KRISTOFO ABRABƆ
Yesu Wu Maa Wo Nua Nso
Yesu de ne nkwa bɔɔ afɔre maa nnipa a wɔnyɛ pɛ. (Ro 5:8) Akyinnye biara nni ho sɛ, yɛn mu biara ani sɔ sɛ ɔdɔ a Yesu wɔ ma yɛn nti, ɔde ne nkwa too hɔ maa yɛn. Nanso ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Kristo wu maa yɛn nua nso. Yɛbɛyɛ dɛn ada Kristo dɔ adi akyerɛ yɛn nuanom a wɔnyɛ pɛ te sɛ yɛn ara no? Susuw akwan mmiɛnsa yi ho hwɛ. Nea edi kan, yebetumi abue yɛn komam ne wɔn a ɛsono wɔn nsɛm tebea nso afa adamfo. (Ro 15:7; 2Ko 6:12, 13) Nea ɛto so mmienu, yebetumi ahwɛ yiye na yɛn kasa ne yɛn nneyɛe anhaw nkurɔfo. (Ro 14:13-15) Nea etwa to, sɛ obi fom yɛn a, yebetumi ayɛ ntɛm de akyɛ no. (Lu 17:3, 4; 23:34) Sɛ yɛbɔ mmɔden suasua Yesu wɔ saa akwan yi so a, Yehowa bɛkɔ so ahyira asafo no ama asomdwoe ne baakoyɛ atena mu.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MA WO SUBAN NYƐ FƐ!, NA BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Mfiase no, sɛn na Miki tee nka wɔ asafo foforo a na wakɔ mu no ho?
Sɛnea na ɔte nka no, dɛn na ɛma ɛsesae?
Sɛn na Yesu nhwɛso no boaa Miki ma ɔsesaa n’adwene? (Mr 14:38)
Sɛn na Mmebusɛm 19:11 betumi aboa yɛn ama yɛanya yɛn nuanom Kristofo ho adwempa?