Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • th adesua 13 kr. 16
  • Ma Asuade a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Asuade a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi
  • Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ma Wo Nnianim Nsɛm Ntu Mpɔn
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Bɔ Mmɔden Ma Asɛm No Nka W’atiefo Koma
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Ma Wo Kasa Mu Nyɛ Hyew
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Ma W’atiefo Nsua Biribi Foforo
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
Hwɛ Pii Ka Ho
Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
th adesua 13 kr. 16

ADESUA 13

Ma Asuade a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi

Kyerɛwsɛm

Mmebusɛm 3:21

NSƐNTITIRIW: Boa w’atiefo ma wonhu sɛnea asɛm a woreka no fa wɔn asetena ho, na boa wɔn ma wonhu sɛnea wɔde nea wɔresua no bɛyɛ adwuma.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Dwen w’atiefo no ho. Dwinnwen nea enti a ɛho hia sɛ w’atiefo te asɛm a worekɔka no ho, na hwɛ sɛ asɛm no fã bɛn na ɛbɛboa wɔn pa ara.

  • Asɛm a woreka no nyinaa mu no, ma w’atiefo nhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ. W’asɛm no mfiase pɛɛ no, ɛsɛ sɛ obiara a ɔretie wo no hu sɛ, ‘Asɛm yi de, ɛfa me ho.’ Worekyerɛkyerɛ asɛntitiriw biara mu a, ma atiefo nhu sɛnea wobetumi de asɛm no ayɛ adwuma. Mfa wo nsɛm no nwadawada; ka asuade pɔtee bi ho asɛm.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Sɛ worekyerɛ sɛnea w’atiefo de Bible mu nnyinasosɛm bi bɛyɛ adwuma a, yɛ no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wɔahu sɛ wudwen wɔn ho na wote wɔn ase. Sɛ́ anka wobɛma wɔabu wɔn ho fɔ no, hyɛ ɔdɔ ne gyidi a wɔwɔ no mu den, na nya ahotoso sɛ wɔn koma bɛkanyan wɔn ma wɔayɛ nea ɛteɛ.

ASƐNKA MU

Sɛ woresiesie wo ho akɔ asɛnka a, dwinnwen ho hwɛ nea nsɛm ho amanneɛbɔfo aka ne nsɛm bi a wɔn a wɔwɔ w’asasesin mu no ani begye ho. Sɛ wo ne obi rekasa a, hwɛ sɛ saa nsɛm no mu nea ɛwɔ he na ɛfa onii no ho saa bere no, na ka ho asɛm. Fa nsɛmmisa a ɛfata di dwuma na ama onii a ɔretie wo no aka ne komam asɛm ne nea n’ani gye ho. Afei tie nea ɔbɛka no, na ka biribi a ɛbɛboa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena