Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu
© 2023 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
JULY 3-9
BIBLE MU AKORADE | ESRA 4-6
“Mommfa Mo Asɛm Nnkɔ . . . Adwuma No So”
w22.03 18 ¶13
uhu Nea Sakaria Hui No?
13 Ná wɔabara Yudafo no sɛ mma wɔnnsan nnsi asɔrefie no. Nanso Ɔsɔfo Panyin Yesua (Yosua) ne Amrado Serubabel a wɔpaw wɔn sɛ wonni adwuma no anim no “fii ase sii Onyankopɔn fi” no. (Esra 5:1, 2) Ɛbɛyɛ sɛ Yudafo no bi nyaa adwene sɛ, ɛnyɛ ne kwan so sɛ wobesi asɔrefie no. Ná wɔrentumi nsi dan no wɔ sum ase. Ná wonim sɛ atamfo no bɛyɛ biara sɛ wɔbɛma wɔagyae adwuma no. Ɛno nti, Yosua ne Serubabel, mmarima mmienu a na wodi adwuma no anim no, na ɛsɛ sɛ wonya awerɛhyem sɛ Yehowa taa wɔn akyi. Wonyaa awerɛhyem a na wohia no nso. Ɔkwan bɛn so?
w86 2/1 29, adaka ¶2-3
Ná Yehowa “Ka Yuda Mpanyimfo No Ho”
Yudafo a wɔbɛsoaa wɔn kɔɔ Babilon no, bere a wɔsan bae no, wɔfii ase sii asɔrefie no. Nanso eduu baabi no, wɔte dae. Wɔgyaw asɔrefie no ho adwuma too hɔ mfe pɔrepɔre 16. Ɛbaa saa no, odiyifo Hagai ne odiyifo Sakaria boaa wɔn ma wɔsan kekaa wɔn ho bio, na wɔtoaa so sii Yehowa asɔrefie no. Nanso ankyɛ na Persia man no mpanyimfo bɛkaa sɛ wɔrempene mma wɔntoa adwuma no so. Wɔbisaa Yudafo no sɛ: “Hena na ɔmaa mo kwan sɛ munsi ofi yi?”—Esra 5:1-3.
Ná ɛsɛ sɛ Yuda mpanyimfo no dwen asɛm no ho yiye paa ansa na wɔayi ano. Sɛ Yuda mpanyimfo no maa Persia mpanyimfo no hunahunaa wɔn a, anka asɔrefie no ho adwuma no bɛka. Sɛ wɔne wɔn de fee so nso a, anka ɛhɔ ara Persia mpanyimfo no betumi de wɔn nsa ato adwuma no so. Enti Yuda mpanyimfo no faa nyansakwan so maa wɔn mmuae kamakama. (Akyinnye biara nni ho sɛ Amrado Serubabel ne Ɔsɔfo Panyin Yosua na edii Yuda mpanyimfo no anim.) Wɔkaee Persia mpanyimfo no sɛ, na Kores ahyɛ mmara ato hɔ dedaadaw sɛ, Yudafo no betumi asan asi asɔrefie no. Ná Persia mpanyimfo no nim sɛ, Persia mmara de, yɛnsesa no. Enti wɔgyaa asɛm no mu bɔkɔɔ, efisɛ na wɔmpɛ wɔn ho asɛm. Ɛno maa Yudafo no toaa adwuma no so kosii sɛ akyiri yi, Ɔhene Dario ankasa hyɛɛ mmara sɛ wɔnkɔ so nyɛ adwuma no.—Esra 5:11-17; 6:6-12.
w22.03 15 ¶7
Wuhu Nea Sakaria Hui No?
7 Nsakrae bi a ɛbae maa Yudafo a na wɔresi asɔrefie no ho dwoo wɔn kakra. Ɛyɛ nsakrae bɛn? Ɔhene foforo a ne din de Dario I bedii Persia so. N’ahenni afe a ɛtɔ so mmienu a ɛyɛ afe 520 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba) no, obehui sɛ mmara mma kwan sɛ wɔbara asɔrefie no si. Enti Dario maa wɔn kwan sɛ wɔnkɔtoa so nsi nwie. (Esra 6:1-3) Asɛm a ɔhene no kae no yɛɛ obiara nwonwa, nanso anso hɔ ara. Ɔhene no san hyɛɛ mmara sɛ, mma aman a atwa Yuda ho ahyia no mfa wɔn asɛm nkɔ adwuma a wɔreyɛ no so. Afei nso, ɔkaa sɛ wɔmma wɔn sika ne biribiara a wobehia de ayɛ adwuma no! (Esra 6:7-12) Ɛno nti, Yudafo no de mfe nnan ne kakra sii asɔrefie no wiei wɔ afe 515 A.Y.B. (Ansa Na Yesu Reba).—Esra 6:15.
w22.03 19 ¶16
Wuhu Nea Sakaria Hui No?
16 “Akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nso, Yehowa nam wɔn so de akwankyerɛ ma yɛn. (Mat. 24:45) Ɛtɔ mmere bi a, ebia akoa nokwafo no bɛma yɛn akwankyerɛ bi a yɛnte ase papa. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, ebia wɔbɛma yɛn akwankyerɛ pɔtee a ɛbɛboa yɛn ama yɛasiesie yɛn ho na sɛ atoyerɛnkyɛm bi si a, yɛatumi anya yɛn ti adidi mu. Ebia ɛbɛyɛ yɛn sɛ baabi a yɛte no, biribi a ɛte saa rentumi nsi. Anaa ebia yɛbɛte nka sɛ, sɛ nsanyare kodiawu tew si baabi a, ahwɛyiye a akoa nokwafo no yɛ no, ɛyɛ a na ɛboro so. Akwankyerɛ a wɔde ma yɛn no, sɛ ɛyɛ yɛn sɛ ntease nnim a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ? Sɛnea Israelfo no tiee afotu a Yosua ne Serubabel de maa wɔn no, yebetumi adwinnwen ho. Afei nso, Bible mu nsɛm afoforo a yɛakenkan no, yebetumi adwinnwen ho. Ɛtɔ da a, akwankyerɛ a na Onyankopɔn nkurɔfo nya no, nnipa ani so de, na ɛte sɛ nea ntease nnim, nanso ɛno na egyee wɔn nkwa.—Atem. 7:7; 8:10.
Tweetwee Bible Mu
w93 6/15 32 ¶3-5
So Wubetumi De Wo ho Ato Bible no So?
Wɔyɛɛ sika yi wɔ Tarso, kurow a ɛwɔ ɔman a mprempren wɔfrɛ no Turkey no kesee fam apuei. Wotwaa sika yi wɔ Persia amrado Mazaeus nniso ase wɔ afeha a ɛto so anan A.Y.B. mu. Ɛka ne ho asɛm sɛ Asubɔnten Eufrate “Asuogya” ɔmansin no amrado.
Na dɛn nti na asɛntiaa yi yɛ anigye? Efisɛ wubehu asɛnkoro yi ara wɔ wo Bible mu. Esra 5:6–6:13 ka nkitahodi a ɛkɔɔ so wɔ Persia hene Dario ne amrado bi a ne din de Tattenai ntam ho asɛm. Na Yudafo no asɔrefi a na wɔresan asi wɔ Yerusalem no ho asɛm na wɔreka. Na Esra yɛ ɔkyerɛwfo a ne ho akokwaw wɔ Onyankopɔn Mmara kyerɛw mu, na wubetumi ahwɛ kwan sɛ ɔbɛkyerɛw nsɛm no pɛpɛɛpɛ. Wubehu wɔ Esra 5:6 and 6:13 sɛ ɔfrɛɛ Tattenai sɛ “asuogya amrado.”
Esra kyerɛwee eyi bɛyɛ afe 460 A.Y.B., mfe 100 ansa na wɔretwa sika yi. Oo, ebia nnipa binom bɛte nka sɛ tete amrado bi dibea ho asɛm a wɔka no nkɔ akyiri. Nanso sɛ wutumi de wo ho to Bible akyerɛwfo so wɔ nkyerɛkyerɛmu ketewaa a ɛte saa mpo mu a, so ɛno remma wunnya ahotoso kɛse wɔ biribi foforo biara a wɔkyerɛwee mu?
JULY 10-16
BIBLE MU AKORADE | ESRA 7-8
“Esra De N’abrabɔ Hyɛɛ Yehowa Anuonyam”
w00 10/1 14 ¶8
Adesua—Mfaso Wɔ So Na Ɛyɛ Anigye
8 Yiw, ɛsɛ sɛ Yehowa Asɛm ho anigye a yebenya no fi yɛn koma, nkate fibea, no mu. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye nkyekyem bi a yɛakenkan mprempren no ho, na yɛtɔ yɛn bo ase susuw ho. Ɛsɛ sɛ yedwennwen honhom fam nneɛma a emu dɔ ho, de yɛn adwene si so, na yesusuw ho. Eyi hwehwɛ sɛ yesusuw ho wɔ kommyɛ mu na yɛbɔ mpae. Te sɛ Esra no, ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn koma ma Onyankopɔn Asɛm akenkan ne ne sua. Wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ: “Esra asiesie ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ [Yehowa, NW] mmara na wadi so, na wakyerɛkyerɛ ahyɛde ne atemmude wɔ Israel.” (Esra 7:10) Hyɛ nneɛma abiɛsa a enti Esra siesiee ne koma no nsow: sɛ ɔde besua ade, sɛ ɔde nea osua no bedi dwuma, na ɔde akyerɛkyerɛ. Ɛsɛ sɛ yedi ne nhwɛso no akyi.
si 75 ¶5
Bible Mu Nhoma a Ɛtɔ So 13—1 Beresosɛm
5 Esra na ɔkyerɛw Beresosɛm Nhoma a Edi Kan no. Abakɔsɛm a ɛwom no yɛ nokware turodoo, na wutumi hu sɛ, Esra paa na na ɔfata sɛ ɔkyerɛw saa nhoma no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, “ná Esra asiesie ne koma sɛ ɔbɛhwehwɛ Yehowa Mmara mu na wadi so, na wakyerɛkyerɛ emu ahyɛde ne atemmusɛm wɔ Israel.” (Esra 7:10) Yehowa nso de ne honhom kronkron boaa no. Persia hene a na odi wiase nyinaa so saa bere no mpo hui sɛ, Onyankopɔn ama Esra nyansa. Enti ɔmaa Esra tumi a na obetumi de ayɛ nneɛma bebree wɔ Yuda mantam no mu. (Esra 7:12-26) Esiane sɛ ɔhene no maa Esra tumi, na Yehowa de ne honhom kronkron taa n’akyi nti, na ɛrenyɛ den mma no sɛ ne nsa bɛka kyerɛwtohɔ ahorow a edi mu paa a na ɛwɔ hɔ saa bere no, na wahwɛ mu de akyerɛw Beresosɛm Nhoma a Edi Kan no.
it-1 1158 ¶4
Ahobrɛase
Ɛboa Ma Yɛn Nsa Ka Akwankyerɛ Pa. Obi a ɔbrɛ ne ho ase hyɛ Onyankopɔn ase no, obetumi anya ahotoso sɛ Onyankopɔn bɛkyerɛ no kwan. Esra sei, na adwumasono bi da ne so. Ɛne sɛ, na ɛsɛ sɛ odi mmarima bɛboro 1,500 anim fi Babilon de wɔn kɔ Yerusalem. Ɛnyɛ wɔn nko ara; ná asɔfo, Netinimfo, ne mmea ne mmofra nso ka ho bi. Yɛreka yi nso, na wɔkura sika kɔkɔɔ ne dwetɛ pii a wɔde rekosiesie Yerusalem asɔrefie no. Enti na wɔhia ahobammɔ wɔ kwan no so, nanso na Esra mpɛ sɛ ɔkɔsrɛ Persia hene no sɛ, ɔmma n’asraafo no bi nkogya wɔn, na ankɔyɛ sɛ ɔde ne ho reto nnipa so. Afei nso, bere bi a atwam no, Esra ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: “Wɔn a wɔhwehwɛ yɛn Nyankopɔn no, ne nsa wɔ wɔn nyinaa so.” Enti ɔkaa sɛ obiara nyɛ akɔnkyen, na wɔmmrɛ wɔn ho ase wɔ Onyankopɔn anim. Afei wɔsrɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmɔ wɔn ho ban. Ɔno nso ansisi n’aso; otiee wɔn abisade no, na ogyee wɔn fii atamfo a wɔkɔtɛw kwan mu no nsam. Enti ɛwom sɛ na akwantu no yɛ hu de, nanso wɔtumi beduu dwoodwoo a asɛmmɔne biara ansi. (Esr 8:1-14, 21-32) Odiyifo Daniel nso, bere a na ɔwɔ Babilon no, ɔbrɛɛ ne ho ase wɔ Onyankopɔn anim, na ɔsrɛɛ no sɛ, ɔmma no akwankyerɛ, na ɔmmoa no mma ɔnte n’asɛm ase. Ɛno nti, Onyankopɔn tew n’anim kyerɛɛ no. Ɔsomaa ne bɔfo ma ɔbaa ne nkyɛn, na ɔbɔfo no de nneɛma pii kyerɛɛ no wɔ anisoadehu mu.—Da 10:12.
