-
Wɔanhu Amu no, Efisɛ na Yesu Anyane!Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
TI 134
Wɔanhu Amu No—Ná Yesu Anyane!
MATEO 28:3-15 MARKO 16:5-8 LUKA 24:4-12 YOHANE 20:2-18
WƆNYANEE YESU
NEA ƐKƆƆ SO WƆ BAABI A WƆSIEE YESU NO
ƆYII NE HO ADI KYERƐƐ MMAA BI
Bere a mmaa no huu sɛ Yesu amu no nni hɔ no, wɔn yam hyee wɔn yie! Ɛhɔ ara na Maria Magdalene sɔɔ mmirika mu kɔka kyerɛɛ “Simon Petro ne osuani foforɔ a Awurade pɛ n’asɛm no.” Saa osuani no ne ɔsomafo Yohane. (Yohane 20:2) Nanso, mmaa a wɔkaa hɔ no huu ɔbɔfo bi wɔ kwan no ano. Ná ɔbɔfo baako nso “hyɛ atade tenten fitaa” te baabi a na Yesu amu no da no.—Marko 16:5.
Abɔfo no baako ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnsuro, na menim sɛ morehwehwɛ Yesu a wɔbɔɔ no asɛndua mu no. Ɔnni ha, na wɔanyane no sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Mommra, monhwɛ faako a na ɔda no. Na monkɔ ntɛm nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ no sɛ wanyane afiri awufoɔ mu, na hwɛ! ɔredi mo anim akɔ Galilea.” (Mateo 28:5-7) Ná mmaa no “ho repopo na awɔse agu wɔn,” enti wɔsii kwan so kɔka kyerɛɛ asuafo no.—Marko 16:8.
Bere a Maria tuu mmirika kɔhwehwɛɛ Petro ne Yohane huu wɔn no, ɔde ahopere ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔayi Awurade afiri ɛda no mu, na yɛnnim baabi a wɔde no akɔtoɔ.” (Yohane 20:2) Petro ne Yohane nso sɔɔ mmirika mu de wɔn ani kyerɛɛ ɛda no so. Yohane na ɔdii kan kɔduu hɔ, na ɔde n’ani tɛɛ hɔ huu sɛ ntoma a wɔde kyekyeree Yesu no gu hɔ.
Petro deɛ, ɔduu hɔ ara na ɔbɔ wuraa mu, na ɔhuu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu no ne ntoma a wɔde kyekyeree ne ti no gu hɔ. Afei Yohane nso wuraa mu kɔhuu sɛ nea Maria bɛkae no yɛ nokware. Ɛwom sɛ na Yesu adi kan aka sɛ ɔwu a ɔbɛsɔre deɛ, nanso Petro ne Yohane anhu sɛ ɛno na abam no. (Mateo 16:21) Afei wɔdanee wɔn ho kɔɔ fie, nanso na wɔnte nea asi no ase. Maria deɛ, ɔsan baa ɛda no so bio.
Mmaa a aka no nso de wɔn ani kyerɛɛ asuafo no hɔ sɛ wɔrekɔka akyerɛ wɔn sɛ Yesu anyane. Wɔdi mmirika rekɔ no, Yesu hyiaa wɔn wɔ kwan so ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo!” Wɔhwee ne nan ase “kotoo no.” Afei Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monnsuro! Monkɔ nkɔbɔ me nuanom amanneɛ sɛ wɔnkɔ Galilea, na wɔbɛhu me wɔ hɔ.”—Mateo 28:9, 10.
Bere a asasewosow no sii a abɔfo no bae no, asraafo a na wɔwɔ hɔ no ho “popoeɛ na wɔyɛɛ sɛ deɛ wɔawuwuo.” Wɔn ani so tetee wɔn no, wɔkɔɔ kuro no mu “kɔkaa deɛ asie nyinaa kyerɛɛ asɔfoɔ mpanimfoɔ no.” Afei asɔfo no ne Yudafo mpanimfoɔ no kɔtuu asɛm no ho agyina. Wɔyɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛma asraafo no sika de abɔ wɔn ano. Wɔka kyerɛɛ asraafo no sɛ wɔnkɔka sɛ: “Anadwo a yɛadeda no, n’asuafoɔ no bɛwiaa no.”—Mateo 28:4, 11, 13.
Saa bere no, sɛ Roma sraani rewɛn baabi na ɔda a, na wɔtumi kum no. Enti asɔfo no hyɛɛ asraafo no bɔ sɛ wɔkɔdi atoro sɛ wɔdedae a, wɔbɛka bi ama wɔn. Wɔkaa sɛ: “Sɛ ɛduru amrado no asom a yɛbɛpa no kyɛw na moannya asɛm biara.” (Mateo 28:14) Asraafo no nso gyee sika no hyɛɛ wɔn ho kɔyɛɛ nea asɔfo no kae no. Ɛno maa saa atosɛm no tenee Yudafo no mu sɛ asuafo no akɔwia Yesu amu.
Yɛrekasa yi nyinaa, na Maria Magdalene da so gyina ɛda no so rete nisuo. Ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ ɛda no mu, na ɔhuu sɛ abɔfo mmienu hyɛ ntade fitaa te hɔ. Ná baako te baabi a na Yesu ti da, ɛnna baako nso te baabi a na ne nan gu. Wɔbisaa Maria sɛ: “Ɔbaa, adɛn na woresu?” Ɔyii wɔn ano sɛ: “Wɔafa me Wura kɔ, na mennim baabi a wɔde no akɔtoɔ.” Ɔdanee ne ho nso, na obi gyina n’akyi. Ɔno nso bisaa no nea enti a ɔresu, na afei ɔbisaa no sɛ: “Hwan na worehwehwɛ no?” Ɛyɛɛ Maria sɛ ɔno na ɔhwɛ turom hɔ, enti ɔbuaa sɛ: “Owura, sɛ wo na woafa no afiri ha a, kyerɛ me baabi a wode no akɔtoɔ na menkɔfa no nkɔ.”—Yohane 20:13-15.
Maria deɛ, na ɔnnim sɛ Yesu anyane na ɔno na ɔne no rekasa no. Nanso, bere a ɔkaa sɛ “Maria!” no, ɛhɔ ara na ɔhuu sɛ ɛyɛ Yesu, efisɛ na ɔnim sɛnea ɔne no kasa. Ɛnna Maria de anigye kaa sɛ “Rabuni!” (aseɛ ne “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ!”) Nanso, na ɔsuro sɛ Yesu rebɛforo akɔ soro, enti ɔsɔɔ ne mu. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Gyaa me mu, na mennya nkɔɔ Agya no hɔ. Mmom si kwan so kɔ me nuanom nkyɛn kɔka kyerɛ wɔn sɛ, ‘Merekɔ m’Agya ne mo Agya ne me Nyankopɔn ne mo Nyankopɔn no nkyɛn.’”—Yohane 20:16, 17.
Maria de mmirika kɔɔ baabi a asomafo no ne asuafo a aka no ahyiam no. Ɔno nso de bi kɔtoo nea na mmaa no adi kan akɔka akyerɛ wɔn no so sɛ: “Mahunu Awurade!” (Yohane 20:18) Nanso, nsɛm a wɔkae no “yɛɛ wɔn sɛ nsɛnhunu bi.”—Luka 24:11.
-
-
Yesu Yii Ne Ho Adi Kyerɛɛ Nnipa PiiYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
TI 135
Yesu Yii Ne Ho Adi Kyerɛɛ Nnipa Pii
YESU YII NE HO ADI WƆ EMAUS KWAN SO
ƆKYERƐƐ KYERƐWNSƐM NO MU KYERƐƐ ASUAFO NO
TOMA GYAEE AKYINNYE NO
Bere a asuafo no kɔɔ Yesu da so Kwasida Nisan da a ɛtɔ so 16 a wɔanhu no no, wɔyɛɛ basaa efisɛ na wɔnte nea asi no ase. (Mateo 28:9, 10; Luka 24:11) Saa da no ara, Kleopa ne osuani foforo sii kwan so fii Yerusalem sɛ wɔrekɔ Emaus; ɛfiri Yerusalem rekɔ hɔ yɛ kilomita 11.
Wɔnam kwan so rekɔ no nyinaa, na wɔreka nea asi no ho asɛm. Ɔhɔho bi bɛbisaa wɔn sɛ: “Ɛdeɛn asɛm na monam kwan so resusu ho yi?” Kleopa yii n’ano sɛ: “Wo nko ara na wote Yerusalem a woyɛ ɔhɔhoɔ a enti wonnim asɛm a asi hɔ nnansa yi?” Ɔhɔho no nso bisaa wɔn sɛ: “Asɛm bɛn?”—Luka 24:17-19.
Wɔkaa sɛ: “Deɛ ɛfa Nasareni Yesu” ho no. Afei nso wɔkaa sɛ: “Na yɛwɔ anidasoɔ sɛ saa ɔbarima yi na wɔayi no sɛ ɔmmɛgye Israel.”—Luka 24:19-21.
Kleopa ne osuani a ɔne no nam no kaa nsɛm a ɛsisii saa da no kyerɛɛ no. Wɔkyerɛɛ mu sɛ mmaa bi kɔɔ baabi a wɔsiee Yesu no, nanso wɔanhu no. Mmaa no kaa sɛ abɔfo yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, na abɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ Yesu anyane. Afei wɔkaa sɛ ebinom nso de wɔn ani kɔhwɛɛ sɛ ɛyɛ ampa anaa, na “wɔkɔhunuu sɛ ɛte saa, sɛdeɛ mmaa no bɛkaeɛ pɛpɛɛpɛ.”—Luka 24:24.
Ɔhɔho no huu sɛ asuafo mmienu no nte nea asi no ase na ɛhia sɛ ɔtene wɔn adwene. Enti ɔkaa no pen kyerɛɛ wɔn sɛ: “O mo a monni adwene na moyɛ nyaa mo akomam sɛ mobɛgye deɛ adiyifoɔ no kaeɛ nyinaa adie! Monnim sɛ ɛhia sɛ Kristo no hunu amane yi nyinaa na ɔkɔ n’animuonyam mu anaa?” (Luka 24:25, 26) Afei ɔkyerɛkyerɛɛ Kristo no ho nkɔmhyɛ pii mu kyerɛɛ wɔn.
Nkakrankakra, wɔn mmiɛnsa nyinaa kɔduu Emaus. Ná asuafo mmienu no pɛ nsɛm no pii aka ho, enti wɔka kyerɛɛ ɔhɔho no sɛ: “Tena yɛn nkyɛn, ɛfiri sɛ ɛreyɛ aduru anwummerɛ na adeɛ anya asa.” Ɔpenee so sɛ ɔne asuafo no bɛtena hɔ, enti wɔyɛɛ sɛ wɔrebɛdidi. Ɔhɔho no faa paanoo bɔɔ mpae bubuu mu maa wɔn. Ɛhɔ ara na wɔhuu sɛ ɛyɛ Yesu, nanso ntɛm ara na ɔyerae. (Luka 24:29-31) Afei wɔbɛgye dii sɛ Yesu anyane ampa!
Asuafo mmienu yi ani gyee paa sɛ wɔahu Yesu, enti wɔkaa ho asɛm sɛ: “Berɛ a ɔne yɛn rekasa wɔ kwan so na ɔrekyerɛ Twerɛnsɛm no mu kyerɛ yɛn no, ampusu yɛn akoma anaa?” (Luka 24:32) Wɔde ahopere san kɔɔ asomafo no ne anuanom foforo hɔ wɔ Yerusalem. Bere a Kleopa ne ne yɔnko no kɔdui no, wɔammue wɔn ano mpo na wɔtee sɛ nkurɔfo reka sɛ: “Ampa, wɔanyane Awurade na ɔyii ne ho adi kyerɛɛ Simon!” (Luka 24:34) Asuafo mmienu yi de kɔtoo so sɛ wɔn nso de wɔn ani ahu Yesu.
