-
Ɔde Borɔdɔma Dua Yɛɛ Gyidi Ho AdesuadeYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
TI 105
Ɔde Borɔdɔma Dua Yɛɛ Gyidi Ho Adesuade
MATEO 21:19-27 MARKO 11:19-33 LUKA 20:1-8
BORƆDƆMA DUA A ƐWUI NO YƐ GYIDI HO ADESUADE
WƆBISAA YESU BAABI A ƆNYAA NE TUMI FII
Bere a Yesu fii Yerusalem Dwoda awia no, ɔsan kɔɔ Betania. Ná ɛwɔ Ngo Bepɔ no nifa so. Saa da no, ɛbɛyɛ sɛ ɔkɔdaa ne nnamfo Lasaro, Maria ne Marta fie.
Ade kyee a ɛyɛ Nisan da a ɛtɔ so 11 no, Yesu ne n’asuafo no san sii kwan so kɔɔ Yerusalem. Sɛ ɔkɔ asɔrefie hɔ a, na ɔrenkɔ hɔ bio na wawu. Saa da yi pa ho nso a, na ɔrenyi n’anim nyɛ ne som adwuma no sɛnea ɔyɛ dada no ansa na Twam afahyɛ no adu so ama ɔde ne wuo Nkaedi no asi hɔ. Ɛno akyi na wɔbɛdi n’asɛm akum no.
Wɔfiri Betania resian Ngo Bepɔ no akɔ Yerusalem no, Petro huu dua a Yesu domee no Dwoda anɔpa no, na ɔkaa sɛ: “Rabi, hwɛ! borɔdɔma dua a wodomee no no awu.”—Marko 11:21.
Adɛn nti na Yesu domee dua no maa ɛwui? Mmuaeɛ a ɔde maa Petro no ma yɛhu nea enti a ɔyɛɛ saa. Ɔkaa sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, sɛ mowɔ gyidie na mo adwenem nyɛ mo naa nko ara deɛ a, anka ɛnyɛ deɛ meyɛɛ borɔdɔma dua no nko na mobɛyɛ, na mmom sɛ moka kyerɛ bepɔ yi nso sɛ, ‘Tutu kɔgu po mu a,’ ɛbɛyɛ hɔ. Na biribiara a mobɛbisa wɔ mpaebɔ mu no, sɛ mowɔ gyidie a, mo nsa bɛka.” (Mateo 21:21, 22) Gyidi ho asɛm a bere bi ɔkaa sɛ ɛtumi tutu mmepɔ no, ɛno na ɔsan sii so bio no.—Mateo 17:20.
Enti dua no a Yesu domee no maa ɛwui no, ɔde yɛɛ adesuade kyerɛɛ sɛ ɛhia sɛ yɛnya Onyankopɔn mu gyidi. Ɔkaa sɛ: “Adeɛ biara a mobɔ ho mpaeɛ na mobisa no, monnya gyidie sɛ mo nsa aka awie, na mobɛnya.” (Marko 11:24) Wei yɛ adesuade kɛse ma Yesu akyidifo nyinaa. Ná asomafo no hia saa asɛm no paa, efisɛ na ɛrenkyɛ wɔbɛhyia sɔhwɛ kɛse bi. Ná gyidi ho asuade foforo wɔ borɔdɔma dua a ɛwui no mu.
Ná Israel man no akɔyɛ sɛ borɔdɔma dua daadaafo no. Ná ɔman no ne Onyankopɔn ayɛ apam, na wohwɛ a, wobɛka sɛ wɔdi ne Mmara so. Nanso na ɔman no nni gyidi, na na wɔnso aba pa biara. Onyankopɔn Ba no mpo, wɔpoo no. Borɔdɔma dua a Yesu domee no maa ɛwui no, ɔde kyerɛɛ sɛnea ɔman a wɔnni gyidi na wɔnso aba pa biara no awiei bɛyɛ.
Bere a Yesu ne n’asuafo no kɔduu Yerusalem no, Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ kɔkyerɛkyerɛe sɛnea ɔtaa yɛ no. Asɔfo ne mpanimfoɔ no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔkae nea Dwoda no Yesu de yɛɛ sikasesafo no. Enti wɔde bɛbɔɔ ne so sɛ: “Tumi bɛn na wode yɛ yeinom? anaasɛ hwan na ɔmaa wo saa tumi a wode yɛ yeinom yi?”—Marko 11:28.
Yesu maa wɔn mmuaeɛ sɛ: “Mɛbisa mo asɛm baako. Momma me mmuaeɛ, na me nso mɛka tumi ko a mede yɛ yeinom akyerɛ mo. Tumi a Yohane de bɔɔ asuo no firi soro anaasɛ ɛfiri nnipa? Momma me mmuaeɛ.” Afei deɛ na asɛm no twetwere Yesu atamfo no bo. Asɔfo ne mpanimfoɔ no tuu agyina hwehwɛɛ kwan a wɔbɛfa so ayi asɛm no ano. Wɔkaa sɛ: “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ɛfiri soro a,’ ɔbɛka sɛ, ‘Ɛnneɛ adɛn nti na moannye no annie?’ Nanso yɛyɛ dɛn ka sɛ, ‘Ɛfiri nnipa’?” Nea enti a wɔkaa saa ne sɛ, na wɔsuro nnipakuw no, “ɛfiri sɛ wɔn nyinaa bu Yohane sɛ na ɔyɛ odiyifoɔ ampa.”—Marko 11:29-32.
Wɔannya mmuaeɛ biara amma Yesu. Enti wɔkaa sɛ: “Yɛnnim.” Yesu nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ me nso merenka tumi a mede yɛ yeinom nkyerɛ mo.”—Marko 11:33.
-
-
Bobeturo Ho Mfatoho MmienuYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
TI 106
Bobeturo Ho Mfatoho Mmienu
MATEO 21:28-46 MARKO 12:1-12 LUKA 20:9-19
MFATOHO A ƐFA AGYA BI NE NE MMA MMIENU HO
MFATOHO A ƐFA BOBETURO AKUAFO HO
Yɛbɛkae a, bere a Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ a asɔfo ne mpanimfoɔ no bisaa no baabi a ɔnyaa ne tumi fii no, ɔbɔɔ wɔn asɛm no gui. Sɛnea Yesu yii wɔn ano no maa wɔn nsɛm nyinaa kaa wɔn tirim. Ɛno akyi no, ɔmaa mfatoho bi maa wɔn suban daa adi.
Yesu kaa sɛ: “Na ɔbarima bi wɔ mma mmienu. Ɔkɔɔ deɛ ɔdi kan no nkyɛn kɔkaa sɛ, ‘Ɔba, kɔ bobeturo no mu kɔyɛ adwuma nnɛ.’ Ɔbuaa sɛ, ‘Agya, mɛkɔ,’ nanso wankɔ. Ɔkɔɔ deɛ ɔtɔ so mmienu no nkyɛn kɔkaa saa ara. Ɔyii no ano sɛ, ‘Merenkɔ.’ Ɛno akyi no ɔnuu ne ho na ɔkɔeɛ. Wɔn mmienu no mu hwan na ɔyɛɛ deɛ ne papa pɛ?” (Mateo 21:28-31) Saa asɛm no ho mmuaeɛ nyɛ den. Ɛyɛ ɔba a ɔtɔ so mmienu no; ɔno na akyiri yi ɔsakra yɛɛ ne papa apɛde.
Enti Yesu ka kyerɛɛ n’atamfo no sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ togyefoɔ ne nnwamanfoɔ redi mo anim akɔ Onyankopɔn ahennie mu.” Towgyefo ne nnwamanfoɔ no, ahyɛase no na wɔmpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn. Nanso akyiri yi wɔsakra bɛsom no sɛnea ɔba a ɔto so mmienu no sesaa n’adwene no. Nyamesom mpanimfoɔ no deɛ, wɔte sɛ ɔba a ɔdi kan no. Wɔde wɔn ano kaa sɛ wɔsom Onyankopɔn, nanso na wɔntee da. Enti Yesu kaa sɛ: “Yohane [Suboni] baa mo nkyɛn tenenee kwan so, nanso moannye no anni. Na togyefoɔ ne nnwamanfoɔ no gyee no diiɛ, na mo, mohunuu yei deɛ, nanso moannu mo ho annye no anni.”—Mateo 21:31, 32.
Yesu maa mfatoho foforo. Saa mfatoho no ma yɛhu sɛ, sɛ som kɛkɛ mpo na nyamesom mpanimfoɔ no mpɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn a, anka ɛyɛ. Ná wɔn tirim nso yɛ sum. Yesu mfatoho no ne sɛ: “Ɔbarima bi yɛɛ bobeturo gyee ho ban, na ɔtuu nsã-kyi-amena wom too aban na ɔde gyaa akuafoɔ, na ɔtuu kwan. Na berɛ duruiɛ no, ɔsomaa akoa bi kɔɔ akuafoɔ no nkyɛn sɛ ɔnkɔgye bobeturo no mu aba no bi mfiri akuafoɔ no nkyɛn. Nanso wɔkyee no hwee no pamoo no maa ɔde nsapan kɔeɛ. Na ɔsan somaa akoa foforɔ kɔɔ wɔn nkyɛn; na ɔno nso wɔde adeɛ bɔɔ ne tirim guu n’anim ase. Na ɔsomaa foforɔ, na ɔno deɛ wɔkum no; ne afoforɔ pii nso, na wɔhwee wɔn mu binom kunkum ebinom.”—Marko 12:1-5.
Yesu mfatoho no, nkurɔfo no tee ase anaa? Ebia wɔkaee asɛm bi a na Yesaia aka dada. Yesaia kaa sɛ: “Asafo Yehowa bobeturo ne Israel fie, na n’afuo a n’ani kũ ho ne Yuda mmarima. Ɔhwɛɛ atemmuo kwan, nanso mmarato na ɔhunuiɛ; ɔhwehwɛɛ adetenenee, nanso esũ ne nteateamu na ɔteeɛ.” (Yesaia 5:7) Saa asɛm no ne Yesu mfatoho no hyia. Yehowa ne bobeturo wura no, na bobeturo no ne Israel man a Onyankopɔn de Mmara no bɔɔ wɔn ho ban no. Yehowa somaa n’adiyifo sɛ wɔnkyerɛkyerɛ ne nkurɔfo na wɔmmoa wɔn mma wɔnso aba pa.
Nanso, “akuafoɔ” no guu “nkoa” no anim ase kunkum wɔn. Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Na aka onipa baako, [bobeturo wura no ba] a ɔdɔ no. Ɔsomaa no kɔɔ wɔn nkyɛn deɛ ɛtwa toɔ kaa sɛ, ‘Wɔbɛfɛre me ba no.’ Nanso akuafoɔ no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ, ‘Oyi ne ɔdedifoɔ no. Mommra mma yɛnku no na agyapadeɛ no mmɛyɛ yɛn dea.’ Enti wɔkyee no kum no.”—Marko 12:6-8.
Afei Yesu bisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn na bobeturo wura no bɛyɛ?” (Marko 12:9) Nyamesom mpanimfoɔ no buaa sɛ: “Ɛsiane sɛ wɔyɛ nnipa bɔne nti, ɔbɛsɛe wɔn pasaa na wagye bobeturo no ama akuafoɔ foforɔ a sɛ ɛso aba a wɔde bɛma no.”—Mateo 21:41.
Wɔn mmuaeɛ no kyerɛ sɛ wɔn ara buu wɔn ho atɛn, efisɛ Yehowa “bobeturo” no gyina hɔ ma Israel man no, enti “akuafoɔ” a wɔreyɛ adwuma wɔ bobeturo no mu no, na wɔn nso ka ho. Aba a na Yehowa pɛ sɛ saa akuafo no so no bi ne sɛ wɔbɛgye ne Ba a ɔne Mesia no adi. Yesu hwɛɛ nyamesom mpanimfoɔ no anim ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkenkanee twerɛsɛm yi da anaa, ‘Ɛboɔ a adansifoɔ poeɛ no, ɛno na abɛyɛ tweatiboɔ. Yehowa hɔ na yei fire, na ɛyɛ nwanwa wɔ yɛn ani so’?” (Marko 12:10, 11) Afei Yesu waee asɛm no anim sɛ: “Yei nti na meka kyerɛ mo sɛ, wɔbɛgye Onyankopɔn ahennie afiri mo nsam na wɔde ama ɔman a ɛbɛso aba.”—Mateo 21:43.
Akyerɛwfo ne asɔfo mpanimfoɔ no huu sɛ “wɔn nti na [Yesu yɛɛ] mfatoho yi.” (Luka 20:19) Yesu ne “ɔdedifoɔ” no, na nea ɔkae yi nti wɔnyaa no a, anka wɔbɛkum no wɔ hɔ ara. Nanso na wɔsuro sɛ wɔbɛkum no saa bere no, efisɛ na nkurɔfokuw no bu no sɛ ɔyɛ odiyifo.
-
-
Ɔhene Bi Frɛɛ Nkurɔfo Baa Ayeforohyia AseYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
TI 107
Ɔhene Bi Frɛɛ Nkurɔfo Baa Ayeforohyia Ase
AYEFOROHYIA HO MFATOHO
Bere a Yesu reyɛ awie n’adwuma wɔ asase so no, wamfa akyerɛwfo ne asɔfo mpanimfoɔ no ho ankyɛ wɔn koraa; ɔkɔɔ so de mfatoho bɔɔ wɔn akyi. Enti na wɔrepɛ no akum no. (Luka 20:19) Nanso na Yesu ne wɔn nwiei. Ɔmaa mfatoho foforo sɛ:
“Ɔsoro ahennie te sɛ ɔhene bi a ɔhyiaa ayeforɔ maa ne babarima. Na ɔsomaa ne nkoa sɛ wɔnkɔfrɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no mmra ayeforɔhyia no ase, nanso wɔampɛ sɛ wɔbɛba.” (Mateo 22:2, 3) Kae sɛ “ɔsoro ahennie” na Yesu de fii mfatoho no ase. Enti “ɔhene” no nyɛ obiara sɛ Yehowa Nyankopɔn. Ɔhene no ba no gyina hɔ ma hwan? Wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra ayeforohyia no nso ɛ? Ɛnyɛ den sɛ yɛbɛhu. Ɔhene no ba no gyina hɔ ma Yehowa Ba a na ɔrekasa no, na wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no nso gyina hɔ ma wɔn a wɔne Ɔba no bɛkɔ ɔsoro Ahenni mu no.
Hwannom na wɔdii kan too nsa frɛɛ wɔn? Yɛbɛhu a, gye sɛ yɛhwɛ wɔn a Yesu ne asomafo no kaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ wɔn no. Ɛyɛ Yudafo. (Mateo 10:6, 7; 15:24) Yuda man no gye toom sɛ wɔbɛdi Mmara apam no so bɛyɛ mfe 1,513 ansa na Yesu reba. Enti wɔn na wɔdii kan nyaa kwan sɛ anka wɔbɛyɛ “asɔfoɔ ahemman.” (Exodus 19:5-8) Nanso bere bɛn paa na wɔfrɛɛ wɔn kɔɔ “ayeforɔhyia” no ase? Yɛbɛtumi aka sɛ wɔfrɛɛ wɔn afe 29 mu. Saa bere no na Yesu fii ase kaa ɔsoro Ahenni no ho asɛm.
Bere a wɔfrɛɛ Israelfo no, dɛn na wɔn mu dodow no ara yɛe? Yesu kaa sɛ “wɔampɛ sɛ wɔbɛba.” Nyamesom mpanimfoɔ no ne ɔmanfo dodow no ara annye Yesu anni sɛ ɔne Mesia a Onyankopɔn ayi no sɛ Ɔhene no.
Nanso Yesu kyerɛɛ mu sɛ wɔbɛma Yudafo no akwannya foforo. Ɔkaa sɛ: “[Ɔhene no san] somaa nkoa foforɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Monka nkyerɛ wɔn a wɔato nsa afrɛ wɔn no sɛ: “Hwɛ! Masiesie m’aduane, makum m’anantwie ne me nyɛmmoa a wɔadɔ, na wɔawie biribiara. Mommra ayeforɔhyia no ase.”’ Nanso wɔbuu wɔn ani guu so na obiara kɔɔ ne baabi, baako kɔɔ n’afuo mu, ɔfoforɔ kɔdii ne dwa; wɔn a aka no kyee nkoa no yɛɛ wɔn basabasa na wɔkunkum wɔn.” (Mateo 22:4-6) Saa na tebea no yɛe bere a wɔtee Kristofo asafo no. Saa bere no, na Yudafo no da so wɔ hokwan sɛ wɔkɔ Ahenni no mu, nanso wɔn mu fa kɛse no ara amfa anyɛ asɛm, na mpo wɔyɛɛ ‘ɔhene no nkoa’ no basabasa.—Asomafoɔ Nnwuma 4:13-18; 7:54, 58.
Enti ɛwiee ɔman no sɛn? Yesu kaa sɛ: “Ɔhene no bo fuiɛ, na ɔsomaa n’asraafoɔ maa wɔkɔsɛee awudifoɔ no hyee wɔn kuro.” (Mateo 22:7) Afe 70 na saa asɛm no baa mu. Romafo bɛto hyɛɛ Yudafo “kuro” Yerusalem so sɛee no.
Frɛ a ɔhene no frɛɛ wɔn a wɔamma nti, ɛkyerɛ sɛ ɔremfrɛ obiara bio anaa? Yesu mfatoho no anka saa. Ɔtoaa so sɛ: “Afei [ɔhene no] ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ, ‘Ayeforɔhyia no aduru so, nanso wɔn a wɔtoo nsa frɛɛ wɔn no mfata. Enti monkɔ kuro no atempɔn so, na obiara a mobɛhu no no, monto nsa mfrɛ no mmra ayeforɔhyia no ase.’ Ɛnna nkoa no kɔɔ akwan no so kɔboaboaa wɔn a wɔhunuu wɔn nyinaa ano, abɔnefoɔ ne nnipa pa nyinaa, na wɔn a wɔbɛtenatenaa ɛpono no ho no yɛɛ ayeforɔhyia dan no mu mã.”—Mateo 22:8-10.
Ampa-ne-ampa ara ɔsomafo Petro boaa Amanaman mufo, kyerɛ sɛ, wɔn a wɔnyɛ Yudafo maa wɔbɛyɛɛ nokware Kristofo. Afe 36 mu no, honhom kronkron baa Roma sraani Kornelio ne n’abusuafo so. Ɛno buee kwan maa wɔn sɛ wɔbɛtumi akɔ ɔsoro Ahenni a Yesu kaa ho asɛm no mu.—Asomafoɔ Nnwuma 10:1, 34-48.
Yesu kyerɛɛ mu sɛ ɛnyɛ wɔn a wɔbaa ayeforohyia no ase nyinaa na “ɔhene no” bɛgye wɔn atom. Ɔkaa sɛ: “Berɛ a ɔhene no bɛhwɛɛ ahɔhoɔ no, n’ani bɔɔ obi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ so wɔ hɔ. Enti ɔka kyerɛɛ no sɛ, ‘Damfo, woyɛɛ dɛn na wobaa ha a wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ?’ Afei na watɔre mum. Ɛnna ɔhene no ka kyerɛɛ ne nkoa sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monto no ntwene sum mu wɔ abɔnten. Ɛhɔ na ɔbɛsu atwerɛ ne sẽ.’ Na wɔn a wɔafrɛ wɔn no dɔɔso, nanso wɔn a wɔayi wɔn no sua.”—Mateo 22:11-14.
Nyamesom mpanimfoɔ no, ebia ɛnyɛ nea Yesu kae nyinaa na wɔtee ase. Nanso nea wɔtee no anyɛ wɔn dɛ, na na wɔawe ataa so sɛ wɔbɛyɛ nea wɔbɛtumi biara ayi Yesu hɔ ama animguase no nyinaa to atwa.
-
-
Wɔyɛɛ sɛ Wɔbɛma Yesu Ho Akyere no Nso Anyɛ YieYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
TI 108
Wɔyɛɛ Sɛ Wɔbɛma Yesu Ho Akyere No Nso Anyɛ Yie
MATEO 22:15-40 MARKO 12:13-34 LUKA 20:20-40
FA KAESARE DE MA KAESARE
OWUSƆREƐ AKYI, AWAREƐ WƆ HƆ?
MMARA NO MU NEA ƐYƐ KƐSE
Nyamesomfo a wɔne Yesu redi asi no bo fui, efisɛ na wama mfatoho bi ama atwi wɔn. Enti Farisifo no bɔɔ pɔ sɛ wɔbɛsum no afidie ama ne ho akyere no. Ná wɔpɛ sɛ wɔyɛ ara ma Yesu ka biribi na wɔsɔ ne mu twe no kɔma Roma amrado no, enti wɔbɔɔ wɔn nkurɔfo paa sɛ wɔnkɔsum no afidie.—Luka 6:7.
Wɔkɔbisaa Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ wo nsɛm ne wo nkyerɛkyerɛ yɛ nokorɛ na wonyɛ animhwɛ, na wokyerɛkyerɛ Onyankopɔn kwan nokorɛ mu: Mmara ma ho kwan sɛ yɛtua toɔ ma Kaesare anaasɛ ɛmma kwan?” (Luka 20:21, 22) Yesu huu sɛ wɔredɛfɛdɛfɛ no. Sɛ ɔka sɛ, ‘Dabi ɛnsɛ sɛ wɔtua tow no’ a, wɔbɛbɔ no kwaadu sɛ ɔretutu Roma aban no ase. Sɛ nso ɔka sɛ ‘Aane, ɛsɛ sɛ wɔtua tow no’ a, ɛbɛyɛ asɛm, efisɛ na Yudafo no hyɛ Romafo ase, na na wɔn ani nnye tow a wɔtua ma wɔn no ho. Enti mmuaeɛ bɛn na Yesu de maa wɔn?
Yesu buaa sɛ: “Nyaatwomfoɔ, adɛn nti na moresɔ me ahwɛ? Momfa toɔ sika no bi mmɛkyerɛ me.” Wɔbrɛɛ no denare, na ɔbisaa wɔn sɛ: “Hwan mfonini ne ne ntwerɛdeɛ nie?” Wɔkaa sɛ: “Kaesare dea.” Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnneɛ montua Kaesare deɛ mma Kaesare, na montua Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn.”—Mateo 22:18-21.
Yesu mmuaeɛ no maa mmarima no ho dwirii wɔn paa, na ɛmaa wɔn nsɛm nyinaa kaa wɔn tirim, enti wɔgyaa ne hɔ kɔe. Nanso asɛm no anso hɔ ara. Bere a Farisifo no yɛɛ sɛ wɔbɛsum Yesu afidie a anyɛ yie no, Sadukifo nso de wɔn asɛm bɛfoforoo no.
Sadukifo no, na wɔnnye owusɔre nni, enti wɔde owusɔre ho asɛmmisa bi bae. Saa bere no, sɛ ɔbarima ware na wanwo a, ne wuo akyi no, ne nuabarima tumi ware ne yere no. Enti wɔbisaa Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mose kaa sɛ, ‘Sɛ ɔbarima bi wu na ɔnni mma a, ɛsɛ sɛ ne nuabarima ware ne yere no na ɔne no wo ma ne nua no.’ Ná yɛne anuanom nson na ɛwɔ ha; deɛ ɔdi kan no wareeɛ na ɔwuiɛ, na ɛsiane sɛ na ɔnni mma nti, ɔgyaa ne yere maa ne nua. Asɛm korɔ no ara na ɛtoo deɛ ɔtɔ so mmienu ne deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no, kɔsii nson no nyinaa so. Awieeɛ koraa no, ɔbaa no wuiɛ. Enti owusɔreɛ mu no, nnipa nson no mu hwan na ɔbaa no bɛyɛ ne yere? Ɛfiri sɛ wɔn nyinaa waree no.”—Mateo 22:24-28.
Ná Sadukifo no gye nsɛm a Mose akyerɛw no di, enti ɛno na Yesu de maa wɔn mmuaeɛ. Ɔkaa sɛ: “Ɛnyɛ yei nti na moredi mfomsoɔ, ɛsiane Twerɛnsɛm anaa Onyankopɔn tumi a monnim nti? Sɛ wɔsɔre firi awufoɔ mu a, mmarima renware na wɔremfa mmaa nso mma awareɛ, na mmom wɔbɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ soro. Na awufoɔ ne nyane a wɔnyane wɔn no ho deɛ, monkenkanee no Mose nwoma no mu wɔ asɛm a ɛfa nkyɛkyerɛ ho no mu, sɛ Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mene Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn’? Ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ateasefoɔ deɛ. Modi mfomsoɔ pii.” (Marko 12:24-27; Exodus 3:1-6) Nnipadɔm no tee mmuaeɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwonwa paa.
Yesu maa Farisifo ne Sadukifo no nyinaa nsɛm kaa wɔn tirim. Enti afei nyamesomfo a wɔne Yesu ani nhyia no nyinaa kaa wɔn ntoma bɔɔ ano bɛsɔɔ Yesu hwɛe. Akyerɛwfo no baako bisaa no sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, Mmara no mu ahyɛdeɛ bɛn na ɛyɛ kɛseɛ?”—Mateo 22:36.
Yesu buaa sɛ: “Deɛ ɛdi kan ne sɛ, ‘O Israel tie, Yehowa yɛn Nyankopɔn yɛ Yehowa koro, na fa w’akoma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ Deɛ ɛtɔ so mmienu ne sɛ, ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ Mmara biara nni hɔ a ɛyɛ kɛse sene yeinom.”—Marko 12:29-31.
Mmuaeɛ a Yesu de maa ɔkyerɛwfo no maa ɔkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, deɛ woaka no yɛ nokorɛ turodoo, ‘Ɔyɛ Koro, na obiara nni hɔ sɛ Ɔno’; na obi akoma nyinaa ne n’adwene nyinaa ne n’ahoɔden nyinaa a ɔde bɛdɔ no, na wadɔ ne yɔnko sɛ ne ho no som bo koraa sene ɔhyeɛ afɔdeɛ ne afɔrebɔ nyinaa.” Yesu huu sɛ ɔkyerɛwfo no akasa yie, enti ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Wo ne Onyankopɔn ahennie ntam kwan nware.”—Marko 12:32-34.
Ná Yesu akyerɛkyerɛ wɔ asɔrefie hɔ nnansa (Nisan 9, 10, ne 11). Nnipa bi te sɛ ɔkyerɛwfo yi ani gyee Yesu asɛm no ho. Nyamesom mpanimfoɔ no deɛ, wɔn ani annye ho, nanso wɔannya “akokoɔduro ammisa no asɛm biara bio.”
-
-
Ɔbɔɔ Nyamesom Mpanimfoɔ no AkyiYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
TI 109
Ɔbɔɔ Nyamesom Mpanimfoɔ No Akyi
MATEO 22:41–23:24 MARKO 12:35-40 LUKA 20:41-47
HWAN BA NE KRISTO NO?
NYAMESOMFO NYAATWOMFO NO, YESU MAA WƆN SUBAN DAA ADI
Nyamesom mpanimfoɔ no antumi angu Yesu anim ase, na bere a wɔyɛɛ sɛ wɔbɛma Yesu akasa atia Romafo no nso, anyɛ yie. (Luka 20:20) Ná Yesu da so wɔ asɔrefie hɔ Nisan da a ɛtɔ so 11 no. Saa da no deɛ, Yesu na ɔde asɛm bi pem n’atamfo no na ama wɔahu onipa ko a ɔyɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ: “Adwene bɛn na mowɔ wɔ Kristo no ho? Ɔyɛ hwan ba?” (Mateo 22:42) Ná obiara nim sɛ Kristo anaa Mesia no bɛfiri Dawid abusua mu na aba. Enti bere a nyamesom mpanimfoɔ no rema mmuaeɛ no, saa ara na wɔkae.—Mateo 9:27; 12:23; Yohane 7:42.
Yesu bisaa wɔn sɛ: “Ɛnneɛ afei adɛn nti na honhom no maa Dawid frɛɛ no ‘Owura,’ kaa sɛ, ‘Yehowa ka kyerɛɛ me Wura sɛ: “Tena me nsa nifa kɔsi sɛ mede w’atamfo bɛgu wo nan ase”’? Enti sɛ Dawid frɛɛ no ‘Owura’ a, ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?”— Mateo 22:43-45.
Farisifo no amma mmuaeɛ biara; wɔn deɛ na wɔn ani da so sɛ Dawid aseni bi bɛba abɛgye wɔn afiri Romafo no nsam. Nanso Yesu de Dawid asɛm a ɛwɔ Dwom 110:1, 2 no kyerɛɛ wɔn sɛ Mesia no nyɛ ɔdasani bi kɛkɛ. Mmom ɔyɛ Dawid Wura, na ɔbɛtena Onyankopɔn nsa nifa so wɔ soro, na akyiri yi ɔbɛdi tumi. Yesu mmuaeɛ no maa Farisifo no kaa wɔn ano toom.
Ná asuafo no ne nnipa pii retie Yesu. Afei Yesu de n’adwene kɔɔ wɔn so bɔɔ wɔn kɔkɔ wɔ akyerɛwfo ne Farisifo no ho. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ saa mmarima no te “Mose adwa so,” enti wɔn na wɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Mmara. Yesu ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Enti deɛ wɔka kyerɛ mo nyinaa, monni so na monyɛ, nanso monnyɛ wɔn nnwuma, ɛfiri sɛ wɔka nanso wɔnyɛ.”—Mateo 23:2, 3.
Afei Yesu kaa nneɛma bi a na wɔreyɛ a ɛkyerɛ sɛ ampa wɔyɛ nyaatwom. Ɔkaa sɛ: “Wɔyɛ twerɛsɛm kotokuo a wɔde bɔ wɔn ho ban no atɛtrɛtɛ.” Saa bere no, na Yudafo no bi wɔ kyerɛwsɛm kotoku nketenkete a Mmara nsɛm no bi wom, na na wɔtumi de bɔ wɔn moma so anaa wɔde to wɔn nsa. Nanso Farisifo no hyɛɛ da yeyɛɛ wɔn de no akɛse, na ama obiara ahu sɛ wɔn na wɔdi Mmara no so paa. Saa bere no nso, na mmara kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Israelfo no yɛ wɔn ntade ano mmɛsã. Nanso Farisifo no deɛ, na wɔyɛ wɔn de “akɛseɛ.” Enti, na wɔn ntade ano yɛ atenten sen obiara de. (Numeri 15:38-40) Wɔyɛɛ weinom nyinaa “sɛdeɛ nnipa bɛhunu” wɔn.—Mateo 23:5.
Yesu asuafo no mpo, wɔanhwɛ yie a, anka wɔbɛtumi afa saa suban no bi. Enti ɔtuu wɔn fo sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo Rabi, ɛfiri sɛ ɔbaako ne mo kyerɛkyerɛfoɔ, na mo nyinaa moyɛ anuanom. Bio nso, mommfrɛ obiara mo agya asase so, na ɔbaako ne mo Agya, Ɔsorosoroni no. Afei nso ɛnsɛ sɛ wɔfrɛ mo ‘akannifoɔ,’ ɛfiri sɛ mo Kannifoɔ yɛ baako, ɔne Kristo.” Ɛnde sɛn na na ɛsɛ sɛ asuafo no bu wɔn ho na wɔyɛ wɔn ade? Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛsɛ sɛ deɛ ɔyɛ mo mu kɛseɛ no yɛ mo somfoɔ. Obiara a ɔma ne ho soɔ no wɔbɛbrɛ no ase, na obiara a ɔbrɛ ne ho aseɛ no wɔbɛma ne so.”—Mateo 23:8-12.
Afei Yesu kaa nsɛm bi a ɛkyerɛ sɛ akyerɛwfo ne Farisifo nyaatwomfo no wɔ asɛm bɔ no pɔ. Ɔkaa sɛ: “Monnue, atwerɛfoɔ ne Farisifoɔ nyaatwomfoɔ! ɛfiri sɛ moto ɔsoro ahennie mu wɔ nnipa anim; mo a monkɔ mu, na wɔn a wɔrekɔ mu no nso momma wɔn kwan.”—Mateo 23:13.
Nea ɛmaa Yesu kaa Farisifo no anim ne sɛ, na wɔmfa Onyankopɔn mmara nyɛ hwee, enti wɔhyehyɛɛ wɔn ara mmara. Wɔn mmara no baako ne sɛ: “Sɛ obi ka asɔrefie no ntam a, ɛnyɛ hwee, na sɛ ɔka asɔrefie hɔ sika no ntam a, asodie da ne so.” Ɛno ma yɛhu sɛ ɛba abrabɔ fam a, na wɔyɛ anifuraefo, efisɛ na asɔrefie hɔ sika no hia wɔn sen Yehowa som a ɛkɔ so wɔ hɔ no. Afei nso, “Mmara no mu nsɛm a tumi wom a ɛne atɛntenenee ne mmɔborɔhunu ne nokorɛdie no deɛ,” na wɔmfa nyɛ hwee.—Mateo 23:16, 23; Luka 11:42.
Yesu ka kyerɛɛ Farisifo no sɛ: “Akwankyerɛfoɔ anifirafoɔ a mosɔne nneɛma so yi nwansena nanso momene yoma!” (Mateo 23:24) Saa bere no, na wɔbu nwansena ne yoma nyinaa sɛ mmoa a wɔn ho ntew. Ná Farisifo no sɔne wɔn nsã so yi emu nwansena, nanso na wɔbu wɔn ani gu Mmara no mu nneɛma a emu yɛ duru no so. Enti na akɔyɛ sɛ nea wɔremene yoma a ɛso sen nwansena koraa.—Leviticus 11:4, 21-24.
-
-
Da a Ɛtwa To a Yesu Kɔɔ Asɔrefie HɔYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
TI 110
Da A Ɛtwa To A Yesu Kɔɔ Asɔrefie Hɔ
MATEO 23:25–24:2 MARKO 12:41–13:2 LUKA 21:1-6
YESU SAN BƆƆ NYAMESOM MPANIMFOƆ NO AKYI
WƆBƐSƐE ASƆREFIE NO
OKUNAFO HIANI BI DE NKAPRƐ MMA MMIENU KƆYII NTOBOA
Da a ɛtwa to a Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ no, ɔsan bɔɔ akyerɛwfo ne Farisifo nyaaatwomfo no akyi wɔ nnipa mu frɛɛ wɔn nyaatwomfo. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mohohoro kuruwa ne ayowa ho, nanso emu deɛ, afomdeɛ ne adufudepɛ ayɛ no mã. Farisini nifirani, hohoro kuruwa ne ayowa no mu kane, na ama ɛho nso afi.” (Mateo 23:25, 26) Ná Farisifo no hwɛ sɛ wɔbɛdi wɔn ho ni, nanso wɔn koma deɛ, na ɛfi ahyɛ mu ma.
Ná nyaatwom adonnɔn wɔn ara ma wɔn adiyifo a wɔawuwuo nna so koraa, na wɔsiesie so. Nanso, Yesu kaa sɛ wɔyɛ “wɔn a wɔkum adiyifoɔ no mma.” (Mateo 23:31) Yesu ka saa a ɔmmoa, efisɛ ɔno koraa, na wɔrepɛ no akum no.—Yohane 5:18; 7:1, 25.
Enti Yesu kyerɛɛ sɛ, sɛ nyamesom mpanimfoɔ yi ansakra a, ɛrenyɛ papa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Awɔ, nhuritia mma, mobɛyɛ dɛn adwane Gehenna atemmuo?” (Mateo 23:33) Ná ɛbɔn bi bɛn hɔ a wɔfrɛ no Hinom, na na wɔhyew nwura wɔ hɔ. Enti na Yesu rema wɔahu sɛ, sɛnea wɔhyew nwura wɔ Hinom bɔn no mu no, saa ara na ɔbɛsɛe akyerɛwfo ne Farisifo awudifo no koraa.
Ná Yesu asuafo no bɛsi n’anan wɔ asase so sɛ “adiyifoɔ ne anyansafoɔ ne akyerɛkyerɛfoɔ.” Ná nkurɔfo bɛtie wɔn anaa? Yesu ka kyerɛɛ nyamesom mpanimfoɔ no sɛ: “Mobɛkum [m’asuafoɔ no] binom abɔ wɔn asɛndua mu, na mobɛka ebinom mpire mo hyia adan mu na moatan wɔn ani firi kuro so akɔ kuro so; saa na ɛbɛma ateneneefoɔ mogya a wɔahwie agu asase so nyinaa aba mo soɔ, ɛfiri ɔteneneeni Habel mogya so kɔsi . . . Sakaria mogya so, deɛ mokuu no” no. Afei ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ, nneɛma yi nyinaa bɛba saa awoɔ ntoatoasoɔ yi so.” (Mateo 23:34-36) Yesu asɛm yi baa mu afe 70 mu. Saa bere no, Roma asraafo no sɛee Yerusalem na wɔkunkum Yudafo bebree.
Saa nsɛm yi maa awerɛhoɔ kaa Yesu, na ɔkaa sɛ: “Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ no na wosi wɔn a wɔsomaa wɔn wo nkyɛn no aboɔ—hwɛ mprɛ dodoɔ ara a mepɛɛ sɛ mɛboaboa wo mma ano, sɛdeɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase no! Nanso moampɛ. Hwɛ! Wɔagya mo fie ama mo.” (Mateo 23:37, 38) Ɛbɛyɛ sɛ wɔn a na wɔretie Yesu no bisaa sɛ, ‘efie’ bɛn na ɔreka ho asɛm yi? Ɛyɛ asɔrefie kɛse a na ɛyɛ wɔn sɛ Onyankopɔn bɔ ho ban a na ɛwɔ Yerusalem no anaa?
Yesu san kaa sɛ: “Mese mo sɛ, ɛfiri saa berɛ yi rekorɔ no morenhu me da kɔsi sɛ mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔba Yehowa din mu!’” (Mateo 23:39) Asɛm a Yesu kae no, ɔfa fii Dwom 118:26 mu. Ɛhɔ ka sɛ: “Nhyira ne Deɛ ɔreba Yehowa din mu; yɛfiri Yehowa fie hyira mo.” Enti sɛ wɔnya sɛe asɔrefie a wɔn ani tua no a, obiara mma hɔ Onyankopɔn din mu bio.
Afei Yesu kɔtenaa baabi a asɔrefie ntoboa nnaka no sisi no. Saa nnaka no mu na na Yudafo no yi wɔn ntoboa gu. Yesu te hɔ no, ɔhuu sɛ Yudafo a ɛsono wɔn mu biara sikasɛm de wɔn ntoboa regu nnaka no mu, na wɔn mu asikafo no de “sika bebree bɛguu mu.” Afei ɔbaa kunafo bi nso de “nkaprɛ mma mmienu a ɛnsom bo ahe biara” bɛguu mu. (Marko 12:41, 42) Yɛbɛtumi aka sɛ Yesu huu sɛ Onyankopɔn ani sɔ ɔbaa no ntoboa no paa.
Yesu frɛɛ n’asuafo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Nokorɛm mese mo sɛ deɛ saa okunafoɔ hiani yi de agu mu no sene wɔn a wɔde bi abɛgu sika nnaka no mu nyinaa.” Adɛn nti na Yesu kaa saa? Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔn nyinaa firi deɛ wɔanya ama no aboro soɔ mu na wɔde abɛgu mu, na ɔno deɛ ɔfiri ne hia mu de deɛ ɔwɔ nyinaa, n’asetenadeɛ nyinaa, abɛgu mu.” (Marko 12:43, 44) Sɛ wohwɛ nea ɔbaa kunafo no yɛe no a, wohu sɛ ɔyɛ soronko koraa wɔ nyamesom mpanimfoɔ no ho.
Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ Nisan da a ɛtɔ so 11 yi, ɔkyɛɛ wɔ hɔ. Afei ɔfirii asɔrefie hɔ kɔe a ɔrensan mma hɔ bio. Wɔsii kwan so no, n’asuafo no baako kaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, hwɛ! aboɔ ne adan bɛn ara nie!” (Marko 13:1) Aboɔ a wɔde too asɔrefie no fasuo no, na ebi soso paa; wohu sɛ na asɔrefie no rensɛe nnɛ ne kyena. Enti asɛm a Yesu ka faa asɔrefie no ho no, na ɛyɛ nwonwa. Ɔkaa sɛ: “Mohunu adan akɛseɛ yi? Wɔrennya ɛboɔ wɔ boɔ so wɔ ha ɛkwan biara so a wɔnnwiri ngu fam.”—Marko 13:2.
Yesu ano sii no, ɔne n’asomafo no twaa Kidron Subon no foro kɔɔ Ngo Bepɔ no so. Ɛduu baabi no, ɛkaa ɔne n’asomafo no nnan: Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane. Baabi a na wɔte no, na wɔtumi hu asɔrefie kɛse no.
-
-
Asomafo no Kaa sɛ Yesu Mma Wɔn SɛnkyerɛnneYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
TI 111
Asomafo No Kaa Sɛ Yesu Mma Wɔn Sɛnkyerɛnne
MATEO 24:3-51 MARKO 13:3-37 LUKA 21:7-38
ASOMAFO NNAN KƆBISAA YESU SƐ ƆMMA WƆN SƐNKYERƐNNE
SƐNKYERƐNNE NO BAA MU WƆ ASOMAFO NO BERE SO NE WƆN WUO AKYI
ƐSƐ SƐ YƐMA YƐN ANI DA HƆ
Ná Yesu de nna kakra a atwam no ayɛ ɔsom adwuma no pii. Ɔwɔ Yerusalem no, sɛ ɔkɔ asɔrefie hɔ kɔkyerɛkyerɛ na ade sa a, na wafiri kuro no mu akɔda baabi foforo. Bere a Benada, Nisan da a ɛtɔ so 11 rekɔ n’awiei no, na ne som adwuma a ɔbɛyɛɛ wɔ asase so no nso rekɔ awiei. Yesu wɔ Yerusalem no, na nnipa bebree “ba ne nkyɛn wɔ asɔrefie hɔ anɔpahema bɛtie no.” (Luka 21:37, 38) Nanso, ɛfiri Nisan da a ɛtɔ so 11 no deɛ, na Yesu remma hɔ bio, enti na obiara nnya no ntie no. Ná ɔkɔ Ngo Bepɔ no so, na na aka ɔne n’asomafo no mu nnan: Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane.
Mmarima nnan no baa Yesu nkyɛn efisɛ asɔrefie a Yesu kaa ho asɛm sɛ wɔrennya ɛboɔ wɔ boɔ so wɔ hɔ no, na ɛho asɛm haw wɔn. Nanso ɛnyɛ ɛno nko ara nti na wɔbae. Ná Yesu adi kan aka akyerɛ wɔn sɛ: “Monsiesie mo ho, ɛfiri sɛ dɔn a monsusu saa mu na onipa Ba no reba.” (Luka 12:40) Ná wasan aka akyerɛ wɔn sɛ da bi reba a ‘wɔbɛyi onipa Ba no adi’ anaasɛ ɔbɛba. (Luka 17:30) Saa nsɛm mmienu no ne nea saa Benada no ɔka faa asɔrefie no ho no, na ɛwɔ biribi yɛ anaa? Ná asomafo no pɛ biribi ahu, enti wɔkaa sɛ: “Ka kyerɛ yɛn, berɛ bɛn na yeinom bɛba mu, na ɛdeɛn na ɛbɛyɛ wo mmaeɛ ne berɛ a ɛwɔ hɔ yi awieeɛ ho sɛnkyerɛnne?”—Mateo 24:3.
Ɛbɛyɛ sɛ na asomafo no adwene yɛ wɔn sɛ asɔrefie a na wɔn ani tua no sɛe ho asɛm na Yesu reka. Afei nso na wɔpɛ sɛ wɔhu nea ɛbɛyɛ onipa Ba no mmae ho sɛnkyerɛnne. Ebia wɔkaee Yesu mfatoho bi. Ɔkaa wɔ saa mfatoho no mu sɛ, “ɔdehyeɛ” bi ‘tuu kwan kɔɔ asase bi so akyirikyiri sɛ ɔrekɔgye ahennie tumi aba.’ (Luka 19:11, 12) Ade foforo nso a na asomafo no pɛ sɛ wɔhu ne “berɛ a ɛwɔ hɔ yi awieeɛ” ho sɛnkyerɛnne.
Yesu kyerɛkyerɛɛ mu kɔɔ akyiri maa wɔn sɛnkyerɛnne a ɛbɛma wɔahu sɛ aka kakra ama ɔsɛe aba Yudafo nhyehyɛe ne wɔn asɔrefie no so. Nanso na ebi ka ho; ɔsan kaa nsɛm pii a ɛbɛma Kristofo a wɔbɛba daakye nso ahu sɛ Kristo ‘aba,’ na wiase awiei abɛn.
Mfe bi akyi no, asomafo no huu sɛ Yesu nkɔmhyɛ no afiri ase reba mu. Nneɛma a ɔkaa sɛ ɛbɛsisi no mu pii wɔ hɔ a wɔde wɔn ani hui. Yesu hyɛɛ nkɔm no, mfe 37 akyi na ɔsɛe baa Yudafo nhyehyɛe ne asɔrefie no so wɔ afe 70 mu. Kristofo a wɔn ani da fam no deɛ wɔdaa wɔn ho so, enti ɔsɛe no bae no, amfu wɔn mu. Nanso ɛduu afe 70 no, na ɛnyɛ Yesu nkɔmhyɛ no nyinaa na aba mu. Ɛnde dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ Yesu aba n’Ahenni mu na ɔredi tumi? Ɔdaa no adi kyerɛɛ asomafo no.
Yesu hyɛɛ nkɔm sɛ mobɛte “ɛko ne ɛko ho amanneɛbɔ” na “ɔman bɛsɔre atia ɔman na ahennie atia ahennie.” (Mateo 24:6, 7) Ɔsan kaa sɛ “asasewosoɔ akɛseɛ bɛba, na yaredɔm ne aduankɔm bɛba mmeammea.” (Luka 21:11) Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Nkurɔfoɔ de wɔn nsa bɛka mo na wɔataa mo.” (Luka 21:12) Atoro adiyifo bɛba, na wɔbɛdaadaa nnipa pii. Nsɛmmɔnedi bɛdɔɔso, na nnipa bebree dɔ ano bɛdwo. Bio, ɔkaa sɛ “wɔbɛka ahennie ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanseɛ; ɛno ansa na awieeɛ no bɛba.”—Mateo 24:14.
Nkɔm a Yesu hyɛɛ sɛ Romafo bɛsɛe Yerusalem no baa mu. Ɛno kyerɛ sɛ nkɔmhyɛ no nyinaa baa mu saa bere no anaa? Anaasɛ ɛbɛsan anya mmamu foforo daakye? Woto w’ani a, wonhu adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu nkɔmhyɛ no, afei koraa na ne kɛse reba mu?
Yesu kaa sɛnkyerɛnne foforo a ɛbɛkyerɛ sɛ waba n’Ahenni mu. Ɔkaa sɛ wɔbɛhu “akyiwadeɛ a ɛbɔ man.” (Mateo 24:15) Ná Romafo no abrabɔ asɛe, enti afe 66 mu, bere a wɔn “asraafoɔdɔm” bɛtwaa Yerusalem ho hyiae na wɔde wɔn frankaa bɛsii hɔ no, saa bere no na akyiwadeɛ no bae. Romafo no bɛtwaa Yerusalem ho hyiae, na wɔfirii ase bubuu ɔfasuo no nkakrankakra. (Luka 21:20) Enti yɛbɛka a, baabi a na Yudafo no bu no “kronkronbea” no, ɛhɔ na “akyiwadeɛ” no bae.
Yesu san hyɛɛ nkɔm sɛ: “Ahohiahia kɛseɛ a, ɛfiri wiase mfitiaseɛ bɛsi seesei ebi nsiiɛ, na ebi nso nsi bio bɛba.” Ampa-ne-ampa ara afe 70 mu, Romafo bɛsɛee Yerusalem. Saa ɔsɛe a wɔde baa Yudafo “kuro kronkron” no ne n’asɔrefie so no, na ɛyɛ ahohiahia kɛse, na nnipa bebree hweree wɔn nkwa. (Mateo 4:5; 24:21) Yudafo asetenam nyinaa, na ɔsɛe a ɛte saa bi nsii da. Saa bere no ara nso na Yudafo som a na wɔwom fi teteete no baa awiei. Nea ɛtoo Yudafo no ma yɛhu sɛ Yesu nkɔmhyɛ a ɛrebɛnya ne mmamu kɛse daakye no bɛyɛ hu paa.
NKƆMHYƐ NO MMAMU NO, MMA ƐMMMƆ WO HU
Ná Yesu ne asomafo no nkɔmmɔ no nsii. Bere a ɔmaa wɔn sɛnkyerɛnne a ɛbɛma wɔahu sɛ waba n’Ahenni mu a ɔredi tumi na wiase nhyehyɛe no awiei abɛn no, afei ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnhwɛ yie wɔ “atorɔ Kristo ne atorɔ adiyifoɔ” ho. Ɔkaa sɛ anhwɛ a, “wɔbɛdaadaa wɔn a wɔayi wɔn no mpo.” (Mateo 24:24) Nanso, wɔn a wɔayi wɔn no deɛ, obiara ntumi nnaadaa wɔn. Wɔn a wɔyɛ atoro Kristo no bɛba ama obiara ahu wɔn. Nanso Yesu deɛ, sɛ ɔba a obiara mfa n’ani nhu no.
Bere a Yesu retoa n’asɛm no so no, ɔkaa ahohiahia kɛse bi a ɛbɛba wɔ awiei bere no mu ho asɛm sɛ: “Awia bɛduru sum na bosome renhyerɛn, na nsoromma bɛfiri soro ahwehwe fam, na wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.” (Mateo 24:29) Nsɛm akɛseakɛse a Yesu ka kyerɛɛ asomafo no, na wɔnnim sɛnea ɛbɛba mu, nanso wɔhuu sɛ ɛbɛyɛ hu paa.
Sɛ nneɛma huhuuhu yi sisi a, ɛbɛka nnipa sɛn? Yesu kyerɛɛ sɛ: “Ehu ne nneɛma a ɛreba asase soɔ no bɛma nnipa atotɔ piti; ɛfiri sɛ wɔbɛwoso ɔsoro ahoɔden.” (Luka 21:26) Wohwɛ Yesu nsɛm no a, wohu sɛ ampa, saa mmere bɔne no bɛyɛ hu ankasa.
Nanso anigyesɛm ne sɛ, Yesu san ka kyerɛɛ asomafo no sɛ ‘onipa Ba no de tumi ne animuonyam kɛseɛ reba’ a, ɛnyɛ nnipa nyinaa na ehu bɛka wɔn. (Mateo 24:30) Ná Yesu aka dada sɛ “wɔn a wɔayi wɔn no nti,” Onyankopɔn de ne ho bɛgye mu. (Mateo 24:22) Yesu asuafo a wɔdi Onyankopɔn nokware no, sɛn na ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn ade saa bere no? Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Sɛ nneɛma yi firi aseɛ sɛ ɛresisi a, monsɔre nnyina na momma mo tiri so, ɛfiri sɛ mo gyeɛ rebɛn.”—Luka 21:28.
Yesu asuafo a wɔde wɔn ani bɛhu saa ahohiahia kɛse no, wɔbɛyɛ dɛn ahu sɛ awiei no abɛn? Yesu de borɔdɔma dua yɛɛ mfatoho sɛ: “Sɛ ɛnya fefɛ na ɛyiyi nhahan ara pɛ a, monim sɛ ahuhuro berɛ abɛn. Saa ara na mo nso, sɛ mohunu yeinom nyinaa a, monhunu sɛ wabɛn apono ano. Nokorɛm mese mo sɛ saa awoɔ ntoatoasoɔ yi rentwam da kɔsi sɛ yeinom nyinaa bɛba mu.”—Mateo 24:32-34.
Sɛ Yesu asuafo no hu sɛ saa sɛnkyerɛnne no resisi a, wɔbɛhu sɛ awiei no abɛn. Ɔde afotuo maa asuafo a wɔde wɔn ani bɛhu saa bere no sɛ:
“Ɛdefa saa da no ne dɔn no ho deɛ obiara nnim, abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro ne Ɔba no mpo nnim, gye Agya no nko. Na sɛdeɛ na Noa nna no teɛ no, saa ara na onipa Ba no mmaeɛ bɛyɛ. Na nna a ɛdii nsuyire no anim no, wɔdidi nomeeɛ, mmarima warewareeɛ na wɔde mmaa memaa awareɛ kɔsii da a Noa hyɛn adaka no mu, na wɔanhunu kɔsii sɛ nsuyire no ba bɛpraa wɔn nyinaa kɔeɛ. Na saa ara na onipa Ba no mmaeɛ nso bɛyɛ.” (Mateo 24:36-39) Yesu de nsuyiri a ɛsii Noa bere so no yɛɛ ntotoho de kyerɛɛ sɛ nea ɛbɛsi no bɛka wiase nyinaa.
Wotie Yesu ne asomafo no nkɔmmɔ a wɔbɔɔ wɔ Ngo Bepɔ so no a, obiara nka nkyerɛ wo sɛ asomafo no, na ɛhia sɛ wɔma wɔn ani da hɔ paa. Yesu kaa sɛ: “Monhwɛ mo ho so yie na adidi mmorosoɔ ne asanom ntrasoɔ ne asetena mu dadwene anhyɛ mo akoma so da, na da no ammɛto mo mpofirem sɛ fidie. Ɛfiri sɛ ɛbɛba wɔn a wɔtete asase so baabiara no nyinaa so. Enti, monkɔ so nwɛn, na monsrɛ berɛ nyinaa na moatumi adwane nneɛma a ɛtwa sɛ ɛsisie yi nyinaa, na moatumi agyina onipa Ba no anim.”—Luka 21:34-36.
Yesu asɛm no ma yɛsan hu sɛ nea ɛreba no bɛka wiase nyinaa. Nea ɔkae no, na ɛnyɛ ɔsɛe a ɛrebɛba Yerusalem anaa Yuda man so mfe kakra a ɛda wɔn anim no ho asɛm koraa na ɔreka; mmom na ɛyɛ daakye asɛm. Nea na ɔreka ho asɛm no, “ɛbɛba wɔn a wɔtete asase so baabiara no nyinaa so.”
Yesu maa n’asuafo no huu sɛ ɛsɛ sɛ wɔma wɔn ani da hɔ na wɔwɛn na wɔsiesie wɔn ho. Ɔde mfatoho foforo pee so sɛ: “Monhunu yei sɛ, sɛ efiewura nim dɔn ko a ɔkorɔmfoɔ bɛba a, anka ɔwɛneeɛ na wannya kwan ammɛbu ne fie amma mu. Yei nti mo nso monsiesie mo ho, ɛfiri sɛ dɔn a mo ani nna soɔ mu na onipa Ba no bɛba.”—Mateo 24:43, 44.
Ná Yesu pɛ sɛ n’asuafo no nya anidaso, enti ɔmaa wɔhuu sɛ, sɛ nkɔmhyɛ no reba mu a, “akoa” bi bɛyi ne ti na ɔbɛyɛ akoa a n’ani da hɔ. Yesu de biribi yɛɛ mfatoho a ɛbɛma asomafo no ate nea ɔreka no ase. Ɔkaa sɛ: “Hwan koraa ne akoa nokwafoɔ ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfoɔ so sɛ ɔmma wɔn aduane ɛberɛ a ɛsɛ mu no? Anigyeɛ ne akoa a ne wura bɛba abɛhunu sɛ ɔreyɛ saa! Nokorɛm mese mo sɛ, Ɔde no bɛsi deɛ ɔwɔ nyinaa so.” Nanso sɛ “akoa” no nya adwemmɔne na ɔfiri ase yɛ nkoa no bi basabasa a, owura no bɛtwe “n’aso dendeenden.”—Mateo 24:45-51; fa toto Luka 12:45, 46 ho.
Yesu asɛm no nkyerɛ sɛ n’akyidifo no bi na wɔbɛnya adwemmɔne. Ɛnde dɛn na na Yesu pɛ sɛ n’asuafo no hu? Ná ɔmpɛ sɛ wɔda, na mmom na ɔpɛ sɛ wɔn ani da hɔ. Ɔde mfatoho foforo kyerɛɛ mu.
-
-
Mmaabun Mfatoho no Ho AdesuadeYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
TI 112
Mmaabun Mfatoho No Ho Adesuade
YESU MFATOHO A ƐFA MMAABUN DU BI HO
Ná asomafo no akɔ Yesu hɔ sɛ ɔnkyerɛ wɔn sɛnkyerɛnne a ɛbɛma wɔahu sɛ waba n’Ahenni mu na wiase awiei no abɛn. Yesu rema wɔn mmuaeɛ no, ɔsan de mfatoho foforo yɛɛ afotuo maa wɔn. Sɛ Yesu ba n’Ahenni mu a, n’akyidifo a wɔte ase saa bere no, wɔn na saa mfatoho no bɛba mu wɔ wɔn so.
Ɔfirii mfatoho no ase sɛ: “Ɔsoro ahennie bɛyɛ sɛ mmaabunu du a wɔfaa wɔn nkanea firii adi sɛ wɔrekɔhyia ayeforɔkunu. Ná wɔn mu nnum yɛ nkwaseafoɔ, na nnum yɛ mmadwemma.”—Mateo 25:1, 2.
Yesu mfatoho no nkyerɛ sɛ n’asuafo a wɔbɛnya ɔsoro Ahenni no, emu fa yɛ nkwaseafo na ɛfa yɛ anyansafo. Mmom na ɔpɛ sɛ n’asuafo no hu sɛ nneɛma a ɛfa Ahenni no ho deɛ, ɛsɛ sɛ osuani biara kyerɛ nea ɔbɛyɛ; sɛ wamma n’ani anna hɔ a, ɛnde nneɛma bɛtwetwe n’adwene. Nanso na Yesu wɔ n’asuafo no mu gyidi sɛ wɔn mu biara bɛtumi adi n’Agya no nokware ama wahyira no.
Yesu mfatoho no mu no, na mmaabun du no nyinaa retwɛn ama ayeforokunu no aba na wɔakɔhyia no ne no akɔ ayeforo no ase. Sɛ ayeforokunu no ne ne yere no reba fie a, ɛho bɛhia sɛ mmaabun no sɔ wɔn nkanea na wɔbɔ gye no so ne no kɔ fie. Nanso ɔbae no, dɛn na ɛsii?
Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Nkwaseafoɔ no faa wɔn nkanea nanso wɔamfa ngo anka ho, na mmadwemma no deɛ, wɔfaa ngo guu ntoa mu kaa wɔn nkanea no ho. Na berɛ a ayeforɔkunu no rekyɛ no, wɔn nyinaa tɔɔ nko faa mu daeɛ.” (Mateo 25:3-5) Ayeforokunu no amma ntɛm; ɔkyɛe araa maa nna faa mmaabun no nyinaa. Ɛbɛyɛ sɛ asɛm no maa asomafo no kaee ɔdehyeɛ bi a Yesu kaa ne ho asɛm sɛ ɔtuu kwan kɔɔ akyirikyiri, na “berɛ a awieeɛ koraa no ɔnyaa ahennie tumi no . . . ɔsan baeɛ.”—Luka 19:11-15.
Mmaabun du mfatoho no, Yesu kyerɛɛ nea ɛsii bere a ayeforokunu no bɛdui no. Ɔkaa sɛ: “Dasuom na wɔtee nteamu bi sɛ, ‘Ayeforɔkunu no nie oo! Momfiri adi nkɔhyia no.’” (Mateo 25:6) Ayeforokunu no bae no, na mmaabun no nyinaa asiesie wɔn ho retwɛn anaa?
Yesu toaa so sɛ: “Ɛnna mmaabunu no nyinaa sɔreeɛ na wɔhwɛɛ wɔn nkanea no sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ anaa. Na nkwaseafoɔ no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ, ‘Momma yɛn mo ngo no bi, ɛfiri sɛ yɛn nkanea no reyɛ adum.’ Mmadwemma no buaa sɛ, ‘Ebia na ansõ yɛn ne mo. Enti monkɔ wɔn a wɔtɔn no nkyɛn nkɔtɔ bi.’”—Mateo 25:7-9.
Mfatoho no ma yɛhu sɛ mmaabun nkwaseafo nnum no, wɔamma wɔn ani anna hɔ, enti ayeforokunu no bae no, na wɔnsiesiee wɔn ho. Ná wɔn nkanea mu ngo asa, enti na ɛsɛ sɛ wɔkɔpɛ bi tɔ. Yesu kaa sɛ: “Berɛ a wɔrekɔ akɔtɔ no, ayeforɔkunu no baeɛ, na mmaabunu a wɔayɛ krado no ne no kɔɔ ayeforɔhyia no ase; na wɔtoo pono no mu. Ɛno akyi no, mmaabunu a aka no nso baeɛ, na wɔkaa sɛ, ‘Owura, owura, bue yɛn!’ Ɔbuaa sɛ, ‘Mese mo nokorɛm sɛ, mennim mo.’” (Mateo 25:10-12) Esiane sɛ mmaabun nkwaseafo nnum no amma wɔn ani anna hɔ ansiesie wɔn ho nti, hwɛ nea ɛtoo wɔn.
Asomafo no huu sɛ ayeforokunu a Yesu kaa ne ho asɛm no gyina hɔ ma Yesu no ara. Bere bi a ɛtwaam no, ɔkaa sɛ ɔyɛ ayeforokunu. (Luka 5:34, 35) Mmaabun anyansafo no nso ɛ? Bere bi a Yesu kaa “nnwankuo ketewa” no ho asɛm sɛ wɔde Ahenni no bɛma wɔn no, ɔka toaa so sɛ: “Momfa adeɛ mmɔ mo asene na momma mo nkanea nnɛre.” (Luka 12:32, 35) Enti mmaabun mfatoho no, asomafo no huu sɛ ɛfa nnipa te sɛ wɔn ara ho. Ɛnde, na Yesu mfatoho no kyerɛ sɛn?
Bere a Yesu rewie ne mfatoho no, ɔde asɛm no sii hɔ sɛ: “Enti monkɔ so nwɛn, na monnim da anaa dɔn no.”—Mateo 25:13.
Biribiara kyerɛ sɛ na Yesu retu n’asuafo no fo sɛ ‘wɔnkɔ so nwɛn’ mfa ntwɛn bere a ɔbɛba. Ba deɛ ɔbɛba, enti na ɛsɛ sɛ wɔsiesie wɔn ho na wɔwɛn te sɛ mmaabun anyansafo nnum no. Ɛno bɛboa wɔn ama anidaso kɛse a wɔwɔ no atena wɔn adwenem na akatua no ammɔ wɔn.
-
-
Adesuade a Ɛwɔ Dwetikɛseɛ Mfatoho no MuYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
TI 113
Adesuade A Ɛwɔ Dwetikɛseɛ Mfatoho No Mu
YESU DE DWETIKƐSEƐ YƐƐ MFATOHO
Yɛbɛkae a, bere a Yesu wɔ Yeriko nna kakra a atwam no, ɔde mmɛnnaa yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ sɛ na Ahenni no nnya mmae koraa. Bere a Yesu ne asomafo nnan no wɔ Ngo Bepɔ no so no, ɔsan maa wɔn mfatoho foforo a ɛne mmɛnnaa mfatoho no di nsɛ. Saa bere no, na ɔgu so rekyerɛ sɛnkyerɛnne a asomafo no de bɛhu sɛ waba n’Ahenni mu na wiase awiei abɛn. Mfatoho no kyerɛɛ sɛ adwuma a Yesu de ahyɛ n’asuafo nsa no, ɛsɛ sɛ wɔyere wɔn ho yɛ no yie.
Yesu fii mfatoho no ase sɛ: “Ɛte sɛ onipa bi a ɔrebɛtu kwan a ɔfrɛɛ ne nkoa de n’ahodeɛ hyɛɛ wɔn nsa.” (Mateo 25:14) Ná ɛnyɛ den koraa sɛ asomafo no bɛhu sɛ “onipa” a Yesu kaa ne ho asɛm no yɛ ɔno ankasa, efisɛ bere bi ɔkaa ɔno ara ho asɛm sɛ ɔte sɛ ɔbarima bi a ɔtuu kwan sɛ “ɔrekɔgye ahennie tumi aba.”—Luka 19:12.
Ɔbarima no rebɛtu kwan no, ɔde n’ahode hyɛɛ ne nkoa nsa. Kae sɛ mfe mmiɛnsa ne fa a Yesu de yɛɛ ne som adwuma no, ɔde ne bere nyinaa kaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa kyerɛɛ nkurɔfo na ɔtetee n’asuafo no sɛ wɔnyɛ saa adwuma no bi. Afei, na ɔrebɛfiri wɔn nkyɛn akɔ, nanso na ɔwɔ wɔn mu awerɛhyem paa sɛ wɔbɛtoa so ayɛ adwuma a watete wɔn sɛ wɔnyɛ no.—Mateo 10:7; Luka 10:1, 8, 9; fa toto Yohane 4:38; 14:12 ho.
