Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb19 October kr. 5
  • Abrabɔ Kronn Ne Obu a Emu Dɔ Betumi Ama Wo Hokafo Abɛsom Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Abrabɔ Kronn Ne Obu a Emu Dɔ Betumi Ama Wo Hokafo Abɛsom Yehowa
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wobɛkyerɛ Obu Ama Wo Hokafo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Wopɛ Aware Mu Anigye a, Ma Onyankopɔn Mmoa Wo
    W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Munni Mo Ho Nokware
    W’abusua Betumi Anya Anigye
  • Sɛnea Mobɛma Asomdwoe Atena Mo ne Abusuafo Ntam
    W’abusua Betumi Anya Anigye
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
mwb19 October kr. 5

KRISTOFO ABRABƆ

Abrabɔ Kronn Ne Obu a Emu Dɔ Betumi Ama Wo Hokafo Abɛsom Yehowa

Mpɛn pii no, suban pa a ɔyerenom a wɔyɛ Kristofo da no adi no tumi twe wɔn kununom a wɔnyɛ Kristofo ma wɔbɛsom Yehowa. Nanso ɛtɔ da a, wei bɛhwehwɛ sɛ ɔyerenom mia wɔn ani fa ateetee mu mfe pii. (1Pe 2:21-23; 3:1, 2) Kristoni a woyɛ nti, sɛ wo hokafo reteetee wo a, kɔ so ara fa papa di bɔne so nkonim. (Ro 12:21) Sɛ wo hokafo no hu abrabɔ pa a woreda no adi no a, ebetumi atwe no aba nokware no mu bere mpo a wummuee w’ano.

Sɛ wo hokafo yɛ biribi a, ɛyɛ a bɔ mmɔden sɛ wobɛte n’ase. (Flp 2:3, 4) Da tema ne ayamhyehye adi na yere wo ho yɛ w’asɛde wɔ abusua no mu. Afei nso, sɛ wo hokafo rekasa a, tie no yiye. (Yak 1:19) Nya ne ho abotare, na ma onhu sɛ wodɔ no. Sɛ woda ayamye ne obu adi kyerɛ no, na wankyerɛ ho anisɔ mpo a, wubetumi anya ahotoso sɛ Yehowa ani sɔ wo nokwaredi.—1Pe 2:19, 20.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN YEHOWA HYƐ YƐN DEN MA YƐSOA YƐN ADESOA NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Bere a Grace Li waree foforo no, na n’asetena te sɛn?

  • Ɛyɛɛ dɛn na obehuu nokware no?

  • Onuawa Li asubɔ akyi no, dɛn na ɔyɛ de gyinaa nsɛnnennen a ohyiae no ano?

  • Mpae bɛn na Onuawa Li bɔ maa ne kunu?

  • Abrabɔ pa ne obu a emu dɔ a Onuawa Li daa no adi no, nhyira bɛn na efii mu bae?

Onuawa bi ne Grace Li resua Bible; Grace te baabi resu; Grace ne ne mma fi adidibea rekɔ adesua; Grace ne n’abusua

Abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ wɔ tumi paa!

Sɛ wo hokafo abɔ asu nanso onni abusua no anim mma monsom Yehowa a, w’abrabɔ kronn ne obu a emu dɔ no betumi aboa no. Hwɛ video a yɛato din Hyɛ Wo Hokafo Nkuran ‘Bere a Wonkasa’ no.”

Onuawa bi rehwɛ ne kunu a wagyae asɛnkakɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena