Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w06 1/15 kr. 32
  • “Bible Mu Nkyerɛwee a Akyɛ Paa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Bible Mu Nkyerɛwee a Akyɛ Paa”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
w06 1/15 kr. 32

“Bible Mu Nkyerɛwee a Akyɛ Paa”

BƐYƐ mfe 25 a atwam ni no, Israelfo a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu kohuu ade bi a ɛyɛ nwonwa. Wɔ Yerusalem no, wohuu dwetɛ nhoma mmobɔwee abien bi a wɔakyerɛw Bible mu nsɛm bi agu so wɔ aboda bi a ɛwɔ Hinom Bon nsianee so no mu. Wɔyɛɛ nhoma mmobɔwee no ansa na Babilonfo resɛe Yerusalem wɔ afe 607 A.Y.B. mu. Na nkyerɛwee no yɛ nsɛm a wɔde hyiraa Israelfo a wɔakyerɛw wɔ Numeri 6:24-26 no fã bi. Onyankopɔn din Yehowa no puee mpɛn pii wɔ nhoma mmobɔwee no nyinaa so. Wɔka nkyerɛwee yi ho asɛm sɛ “ɛyɛ tete adwinni a Hebri Bible mu nsɛm wɔ so a akyɛ paa.”

Nanso, nhomanimfo binom adwenem yɛɛ wɔn naa, na wogyee akyinnye kae sɛ wɔkyerɛw nhoma mmobɔwee no wɔ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu. Ade biako nti a wogyee akyinnye no ne sɛ, na ɛyɛ den sɛ wobehu nhoma mmobɔwee nketenkete yi so nkyerɛw no yiye. Nea ɛbɛyɛ na bere a wɔde kyerɛw dwetɛ nhoma mmobɔwee no ho akyinnyegye no to betwa no, nhomanimfo kuw bi yɛɛ nhwehwɛmu foforo. Wɔde mfoninitwa afiri a aba foforo ne kɔmputa dii dwuma na ama wɔanya nhoma mmobɔwee no ho mfonini a ani da hɔ. Wɔde nhwehwɛmu foforo a wɔyɛe no ho nsɛm too gua nnansa yi ara. Nhomanimfo no de nhwehwɛmu no baa awie dɛn?

Nea edi kan no, nhomanimfo no sii so dua sɛ beae a wohuu nhoma mmobɔwee no foa so sɛ wɔkyerɛwee ansa na Yudafo no rekɔ nnommumfa mu wɔ Babilon. Sɛ wɔde nkyerɛwee no toto nkyerɛwde afoforo a akyɛ ho a, nkyerɛwee no yɛbea, ɔkwan a wɔfaa so kyerɛwee, ne sɛnea edidi so no nyinaa dan adwene kɔ bere koro no ara so, ɛne sɛ, afeha a ɛto so ason no awiei A.Y.B. mu. Awiei koraa no, kuw no gyinaa nsɛmfua no nkyerɛwde so kae sɛ: “Nhoma mmobɔwee no so nkyerɛwee ne adanse a fam tutufo ne wɔn a wɔyɛ bere a wɔde kyerɛw nsɛm bi mu nhwehwɛmu no adwene hyiae sɛ, ɛyɛ saa bere koro no ara mu na wɔkyerɛw nsɛm no guu dwetɛ nhoma mmobɔwee no so.”

Nhoma a wɔato din Bulletin of the American Schools of Oriental Research bɔɔ nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ dwetɛ nhoma mmobɔwee, a wɔsan frɛɛ no Ketef Hinom nkyerɛwee no mua sɛ: “Yebetumi aka ato so sɛ nea nhomanimfo dodow no ara aka afa nkyerɛwee a ɛwɔ dwetɛ nhoma mmobɔwee no so ho no yɛ Bible mu nkyerɛwee a akyɛ paa.”

[Mfonini wɔ kratafa 32]

Ɔboda: Pictorial Archive (Near Eastern History) Est.; nkyerɛwee: Photograph © Israel Museum, Jerusalem; courtesy of Israel Antiquities Authority

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena