BIBLE MU AKORADE | EXODUS 35-36
Yehowa Boa Yɛn Ma Yɛyɛ N’adwuma
Yehowa de ne honhom kronkron boaa Besalel ne Oholiab ma wotumi yɛɛ ntamadan no ho adwuma. (Hwɛ mfoni a ɛwɔ nhomawa yi anim no.) Ɛnnɛ nso, Yehowa betumi de ne honhom kronkron a ɛsen tumi biara no aboa n’asomfo. Dɛn na sɛ yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya honhom kronkron no bi?
Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ Yehowa sɛ, nea yetumi yɛ no, ɔmfa ne honhom no mmoa yɛn ma yɛmfa nsom no
Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho sua Onyankopɔn Asɛm a ɔde ne honhom kyerɛwee no
Adwuma biara a wɔde bɛhyɛ yɛn nsa wɔ Yehowa som mu no, ɛsɛ sɛ yeyi yɛn yam yɛ
Nnwuma bɛn na Yehowa betumi aboa yɛn ma yɛayɛ?