Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jy ti 49 kr. 122-kr. 123 nky. 3
  • Ɔkaa Asɛm No Wɔ Galilea Na Ɔtetee Asomafo No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkaa Asɛm No Wɔ Galilea Na Ɔtetee Asomafo No
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Monyɛ Otwa Adwumayɛfo A Mowɔ Anigye!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Sɛ Wɔtaa Wɔn Mpo A Wɔbɛka Asɛm No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Yesu Somaa Asuafo 70 sɛ Wɔnkɔka Asɛmpa
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • So Biribi Ka Wo Ma Woyɛ W’ade Sɛnea Yesu Yɛe no?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
jy ti 49 kr. 122-kr. 123 nky. 3
Yesu resoma n’asomafo no mmienu mmienu sɛ wɔnkɔyɛ asɛnka adwuma

TI 49

Ɔkaa Asɛm No Wɔ Galilea Na Ɔtetee Asomafo No

MATEO 9:35–10:15 MARKO 6:6-11 LUKA 9:1-5

  • YESU SAN KƆKYINKYINII GALILEA YƐƐ ASƐNKA ADWUMA

  • ƆMAA ASOMAFO NO KƆYƐƐ ASƐNKA ADWUMA NO

Ná Yesu ayɛ asɛnka adwuma no denneennen bɛyɛ mfe mmienu. Afei na ɔbɛdwodwo ne ho anaa? Dabi, na mmom ɔkɔkyinkyinii Galilea “nkuro ne nkuraa nyinaa mu, kyerɛkyerɛɛ wɔ wɔn hyia adan mu kaa ahennie no ho asɛmpa, na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛ ahodoɔ nyinaa bi.” (Mateo 9:35) Sɛnea adwuma no kɔe no ma ɔhui sɛ ɛsɛ sɛ ɔtrɛw asɛnka adwuma no mu. Nanso na ɔbɛyɛ no sɛn?

Bere a Yesu tutuu akwan no, ɔhuu sɛ nnipa pii hia honhom mu ayaresa ne awerɛkyekye. Ná wɔte sɛ nguan a wɔnni ahwɛfo a wɔapirapira wɔn agya wɔn agu hɔ. Wɔn asɛm yɛɛ no mmɔbɔ, enti ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Aane, otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfoɔ no sua. Enti monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfoɔ mmra ne twa no mu.”—Mateo 9:37, 38.

Yesu asuafo no reyɛ asɛnka adwuma no wɔ afie afie mu

Ná Yesu nim nea ɛbɛboa. Enti ɔfrɛɛ asomafo 12 no kyekyɛɛ wɔn mu mmienu mmienu. Ɔnyaa akuw nsia na ɔmaa wɔn akwankyerɛ sɛ: “Mommmane mmfa amanaman no kwan so, na monnhyɛn Samaria kuro biara mu; Israel fie nnwan a wɔayera no mmom nkyɛn na monkɔ daa. Sɛ mokɔ a, monka sɛ, ‘Ɔsoro ahennie no abɛn.’”—Mateo 10:5-7.

Yesu rekyerɛ n’asuafo mpaebɔ no, ɔkaa Ahenni bi ho asɛm; saa Ahenni no na ɔsomaa asomafo no sɛ wɔnkɔka ho asɛm. Nea enti a ɔkaa sɛ wɔnka sɛ ‘ɔsoro ahennie no abɛn’ ne sɛ, na Yesu Kristo wɔ wɔn nkyɛn, na ɔno nso ne Onyankopɔn Hene a wayi no. Nanso na ɛbɛyɛ dɛn na nkurɔfo ahu sɛ asuafo no na wɔatu wɔn sɛ wɔnka Ahenni no ho asɛm? Yesu maa wɔn tumi a wɔde bɛsa yareɛ na wɔanyane awufo mpo. Ná wɔbɛyɛ wei nyinaa a wɔnnye obiara kaprɛ. Ɛnde na asomafo no bɛyɛ dɛn anya wɔn ano aduane ne nea wɔde bɛtwitwa wɔn ho?

Yesu ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, asɛnka adwuma a wɔrekɔyɛ no, mma wɔmmfa nneɛma bi te sɛ sika anaa dwetɛ nhyɛ wɔn abɔsoɔ mu nkɔ. Akwantu bɔtɔ mpo, na wɔnhia bi. Afei atade anaa mpaboa nso, nea na ɛhyɛ wɔn nko ara na na wɔbɛhia. Adɛn ntia? Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Odwumayɛni aduane fata no.” (Mateo 10:10) Nnipa a asomafo no bɛka asɛm no akyerɛ wɔn no, sɛ wɔn ani gye asɛm no ho a, wɔbɛma wɔn nneɛma kakra a wɔbɛhia no. Enti Yesu kaa sɛ: “Baabiara a mobɛhyɛn fie bi mu no, montena hɔ nkɔsi sɛ mobɛfiri hɔ.”—Marko 6:10.

Afei nso, Yesu kyerɛɛ asomafo no kwan a wɔbɛfa so aka Ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. Ɔkaa sɛ: “Sɛ morehyɛn fie bi mu a monkyea fie no mufoɔ; sɛ fie no fata a, momma asomdwoeɛ a mopɛ sɛ ɛnya no mmra so; nanso sɛ ɛmfata a, momma mo asomdwoeɛ nsan mmra mo so. Baabiara a obi annye mo anaasɛ wantie mo asɛm no, sɛ morefiri saa fie anaa kuro no mu akɔ a, momporoporo mo nan ase mfuturo.”—Mateo 10:12-14.

Ná ɛbɛtumi aba sɛ kuro anaa akuraa bi mufo nyinaa rentie asɛm no. Dɛn na na ɛbɛba saa nkuro no so? Yesu kyerɛɛ mu sɛ atemmu na ɛbɛba wɔn so. Ɔkaa sɛ: “Atemmu Da no ɛbɛyɛ mmerɛ ama Sodom ne Gomora asase asene saa kuro no.”—Mateo 10:15.

  • Bere bɛn na Yesu san kɔyɛɛ asɛnka adwuma wɔ Galilea? Dɛn na Yesu huu sɛ ɛhɔfo hia?

  • Bere a Yesu rema asomafo 12 no akɔka asɛm no, ɔkyekyɛɛ wɔn mu sɛn? Akwankyerɛ bɛn na ɔde maa wɔn?

  • Dɛn na ɛmaa Yesu kaa sɛ ‘ɔsoro ahennie no abɛn’?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena