Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr19 January kr. 1-2
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2019
  • Nsɛmti Nketewa
  • JANUARY 7-13
  • JANUARY 14-20
  • JANUARY 21-27
  • JANUARY 28–FEBRUARY 3
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2019
mwbr19 January kr. 1-2

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

JANUARY 7-13

BIBLE MU AKORADE | ASOMAFO NNWUMA 21-22

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Aso 22:16 ho adesua asɛm

bɔ ne din ma ɛnhohoro wo bɔne: Anaa “hohoro wo bɔne na bɔ ne din.” Ɛnyɛ nsu a wɔde bɛbɔ obi asu na ɛbɛhohoro ne bɔne, mmom Yesu din a onii no bɛbɔ no na ɛbɛhohoro ne bɔne. Yesu din a obi bɛbɔ no kyerɛ sɛ obenya Yesu mu gyidi. Afei, ɛsɛ sɛ ɔyɛ n’ade sɛ Kristoni de kyerɛ sɛ ogye Yesu di.—Aso 10:43; Yak 2:14, 18.

JANUARY 14-20

BIBLE MU AKORADE | ASOMAFO NNWUMA 23-24

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Aso 23:6 ho adesua asɛm

meyɛ Farisini: Ná nnipa a wɔahyiam no bi nim Paulo. (Aso 22:5) Bere a Paulo kaa sɛ ɔyɛ Farisifo ba no, ɛbɛyɛ sɛ nkurɔfo no hui sɛ ɔpɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ n’ase fi Farisifo mu. Afei, wohui sɛ ɛnyɛ atoro na Paulo redi, efisɛ na Farisifo a wɔka Sanhedrin no ho no nim sɛ wabɛyɛ Kristoni a ɔyɛ nsi. Nanso wohwɛ asɛm a ɛwɔ kyerɛwsɛm yi mu a, nea enti a Paulo kaa sɛ ɔyɛ Farisini no, yebetumi ate ase wɔ ɔkwan foforo so. Ná Farisifo no gye owusɔre di, nanso na Sadukifo no nnye nni, enti Paulo kaa sɛ ɔyɛ Farisini, efisɛ na ɔno nso gye owusɔre di. Ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a Farisifo a wɔwɔ hɔ no behu sɛ ɔne wɔn adwene hyia. Esiane sɛ na Sanhedrin bagua no adwene nhyia wɔ owusɔre nkyerɛkyerɛ no ho nti, ɛbɛyɛ sɛ na Paulo susuw sɛ, sɛ ɔpagyaw asɛm yi a, ɛbɛma wɔn mu bi ne no ayɛ adwene na wɔatie nea ɔreka no. Sɛnea na osusuw sɛ nneɛma bɛkɔ no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛkɔe. (Aso 23:7-9) Asɛm a Paulo kae wɔ Aso 23:6 no, ɛne sɛnea ɔkaa ne ho asɛm bere a na ɔreyi ne ho ano wɔ Ɔhene Agripa anim no hyia. (Aso 26:5) Bio nso, bere a na Paulo wɔ Roma a na ɔrekyerɛw krataa akɔma ne nuanom Kristofo a wɔwɔ Filipi no, ɔsan twee adwene sii so sɛ ɔyɛ Farisini. (Flp 3:5) Ade foforo nso a yebetumi ahyɛ no nsow ne sɛnea Aso 15:5 ka Kristofo bi a kan no na wɔyɛ Farisifo ho asɛm no.

nwtsty Aso 24:24 ho adesua asɛm

Drusila: Ɔyɛ Herode a wɔaka ne ho asɛm wɔ Aso 12:1 no babea a ɔto so mmiɛnsa, na ɔsan yɛ ne babea a osua koraa. Saa Herode no ara na wɔsan frɛ no Herode Agripa I no. Wɔwoo Drusila bɛyɛ afe 38 Y.B. na na ne nuanom ne Agripa II ne Berenike. Ná amrado Felike yɛ ne kunu a ɔto so mmienu. Drusila dii kan waree Siria Hene Azizus a ofi Emesa, nanso bɛyɛ afe 54 Y.B. anaa bere a na wadi bɛyɛ mfe 16 no, ogyaa no kɔwaree Felike. Ebetumi aba sɛ bere a Paulo gyina Felike anim reka “trenee ne ahosodi ne atemmu a ɛbɛba ho asɛm no,” na Drusila wɔ hɔ. (Aso 24:25) Bere a Felike de n’ahenni no maa Festo no, ogyaw Paulo too afiase sɛnea ɛbɛyɛ a ‘obenya Yudafo no anim dom.’ Ebinom susuw sɛ ogyaw Paulo too afiase sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛsɔ Yudani ababaawa a waware no no ani.—Aso 24:27.

JANUARY 21-27

BIBLE MU AKORADE | ASOMAFO NNWUMA 25-26

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Aso 26:14 ho adesua asɛm

tu wo nan wɔ poma ano: Poma yɛ dua feaa bi a wɔde dade a ɛyɛ nnam ahyɛ ano a wɔde kã mmoa. (Ate 3:31) Asɛm a ɛne “tu wo nan wɔ poma ano” no yɛ Helafo bɛ bi. Nea na ɛwɔ wɔn adwenem a ɛma wobuu saa bɛ no ne nantwinini bi a n’aso yɛ den. Esiane sɛ ɔmpɛ sɛ ɔkɔ baabi a ne wura rekã no akɔ nti, otu ne nan wɔ poma no ano ma opira ne ho. Ansa na Saul rebɛyɛ Kristoni no, na ɔno nso yɛ n’ade te sɛ nantwinini a n’aso yɛ den. Efisɛ bere a na ɔreko atia Yesu akyidifo a Yehowa Nyankopɔn taa wɔn akyi no, na ɔno nso betumi apira ne ho. (Fa toto Aso 5:38, 39; 1Ti 1:13, 14 ho.) Wohwɛ Ɔsɛ 12:11 a, wɔde onyansafo nsɛm a ɛkanyan obi ma otie afotu totoo “nantwika poma” ho.

JANUARY 28–FEBRUARY 3

BIBLE MU AKORADE | ASOMAFO NNWUMA 27-28

Tweetwee Bible Mu

nwtsty Aso 27:9 ho adesua asɛm

mpata da mmuadadi: Nea ɛkyerɛ pa ara ne “mmuadadi no.” Hela asɛm a wɔakyerɛ ase sɛ “mmuadadi no,” egyina hɔ ma mmuadadi ho ahyɛde baako pɛ a na ɛwɔ Mose Mmara no mu no. Afe biara, ná wodi saa mmuada no wɔ Mpata Da a wɔsan frɛ no Yom Kippur no (Hebri mu no, wɔfrɛ no yohm hak·kip·pu·rimʹ). (Le 16:29-31; 23:26-32; Nu 29:7) Asɛm a ɛne, “sɛ́ obi bedi awerɛhow” a wɔde bata Mpata Da no ho no, nea ɛkyerɛ ne sɛ obi de nneɛma bi bɛkame ne ho. Ebi ne sɛ obedi mmuada. (Le 16:29) Sɛnea Aso 27:9 de asɛmfua “mmuadadi” bataa Mpata Da no ho no foa so sɛ, nneɛma a na wɔyɛ de kame wɔn ho saa da no, nea na edi mu akoten ne sɛ wobedi mmuada. Ná wodi Mpata Da mmuada yi wɔ September awiei anaa October mfiase hɔ baabi.

nwtsty Aso 28:11 ho adesua asɛm

Seu Mma: Helafo ne Romafo anansesɛm kyerɛ sɛ, nyame a wɔfrɛ no Seu (Jupiter) ne Spartafo hemmaa Leda woo mmarima ntafo bi a wɔfrɛ wɔn Castor ne Pollux. Wɔn na wɔfrɛ wɔn “Seu Mma” no (Hela mu no, wɔbɔ din sɛ Di·oʹskou·roi). Ná wosusuw sɛ Seu Mma no tumi yɛ nneɛma pii ma wɔn. Ebi ne sɛ, na wosusuw sɛ wɔbɔ ɛpo so hyɛn mu adwumayɛfo ho ban. Afei na wobu wɔn sɛ wotumi gye hyɛn no mu adwumayɛfo bere a asiane ato wɔn wɔ ɛpo so no. Nkyerɛkyerɛmu a ɛfa ɛhyɛn no agyiraehyɛde ho no ma yenya adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ, nea ɛkɔɔ so no, obi a ɔde n’ani hui na ɔkyerɛw ho asɛm.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena