Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • th adesua 10 kr. 13
  • Sakra Wo Nne

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sakra Wo Nne
  • Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɛnne Nsakrae
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Ɛnne Nnyigyei a Ɛfata
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Ma Wo Kasa Mu Nyɛ Hyew
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Fa Ahotoso Kasa
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
Hwɛ Pii Ka Ho
Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
th adesua 10 kr. 13

ADESUA 10

Sakra Wo Nne

Kyerɛwsɛm

Mmebusɛm 8:4, 7

NSƐNTITIRIW: Yɛ nea edidi so yi na ama wo nsɛm mu ada hɔ na akanyan atiefo no nkate: Hu baabi a wobɛma wo nne so ne baabi a wobɛma wo nne aba fam, na sakra sɛnea wo kasa kɔ ntɛm anaa ɛkɔ brɛoo no mu.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Hu baabi a wobɛma wo nne so ne baabi a wobɛma wo nne aba fam. Sɛ woreka asɛntitiriw bi anaa woreka biribi de akanyan w’atiefo no a, ma wo nne so kakra. Sɛ worekan kyerɛwsɛm bi a atemmusɛm wom nso a, ma wo nne so saa ara. Sɛ woreka asɛm bi ama w’atiefo no ahwɛ biribi kwan, anaa woreka asɛm a ɛyɛ hu anaa etu koma a, ma wo nne mmra fam kakra.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Ntaa mma wo nne so, anyɛ saa a, w’atiefo no bɛte nka sɛ woreteɛteɛ wɔn. Ɛnsɛ sɛ wosakra wo nne mu ma ɛboro so, anyɛ saa a, ɛbɛtwetwe atiefo adwene aba wo so.

  • Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, bere a woreka anigyesɛm, worekyerɛ sɛ biribi sõ anaa esua, anaa worekyerɛ ɔkwan bi tenten no, fa ɛnne nnyigyei a ɛwɔ soro kasa. Sɛ woreka awerɛhosɛm anaa akomatusɛm a, fa ɛnne a ɛwɔ fam kasa.

  • Sakra sɛnea wo kasa kɔ ntɛm anaa brɛoo no mu. Sɛ woreka anigyesɛm a, kasa ntɛm kakra. Sɛ worekyerɛkyerɛ nsɛntitiriw mu a, kasa bɔkɔɔ.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Nsakra wo nne prɛko pɛ, anyɛ saa a, wobɛma w’atiefo no yam ahye wɔn. Nkasa ntɛm pii, anyɛ saa a wo kasa no mu renna hɔ, na w’atiefo no rente ase.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena