Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • th adesua 2 kr. 5
  • Kasa Nkɔmmɔbɔ Kwan So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kasa Nkɔmmɔbɔ Kwan So
  • Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Wo Kasa Mu Nyɛ Hyew
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Wo Nne Ankasa a Wode Kasa
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Fa Ahotoso Kasa
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Dwen W’atiefo Ho Na Da Tema Adi
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
Hwɛ Pii Ka Ho
Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
th adesua 2 kr. 5

ADESUA 2

Kasa Nkɔmmɔbɔ Kwan So

Kyerɛwsɛm

Luka 6:45a

NSƐNTITIRIW: Kasa sɛnea wokasa daa no, na fi wo komam kasa, na ama atiefo no ahu sɛnea wote nka wɔ asɛm a woreka no ho, na wɔahu adwene a wowɔ wɔ wɔn ho.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Siesie wo ho yiye na bɔ ho mpae. Bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na woamfa w’adwene ansi wo ho so, na mmom wode asi asɛm a worekɔka no so. Nsɛntitiriw a ehia sɛ woka ho asɛm no, bɔ mmɔden sɛ wubehu n’ani so yiye. Fa w’ankasa wo nsɛm kyerɛkyerɛ asɛm no mu; nkenkan nea wɔatintim no nkyerɛ atiefo.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Sɛ woyɛ w’adwene sɛ wobɛkenkan asɛm bi afi Bible no anaa asafo nhoma foforo mu a, ɛnde bɔ mmɔden sɛ wobɛte saa asɛm no ase yiye na ama w’akenkan no akɔ yɔɔ. Sɛ obi anom asɛm na worekenkan a, kenkan ma nkate a ɛwom no nna adi, nanso nyɛ mma ɛmmmoro so.

  • Fi wo komam kasa. Sɛ worekasa akyerɛ w’atiefo a, ma nea enti a ehia sɛ wɔte asɛm a woreka akyerɛ wɔn no ntena w’adwenem. Fa w’adwene si w’atiefo no so. Sɛ woyɛ saa a, ɛbɛma ɔkwan a wofa so gyina hɔ anaa wofa so tena hɔ, sɛnea wode wo nipadua si nsɛm so dua, ne w’anim yɛbea ada no adi sɛ wufi wo komam na ɛrekasa na wudwen w’atiefo no ho.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Sɛ yɛka sɛ kasa sɛnea wokasa daa a, ɛno nkyerɛ sɛ kasa sɛnea wopɛ biara. Mmom no, kasa ma emu nna hɔ na fa kasa mmara di dwuma, na ama nidi a ɛwɔ asɛm a woreka no mu ada adi.

  • Hwɛ w’atiefo anim. Sɛ ɛnyɛ mfomso wɔ mo hɔnom sɛ wobɛhwɛ obi anim tẽẽ a, ɛnde yɛ no saa. Sɛ worema ɔkasa a, hwɛ nnipa mmaako mmaako anim sen sɛ wode w’ani bɛfa w’atiefo no mu anaa wobɛhwɛ nnipadɔm no kɛkɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena