KRISTOFO ABRABƆ
Sɛnea Awarefo Bɛhyɛ Wɔn Aware Mu Den
Yɛreka awarefo a na wɔdodɔ wɔn ho na wobu wɔn ho a, yɛrentumi nka nnyaw Abraham ne Sara. (Ge 12:11-13; 1Pe 3:6) Nea yɛreka yi nkyerɛ sɛ wɔanhyia ɔhaw anaa nsɛnnennen biara wɔ wɔn aware mu da. Dɛn na awarefo betumi asua afi Abraham ne Sara nhwɛso no mu?
Wo ne wo hokafo ntaa mmɔ nkɔmmɔ. Sɛ wo hokafo bo fuw anaa n’adwene tu fra na otutu nsɛm bumbum a, mfa abufuw nhyia no, mmom brɛ wo ho ase, na yi n’ano bɔkɔɔ. (Ge 16:5, 6) Nya bere ma wo hokafo. Fa wo nneyɛe ne wo kasa kyerɛ sɛ wodɔ no paa. Weinom nyinaa da nkyɛn a, mommom nsua ade na monsom Yehowa. Afei mommom mmɔ mpae da biara. Sɛ moyɛ saa a, ɛbɛma Yehowa atena mo aware no mu. (Ɔsɛ 4:12) Sɛ yɛma yɛn aware sɔ a, ɛhyɛ Yehowa a ɔhyehyɛɛ aware no anuonyam.
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SƐNEA WOBƐHYƐ W’AWARE MU DEN NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Nneɛma bɛn na na ɛrekɔ so a ɛkyerɛ sɛ na Shaan ne Kiara ntam retetew?
Adɛn nti na ɛho hia sɛ awarefo fi wɔn komam ka nea ɛrehaw wɔn no ho asɛm kyerɛ wɔn ho wɔn ho?
Sɛn na Abraham ne Sara nhwɛso no boaa Shaan ne Kiara?
Nneɛma bɛn na Shaan ne Kiara yɛ de hyɛɛ wɔn aware no mu den?
Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ okunu anaa ɔyere hwɛ kwan sɛ biribiara bɛyɛ pɛpɛɛpɛ wɔ wɔn aware no mu?
Wubetumi ahyɛ w’aware mu den!