Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔkyerɛɛ Asomafo no Ahobrɛase Wɔ Twam no Ase
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Yesu rehohoro asomafo no nan ho de akyerɛ wɔn ahobrɛase

      TI 116

      Ɔkyerɛɛ Asomafo No Ahobrɛase Wɔ Twam No Ase

      MATEO 26:20 MARKO 14:17 LUKA 22:14-18 YOHANE 13:1-17

      • YESU NE ASOMAFO NO DII TWAM AFAHYƐ A ƐTWA TO

      • ƆHOHOROO ASOMAFO NO NAN HO DE YƐƐ ADESUADE MAA WƆN

      Yesu somaa Petro ne Yohane maa wɔdii kan kɔɔ Yerusalem kɔyɛɛ Twam afahyɛ no ho ntotoe. Ɛno akyi no, Yesu ne asomafo du a aka no nso tĩĩ wɔn. Yesu ne wɔn resian Ngo Bepɔ no akɔ Yerusalem no, na esum reba. Ná Yesu rensan nkɔ Ngo Bepɔ no so bio kɔsi sɛ ɔbɛwu asɔre.

      Bere a wɔduu Yerusalem no, wɔde wɔn ani kyerɛɛ baabi a wɔbɛdi Twam afahyɛ no. Ná efie no yɛ abansoro, enti wɔforo kɔɔ ɛdan kɛseɛ bi mu wɔ soro, na wɔhuu sɛ wɔasiesie hɔ kamakama retwɛn wɔn. Ná Yesu rehwɛ saa da yi kwan enti ɔkaa sɛ: “Mepɛ paa sɛ me ne mo bɛdi twam yi ansa na mahunu amane.”—Luka 22:15.

      Kane no, sɛ wɔredi Twam afahyɛ no a, na wɔmfa kuruwa a nsa wom mfa obiara anim, nanso akyiri yi deɛ, wɔfirii ase yɛɛ saa. Enti Yesu gyee kuruwa no baako bɔɔ mpae, na ɔkaa sɛ: “Monnye yei na momfa mma obiara; na mese mo sɛ, ɛfiri nnɛ rekorɔ no merennom bobesa bio kɔsi sɛ Onyankopɔn ahennie bɛba.” (Luka 22:17, 18) Ná wei nyinaa kyerɛ sɛ Yesu wuo abɛn.

      Wɔgu so redi Twam no ara, biribi sii. Yesu sɔree, na ɔyɛɛ biribi a obiara nhwɛ kwan. Ɔyii n’atade nguguso guu hɔ faa mpopaho, na ɔsaa nsuo guu ade mu. Saa bere no, sɛ obi nya hɔho a, na ɔhwɛ ma wɔhohoro ɔhɔho no nan ho. Ɛbɛyɛ sɛ nkoa na na wɔtaa ma wɔyɛ saa adwuma no. (Luka 7:44) Afahyɛ no ase deɛ, na Yesu ne asomafo no nko ara na ɛwɔ hɔ, enti Yesu na ɔyɛɛ saa adwuma no. Anka asomafo no baako bɛtumi ayɛ saa adwuma no, nanso wɔn nyinaa yii wɔn ani. Mpaninie ho akasakasa a na akɔ so wɔ wɔn ntam no nti na na obiara mpɛ sɛ ɔbɛyɛ saa adwuma no anaa? Yɛnnim deɛ, nanso Yesu fii ase hohoroo wɔn nan ho no, wɔn ani wui.

      Bere a Yesu duu Petro so no, Petro kaa sɛ: “Worenhohoro me nan ho da.” Yesu buaa no sɛ: “Sɛ manhohoro wo nan ho a, wonni kyɛfa biara me mu.” Ntɛm ara na Petro kaa sɛ: “Awurade, ɛnyɛ me nan ho nko, na mmom me nsa ho ne me tirim nso ka ho.” Ɛbɛyɛ sɛ asɛm a afei Yesu kae no yɛɛ no nwonwa. Ɔkaa sɛ: “Deɛ wadwareɛ no, ɛnhia no hwee sɛ ne nan ho a ɔbɛhohoro, ɛfiri sɛ ne ho nyinaa afi. Mo ho afi, nanso ɛnyɛ mo nyinaa.”—Yohane 13:8-10.

      Yesu hohoroo asomafo 12 no nyinaa nan ho; Yuda Iskariot mpo, ɔhohoroo ne nan ho bi. Yesu wiei no, ɔhyɛɛ n’atade nguguso kɔtenaa pono no ho. Afei ɔkaa sɛ: “Moahunu deɛ mayɛ mo yi? Mofrɛ me ‘Ɔkyerɛkyerɛfoɔ’ ne ‘Awurade,’ na ɛyɛ ne kwan so sɛ moka saa, ɛfiri sɛ meyɛ saa. Na sɛ me a meyɛ Awurade ne Ɔkyerɛkyerɛfoɔ ahohoro mo nan ho a, ɛsɛ sɛ mo nso mo mu biara hohoro ne yɔnko nan ho. Na magya mo nhwɛsodeɛ sɛ sɛdeɛ mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara. Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, akoa nsene ne wura, na saa ara na deɛ wɔasoma no nsene onii a ɔsomaa no no. Sɛ monim yeinom na moyɛ a, mo ani bɛgye.”—Yohane 13:12-17.

      Nea Yesu yɛe no yɛ ahobrɛase ho adesuade kɛse! Wama n’akyidifo ahu sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhwehwɛ mpaninie na wɔhwɛ kwan sɛ afoforo bɛsom wɔn. Mmom, ɛsɛ sɛ wɔsuasua Yesu. Ɛno nso nkyerɛ sɛ wɔsɔre a na wɔrehohoro nkurɔfo nan ho kɛkɛ. Nea ɛkyerɛ ne sɛ ɛsɛ sɛ wɔnya ahobrɛase na wɔsom obiara.

      • Bere a Yesu ne asomafo no redi Twam afahyɛ no, dɛn na ɔka de kyerɛɛ sɛ ne wuo abɛn?

      • Adɛn nti na ɛyɛ nwonwa sɛ Yesu mmom na ɔhohoroo asomafo no nan ho?

      • Asomafo no nan ho a Yesu hohoroe no, adesuade bɛn na ɛwom?

  • Awurade Anwummeduane
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Yesu ne n’asomafo anokwafo dubaako no hyɛɛ Awurade Anwummeduane no ase

      TI 117

      Awurade Anwummeduane

      MATEO 26:21-29 MARKO 14:18-25 LUKA 22:19-23 YOHANE 13:18-30

      • YESU KAA SƐ YUDA NA ƆBƐYI NO AMA

      • YESU HYƐƐ NKAE ADIDI FOFORO ASE

      Anwummere a Yesu ne asomafo no dii Twam afahyɛ no, ɔhohoroo wɔn nan ho de yɛɛ ahobrɛase ho asuade maa wɔn. Adidi no akyi no, ɔfaa asɛm bi wɔ Dawid nkɔmhyɛ mu kaa sɛ: “Deɛ me ne no te asomdwoeɛ mu a mede me ho too ne soɔ mpo, deɛ na ɔdi m’aduane no, wama ne nantin so atia me.” Afei ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Mo mu baako bɛyi me ama.”—Dwom 41:9; Yohane 13:18, 21.

      Asomafo no tee saa no, wei hwɛ wei anim na wei ahwɛ wei anim. Afei obiara bisaa sɛ: “Awurade, ɛyɛ me anaa?” Yuda Iskariot mpo bisaa bi. Ná Yohane te Yesu nkyɛn pɛɛ, enti Petro ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmisa Yesu onipa ko a ɔbɛyi no ama. Yohane twe bɛnee Yesu bisaa no sɛ: “Awurade, ɛyɛ hwan?”—Mateo 26:22; Yohane 13:25.

      Yesu buaa sɛ: “Ɔno na mede paanoo sini bɛbɔ ayowa mu ama no.” Afei Yesu buu paanoo de bɔɔ ayowa mu maa Yuda kaa sɛ: “Ampa, onipa Ba no rekɔ sɛdeɛ wɔatwerɛ afa ne ho no, nanso onipa a wɔnam ne so bɛyi onipa Ba no ama no nnue! Sɛ wɔanwo saa nipa no mpo a, anka ɛyɛ.” (Yohane 13:26; Mateo 26:24) Yuda no ara mu, na n’adwene asɛe dada. Ɛnna Ɔbonsam nso bɛwuraa ne mu maa ɔkɔyɛɛ n’apɛde maa no. Enti ɔbɛdanee “ɔsɛeɛ ba.”—Yohane 6:64, 70; 12:4; 17:12.

      Yesu ka kyerɛɛ Yuda sɛ: “Deɛ woreyɛ no, yɛ no ntɛmntɛm.” Ná Yuda na ɔhwɛ asomafo no sika so, enti ɛyɛɛ wɔn sɛ gyama Yesu reka akyerɛ no sɛ: “‘Kɔtotɔ nneɛma a yɛhia ma afahyɛ no,’ anaa ɔmfa biribi mma ahiafoɔ.” (Yohane 13:27-30) Yuda deɛ, na ɔrekɔyi Yesu ama, enti ɔsii kwan so kɔe.

      Saa Twam afahyɛ no ara ase na Yesu de afahyɛ foforo sii hɔ. Ɔfaa paanoo, na ɔbɔɔ mpae bubuu mu de maa asomafo no sɛ wɔnni, na ɔkaa sɛ: “Yei gyina hɔ ma me nipadua a mo nti wɔde bɛma. Monkɔ so nyɛ yei mfa nkae me.” (Luka 22:19) Ɔmaa wɔde paanoo no faa asomafo no nyinaa anim maa wɔyii bi dii.

      Afei ɔfaa kuruwa a nsa wom bɔɔ so mpae de maa asomafo no nyinaa nom bi, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Kuruwa yi gyina hɔ ma apam foforɔ a ɛnam me mogya so, deɛ wɔbɛhwie agu ama mo no.”—Luka 22:20.

      Enti ansa na Yesu rebɛwu no, ɔyɛɛ nhyehyɛe a afe biara, ɛdu Nisan da a ɛtɔ so 14 a, n’akyidifo de bɛkae ne wuo. Afahyɛ no bɛma nnipa a wɔwɔ Yesu mu gyidi nyinaa akae nea Yesu ne n’Agya ayɛ ama wɔn no. Sɛ ɛnyɛ Yesu wuo no a, anka nnipa da so yɛ nkoa ma bɔne ne owuo. Saa afahyɛ no kyɛn Twam afahyɛ a na Yudafo no di no koraa, efisɛ wei deɛ, obiara a ɔwɔ Yesu mu gyidi bɛnya so mfaso.

      Yesu kaa sɛ “wɔbɛhwie [ne mogya] agu ama nnipa bebree bɔne fafirie.” Ná asomafo anokwafo no ka nnipa a wɔbɛnya saa bɔne fafiri no ho. Wɔn na wɔbɛnya kwan ne Yesu akɔdi ade wɔ Ahenni a n’Agya de ama no no mu.—Mateo 26:28, 29.

      • Bible nkɔmhyɛ bɛn na ɛfa yɔnko ho a Yesu de kaa n’asɛm? Ɔkyerɛɛ mu sɛn?

      • Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ Yuda sɛ ɔnyɛ? Asomafo a aka no tee ase sɛn?

      • Afahyɛ foforo bɛn na Yesu de sii hɔ? Adɛn nti na ɔhyɛɛ saa afahyɛ no ase?

  • Wɔgyee Nea Ɔyɛ Wɔn Mu Kɛse Ho Akyinnye
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Yesu asomafo no gyee nea ɔbɛyɛ wɔn mu kɛse ho akyinnye

      TI 118

      Wɔgyee Nea Ɔyɛ Wɔn Mu Kɛse Ho Akyinnye

      MATEO 26:31-35 MARKO 14:27-31 LUKA 22:24-38 YOHANE 13:31-38

      • YESU TENEE WƆN ADWENE WƆ MPANINIE HO

      • YESU HYƐƐ NKƆM SƐ PETRO BƐPA NO

      • ƆDƆ NA ƐMA YƐHU YESU AKYIDIFO

      Bere a Yesu ne asomafo no kɔdii Twam anadwo no, ɔhohoroo wɔn nan ho de kyerɛɛ wɔn ahobrɛase. Adɛn nti na ɔyɛɛ saa? Asomafo no, na wɔdɔ Onyankopɔn paa, nanso na mpaninie reyɛ adi wɔn ti; nea ɔbɛyɛ wɔn mu kɛse na na ɛhia wɔn. (Marko 9:33, 34; 10:35-37) Anadwo a wɔhyiaa mu no koraa, saa subammɔne no san yii ne ti.

      “Akasakasa gyegyeegye bi . . . sɔree [asomafo no] ntam wɔ wɔn mu deɛ ɔyɛ kɛseɛ ho.” (Luka 22:24) Bere a Yesu huu sɛ wɔregye asɛnkoro no ara ho akyinnye no, ɛbɛyɛ sɛ ne werɛ hoe paa! Dɛn na ɔyɛɛ wɔ asɛm no ho?

      Nea asomafo no yɛe no, Yesu antwiw wɔn anim. Mmom ɔnyaa wɔn ho abotare ne wɔn kasaa sɛ: “Amanaman no ahemfo di wɔn so bakoma, na wɔfrɛ wɔn a wɔdi wɔn so tumi no Adɛɛfoɔ. Na mo deɛ, ɛnsɛ sɛ moyɛ saa. . . . Na hwan na ɔyɛ ɔkɛseɛ, deɛ ɔte didipono ho anaa deɛ ɔresom?” Ná Yesu pɛ sɛ wɔkae ahobrɛase ho nhwɛso a ɔyɛ maa wɔn no, enti ɔkaa sɛ: “Me deɛ mewɔ mo mu sɛ deɛ ɔresom.”—Luka 22:25-27.

      Ná bɔne wɔ asomafo no ho, nanso bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no nyinaa mu, na ɔne wɔn ara. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Me ne mo reyɛ ahennie ho apam, sɛdeɛ m’Agya ne me ayɛ apam no.” (Luka 22:29) Ná saa mmarima no taa Yesu akyi denneennen. Enti ɔmaa wɔhuu sɛ apam a ɔne wɔn ayɛ no bɛma wɔakɔka ne ho ne no adi ade wɔ n’Ahenni mu.

      Ná asomafo no wɔ akwannya a ɛso bi ni, nanso na wɔda so yɛ nnipa a bɔne wɔ wɔn ho. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Satan pɛ sɛ ɔnya kwan hu mo so sɛ ayuo.” Nea enti a ɔkaa saa ne sɛ, ayuo deɛ sɛ wohu so a, ɛtu pete. (Luka 22:31) Ɔsan ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɛbɛba me so no bɛto mo nyinaa suntidua anadwo yi, na wɔatwerɛ sɛ, ‘Mɛbɔ odwanhwɛfoɔ no na nnwankuo no mu nnwan abɔ ahwete.’”—Mateo 26:31; Sakaria 13:7.

      Petro de ahotoso ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ deɛ ɛbɛba wo soɔ no bɛto wɔn nyinaa suntidua mpo a, me deɛ, ɛrento me suntidua da!” (Mateo 26:33) Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ ansa na akokɔ bɛbɔn mprenu saa anadwo no, na Petro apa no sɛ ɔnnim no. Nanso Yesu de toaa so sɛ: “Masrɛ ama mo na mo gyidie ansa; na wo, sɛ wosan ba a, hyɛ wo nuanom den.” (Luka 22:32) N’ano ansi mpo na Petro yii ano sɛ: “Sɛ ɛtwa sɛ me ne wo wuo mpo a, merempa wo da.” (Mateo 26:35) Asomafo a aka no nyinaa nso kaa saa ara.

      Yesu ka kyerɛɛ asomafo no sɛ: “Me ne mo bɛtena berɛ tiaa bi. Mobɛhwehwɛ me; na sɛdeɛ meka kyerɛɛ Yudafoɔ no sɛ, ‘Baabi a merekɔ no montumi mma hɔ’ no, saa ara na seesei meka kyerɛ mo nso. Mede ahyɛdeɛ foforɔ rema mo, sɛ monnodɔ mo ho; sɛdeɛ medɔ mo no, mo nso monnodɔ mo ho saa ara. Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ ampa.”—Yohane 13:33-35.

      Bere a Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔne wɔn bɛtena bere tiaa bi no, Petro bisaa sɛ: “Awurade, ɛhe na worekorɔ?” Yesu buaa no sɛ: “Baabi a merekɔ no wontumi nni m’akyi seesei, nanso akyire yi wobɛdi akyire aba.” Asɛm no yɛɛ Petro nwonwa maa ɔkaa sɛ: “Awurade, adɛn nti na mentumi nni w’akyi seesei? Mede me kra bɛto hɔ ama wo.”—Yohane 13:36, 37.

      Afei Yesu kɔfaa biribi a na asi atwam bae. Bere bi a ɔmaa asomafo no kɔkaa asɛm no wɔ Galilea no, ɔkaa sɛ mma wɔmmfa akwantu anaa aduane bɔtɔ. (Mateo 10:5, 9, 10) Bere a Yesu kaee wɔn saa asɛm no, ɔbisaa wɔn sɛ: “Biribi hiaa mo anaa?” Asomafo no nso buaa sɛ: “Dabi!” Ɛnde dɛn na na afei wɔbɛyɛ? Yesu kyerɛɛ nea wɔnyɛ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Momma deɛ ɔwɔ sika kotokuo no mfa, na deɛ ɔwɔ akwantuo bɔtɔ no nso saa ara; na ma deɛ ɔnni nkrantɛ no ntɔn n’atadeɛ ngugusoɔ na ɔntɔ bi. Na meka kyerɛ mo sɛ, ɛtwa sɛ deɛ wɔatwerɛ yi ba mu wɔ me so sɛ, ‘Wɔkan no fraa mmaratofoɔ.’ Na deɛ ɛfa me ho no renya mmamu.”—Luka 22:35-37.

      Ná ɛrenkyɛ na wɔabɔ Yesu asɛndua mu aka abɔnefo ho. Nea ɛbɛsi saa bere no na na Yesu reka ho asɛm. Ɛfiri saa bere no, na nkurɔfo bɛtan n’akyidifo no ani paa. Ná ɛyɛ asomafo no sɛ wɔaboa wɔn ho, enti wɔkaa sɛ: “Awurade, hwɛ! nkrantɛ mmienu nie.” Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Ɛyɛ.” (Luka 22:38) Esiane sɛ na wɔkura nkrantɛ mmienu nti, akyiri yi Yesu de yɛɛ adesuade kyerɛɛ wɔn biribi foforo.

      • Dɛn na ɛkɔfaa akyinnyegye baa asomafo no ntam? Dɛn na Yesu ka de tenee wɔn adwene?

      • Apam bɛn na Yesu ne n’asuafo anokwafo no yɛe?

      • Ná Petro gye ne ho di paa. Nanso dɛn na Yesu ka kyerɛɛ no?

  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Yesu ne n’asomafo anokwafo 11 no wɔ abansoro dan no mu

      TI 119

      Yesu Ne Ɛkwan No, Nokorɛ No Ne Nkwa

      YOHANE 14:1-31

      • YESU REKƆ AKƆSIESIE BAABI

      • ƆHYƐƐ N’AKYIDIFO BƆ SƐ ƆBOAFO BI BƐBA

      • AGYA NO YƐ KƐSE SEN YESU

      Bere a Yesu ne asomafo no wiee nkae adidi no, ɔka kyerɛɛ wɔn wɔ abansoro dan no mu sɛ: “Mommma mo akoma nntu. Monnya Onyankopɔn mu gyidie, monnya me nso me mu gyidie.”—Yohane 13:36; 14:1.

      Yesu kaa asomafo dubaako no koma too wɔn yam sɛ kɔ a ɔrebɛkɔ no, ɛnsɛ sɛ wɔma ɛhaw wɔn. Ɔkaa sɛ: “Tenabea pii wɔ m’Agya fie. . . . Sɛ mekɔ kɔsiesie baabi ma mo a, mɛba bio na magye mo aba me nkyɛn, na baabi a mewɔ no, mo nso moaba hɔ.” Nanso na asomafo no nnim sɛ ɔreka ne sorokɔ ho asɛm. Enti ɔsomafo Toma bisaa no sɛ: “Awurade, yɛnnim baabi a worekɔ. Ɛbɛyɛ dɛn na yɛahunu kwan no?”—Yohane 14:2-5.

      Yesu buaa sɛ: “Mene ɛkwan no ne nokorɛ no ne nkwa.” Sɛ obi pɛ sɛ ɔkɔ Agya no nkyɛn wɔ soro a, gye sɛ ɔgye Yesu ne ne nkyerɛkyerɛ tom na ɔdi n’anammɔn akyi. Yesu kaa sɛ: “Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.”—Yohane 14:6.

      Nkɔmmɔ no rekɔ so no, na Filipo atɛɛ n’aso retie, na ɔbisaa sɛ: “Awurade, kyerɛ yɛn Agya no, na ɛno ara dɔɔso ma yɛn.” Ebia na Filipo pɛ sɛ Yesu yi anisoadehu bi a ɛfiri Onyankopɔn hɔ kyerɛ no te sɛ nea Mose, Elia ne Yesaia hui no. Nanso nea na asomafo no wɔ no, na ɛkyɛn anisoadehu koraa. Yesu maa emu daa hɔ sɛ: “Berɛ tenten a me ne mo atena yi nyinaa wonnya nhunuu me, Filipo? Deɛ wahu me no ahunu Agya no nso.” Sɛnea Agya no suban te no, saa pɛpɛɛpɛ na Yesu nso suban te, enti sɛ obi ne Yesu bɔ na ɔhu sɛnea ɔte a, ɛte sɛ nea wahu Agya no. Nanso Agya no yɛ kɛse sen Ɔba no, efisɛ Yesu kaa sɛ: “Nsɛm a meka kyerɛ mo no, memmɔ me tirim na meka.” (Yohane 14:8-10) Asomafo no huu sɛ Yesu de ne nkyerɛkyerɛ ho anuonyam nyinaa maa n’Agya.

      Ná Yesu ayɛ anwonwade akɛse ama n’asomafo no ahu. Ná waka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa nso ama wɔate. Afei deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ ɔnya me mu gyidie no, ɔno nso bɛyɛ nnwuma a meyɛ no bi; na ɔbɛyɛ nnwuma akɛseɛ asene yeinom.” (Yohane 14:12) Asɛm a Yesu kae no, na ɛnkyerɛ sɛ wɔbɛyɛ anwonwade akɛse akyɛn ne de no. Mmom, na ɔrepɛ akyerɛ sɛ wɔn som adwuma no, wɔbɛyɛ akyɛ asen no. Afei nso na wɔbɛka asɛm no akɔ akyiri na nnipa pii nso bɛte akyɛn ne de no.

      Sɛ Yesu kɔ a, wɔn asɛm renyɛ mmɔbɔ, efisɛ ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ: “Sɛ mobisa biribiara me din mu a, mɛyɛ.” Afei nso ɔkaa sɛ: “Mɛsrɛ Agya no na wama mo ɔboafoɔ foforɔ a ɔne mo bɛtena daa, nokorɛ honhom.” (Yohane 14:14, 16, 17) Enti ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ, sɛ ɔkɔ a, honhom kronkron bɛba wɔn so abɛyɛ ɔboafo foforo ama wɔn. Pentekoste da no na saa asɛm no baa mu.

      Yesu kaa sɛ: “Aka berɛ tiaa bi na wiase nhu me bio, na mo deɛ, mobɛhu me, ɛfiri sɛ mete ase na mo nso mobɛtena ase.” (Yohane 14:19) Sɛ Yesu wu sɔre a, ɔbɛma n’asuafo no de wɔn ani kann ahu no. Afei sɛ daakye wɔwu a, ɔbɛnyane wɔn ayɛ wɔn honhom abɔde akɔka ne ho wɔ soro.

      Yesu kaa nokwasɛm bi sɛ: “Deɛ ɔwɔ m’ahyɛdeɛ na ɔdi soɔ no, ɔno na ɔdɔ me. Na deɛ ɔdɔ me no m’Agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no na mayi me ho akyerɛ no pefee.” Yesu asɛm yi maa ɔsomafo Yuda a wɔsan frɛ no Tadeo no bisaa sɛ: “Awurade, ɛdeɛn na asi a enti wopɛ sɛ woyi wo ho adi kyerɛ yɛn pefee, na ɛnyɛ wiase no?” Yesu buaa sɛ: “Sɛ obi dɔ me a, ɔbɛdi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no . . . Deɛ ɔnnɔ me no, me nsɛm nso ɔnni so.” (Yohane 14:21-24) Ná Yesu akyidifo gye no tom sɛ ɔno ne ɛkwan no, nokorɛ no, ne nkwa, nanso wiase no deɛ, wɔanhu no saa.

      Ná aka kakra ama Yesu asan akɔ soro, enti nea ɔkyerɛɛ n’asuafo no, na wɔbɛyɛ dɛn akae ne nyinaa? Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Ɔboafoɔ no, honhom kronkron no, a Agya no bɛsoma no me din mu no, ɔno na ɔbɛkyerɛ mo biribiara akaekae mo deɛ maka akyerɛ mo nyinaa.” Ná asomafo no nim sɛ honhom kronkron no wɔ tumi paa, enti saa asɛm no maa wɔn koma tɔɔ wɔn yam. Yesu toaa so sɛ: “Mede asomdwoeɛ gya mo, mede m’asomdwoeɛ ma mo. . . . Mommma mo akoma nntu na mommma no mmmɔ hu.” (Yohane 14:26, 27) Enti, na ɛnsɛ sɛ asuafo no ma ehu ka wɔn efisɛ Yesu Agya no ankasa bɛma wɔn akwankyerɛ ne ahobammɔ.

      Ná ɛrenkyɛ, wɔbɛhu sɛ Onyankopɔn nsa wɔ Yesu so, efisɛ Yesu kaa sɛ: “Wiase sodifoɔ no reba. Na ɔnni tumi wɔ me so.” (Yohane 14:30) Yuda deɛ, Ɔbonsam nyaa kwan bɛhyɛɛ ne mu kɛntɛn ne so. Nanso na bɔne biara nni Yesu ho na Satan afa so atwetwe no afiri Onyankopɔn ho. Saa ara nso na sɛ Yesu wu a, Ɔbonsam nni tumi sɛ ɔbɛma no aka amena mu. Adɛn ntia? Yesu kaa sɛ: “Sɛdeɛ Agya no ahyɛ me sɛ menyɛ no, saa ara na mereyɛ.” Ná ɔnim sɛ ɛkwan biara so n’Agya bɛnyane no afiri awufo mu.—Yohane 14:31.

      • Ɛhe na na Yesu rekɔ? Bere a Yesu rekyerɛ Toma kwan a obi bɛfa so akɔ hɔ no, dɛn na ɔka kyerɛɛ no?

      • Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ na Filipo pɛ sɛ Yesu yi kyerɛ no?

      • Bere a Yesu kaa sɛ asuafo no bɛtumi ayɛ nnwuma akɛse akyɛn no no, dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ?

      • Adɛn nti na ɛyɛ anigyesɛm sɛ Agya no sõ sen Yesu?

  • Dua Nkorabata a Ɛso Aba ne Yesu Nnamfo
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Yesu ne n’asomafo no refiri abansoro dan no mu; ɔne wɔn rekasa

      TI 120

      Dua Nkorabata A Ɛso Aba Ne Yesu Nnamfo

      YOHANE 15:1-27

      • NOKWARE BOBE NE NKORABATA NO

      • SƐNEA YƐBƐTENA YESU DƆ MU

      Ná Yesu ayi ne yam ne n’asomafo anokwafo no abɔ nkɔmmɔ akɔ akyiri. Ɛduu anadwo dasuom no, Yesu maa wɔn mfatoho bi a ɛka koma.

      Ɔhyɛɛ mfatoho no ase sɛ: “Mene nokorɛ bobe no, na m’Agya ne okuafoɔ no.” (Yohane 15:1) Yesu mfatoho no, na ɛte sɛ nea bere bi wɔka faa Israel man ho no. Ebinom kaa Israel man ho asɛm sɛ ɛyɛ Yehowa bobe. (Yeremia 2:21; Hosea 10:1, 2) Nanso seesei deɛ, na Yehowa ne Israel man no rebɛtwa abusua mu. (Mateo 23:37, 38) Enti na ɛnyɛ Israel ho asɛm na Yesu reka; ná ɛyɛ asɛm foforo koraa. Yesu ne bobe a ɛfiri afe 29 n’Agya yɛɛ ho adwuma no. Saa afe no na n’Agya de honhom kronkron sraa no. Nanso, Yesu maa wɔhuu sɛ bobe a ɔreka ho asɛm no, na afoforo nso ho wom bi. Ɔkaa sɛ:

      “Nkorabata biara a ɛwɔ me ho a ɛnso aba no, [m’Agya yiyi] firi hɔ, na ebiara a ɛso aba no, ɔyiyi ho na atumi aso aba pii. . . . Sɛdeɛ nkorabata no ara ntumi nso aba gye sɛ ɛtena bobe no mu no, saa ara na mo nso montumi nso aba gye sɛ motena me mu. Mene bobe no, mone nkorabata no.”—Yohane 15:2-5.

      Ná Yesu ahyɛ n’asuafo anokwafo no bɔ sɛ, sɛ ɔkɔ a, ɔbɛsoma ɔboafo bi aba; saa ɔboafo no ne honhom kronkron. Bosome ne nnawɔtwe mmiɛnsa akyi no, asomafo no ne afoforo bi nyaa honhom kronkron, na wɔbɛyɛɛ bobe no nkorabata. Ɛfiri saa bere no, na ɛsɛ sɛ “nkorabata” no nyinaa ne Yesu yɛ baako. Wɔne no reyɛ baako ayɛ dɛn?

      Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Deɛ ɔtena me mu na me nso metena ne mu no, ɔso aba pii; ɛfiri sɛ menni hɔ a, montumi nyɛ hwee.” Yesu akyidifo anokwafo yi a wɔn ne “nkorabata” no, na wɔbɛso aba pii. Aba a wɔbɛso no bi ne sɛ wɔbɛsuasua Yesu suban, wɔbɛka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm, na wɔahwehwɛ asuafo pii abɛka wɔn ho. Sɛ obi ne Yesu anyɛ baako na wanso aba a, dɛn na ɛbɛto no? Yesu kaa sɛ: “Sɛ obi antena me mu a, wɔtwa no twene.” Nnipa a wɔne Yesu yɛ baako no deɛ, Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ: “Sɛ motena me mu na me nsɛm tena mo mu a, mommisa biribiara a mopɛ na ɛbɛyɛ hɔ ama mo.”—Yohane 15:5-7.

      Ná Yesu aka n’ahyɛde a yɛbɛdi so ho asɛm mprenu dada, nanso ɔsan sii so bio. (Yohane 14:15, 21) Ɔkyerɛɛ nea asuafo no yɛ a, ɛbɛkyerɛ ampa sɛ wɔredi n’ahyɛde so. Ɔkaa sɛ: “Sɛ modi m’ahyɛdeɛ so a, mobɛtena me dɔ mu sɛdeɛ madi Agya no ahyɛdeɛ so na mete ne dɔ mu no.” Nanso sɛ obi ka sɛ ɔdɔ Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no a, ɛno ara nnɔɔso. Yesu kaa sɛ: “M’ahyɛdeɛ ne sɛ monnodɔ mo ho sɛdeɛ medɔ mo no. Obiara nni ɔdɔ a ɛsene yei, sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo. Sɛ moyɛ deɛ merehyɛ mo no a, na moyɛ me nnamfo.”—Yohane 15:10-14.

      Nnipa a wɔnya Yesu mu gyidi no, na ɛrenkyɛ koraa Yesu de ne nkwa bɛto hɔ ama wɔn de akyerɛ sɛ ɔdɔ wɔn nyinaa. Ná ɛsɛ sɛ n’akyidifo no sua biribi fi ne hɔ na wɔn nso atumi afiri wɔn komam adodɔ wɔn ho. Yesu maa wɔhuu sɛ ɔdɔ a ɛte saa no bɛma wɔada nsow. Ná waka akyerɛ wɔn bere bi sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahunu sɛ moyɛ m’asuafoɔ ampa.”—Yohane 13:35.

      Yesu rekasa no, ɔfrɛɛ asomafo no ne “nnamfo.” Ɔkyerɛɛ nea enti a ɔbuu wɔn sɛ ne nnamfo. Ɔkaa sɛ: “Mafrɛ mo nnamfo, ɛfiri sɛ deɛ mate afiri m’Agya hɔ nyinaa mama moahunu.” Ná ɛyɛ akwannya kɛse paa sɛ wɔne Yesu bɛyɛ nnamfo a mframa mfa wɔn ntam na wɔahu nea Agya no ka kyerɛɛ no nso. Nanso sɛ saa ayɔnkofa no bɛkɔ so a, gye sɛ ‘wɔkɔ so so aba.’ Yesu kaa sɛ wɔyɛ saa na sɛ ‘wɔbisa Agya no hɔ biribiara ne din mu a, ɔde bɛma wɔn.’—Yohane 15:15, 16.

      N’asuafo a wɔne “nkorabata” no, na ɔdɔ a ɛwɔ wɔn ntam no bɛboa wɔn ma wɔagyina nea ɛda wɔn anim no ano. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wiase no bɛtan wɔn, nanso ɔkaa wɔn koma too wɔn yam sɛ: “Sɛ wiase tan mo a, monim sɛ atan me ansa na ɛretan mo. Sɛ moyɛ wiase no fã a, anka wiase bɛpɛ deɛ ɛyɛ ne dea no asɛm. Nanso ɛsiane sɛ monyɛ wiase no fã . . . nti, wiase no tan mo.”—Yohane 15:18, 19.

      Yesu toaa so kyerɛɛ wɔn nea enti a wiase no bɛtan wɔn. Ɔkaa sɛ: “Me din nti na wɔbɛyɛ yeinom nyinaa atia mo, ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ ɔsomaa me no.” Yesu kyerɛɛ sɛ nnipa a wɔhuu anwonwade a ɔyɛe nso wɔtan no no, asodi da wɔn so. Ɔkaa sɛ: “Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da wɔn mu a, anka wɔnni bɔne; nanso seesei wɔahunu na wɔatan me ne m’Agya nyinaa.” Saa ɔtan no maa Bible nkɔmhyɛ nso baa mu.—Yohane 15:21, 24, 25; Dwom 35:19; 69:4.

      Yesu san hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsoma ɔboafo a ɔne honhom kronkron no aba. Honhom kronkron no tumi sõ, na ɛbɛtumi aboa n’akyidifo nyinaa ama wɔaso aba, na ‘wɔadi adanse.’—Yohane 15:27.

      • Yesu mfatoho no mu no, okuafo no, bobe no ne nkorabata no gyina hɔ ma dɛn?

      • Aba bɛn na Onyankopɔn pɛ sɛ nkorabata no so?

      • Dɛn na Yesu asuafo no yɛ a ɛbɛma wɔayɛ ne nnamfo? Sɛ wiase no tan wɔn a, dɛn na ɛbɛboa wɔn ama wɔadi nkonim?

  • “Momma Mo Bo Ntɔ Mo Yam! Madi Wiase So Nkonim”
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Yesu rekyerɛ asomafo no nea ɛbɛto wɔn, na wotumi hu sɛ wɔayɛ basaa

      TI 121

      “Momma Mo Bo Ntɔ Mo Yam! Madi Wiase So Nkonim”

      YOHANE 16:1-33

      • ƐRENKYƐ NA YESU AGYA ASOMAFO NO HƆ

      • ASOMAFO NO AWERƐHOƆ BƐDAN ANIGYE

      Ná ɛrenkyɛ na Yesu ne asomafo no afiri abansoro dan no mu akɔ. Bere a wɔdii Twam no wiei no, ɔmaa wɔn afotusɛm pii, na afei ɔkaa sɛ: “Maka yeinom akyerɛ mo na biribi anto mo suntidua.” Adɛn nti na ɔkaa saa asɛm no? Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Nkurɔfoɔ bɛtu mo afiri hyiadan mu. Nokwasɛm nie, dɔn no reba a obiara a ɔbɛku mo no bɛsusu sɛ ɔde resom Onyankopɔn.”—Yohane 16:1, 2.

      Ná saa asɛm no bɛma asomafo no koma atu kakra. Ɛwom, na Yesu adi kan aka akyerɛ wɔn sɛ wiase bɛtan wɔn, nanso wanka no pen sɛ wɔbɛkum wɔn. Adɛn ntia? Yesu kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mfitiaseɛ no manka yeinom ankyerɛ mo, ɛfiri sɛ na mewɔ mo nkyɛn.” (Yohane 16:4) Afei deɛ na ɔrehyɛ wɔn kɔn mu den ansa na wakɔ. Ɛno bɛboa wɔn na akyiri yi, biribiara anto wɔn hintidua.

      Yesu toaa so sɛ: “Merekɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn, nanso mo mu baako mpo mmisaa me sɛ, ‘Ɛhe na worekɔ?’” Saa anwummere no ara, na wɔadi kan abisa no baabi a ɔrekɔ. (Yohane 13:36; 14:5; 16:5) Nanso saa bere yi deɛ, nea ɔkaa sɛ nkurɔfo de bɛyɛ wɔn no, na ɛho awerɛhoɔ ama wɔabotow. Enti anuonyam a ɛda hɔ retwɛn no anaa mfaso a ɛde bɛbrɛ nokware asomfo no, wɔantumi mpo ammisa no ho hwee. Yesu kaa sɛ: “Ɛsiane sɛ maka yeinom akyerɛ mo nti, awerɛhoɔ ahyɛ mo akoma mã.”—Yohane 16:6.

      Afei Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ɛyɛ ma mo sɛ merekorɔ. Na sɛ mankɔ a, ɔboafoɔ no remma mo nkyɛn da; na sɛ mekɔ a, mɛsoma no aba mo nkyɛn.” (Yohane 16:7) Honhom kronkron na Yesu de boa ne nkurɔfo a wɔwɔ asase so baabiara, na sɛ ɛbɛba n’asuafo no so a, gye sɛ ɔwu na ɔnyane kɔ soro.

      Sɛ honhom kronkron no ba a, ɛbɛma “wiase no adanseɛ a ɛdi mũ afa bɔne ne tenenee ne atemmuo ho.” (Yohane 16:8) Enti wiase no bɛhu sɛ wɔadi mfomso kɛse sɛ wɔannye Onyankopɔn Ba no anni. Sɛ Yesu kɔ soro a, obiara bɛhu sɛ na ɔyɛ ɔtreneeni na ɛbɛda adi sɛ Satan a ɔne “wiase sodifoɔ no” fata atemmu.—Yohane 16:11.

      Yesu toaa so sɛ: “Mewɔ nsɛm pii ka kyerɛ mo, nanso morentumi nsoa seesei.” Sɛ ɔhwie honhom kronkron gu wɔn so a, afei wɔbɛnya “nokorɛ no nyinaa mu” ntease na ama wɔde nokware no abɔ wɔn bra.—Yohane 16:12, 13.

      Yesu kaa asɛm bi a na asomafo no nhu nea ɛkyerɛ. Ɔkaa sɛ: “Aka kakraa bi na monhu me bio, na aka kakraa bi nso mobɛhu me.” Wɔbisabisaa wɔn ho nea saa asɛm no kyerɛ. Yesu huu sɛ wɔrepɛ abisa no, enti ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, mobɛsu abɔ bena, nanso wiase bɛdi ahurisie; mobɛdi awerɛhoɔ, nanso mo awerɛhoɔ no bɛdane anigyeɛ.” (Yohane 16:16, 20) Akyiri yi, sɛ wɔkum Yesu a, nyamesom mpanimfoɔ no ani bɛgye na asuafo no deɛ, wɔbɛdi awerɛhoɔ. Nanso sɛ wɔnyane Yesu a, wɔn awerɛhoɔ no bɛdan anigye. Sɛ ɔhwie Onyankopɔn honhom kronkron no gu wɔn so a, ɛnde anigye no bɛkyɛn koraa.

      Yesu de asomafo no tebea totoo ɔpemfo a awo aka no ho kaa sɛ: “Ɔbaa, sɛ n’awoɔ duru a, ɔdi awerɛhoɔ, ɛfiri sɛ ne dɔn aduru; nanso sɛ ɔnya wo akɔkoaa no a, ɔnkae ahohia no bio ɛsiane anigyeɛ a wanya sɛ wawo onipa aba wiase nti.” Yesu kaa asomafo no koma too wɔn yam sɛ: “Mo nso, seesei moredi awerɛhoɔ; nanso mɛhu mo bio ama mo akoma adi ahurisie, na obiara ntumi nnye mo anigyeɛ no mfiri mo nsam.”—Yohane 16:21, 22.

      Ɛbɛsi saa bere no, na asomafo no mmisaa biribiara wɔ Yesu din mu da. Nanso afei deɛ ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Saa da no mobɛbisa [Agya no] wɔ me din mu.” Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ wɔyɛ saa? Ná Agya no mpɛ sɛ ɔtie wɔn anaa? Dabi, efisɛ Yesu ankasa kaa sɛ: “Agya no ara pɛ mo asɛm, ɛfiri sɛ mopɛ m’asɛm . . . sɛ Agya no nanmusini.”—Yohane 16:26, 27.

      Ɛbɛyɛ sɛ Yesu nsɛm no maa asomafo no nyaa akokoduru, enti wɔkaa sɛ: “Yei nti yɛgye di sɛ wofiri Onyankopɔn nkyɛn na ɛbaeɛ.” Ná biribi rebɛsi ama wɔakyerɛ sɛ wɔgye saa asɛm no di anaa. Yesu kaa nea ɛrebɛsi no ho asɛm sɛ: “Hwɛ, dɔn no reba, na nokwasɛm nie, aduru sɛ mobɛhwete ama obiara akɔ ne fie na moagya me nko ara.” Nanso ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ: “Maka yeinom akyerɛ mo na monam me so anya asomdwoeɛ. Mo ho rehiahia mo wiase deɛ, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.” (Yohane 16:30-33) Enti, Yesu anyi wɔn baako amma wɔn. Ná ɔnim sɛ Satan ne wiase no de sɔhwɛ bɛba wɔn so. Nanso na Yesu gye di sɛ wɔbɛtumi adi wiase so nkonim te sɛ ɔno ara na wɔde gyidi ayɛ Onyankopɔn apɛde.

      • Dɛn na Yesu kaa sɛ ɛbɛto asomafo no a enti wɔyɛɛ basaa?

      • Adɛn nti na asomafo no antumi ammisa Yesu asɛm biara bio?

      • Mfatoho bɛn na Yesu de kyerɛɛ sɛ asomafo no awerɛhoɔ bɛdan anigye?

  • Yesu Mpae a Ɔde Wiee Afahyɛ No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Yesu ama n’ani so akyerɛ soro rebɔ mpae wɔ asomafo no anim

      TI 122

      Yesu Mpae A Ɔde Wiee Afahyɛ No

      YOHANE 17:1-26

      • SƐ YƐHU ONYANKOPƆN NE NE BA NO A, NEA YƐBƐNYA

      • BAAKOYƐ A ASUAFO NO NE YEHOWA NE YESU BƐNYA

      Ná Yesu dɔ asomafo no paa, enti ɔrebɛkɔ yi, na ɔreboa wɔn ama wɔada wɔn ho so. Afei ɔmaa n’ani so hwɛɛ soro bɔɔ n’Agya mpae sɛ: “Hyɛ wo ba no animuonyam, na wo ba no nso ahyɛ wo animuonyam, sɛdeɛ woama no honam nyinaa so tumi, sɛ dodoɔ a wode ama no nyinaa no, ɔmma wɔn daa nkwa.”—Yohane 17:1, 2.

      Yɛtumi hu sɛ na biribiara nhia Yesu sɛ Onyankopɔn a ɔbɛhyɛ no anuonyam. Nanso ɔkaa daa nkwa nso ho asɛm, na na ɛyɛ anidaso kɛse paa! Sɛ wɔde “honam nyinaa so tumi” hyɛ Yesu nsa a, ɛbɛma nnipa nyinaa anya n’agyede afɔre no so mfaso. Nanso, ɛnyɛ obiara na ɔbɛnya so mfaso. Adɛn nti? Efisɛ sɛ obi bɛnya Yesu afɔre no so mfaso a, gye sɛ ɔde Yesu asɛm a ɛdi so yi yɛ adwuma. Ɔkaa sɛ: “Yei ne daa nkwa, sɛ wɔbɛhu wo, nokorɛ Nyankopɔn koro pɛ no, yie, ne deɛ wosomaa no no, Yesu Kristo.”—Yohane 17:3.

      Ɛsɛ sɛ obi tumi hu Agya no ne Ɔba no yie na ɔbɛn wɔn paa. Ɛsɛ sɛ ɔne wɔn adwene hyia wɔ biribiara mu. Afei nso ɛsɛ sɛ ɔyere ne ho suasua wɔn na ɔnya wɔn suban fɛfɛ no bi. Ade foforo nso a ɛsɛ sɛ ɔhu ne sɛ, anuonyam a yɛbɛhyɛ Onyankopɔn no, ɛho hia koraa sen daa nkwa a nnipa bɛnya. Ɛno ne ade a afei Yesu kaa ho asɛm. Ɔkaa sɛ:

      “Mawie adwuma a wode ama me sɛ menyɛ no de ahyɛ wo animuonyam wɔ asase so. Enti afei, Agya, fa animuonyam a na mewɔ wɔ wo nkyɛn ansa na wiase reba no hyɛ me animuonyam wo ara wo nkyɛn.” (Yohane 17:4, 5) Ná Yesu resrɛ n’Agya sɛ ɔnnyane no nkɔ soro na ama ne nsa aka anuonyam a na ɔwɔ dada no.

      Nanso na Yesu werɛ mfirii adwuma a ɔda so wɔ yɛ no. Ɔkaa wɔ mpae no mu sɛ: “Mada wo din adi akyerɛ nnipa a woyii wɔn firii wiase maa me no. Ná wɔyɛ wo dea na wode wɔn maa me, na wɔadi w’asɛm so.” (Yohane 17:6) Ɛnyɛ Yesu ano kɛkɛ na ɔde bɔɔ Onyankopɔn din Yehowa no wɔ n’asɛnka adwuma mu. Mmom ɔboaa asomafo no maa wɔtee din no ase, kyerɛ sɛ, wɔhuu Onyankopɔn suban ne sɛnea ɔne nnipa yɛ.

      Ná asomafo no abɛhu Yehowa ne dwuma a ne Ba Yesu di, na na wɔahu Yesu nkyerɛkyerɛ nso. Yesu kaa no ahobrɛase mu sɛ: “Nsɛm a wode maa me no, mede ama wɔn, na wɔagye, na wɔabɛhunu ampa sɛ mebaa sɛ wo nanmusini, na wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.”—Yohane 17:8.

      Afei Yesu kyerɛɛ nsonsonoe a ɛda n’akyidifo ne wiase no ntam. Ɔkaa sɛ: “Mesrɛ ma wɔn; mensrɛ mma wiase, na mmom wɔn a wode wɔn ama me no; ɛfiri sɛ wɔyɛ wo dea . . . Agya Kronkron, wo ara wo din a wode ama me nti hwɛ wɔn so na wɔayɛ baako sɛdeɛ yɛn nso yɛyɛ baako no. . . . Makora wɔn so, na wɔn mu baako mpo nsɛeeɛ gye ɔsɛeɛ ba no.” Ná Yesu reka Yuda ho asɛm efisɛ na ɔnam kwan so rekɔyi Yesu ama.—Yohane 17:9-12.

      Yesu toaa so sɛ: “Wiase atan wɔn.” Ɔsan kaa sɛ: “Mensrɛ sɛ yi wɔn firi wiase, na mmom mesrɛ sɛ hwɛ wɔn so ɛsiane ɔbɔnefoɔ no nti. Wɔnyɛ wiase no fã sɛdeɛ menyɛ wiase no fã no.” (Yohane 17:14-16) Asomafo no ne asuafo a aka no, na wɔte Satan wiase mu, nanso na ɛsɛ sɛ wɔtwe wɔn ho fi wiase ne emu nneɛma a ɛnyɛ no ho. Ná wɔbɛyɛ dɛn ayɛ saa?

      Ná ɛsɛ sɛ wɔde Hebri Kyerɛwnsɛm no ne Yesu nkyerɛkyerɛ bɔ wɔn bra na ama wɔayɛ kronkron ate wɔn ho asom Onyankopɔn. Yesu kaa wɔ mpae no mu sɛ: “Fa nokorɛ no yɛ wɔn kronkron; w’asɛm yɛ nokorɛ.” (Yohane 17:17) Akyiri yi, honhom kaa asomafo no bi maa wɔkyerɛw nwoma bi a abɛka “nokorɛ” a ɛma nnipa yɛ kronkron no ho.

      Nanso ɛnyɛ asomafo no nko ara na wɔgyee “nokorɛ no” toom; ebinom nso bɛkaa ho. Enti Yesu toaa mpae no so sɛ: “Ɛnyɛ yeinom [kyerɛ sɛ, wɔn a wɔwɔ ne nkyɛn no] nko ara nti na mesrɛ, na mmom wɔn a wɔnam wɔn asɛm so gye me die no nso.” Dɛn na Yesu srɛ maa wɔn nyinaa? Ɔsrɛɛ sɛ: “Sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔn nyinaa bɛyɛ baako, sɛdeɛ wo, Agya no, wowɔ me mu na me nso mewɔ wo mu no, na wɔn nso ne yɛn ayɛ baako.” (Yohane 17:20, 21) Yesu ne Agya no mmɔ mu nyɛ onipa baako. Mmom biribiara mu wɔn adwene hyia. Yesu srɛɛ sɛ n’akyidifo nyinaa ne wɔn bɛnya saa baakoyɛ no bi.

      Ná Yesu adi kan aka akyerɛ Petro ne asomafo a aka no sɛ ɔrekɔ akɔsiesie baabi ama wɔn wɔ soro. (Yohane 14:2, 3) Yesu san baa saa asɛm no so wɔ mpae no mu sɛ: “Agya, deɛ wode ama me no deɛ, mepɛ sɛ anka baabi a mewɔ no, wɔn nso bɛka me ho, na wɔahunu animuonyam a wode ama me no, ɛfiri sɛ na wodɔ me ansa na wɔrehyɛ wiase ase.” (Yohane 17:24) Enti ɔsii so dua sɛ Onyankopɔn Dɔba koro pɛ a ɔbaa asase so bɛyɛɛ Yesu Kristo no, Onyankopɔn fi dɔɔ no nyɛ nnɛ; Adam ne Hawa nnya nwoo mma mpo, na ɔdɔ no.

      Bere a Yesu mpae no reba awiei no, ɔsan kaa n’Agya din ne ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma asomafo no ne afoforo a akyiri yi, wɔbɛgye “nokorɛ no” atom ho asɛm. Ɔkaa sɛ: “Mama wɔahunu wo din na mɛma wɔahunu, na ɔdɔ a wode dɔɔ me no atena wɔn mu na matena wɔn mu.”—Yohane 17:26.

      • Yɛka sɛ obi ahu Onyankopɔn ne ne Ba no a, dɛn na ɛkyerɛ?

      • Akwan bɛn na Yesu faa so daa Onyankopɔn din adi?

      • Dɛn na ɛma Onyankopɔn, ne Ba no ne nokware asomfo nyinaa yɛ baako?

  • Ɔde Awerɛhoɔ Bɔɔ Mpae
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Yesu rebɔ mpae wɔ Getsemane turo mu; Petro, Yakobo, ne Yohane adeda

      TI 123

      Ɔde Awerɛhoɔ Bɔɔ Mpae

      MATEO 26:30, 36-46 MARKO 14:26, 32-42 LUKA 22:39-46 YOHANE 18:1

      • YESU KƆƆ GETSEMANE TURO MU

      • NE HO FIFIRE YƐƐ SƐ MOGYA A ƐRESOSƆ

      Bere a Yesu ne asomafo anokwafo dubaako no wiee adidi no, wɔbɔɔ mpae. “Wɔtoo ayeyi dwom wieeɛ no, wɔfirii adi kɔɔ Ngo Bepɔ no so.” (Marko 14:26) Wɔde wɔn ani kyerɛɛ nifa fam kɔɔ Getsemane turo no mu. Ná ɛhɔ yɛ baabi a wɔtaa kɔ.

      Getsemane turo no, na ngo nnua nyɛ na wɔ hɔ. Yesu ne asomafo no kɔduu hɔ no, ɔgyaa wɔn mu nwɔtwe wɔ akyi. Ebia turo no kwan ano hɔ ara na ɔgyaa wɔn, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Montena ha na merekɔ nohoa akɔbɔ mpaeɛ.” Afei ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho kɔɔ turo no mu baabi. Ná nneɛma ahyɛ ne so, enti ɔka kyerɛɛ asomafo mmiɛnsa no sɛ: “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra mã kɔsi owuo mu. Montena ha na mo ne me nwɛn.”—Mateo 26:36-38.

      Yesu kɔɔ n’anim kakra no, “ɔbutuu fam firii aseɛ bɔɔ mpaeɛ.” Dɛn paa na ɔbɔɔ ho mpae saa bere no? Ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya, biribiara nso wo yɛ; yi kuruwa yi firi me so. Nanso ɛnyɛ deɛ mepɛ, na mmom deɛ wopɛ.” (Marko 14:35, 36) Asɛm a ɔkae no kyerɛ sɛn? Ná wanu ne ho sɛ ɔde ne nkwa rebɛbɔ afɔre anaa? Dabi!

      Bere a Yesu wɔ soro no, ɔhuu sɛnea na Romafo no taa di nkurɔfo ani ku wɔn yayaayaw. Wɔwoo no baa asase so no, ɔbɛyɛɛ nipa a ɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara. Nea na ɔrebɛfa mu no, na ɔbɛte yaw paa, nanso ɛnyɛ ɛno koraa ho na na ɔredwen. Ɔhuu sɛ ɔrebɛwu sɛ ɔbɔnefo ama animguase aka n’Agya din. Ɛno ne ade a ɛhyɛɛ ne so maa ɔdii awerɛhoɔ. Ná aka kakraa bi ama wɔabɔ no asɛndua mu te sɛ obi a waka abususɛm atia Onyankopɔn.

      Yesu bɔɔ mpae no ara kɔduu baabi no, ɔkɔɔ asomafo mmiɛnsa no nkyɛn, na ɔduu hɔ no, na wɔadeda hatee. Ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Moantumi ne me anwɛn dɔnhwere baako mpo? Monkɔ so nwɛn na mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.” Yesu huu sɛ asomafo no nso abrɛbrɛ, na afei ade asa. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Honhom no deɛ, ɛpɛ, nanso honam no yɛ mmerɛ.”—Mateo 26:40, 41.

      Yesu kɔtoaa ne mpaebɔ no so. Saa bere no, ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔnyi “kuruwa yi” mfiri ne so. Asomafo mmiɛnsa no, anka ɛsɛ sɛ wɔwɛn na wɔankɔ sɔhwɛ mu, nanso Yesu san bae no, na wɔasan adeda. Bere a Yesu bisaa wɔn no, na “wɔnhunu mmuaeɛ a wɔmfa mma no.” (Marko 14:40) Yesu kɔbuu nkotodwe bɔɔ mpae ne mprɛnsa so.

      Kae sɛ na Yesu rebɛwu sɛ ɔbɔnefo, na na animguase bɛka n’Agya din, enti na ɛho asɛm haw Yesu paa. Yehowa tiee ne Ba no mpaebɔ, na ɛduu baabi no, ɔsomaa ɔbɔfo bɛhyɛɛ no den. Ɛno mpo amma Yesu annyae mpae no bɔ; ɔkɔɔ so bɔɔ “mpaeɛ dendeenden.” Ná nneɛma mu ayɛ den ama Yesu paa, efisɛ nea ɛreba no, na ani soso. Sɛ ɔdi nkogu a, na ɛbɛtumi ama daa nkwa a ɔno ara bɛnya ne nnipa nyinaa de ho aba asɛm. Ɛduu baabi koraa deɛ, “ne ho fifire yɛɛ sɛ mogya a ɛresosɔ gu fam.”—Luka 22:44.

      Yesu baa bio no, ɔsan bɛtoo asomafo no sɛ wɔadeda. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Berɛ a ɛte sei mu na moada regye mo ahome! Hwɛ! Dɔn no abɛn sɛ wɔyi onipa Ba no hyɛ nnebɔneyɛfoɔ nsa. Monsɔre, momma yɛnkɔ. Hwɛ! Deɛ ɔbɛyi me ama no abɛn.”—Mateo 26:45, 46.

      NE HO FIFIRI YƐƐ SƐ MOGYA A ƐRESOSƆ

      Bere a oduruyɛfo Luka kaa sɛ Yesu ho fifiri “yɛɛ sɛ mogya a ɛresosɔ” no, wankyerɛkyerɛ mu. (Luka 22:44) Ɛbɛtumi aba sɛ na Luka reyɛ ntotoho de akyerɛ sɛ fifiri tee Yesu sɛnea ekuro bi retu mogya no. Afei Oduruyɛfo William D. Edwards de nkyerɛkyerɛmu foforo baa ne nwoma bi mu sɛ: ‘Sɛ obi kɔ ahoyeraw mu paa a, mogya tumi ba ne fifiri mu, ɛwom, ɛnyɛ biribi a ɛtaa si. Sɛ mogya didi kɔ honam no mu baabi a fifiri fa no a, ɛtumi pue honam ani.’—The Journal of the American Medical Association (JAMA).

      • Bere a Yesu ne asomafo no fii abansoro dan no mu no, ɛhe na wɔkɔe?

      • Bere a Yesu rebɔ mpae no, dɛn na asomafo mmiɛnsa a ɔne wɔn kɔe no yɛe?

      • Bible kaa sɛ Yesu ho fifiri yɛɛ sɛ mogya a ɛresosɔ. Adɛn nti na saa asɛm no ma yɛhu sɛ na Yesu ho yeraw no paa?

  • Yuda Yii Kristo Mae na Wɔkyeree no Kɔe
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Petro atwa Malko aso afiri so ama Yesu aka n’anim; asraafo no ayɛ krado sɛ wɔrebɛkyere Yesu

      TI 124

      Yuda Yii Kristo Mae Na Wɔkyeree No Kɔe

      MATEO 26:47-56 MARKO 14:43-52 LUKA 22:47-53 YOHANE 18:2-12

      • YUDA YII YESU MAE WƆ TURO NO MU

      • PETRO TWAA OBI ASO

      • WƆKYEREE YESU

      Yɛbɛkae a, na asɔfo no apene so sɛ wɔbɛma Yuda nnwetɛbona 30 ma wayi Yesu ama wɔn. Enti anadwo dasuom na Yuda dii asɔfo mpanimfoɔ ne Farisifo bi anim sɛ wɔrekɔhwehwɛ Yesu akyere no. Ná Roma asraafo bi a ɔsraani panin da wɔn ano ka wɔn ho.

      Yesu pamoo Yuda fii Twam afahyɛ no ase no, ɛbɛyɛ sɛ ɛhɔ ara na Yuda kɔɔ asɔfo mpanimfoɔ no nkyɛn. (Yohane 13:27) Mpanimfoɔ no nso boaboaa wɔn nkurɔfo ne asraafo ano. Ɛbɛtumi aba sɛ abansoro dan a Yesu ne asomafo no dii Twam afahyɛ no wom no, ɛhɔ na Yuda dii kan de wɔn kɔe. Wɔfirii hɔ no, wɔkɔtwaa Kidron Subon no de wɔn ani kyerɛɛ turo mu hɔ. Ná wɔkurakura akode ne nkanea. Wotumi hu sɛ na wɔasi wɔn bo paa sɛ wɔbɛkyere Yesu.

      Yuda ne nkurɔfo no rekɔ nyinaa, na ɔnim paa sɛ, sɛ wɔanhu Yesu baabiara a, na ɛnyɛ Ngo Bepɔ no so. Wobɛkae a, nnawɔtwe a na atwam no, na Yesu ne asomafo no di Betania ne Yerusalem akɔneaba, na na wɔtaa kɔtena Getsemane turo no mu. Nanso bere a Yuda de nkurɔfo no bae no, na ade asa, na sɛ obi nam ngo nnua no mu nso a, esum no nti ɛyɛ den sɛ wobɛhu no. Enti, na ɛbɛyɛ dɛn na asraafo a wɔnnim Yesu no atumi ahu sɛ Yesu ni? Yuda maa wɔn sɛnkyerɛnne bi sɛ: “Onipa a mɛfe n’ano no, ɔne no; monkye no na monhwɛ ne so yie mfa no nkɔ.”—Marko 14:44.

      Bere a Yuda ne nkurɔfo no kɔduu turo no mu no, ɔhuu Yesu ne asomafo no, na ɔkɔɔ Yesu nkyɛn kɔfee n’ano kaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo, Rabi!” Yesu nso bisaa no sɛ: “Damfo, woaba ha rebɛyɛ dɛn?” (Mateo 26:49, 50) Yesu no ara yii asɛm no ano sɛ: “Yuda, wode mfeano reyi onipa Ba no ama?” (Luka 22:48) Nanso na nea ɛbɛsi anya asi.

      Afei Yesu fii asomafo no mu bɛgyinaa nkurɔfo no nkyɛn bisaa wɔn sɛ: “Hwan na morehwehwɛ no?” Ɛnna nkurɔfo no kaa sɛ: “Yesu, Nasareni no.” Yesu de akokoduru ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Menie.” (Yohane 18:4, 5) Ɔkaa saa no, ehu kaa wɔn maa wɔhwehwee fam.

      Obi a, anka ɛbaa saa no, anka ɔbɛtɔ wuram. Nanso Yesu deɛ, ɔsan bisaa wɔn onipa ko a wɔrehwehwɛ no. Wɔsan kaa sɛ: “Yesu, Nasareni no.” Nanso wammɔ hu koraa, na mmom ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Maka akyerɛ mo sɛ menie. Enti sɛ me na morehwehwɛ me a, momma yeinom nkɔ.” Ahokyere yi nyinaa mu no, Yesu werɛ amfi sɛ na wahyɛ bɔ sɛ ɔremma asomafo no baako mpo nyera. (Yohane 6:39; 17:12) Ná Yesu atumi ahwɛ asomafo anokwafo no so ama wɔn mu baako mpo nyerae, “gye ɔsɛeɛ ba no,” Yuda. (Yohane 18:7-9) Enti ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ wɔmma n’asomafo anokwafo no nkɔ.

      Bere a asraafo no pinkyɛn Yesu no, asomafo no huu nea ɛreba, enti wɔbisaa sɛ: “Awurade, yɛmfa nkrantɛ nkɔ wɔn so anaa?” (Luka 22:49) Ná wɔwɔ nkrantɛ mmienu. Yesu anyi asɛm no ano koraa na Petro twee nkrantɛ no baako de twaa Malko aso nifa fii so. Ná Malko yɛ ɔsɔfo panin no akoa.

      Yesu de ne nsa kaa Malko aso maa ne ho tɔɔ no. Afei ɔkaa asɛm bi kyerɛɛ Petro a asuade kɛse wom. Ɔkaa sɛ: “San fa wo nkrantɛ no hyɛ deɛ ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrantɛ nyinaa bɛwu nkrantɛ ano.” Ná Yesu nsuro sɛ wɔbɛkyere no, enti ɔkaa sɛ: “Anka ɛbɛyɛ dɛn na Twerɛnsɛm no aba mu sɛ ɛtwa sɛ saa na ɛba?” (Mateo 26:52, 54) Ɔtoaa so sɛ: “Kuruwa a Agya no de ama me no, ɛnsɛ sɛ kwan biara so menom anaa?” (Yohane 18:11) Enti Yesu penee so sɛ owuo mu mpo a, ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde.

      Yesu bisaa nkurɔfo no sɛ: “Mode nkrantɛ ne nkontimmaa aba rebɛkye me sɛ ɔdwotwafoɔ? Daa na metaa tena asɔrefie hɔ kyerɛkyerɛ, na moankye me. Nanso yeinom nyinaa asi na ama nsɛm a adiyifoɔ no twerɛeɛ no aba mu.”—Mateo 26:55, 56.

      Afei ɔsraani panin no ne ne dɔm ne Yudafo mpanimfoɔ no sɔɔ Yesu mu guu no mpokyerɛ de no kɔe. Asomafo no huu saa no, wɔdwanee. Nanso na “aberanteɛ bi” wɔ hɔ a ɔyɛ Yesu suani; ɔno deɛ, wɔde Yesu rekɔ no, na ɔdi wɔn akyi. Ɛbɛyɛ sɛ saa osuani no ne Marko. (Marko 14:51) Bere a nkurɔfo no huu aberante no, anka wɔresɔ ne mu akyere no. Ɛhɔ ara na ɔgyee ne ho gyaa ne nwera atade hɔ dwanee.

      • Adɛn nti na Yuda kɔhwehwɛɛ Yesu wɔ Getsemane turo no mu?

      • Esiane sɛ na Petro pɛ sɛ ɔtwitwa gye Yesu nti, dɛn na ɔyɛe? Dɛn na Yesu ka kyerɛɛ no?

      • Dɛn na Yesu kae a ɛkyerɛ sɛ ɔpenee so sɛ nea Onyankopɔn pɛ biara, ɔbɛyɛ?

      • Bere a asomafo no nyinaa dwane gyaa Yesu no, hwan na ɔkaa hɔ? Dɛn na ɛsii?

  • Wɔde Yesu Kɔɔ Anas Hɔ San De no Kɔɔ Kaiafa Hɔ
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Kaiafa asuan n’atade mu; ebinom rebobɔ Yesu asom, ebinom nso redi ne ho fɛw, na ebinom de wɔn nsa rebobɔ no

      TI 125

      Wɔde Yesu Kɔɔ Anas Hɔ San De No Kɔɔ Kaiafa Hɔ

      MATEO 26:57-68 MARKO 14:53-65 LUKA 22:54, 63-65 YOHANE 18:13, 14, 19-24

      • WƆDE YESU KƆƆ ANAS, ƆSƆFO PANIN DADA NO FIE

      • BERE A SANHEDRIN NO DE DII N’ASƐM NO, NA MMARA MMA KWAN

      Bere a wɔguu Yesu mpokyerɛ te sɛ ɔdwotwafoɔ no, wɔde no kɔɔ Anas fie. Yɛbɛkae a, Yesu nkwadaaberem, ɔkɔɔ asɔrefie hɔ ne akyerɛkyerɛfo no kɔkasa maa wɔn ho dwirii wɔn. Saa bere no, Anas na na ɔyɛ ɔsɔfo panin. (Luka 2:42, 47) Anas fii so no, ne mma no bi nso bɛyɛɛ ɔsɔfo panin adwuma no bi, na saa bere yi deɛ n’ase Kaiafa na na ɔte so.

      Bere a Anas rebisabisa Yesu nsɛm no, Kaiafa nyaa bere boaboaa Sanhedrin badwa no ano wɔ ne fie. Sanhedrin badwa no mu nnipa 71 no, na ɔsɔfo panin a ɔte so no ne wɔn a wɔayɛ ɔsɔfo panin adwuma no bi pɛn ka ho.

      Anas bisaa Yesu ‘asuafoɔ ne ne nkyerɛkyerɛ ho’ asɛm. Yesu maa mmuaeɛ tiawa sɛ: “Mekasa kyerɛɛ wiase no wɔ badwam. Mekyerɛkyerɛɛ daa wɔ hyiadan mu ne asɔrefie, baabi a Yudafoɔ nyinaa hyia; na manka biribiara kokoam. Adɛn nti na worebisa me? Bisa wɔn a wɔtee deɛ meka kyerɛɛ wɔn no.”—Yohane 18:19-21.

      Ɔpanin bi a ɔgyina hɔ bɔɔ Yesu asom kaa n’anim sɛ: “Saa na ɛsɛ sɛ wobua ɔsɔfo panin?” Nanso na Yesu nim sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara, enti ɔkaa sɛ: “Sɛ mekaa no bɔne a, di bɔne no ho adanseɛ; na sɛ mekaa no yie a, adɛn nti na wobɔɔ me?” (Yohane 18:22, 23) Afei Anas maa wɔde Yesu kɔmaa n’ase Kaiafa.

      Saa bere no, na Sanhedrin abadwafoɔ no ano aboa; ɔsɔfo panin a ɔte so no ne ɔman no mu mpanimfoɔ ne akyerɛwfo no nyinaa hyiaa mu wɔ Kaiafa fie. Ná mmara mma kwan sɛ wɔbɛdi obi asɛm Twam afahyɛ da no anadwo. Nanso, Yesu ho adwemmɔne nti, na wɔasi wɔn bo sɛ, sɛ mmara so na wɔbɛbu mpo a, wɔbɛdi n’asɛm.

      Yɛhwɛ sɛnea nneɛma kɔe no a, yɛhu sɛ na ɛnyɛ atɛn papa biara na wɔrebɛbu. Bere a Yesu nyanee Lasaro no, Sanhedrin no yɛɛ sɛ wɔbɛkum Yesu. (Yohane 11:47-53) Afei nso, nna kakra a na atwam no, nyamesom mpanimfoɔ no bɔɔ pɔ sɛ wɔbɛkyere Yesu akum no. (Mateo 26:3, 4) Enti wɔnnya nnii Yesu asɛm koraa no, na wɔabu no kumfɔ koraa ne sa.

      Sɛ yɛde bere a wɔde kaa asɛm no to nkyɛn a, nea wɔde sɛee asɛm no koraa ne sɛ, asɔfo mpanimfoɔ no ne Sanhedrin abadwafoɔ foforo hwehwɛɛ nnipa a wɔbɛdi adansekurum atia Yesu. Wɔnyaa adansefo pii, nanso na wɔn adanse nhyia. Afei nnipa mmienu bɛkaa sɛ: “Yɛtee sɛ ɔse, ‘Mɛdwiri asɔrefie a wɔde nsa yɛeɛ yi agu na mede nnansa asi foforɔ a wɔamfa nsa ansie.’” (Marko 14:58) Saa adansefo no mpo ano anhyia.

      Kaiafa bisaa Yesu sɛ: “Wonka hwee mfa nyi w’ano? Adanseɛ bɛn na yeinom redi tia woɔ yi?” (Marko 14:60) Nea adansekurumfo no kekae nyinaa, Yesu anka hwee. Enti Ɔsɔfo Panin Kaiafa faa adwene foforo.

      Ná Kaiafa nim sɛ asɛm baako a Yudafo mpɛ sɛ wɔte koraa ne sɛ obi bɛka sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba. Bere bi a Yesu frɛɛ Onyankopɔn n’Agya no, Yudafo no kaa sɛ ɔreyɛ “ne ho sɛ ɔne Onyankopɔn yɛ pɛ,” enti anka wɔrekum no. (Yohane 5:17, 18; 10:31-39) Kaiafa huu saa nti, ɔhyɛɛ da bisaa Yesu sɛ: “Mese wo sɛ ka nokorɛ wɔ Onyankopɔn teasefoɔ no anim; sɛ wone Kristo, Onyankopɔn Ba no a, ka kyerɛ yɛn!” (Mateo 26:63) Ná Yesu aka pɛn sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba. (Yohane 3:18; 5:25; 11:4) Enti saa bere yi wannye antom a, wɔbɛfa no sɛ ɔmmu ne ho sɛ ɔno ne Onyankopɔn Ba anaa Kristo no. Yesu kaa sɛ: “Mene no; na mobɛhunu onipa Ba no sɛ ɔte tumi nsa nifa soɔ na ɔfiri ɔsoro mununkum mu reba.”—Marko 14:62.

      Kaiafa tee saa asɛm no, ɔsuan n’atade mu wɔ abadwafoɔ no nyinaa anim kaa sɛ: “Waka abususɛm! Adansefoɔ bɛn bio na yɛhia? Hwɛ! Afei moate abususɛm no. Mosusu ho sɛn?” Afei Sanhedrin no de wɔn atɛnkyea no too dwa sɛ: “Ɛsɛ sɛ ɔwuo.”—Mateo 26:65, 66.

      Wɔfirii ase dii Yesu ho fɛw bobɔɔ no. Ebinom nso bobɔɔ n’asom tetee ntasuo guu no so. Sɛ wɔde ade kata n’anim a, na wɔabɔ n’asom agoro ne ho sɛ: “Hyɛ nkɔm. Hwan na ɔbɔɔ woɔ?” (Luka 22:64) Onyankopɔn Ba paa na wɔdii n’ani saa no! Wɔannya bere papa biara nso anni n’asɛm sɛ anadwo a ɛnsɛ sɛ wɔdi asɛm.

      • Ɛhe na wɔdii kan de Yesu kɔe? Dɛn na ɛtoo no?

      • Ɛhe bio na wɔde Yesu kɔe? Ɛkwan bɛn na Kaiafa faa so maa Sanhedrin no penee so sɛ Yesu fata owuo?

      • Bere a wɔredi Yesu asɛm no, aniwude bɛn na wɔde yɛɛ no?

  • Ɔsomafo Petro Kaa wɔ Kaiafa Fie sɛ Ɔnnim Yesu
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Petro aka sɛ ɔnnim Yesu; Yesu gyina soro rehwɛ no, na akokɔ bi wɔ akyi hɔ

      TI 126

      Ɔsomafo Petro Kaa Wɔ Kaiafa Fie Sɛ Ɔnnim Yesu

      MATEO 26:69-75 MARKO 14:66-72 LUKA 22:54-62 YOHANE 18:15-18, 25-27

      • PETRO KAA SƐ ƆNNIM YESU

      Bere a wɔguu Yesu mpokyerɛ wɔ Getsemane turo mu hɔ no, ehu kaa asomafo no maa wɔdwane gyaa no. Nanso, asomafo mmienu, Petro ne “osuani foforɔ,” san wɔn akyi. Ɛbɛyɛ sɛ osuani foforo no ne ɔsomafo Yohane. (Yohane 18:15; 19:35; 21:24) Bere a wɔde Yesu kɔmaa Anas no, ebia ɛhɔ na asomafo mmienu no kɔtoo Yesu. Bere a Anas maa wɔde Yesu kɔɔ Ɔsɔfo Panin Kaiafa fie no, Petro ne Yohane dii akyi nanso wɔammɛn nnipa no pii. Wɔdi akyi nyinaa, na wɔsuro nea ɛbɛto wɔn, nanso na wɔntumi nnya wɔn Wura no hɔ.

      Ná ɔsɔfo panin Kaiafa nim Yohane, enti ɔnyaa kwan wuraa fie hɔ. Petro deɛ wannya kwan. Abaayewa bi na na ɔgyina pono no ano, enti Yohane san baa kwan no ano bɛsrɛ maa Petro wuraa mu.

      Saa anadwo no, na awɔ wom paa, enti na nkurɔfo reto gya wɔ adiwo hɔ. Ná Petro retwɛn ahwɛ “deɛ ɛbɛsie,” enti ɔkɔtoo gya no bi. (Mateo 26:58) Petro te gya no ho no, abaayewa a ɔgyina pono ano no huu n’anim yie. Ɔde bɔɔ ne so sɛ: “Wo nso woka onipa yi asuafoɔ no ho, ɛnte saa?” (Yohane 18:17) Ɛnyɛ abaayewa no nko ara na ɔhu kaa sɛ Petro ka Yesu ho.—Mateo 26:69, 71-73; Marko 14:70.

      Asɛm no haw Petro paa. Ná ɔmpɛ sɛ nkurɔfo bɛhu no, enti ɔfirii hɔ kɔgyinaa kwan ano. Petro annye antom sɛ ɔne Yesu na ɛnam, na ɛduu baabi mpo deɛ, ɔkaa sɛ: “Menni no na mente deɛ woreka yi ase nso.” (Marko 14:67, 68) Afei Petro “dii nse kaa ntam.” Ɛno kyerɛ sɛ nea ɔkae no, sɛ ɛnyɛ nokware a, ɛnde mmusu mmra ne so.—Mateo 26:74.

      Saa bere no nyinaa na wɔgu so redi Yesu asɛm. Ɛbɛyɛ sɛ baabi a na wɔredi asɛm no wɔ Kaiafa fie hɔ no wɔ soro. Enti na Petro ne wɔn a wɔwɔ ase hɔ no ani tua nea ɛrekɔ so nyinaa. Wɔhuu sɛ adansekurumfo no, wei ba kɔ na wei aba.

      Ná Petro fi Galilea, enti ne kasa koraa kyerɛɛ sɛ nea ɔreka no ɔboa. Afei nso, nnipa a wɔwɔ hɔ no, na baako busuani ne Malko a Petro twaa n’aso no. Enti ɔno nso de pem Petro sɛ: “Mehunuu sɛ woka ne ho wɔ turom hɔ, ɛnte saa?” Bere a Petro kaa ne mprɛnsa so sɛ ɔne Yesu nni hwee yɛ no, akokɔ bɔnee sɛnea Yesu kae no.—Yohane 13:38; 18:26, 27.

      Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na Yesu gyina fie no soro hɔ rehwɛ nea ɛrekɔ so wɔ adiwo hɔ. Afei Awurade danee n’ani hwɛɛ Petro anim, na ɛbɛyɛ sɛ Petro werɛ hoe paa. Ɔkaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no wɔ abansoro dan no mu no; ná Yesu kaa saa asɛm no nkyɛe. Bere a Petro ani baa ne ho so no, asɛm no hyee no paa. Enti ɔkɔɔ abɔnten kɔsuu pii.—Luka 22:61, 62.

      Dɛn paa na ɛmaa asɛm saa too Petro? Ná Petro gye ne ho di sɛ biribiara nni hɔ a ɛbɛtumi atwe no afiri Yesu ho. Ɛnde ɛyɛɛ dɛn na ɔno ampa ara, ɔtumi kaa sɛ ɔne ne Wura no nni hwee yɛ? Nkurɔfo twaa nkontompo too Yesu so kaa sɛ ɔyɛ ɔbɔnefo. Anka ɛsɛ sɛ Petro gyina Yesu akyi, nanso wanyɛ saa. Obi a Petro no ara kaa sɛ ɔwɔ “daa nkwa nsɛm” no, afei deɛ ɔse ɔnnim no.—Yohane 6:68.

      Asɛm a ɛtoo Petro no ma yɛhu sɛ obi wɔ gyidi sɛ dɛn koraa na sɛ sɔhwɛ to no mpofirim a, ɔbɛtumi agyaa ne ho mu. Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa sua biribi fi nea ɛtoo Petro no mu.

      • Ɛyɛɛ dɛn na Petro ne Yohane nyaa kwan kɔɔ Kaiafa fie hɔ??

      • Bere a Petro ne Yohane wɔ Kaiafa adiwo hɔ no, dɛn na na ɛrekɔ so wɔ fie hɔ?

      • Bible kaa sɛ Petro “dii nse kaa ntam.” Dɛn na saa asɛm no kyerɛ?

      • Dɛn na yɛn nyinaa bɛtumi asua afiri nea ɛtoo Petro no mu?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena