ Yordan mu mpɛn ason” no.
JANUARY 8-14
BIBLE MU AKORADE | MATEO 4-5
“Nea Yebetumi Asua Afi Yesu Bepɔw So Asɛnka No Mu”
nwtsty Mt 5:3 ho adesua asɛm
Anigye: Ɛnyɛ nea ɛkyerɛ ne sɛ obi ho abae no kɛkɛ, te sɛ bere a ɔreyɛ biribi a ɔpɛ paa. Mmom, sɛ wɔka sɛ onipa bi ani agye a, nea ɛkyerɛ ne tebea a nipa no kɔ mu bere a Onyankopɔn ahyira no na wanya n’anim dom no. Asɛmfua “anigye” no, wotumi de kyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn te nka ne sɛnea Yesu te nka wɔ ne soro anuonyam mu.—1Ti 1:11; 6:15.
wɔn a wonim wɔn honhom mu ahiade: Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “wɔn a wonim” no, ɛkyerɛ “wɔn a wɔyɛ ahiafo (wɔn a wonni bi; mmɔborɔwafo; wɔn a wɔsrɛsrɛ ade).” Sɛnea wɔde dii dwuma wɔ ha no kyerɛ wɔn a wohia biribi na wohu sɛ wohia dekode no. Saa asɛmfua yi ara na wɔde dii dwuma bere a wɔreka “ɔdesrɛfo” Lasaro ho asɛm wɔ Lu 16:20, 22 no. Hela asɛm a nsɛm asekyerɛfo binom kyerɛɛ ase “honhom mu ahiafo” no, adwene a ɛwɔ akyi ne nkurɔfo bi a wonim paa sɛ ahia wɔn wɔ honhom mu anaa wohia Onyankopɔn.
nwtsty Mt 5:7 ho adesua asɛm
mmɔborɔhunufo: Nsɛmfua “mmɔborɔhunufo” ne mmɔborɔhunu a Bible de di dwuma no kɔ akyiri sen sɛ obi de bɔne bɛkyɛ anaa ɔbɛgow asotwe mu bere a ɔrebu atɛn. Mpɛn pii no, wɔde kyerɛ ayamhyehye ne tema a epusuw obi ma ofi ne pɛ mu kɔboa wɔn a wohia mmoa.
nwtsty Mt 5:9 ho adesua asɛm
wɔn a wɔpɛ asomdwoe: Ɛnkyerɛ wɔn a wɔbɔ asomdwoe ho ban kɛkɛ, na mmom wɔn a wotumi ma asomdwoe ba bere a ebi nni hɔ.
Tweetwee Bible Mu
nwtsty Mt 4:9 ho adesua asɛm
bɔ wo mu ase som: Hela adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase “som” wɔ ha no, wɔde dii dwuma wɔ twam kabea a wɔfrɛ no aorist mu; ɛkyerɛ biribi a wɔyɛ no bere tiaa mu. Asɛm “bɔ wo mu ase som” no nkyerɛ sɛ na Ɔbonsam pɛ sɛ Yesu som no daa anaa bere nyinaa; na ɔpɛ sɛ ‘ɔsom’ no pɛnkoro pɛ.
nwtsty Mt 4:23 ho adesua asɛm
kyerɛkyerɛe . . . kaa asɛm: Ɛsono sɛ obi rekyerɛkyerɛ ɛnna ɛsono sɛ ɔreka asɛm. Obi rekyerɛkyerɛ a, ɔnka asɛm bi kɛkɛ; ɔma akwankyerɛ, ɔkyerɛkyerɛ nsɛm mu, ɔde nsɛm a ntease wom yɛ adwuma na ɔma adanse a ɛkyerɛ sɛ nea ɔreka no yɛ nokware.
JANUARY 15-21
BIBLE MU AKORADE | MATEO 6-7
‘Monkɔ So Nhwehwɛ Ahenni No Kan’
nwtsty Mt 6:24 ho adesua asɛm
som: Hela adeyɛ asɛm a wɔde dii dwuma no kyerɛ obi a ɔyɛ adwuma sɛ akoa, na ne wura yɛ baako pɛ. Nea na Yesu rekyerɛ wɔ ha ne sɛ, Onyankopɔn fata sɛ yɛsom ɔno nkutoo, enti Kristoni rentumi nsom Onyankopɔn na bere koro no ara ɔmfa ne bere nyinaa mpɛ ahonyade.
nwtsty Mt 6:33 ho adesua asɛm
monkɔ so nhwehwɛ: Hela adeyɛ asɛm no kyerɛ biribi a wɔkɔ so yɛ. Wɔn a wodi Yesu akyi nokware mu no mfa bere pɔtee bi nhwehwɛ Ahenni no, na afei wowie a wɔakodi nneɛma foforo bi akyi. Mmom no, ɛsɛ sɛ wɔde Ahenni no di kan wɔ wɔn asetena mu bere nyinaa.
Ahenni no: Hela nsaano nkyerɛwee ahorow bi kenkan sɛ “Onyankopɔn Ahenni.”
trenee: Wɔn a wɔhwehwɛ Onyankopɔn trenee no de ahopere yɛ n’apɛde na nea Onyankopɔn ka wɔ papa ne bɔne ho no wɔde bɔ wɔn bra. Saa nkyerɛkyerɛ yi yɛ soronko koraa fi nea na Farisifo no kyerɛkyerɛ ho. Wɔn de na wɔn ankasa trenee na wɔkyerɛkyerɛ.—Mt 5:20.
Tweetwee Bible Mu
nwtsty Mt 7:28, 29 ho adesua nsɛm
ho dwiriw wɔn: Hela adeyɛ asɛm a wɔde dii dwuma no, wobetumi akyerɛ ase sɛ sɛ “biribi bɛyɛ obi nwonwa araa ma onhu nea ɔnyɛ.” Enti ensii kabea a wɔde yɛɛ adwuma no kyerɛ sɛ Yesu nsɛm no nyaa nnipakuw no so nkɛntɛnso kyɛe.
ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe: Asɛm yi fa akwan horow a Yesu faa so kyerɛkyerɛe ne sɛnea ɔyɛɛ saa ho. Nea ɛka ho ne nneɛma a ɔkyerɛkyerɛe, ne nsɛm a ɔkae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu nyinaa.
ɛnte sɛ wɔn akyerɛwfo no: Esiane sɛ na akyerɛwfo no wɔ obu kɛse ma rabifo no, na wogye wɔn nsɛm tom nti, na wɔtaa fa wɔn nsɛm de kyerɛkyerɛ, nanso Yesu a na ɔyɛ Onyankopɔn nanmusifo no de, ogyinaa Onyankopɔn Asɛm so kyerɛkyerɛe te sɛ obi a ɔwɔ tumi.—Yoh 7:16.
JANUARY 22-28
BIBLE MU AKORADE | MATEO 8-9
“Ná Yesu Dɔ Nkurɔfo”
nwtsty Mt 8:3 ho adesua asɛm
ɔteɛɛ ne nsa kaa no: Ná Mose mmara no hwehwɛ sɛ wɔde akwatafo kogu baabi, na abɔ afoforo ho ban na kwata no ansan wɔn. (Le 13:45, 46; Nu 5:1-4) Nanso Yuda nyamesom akannifo no hyehyɛɛ mmara no bi kaa ho. Nhwɛso bi ni: Wɔhyɛɛ mmara sɛ ɛnsɛ sɛ obiara bɛn ɔkwatani bɛyɛ basafa nnan anaa bɛyɛ mita 1.8 (anammɔn 6) mpo, nanso sɛ mframa rebɔ de a, ɛsɛ sɛ ɔkwan basafa 100 bɛda ɔkwatani no ne afoforo ntam, kyerɛ sɛ bɛyɛ mita 45 (anammɔn 150). Saa mmara yi nti, na nkurɔfo ne akwatafo di no atirimɔden so. Yudafo atetesɛm bi kamfo rabifo no mu baako a na ɔde ne ho sie akwatafo, ne ɔfoforo nso a na ɔtoto abo boro akwatafo de pam wɔn. Nanso Yesu de, ɔkwatani no asɛm yɛɛ no mmɔbɔ araa ma ɔyɛɛ biribi a na Yudafo a aka no nna nnwenee ho da; ɔde ne nsa kaa ɔbarima no. Ɔyɛɛ saa ɛmfa ho sɛ anka obetumi aka asɛm bi kɛkɛ de asa no yare.—Mt 8:5-12.