Sɛn na ɔbarima a ɔwɔ mfatoho no mu no kyekyɛɛ ahode no mu maa nkoa no? Yesu kaa sɛ: “Ɔmaa baako dwetikɛseɛ nnum, ɔmaa baako mmienu, na ɔmaa ɔfoforɔ nso baako, sɛdeɛ wɔn mu biara ahoɔden teɛ, na ɔtuu kwan.” (Mateo 25:15) Nea ɔde hyɛɛ nkoa no nsa no, dɛn na wɔde bɛyɛ? Wɔbɛhwɛ so de ayɛ adwuma ama wɔn wura anya mfaso anaa? Yesu ka kyerɛɛ asomafo no sɛ:
“Ntɛm ara na deɛ ɔnyaa dwetikɛseɛ nnum no siim de kɔyɛɛ adwuma nyaa nnum kaa ho. Saa ara na deɛ ɔnyaa mmienu no san nyaa mmienu kaa ho. Na deɛ ɔnyaa baako no deɛ, ɔkɔtutuu fam de ne wura dwetɛ sika no sieeɛ.” (Mateo 25:16-18) Sɛ owura no san ba a, dɛn na ɛbɛsi?
Yesu toaa so sɛ: “Berɛ tenteenten akyi no, nkoa no wura baeɛ, na ɔne wɔn buu nkonta.” (Mateo 25:19) Mmienu a wɔdi kan no yɛɛ “sɛdeɛ wɔn mu biara ahoɔden teɛ.” Saa nkoa no yeree wɔn ho paa de nea wɔnyae no yɛɛ adwuma nyaa so mfaso. Akoa a wɔmaa no dwetikɛseɛ nnum no nyaa nnum kaa ho, na nea wɔmaa no mmienu no nso nyaa mmienu kaa ho. (Saa bere no, sɛ odwumayɛni bɛtumi anya dwetikɛseɛ baako a, gye sɛ ɔbiri ne mogya ani yɛ adwuma mfe 19.) Nkoa mmienu no, owura no kamfoo wɔn mu biara sɛ: “Mo, akoa pa nokwafoɔ! Wodii nneɛma kakraa bi mu nokorɛ. Mɛma woahwɛ nneɛma pii so. Nya wo wura anigyeɛ no bi.”—Mateo 25:21.
Akoa a wɔmaa no dwetikɛseɛ baako no deɛ, wammɔ ne ho mmɔden. Ɔkaa sɛ: “Me wura, menim sɛ woyɛ obi a w’asɛm yɛ den, a faako a woanguo no ɛhɔ na wotwa, na woboaboa deɛ wonhuhuu soɔ ano. Enti mesuroeɛ, na mede wo dwetikɛseɛ no siee fam. W’adeɛ nie, gye.” (Mateo 25:24, 25) Wamfa sika no ankɔto sikakorabea mpo amma ne wura annya biribi kakra wɔ ho. Yɛbɛtumi aka sɛ ɔdii ne wura no aborɔ paa.
Sɛ owura no ka kyerɛ akoa no sɛ ɔyɛ “akoa bɔne ne onihafoɔ” a ɔdi ka. Nea ɔwɔ mpo, ɔgye fii ne nsam de maa akoa a ɔyeree ne ho yɛɛ adwuma no. Afei owura no kaa sɛ: “Obiara a ɔwɔ bie no, wɔbɛma no bi aka ho ama no aboro ne so; na deɛ ɔnni bie no, deɛ ɔwɔ mpo wɔbɛgye afiri ne nsam.”—Mateo 25:26, 29.
Saa mfatoho yi, na Yesu asuafo no bɛtumi asua nneɛma pii afiri mu. Ná wɔbɛte ase sɛ asɛnka adwuma a Yesu de ahyɛ wɔn nsa no yɛ akwannya kɛse a ɛnsɛ sɛ wɔtoto no ase koraa. Ná ɔpɛ sɛ wɔyere wɔn ho yɛ adwuma no yie. Nanso na ɛnyɛ Yesu adwene ne sɛ asɛnka adwuma a ɔde ama wɔn no, obiara nyɛ no pɛ. Mfatoho no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ no “sɛdeɛ wɔn mu biara ahoɔden teɛ.” Ɛno nso nkyerɛ sɛ obi yɛ “onihafoɔ” na sɛ ɔyɛ ne Wura adwuma no biara biara a, Yesu ani bɛgye ne ho.
Asɛm a Yesu ka toaa so ne sɛ: “Obiara a ɔwɔ bie no, wɔbɛma no bi aka ho.” Ɛbɛyɛ sɛ saa asɛm no maa asomafo no huu sɛ Yesu wɔ wɔn mu awerɛhyem paa.
-
-
Kristo Bɛbu Nnwan ne Mmirekyie AtɛnYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
TI 114
Kristo Bɛbu Nnwan Ne Mmirekyie Atɛn
YESU DE NNWAN NE MMIREKYIE YƐƐ MFATOHO
Bere a asomafo no kɔbisaa Yesu ne mmae ne wiase awiei ho sɛnkyerɛnne wɔ Ngo Bepɔ no so no, ɔmaa mfatoho faa mmaabun ne dwetikeseɛ ho. Dɛn na ɔde wiee ɔne asomafo no nkɔmmɔ no? Ɔmaa mfatoho foforo, na na ɛfa nnwan ne mmirekyie ho.
Yesu fii mfatoho no ase sɛ: “Sɛ onipa Ba no ba n’animuonyam mu a abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, ɔbɛtena n’animuonyam ahennwa so.” (Mateo 25:31) Sɛnea ɔkaa asɛm no kyerɛ sɛ, ɔno paa na mfatoho no gyina ne so. Ná ɔtaa ka sɛ ɔno ne “onipa Ba no.”—Mateo 8:20; 9:6; 20:18, 28.
Bere bɛn na mfatoho yi bɛba mu? Ɛyɛ bere a Yesu aba “n’animuonyam mu.” Saa bere no, ɔbɛtena “n’animuonyam ahennwa so” a abɔfo ka ne ho. Ná wadi kan aka sɛ “onipa Ba no nam ɔsoro mununkum mu de tumi ne animuonyam kɛseɛ reba,” na n’abɔfo ka ne ho. Bere bɛn na ɛno bɛsi? “Ahohiahia no akyi pɛɛ.” (Mateo 24:29-31; Marko 13:26, 27; Luka 21:27) Enti sɛ Yesu ba n’anuonyam mu daakye a na mfatoho yi bɛba mu. Dɛn na ɔbɛyɛ saa bere no?
Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘Sɛ onipa Ba no ba a, ɔbɛboaboa amanaman nyinaa ano n’anim, na ɔbɛpaepae nnipa no mu mmaako mmaako, sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ paepae nnwan ne mmirekyie mu no. Na ɔde nnwan no bɛgyina ne nsa nifa so, na ɔde mmirekyie no agyina ne benkum so.’—Mateo 25:31-33.
Nnwan a Yesu de wɔn bɛgyina ne nifa so no kyerɛ sɛ wɔbɛnya Yesu anim dom. Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Afei ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne nifa soɔ no sɛ, ‘Mommra, mo a m’Agya ahyira mo, momfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi wiase nhyɛaseɛ no nni.’” (Mateo 25:34) Dɛn na ɛmaa nnwan no nyaa Ɔhene no anim dom?
Ɔhene no kyerɛɛ mu sɛ: “Ɛkɔm dee me na momaa me biribi diiɛ; sukɔm dee me na momaa me biribi nomeeɛ. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ na mogyee me fɛ so; medaa adagya na momaa me biribi kataa me ho. Meyareeɛ na mohwɛɛ me. Medaa afiase na mobaa me nkyɛn.” Nnwan no, kyerɛ sɛ, “wɔn a wɔtene” no, bisaa Ɔhene no bere a wɔyɛɛ weinom nyinaa maa no. Ɔhene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ dodoɔ a moyɛ maa me nuanom nkumaa yi mu baako no, moayɛ ama me.” (Mateo 25:35, 36, 40, 46) Ɛnyɛ ɔsoro na wɔyɛɛ saa nneɛma no, efisɛ ɔsoro deɛ ɛkɔm ne yareɛ nni hɔ. Enti wohwɛ mu a wɔyɛ maa Kristo nuanom wɔ asase yi so.
Mmirekyie a wɔde wɔn gyinaa ne benkum so no nso ɛ? Yesu kaa sɛ: “Afei [Ɔhene no] bɛka akyerɛ wɔn a wɔwɔ ne benkum soɔ no nso sɛ, ‘Mo a wɔadome mo, momfiri me so nkɔ daa egya a wɔasiesie ama Ɔbonsam ne n’abɔfoɔ no mu. Berɛ a ɛkɔm dee me no, moamma me hwee anni, na sukɔm dee me no moamma me hwee annom. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, nanso moannye me fɛ so; medaa adagya nanso moamma me biribi ankata me ho; meyareeɛ na medaa afiase, nanso moammɛhwɛ me.’” (Mateo 25:41-43) Atemmu yi fata wɔn paa efisɛ wɔne Kristo nuanom a wɔwɔ asase so anni no yie.
Yesu maa asomafo no huu sɛ saa atemmu no bɛyɛ daa ɔsɛe. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛnna [Ɔhene no] bɛbua wɔn sɛ, ‘Nokorɛm mese mo sɛ, berɛ dodoɔ a moanyɛ amma nkumaa yi mu baako no, moanyɛ amma me.’ Na yeinom bɛfiri hɔ akɔ daa ɔsɛeɛ mu, na wɔn a wɔtene no bɛkɔ daa nkwa mu.”—Mateo 25:45, 46.
Mmuaeɛ a Yesu de maa asomafo no, adesuade pii wom ma n’akyidifo nyinaa. Wɔbɛtumi de atoto wɔn abrabɔ ho ahwɛ sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ anaa.
-