DWOM 37
Yebefi Yɛn Kra Nyinaa Mu Asom Yehowa
Nea Yɛaprente
1. A-man-san He-ne Ye-ho-wa,
Mi-fi ko-ma nyi-naa mu dɔ wo.
Me-de me kra bɛ-som wo daa;
Me-de m’a-dwen nyi-naa a-ma wo.
Mi-di w’a-hyɛ-de so no-kwa-rem;
Wo nkae-sɛm nyi-naa, me-dwen ho!
(NNYESO)
O Ye-ho-wa, me-yɛ wo dea;
Me-de me kra nyi-naa bɛ-som wo.
2. Mi-dwen w’a-bɔ-de nyi-naa ho,
Sɛ-nea e-di no-kwa-re ma wo.
A-sa-se, o-wia, n-s’ro-mma,
E-yi w’a-yɛ na ɛ-kam-fo wo.
Me nso mɛ-bɔ wo din baa-bia-ra.
O me Bɔ-fo, mɛ-som wo daa.
(NNYESO)
O Ye-ho-wa, me-yɛ wo dea;
Me-de me kra nyi-naa bɛ-som wo.
(Hwɛ Deut. 6:15; Dw. 40:8; 113:1-3; Ɔsɛnk. 5:4; Yoh. 4:34 nso.)