Mepɛ: Ɔbarima no abisade a ɔde too Yesu anim no, ɛnyɛ sɛ ɔmaa no huu sɛ wate kɛkɛ na mmom ɔkyerɛe sɛ ɔpɛ paa sɛ ɔyɛ ho biribi. Ná ɛnyɛ biribi a ɛsɛ sɛ ɔyɛ kɛkɛ na mmom ɔdaa no adi sɛ efi ne koma mu.
nwtsty Mt 9:10 ho adesua asɛm
ɔte adidii: Sɛ obi ne onipa foforo tena pon ho didi a na ɛkyerɛ sɛ onii no yɛ obi a ɔne no bɔ paa. Enti na Yudafo a wɔwɔ Yesu bere so no ne wɔn a wɔnyɛ Yudafo ntena pon ho na kampɛsɛ wɔne wɔn adidi.
towgyefo: Ná Yudafo pii gyigye tow ma Roma aban mpanyimfo. Ná nkurɔfo ani nnye Roma aban no ho, na na wɔmpɛ Yudafo a wogyigye tow ma aban no nso asɛm. Efisɛ na ɛnyɛ sɛ wɔne aban no ayɛ baako regyigye tow kɛkɛ, na mmom ɛtow a ɛsɛ sɛ wogye no nso, na wɔde bi ka ho. Wɔn a wogyigye tow no, na Yudafo a aka no ne wɔn mmɔ efisɛ na wobu wɔn sɛ wɔne abɔnefo ne aguamammɔfo nyinaa yɛ pɛ.—Mt 11:19; 21:32.
nwtsty Mt 9:36 ho adesua asɛm
wɔyɛɛ no mmɔbɔ: Hela adeyɛ asɛm a ɛne splag·khniʹzo·mai a ɔde gyinaa hɔ maa saa asɛm yi ne “nsono” wɔ abusuabɔ (splagʹkhna), na ɛkyerɛ obi a ne nsono mu retew; atenka a emu yɛ den paa. Hela mu no, sɛ wɔreka ayamhyehye ho asɛm a, nsɛmfua a emu yɛ duru a wɔde di dwuma no mu baako ne splag·khniʹzo·mai.
JANUARY 29–FEBRUARY 4
BIBLE MU AKORADE | MATEO 10-11
“Yesu Maa Nkurɔfo Ho Dwoo Wɔn”
nwtsty Mt 10:29, 30 ho adesua nsɛm
nkasanoma: Strou·thiʹon yɛ Hela asɛmfua bi a wɔde gyina hɔ ma anomaa ketewa biara. Nanso na wɔtaa de frɛ nkasanoma. Nnomaa a saa bere no na wodi nyinaa, ɛno na na ne bo nyɛ den koraa.
kaprɛ: Ɛkyerɛ assarion baako, na sɛ obi yɛ adwuma simma 45 a, ɛno na na wɔde tua no ka. (Hwɛ sgd-TWK Ɔfã 18.) Bere a ɛto so mmiɛnsa a na Yesu reka asɛmpa no wɔ Galilea no, ɔkaa sɛ nkasanoma mmienu bo yɛ assarion baako. Ɛda adi sɛ, bɛyɛ afe akyi bere a na Yesu reyɛ ɔsom adwuma wɔ Yudea no nso, ɔkaa sɛ wobetumi de assarion mmienu atɔ nkasanoma nnum. (Lu 12:6) Sɛ yɛde Yesu nsɛm mmienu yi toto ho a, yehu sɛ saa bere no, na nkasanoma nsom bo ahe biara mma aguadifo, enti wotɔ nnan a, na wɔde baako ato wo so.
na mo ti so nhwi koraa wakan: Wɔkyerɛ sɛ nhwi a ɛwɔ nipa ti so no, wokan a anyɛ yiye koraa no ɛboro 100,000. Sɛ Yehowa nim nhwi dodow a ɛwɔ nipa ti so sei a, ɛnde ɛkyerɛ sɛ obiara a odi Kristo akyi no ho hia Yehowa pa ara.
nwtsty mfonini
Akasanoma
Nnomaa a saa bere no na wodi nyinaa, nkasanoma na na ne bo nyɛ den koraa. Sɛ obi yɛ adwuma simma 45 a, na otumi de ɛho akatua tɔ nkasanoma mmienu. Hela asɛmfua a wɔde dii dwuma no, na wotumi de gyina hɔ ma nnomaa ahorow a wɔn ho susua te sɛ nkasanoma a wɔyɛn wɔn wɔ fie (Passer domesticus biblicus) ne akasanoma bi a wɔfrɛ no Spanish sparrow (Passer hispaniolensis) a pii da so ara wɔ Israel no.
nwtsty Mt 11:28 ho adesua asɛm
nnesoa asoa mo: Wɔn a Yesu kaa sɛ wɔmmra ne nkyɛn no, na ɔbrɛ ne ɔhaw ama ayɛ sɛ nea ‘nnesoa so wɔn.’ Ná nnipa atetesɛm a wɔde aka Mose Mmara no ho no ama Yehowa som ayɛ adesoa ama wɔn. (Mt 23:4) Homeda no a anka ɛsɛ sɛ ɛma wɔn ho dwo wɔn no, na ɛno mpo abɛyɛ adesoa.—Ex 23:12; Mr 2:23-28; Lu 6:1-11.
mɛma mo ho adwo mo: Hela asɛm a wɔkyerɛɛ ase ‘obi ho adwo no’ no betumi akyerɛ nneɛma mmienu; sɛ obi rehome (Mt 26:45; Mr 6:31), ɛne sɛ obi ho bedwo no afi ɔbrɛ ho na wasan anya ahoɔden (2Ko 7:13; Flm 7). Yɛhwɛ asɛm a Yesu kae no nyinaa a, yehu sɛ sɛ obi fa Yesu “kɔndua” a, (Mt 11:29) ɛyɛ adwuma, na ɛnyɛ ahomegye. Hela adeyɛ asɛm a wɔde yɛɛ adwuma no kyerɛ sɛ Yesu na ɔbɛma wɔn a wɔabrɛ no asan agyina wɔn nan so na wɔanya ahoɔden. Wei bɛma wɔn ani agye sɛ wɔbɛfa Yesu kɔndua a ɛyɛ hare na ɛyɛ mmerɛw no.
nwtsty Mt 11:29 ho adesua asɛm
momfa me kɔndua nto mo ho so: “Kɔndua” a Yesu de yɛɛ adwuma no yɛ kasakoa, na na ɔde rekyerɛ obi a ɔbrɛ ne ho ase ma tumidi na ogye akwankyerɛ tom. Sɛ kɔndua a ɛbɔ ho mmienu a Onyankopɔn de too Yesu kɔn ho na na ɛwɔ Yesu adwenem a, ɛnde na ɔreto nsa afrɛ n’asuafo sɛ wɔne no nyinaa mmɛhyɛ saa kɔndua no ase, na ɔbɛboa wɔn. Sɛ saa de a, ɛnde yebetumi aka asɛm no wɔ kwan foforo so sɛ: “Mo ne me mmɛhyɛ me kɔndua ase.” Sɛ Yesu ankasa na ɔde kɔndua no to nkurɔfo so a, ɛnde na asɛm no kyerɛ sɛ wɔn a wodi Yesu akyi no, ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase na wogye Kristo tumidi ne n’akwankyerɛ tom.