Bere a wɔwɔ dan no mu no, nea wɔhui ara ne sɛ Yesu abɛpue hɔ. Nea ɛyɛ nwonwa wɔ asɛm no mu ne sɛ, Yudafo no ho hu nti, na wɔatoto apono no mu. Enti wɔanhu nea ɛyɛe a Yesu wuraa dan no mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo.” Nanso na ehu reku wɔn. Sɛnea ɛyɛɛ wɔn bere bi no, ɛha nso, “wɔsusuu sɛ wɔahunu honhom bi.”—Luka 24:36, 37; Mateo 14:25-27.
Ná Yesu pɛ sɛ wɔhu sɛ ɛnyɛ sɛ wɔahu honhom bi anaa wɔreso dae, na mmom ɔwɔ honam nipadua. Enti ɔde ne nsa ne ne nan kyerɛɛ wɔn kaa sɛ: “Adɛn nti na moabotoɔ, na ɛdeɛn nti na mo akomam yɛ mo naa? Monhwɛ me nsa ne me nan, na moahunu sɛ ɛyɛ me ara; momfa mo nsa nsɔ me mu nhwɛ, ɛfiri sɛ honhom nni honam ne nnompe sɛdeɛ mohunu sɛ mewɔ yi.” (Luka 24:36-39) Wɔn ani gyei paa sɛ wɔahu Yesu, nanso na wɔn tirim ntene wɔn papa.
Yesu huu saa no, ɔsan yɛɛ biribi a ɛbɛboa wɔn ama wɔagye adi. Ɔbisaa wɔn sɛ: “Mowɔ aduane bi wɔ hɔ anaa?” Wɔde apataa sini bi a wɔatõtõ maa no dii. Afei ɔkaa sɛ: “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ mo berɛ a na meda so ka mo ho [ansa na merewuo] no, sɛ ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ afa me ho wɔ Mose mmara ne Adiyifoɔ no ne Nnwom no mu nyinaa ba mu.”—Luka 24:41-44.
Ná Yesu adi kan aboa Kleopa ne osuani a ɔne no nam no ama wɔate Kyerɛwnsɛm no ase. Ɔbɛtoo asuafo no wɔ dan mu hɔ nso, ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Saa kwan yi so na wɔatwerɛ sɛ Kristo no bɛhunu amane na da a ɛtɔ so mmiɛnsa no wasɔre afiri awufoɔ mu, na ne din so na wɔbɛgyina aka adwensakra a ɛma bɔne fafirie ho asɛm wɔ amanaman nyinaa mu—wɔbɛfiri aseɛ afiri Yerusalem; mobɛyɛ nneɛma yi ho adansefoɔ.”—Luka 24:46-48.
Yesu baa dan mu hɔ no, na ɔsomafo Toma nni hɔ. Akyiri yi a ɔbae no, ne nuanom no ka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛahunu Awurade!” Nanso Toma kaa sɛ: “Sɛ manhunu nnadewa no ananmu wɔ ne nsam, na mamfa me nsateaa anka nnadewa no ananmu na mamfa me nsa anka ne mfem a, merennye nni da.”—Yohane 20:25.
Nnawɔtwe akyi no, asuafo no san kɔhyiaam wɔ dan mu toom. Saa bere no deɛ na Toma wɔ hɔ. Yesu san de honam nipadua bɛpuee hɔ kyeaa wɔn sɛ: “Asomdwoeɛ nka mo.” Afei ɔka kyerɛɛ Toma sɛ: “Fa wo nsateaa ka ha, na hwɛ me nsam na fa wo nsa ka me mfem, na gyae akyinnyegyeɛ na gye di.” Toma teaam sɛ: “M’Awurade ne me Nyankopɔn!” (Yohane 20:26-28) Afei Toma gye dii paa sɛ Yesu anyane afiri awufo mu ama wabɛyɛ honhom abɔde, na ɔyɛ Yehowa Nyankopɔn nanmusini.
Yesu ka kyerɛɛ Toma sɛ: “Woahu me nti na afei woagye adie? Anigyeɛ ne wɔn a wɔnhunu nanso wɔgye die.”—Yohane 20:29.
-