Tweetwee Bible Mu
w06 1/15 19 ¶10
Esra Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
7:28–8:20—Dɛn nti na na Yudafo pii a wɔwɔ Babilon no mpɛ sɛ wɔne Esra bɛkɔ Yerusalem? Ɛwom sɛ na Yudafo a wodii kan no akɔtra wɔn kurom bɛboro mfe 60 de, nanso na nnipa a wɔte Yerusalem no sua koraa. Ná Yerusalem a wɔbɛsan akɔ no kyerɛ sɛ wɔrekofi bra ase wɔ tebea a ɛyɛ den na ɛyɛ hu mu. Sɛ Yudafo a na nneɛma rekɔ yiye ma wɔn wɔ Babilon no hwɛ a, na tebea a ɛwɔ Yerusalem saa bere no ntumi mmoa wɔn ɔkwan biara so. Ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu sɛnea na akwantu no yɛ hu fa no so. Ná ɛsɛ sɛ wɔn a wɔbɛsan aba no nya Yehowa mu gyidi a ɛyɛ den, wɔyɛ nsi wɔ nokware som mu na wonya akokoduru de kɔ Yerusalem. Na mpo Yehowa nsa a na ɛwɔ Esra so no na ɛhyɛɛ no den. Bere a Esra hyɛɛ wɔn nkuran no, mmusua 1,500—a ebia wɔn dodow si 6,000—ne no kɔe. Ɛno akyi no, akwan foforo a Esra faa so no maa Lewifo 38 ne Netinimfo 220 nso bɛkaa ne ho.
JULY 17-23
BIBLE MU AKORADE | ESRA 9-10
“Asoɔden Ne Amanehunu Na Ɛnam”
w06 1/15 20 ¶1
Esra Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
9:1, 2—Aniberesɛm bɛn na na ɛwɔ asase no so nnipa a na wɔne wɔn di ayeware no mu? Ná ɔman a wɔasan agye wɔn yi na wɔbɛkora nokware som so akosi sɛ Mesia no bɛba. Ná ayeware a wɔne nnipa afoforo bedi no betumi de ɔhaw paa aba nokware som mu. Esiane sɛ na ebinom ne nnipa a wɔsom abosom adi ayeware nti, na ebetumi aba sɛ ɛde nkakrankakra bɛka ɔman mũ no nyinaa ma wɔakɔsom abosom. Ná ebetumi ama nokware som ayera koraa afi asase no so. Ende na henanom nkyɛn na Mesia no bɛba? Ɛnyɛ nwonwa sɛ Esra ho dwiriw no wɔ nea na asi no ho!
w09 10/1 10 ¶6
Dɛn Na Yehowa Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?
Sɛ yefi yɛn koma mu yɛ osetie ma Onyankopɔn a, ɛbɛma yɛanya nhyira pii. Mose kyerɛwee sɛ: ‘Di Yehowa ahyɛde a. . . mede rema wo nnɛ yi so, na asi wo yiye.’ (Nkyekyɛm 13) Ahyɛde biara a efi Yehowa hɔ, kyerɛ sɛ biribiara a Yehowa pɛ sɛ yɛyɛ no, yɛn yiyedi ntia. Wei nyɛ yɛn nwonwa efisɛ Bible ka sɛ, “Onyankopɔn ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Esiane sɛ ɔdɔ yɛn nti, wama yɛn ahyɛde ahorow a ɛbɛma asi yɛn yiye daa. (Yesaia 48:17) Sɛ yɛyɛ nea Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ a, ɛbɛbɔ yɛn ho ban afi ɔhaw ahorow ho nnɛ. Afei sɛ n’Ahenni no ba a, nhyira ahorow a ɛde bɛba no, yebenya bi.
Tweetwee Bible Mu
w06 1/15 20 ¶2
Esra Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
10:3, 44—Dɛn nti na wɔpam mmea no ne wɔn mma nyinaa? Sɛ wɔampam mmofra no a, anka ɛrenyɛ den koraa sɛ wɔn yerenom a wɔapam wɔn no bɛsan aba wɔn mma no nkyɛn. Bio nso, mmea no na na wɔtaa hwɛ mmofra no.
JULY 24-30
BIBLE MU AKORADE | NEHEMIA 1-2
“Ntɛm Ara Na Mebɔɔ . . . Mpae”
w08 2/15 3 ¶5
Monkɔ So Nkae Yehowa Bere Nyinaa
5 Ɛtɔ mmere bi a, ɛho behia sɛ yɛbɔ mpae ntɛm hwehwɛ Onyankopɔn hɔ mmoa. Bere bi, Persia hene Artasasta hui sɛ ne nsahyɛfo Nehemia anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ. Ɔhene no bisaa Nehemia sɛ: “Ɛdɛn na worehwehwɛ yi?” Ntɛm ara ‘na Nehemia bɔɔ ɔsoro Nyankopɔn mpae.’ Ná ɛsɛ sɛ Nehemia ma mpae a ɛbɛyɛ sɛ ɔbɔe wɔ ne tirim no yɛ tiawa. Nanso, Onyankopɔn tiei, efisɛ ɔhene no boaa Nehemia ma ɔsan kɔtoo Yerusalem fasu no. (Kenkan Nehemia 2:1-8.) Yiw, sɛ yɛbɔ mpae tiawa wɔ yɛn tirim mpo a, Yehowa betumi atie.
be 177 ¶4
Ɔkasa a Wɔnhwɛ Krataa So Nkenkan
Sɛ wɔfrɛ wo mpofirim sɛ kyerɛkyerɛ wo gyidi mu a, dɛn na ɛbɛboa wo ma wo nsɛm atu mpɔn? Suasua Nehemia a ɔbɔɔ mpae ansa na ɔrebua asɛm bi a Ɔhene Artasasta bisaa no no. (Neh. 2:4) Afei, hyehyɛ nsɛm a wobɛka wɔ wo tirim ntɛm ara. Wubetumi ahyehyɛ akwan titiriw no saa kwan yi so: (1) Paw asɛm biako anaa abien a wode bɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu (wubetumi de nsɛm a ɛwɔ Reasoning From the Scriptures no mu adi dwuma). (2) Si kyerɛw nsɛm a wode bɛkyerɛkyerɛ saa nsɛm no mu ho gyinae. (3) Susuw anifere kwan a wobɛfa so afi wo nkyerɛkyerɛmu no ase ho sɛnea ɛbɛyɛ a nea obisaa asɛm no benya ɔpɛ sɛ obetie. Na afei fi ase kasa.
Tweetwee Bible Mu
w86 2/15 25
Nokware Som Faa Ne Ntama Pa Furae
Daabi. Efisɛ Yerusalem kurow a na atetew apansam no, na Nehemia de mmere kakra abɔ ho mpae “awia ne anadwo.” (1:4, 6) Bere a onyaa hokwan sɛ ɔbɛka akyerɛ Ɔhene Artasasta sɛ, ne koma so ade ne sɛ ɔbɛkɔ Yerusalem asan akɔto afasu no, ɔsan bɔɔ mpae. Enti ɛnyɛ sɛ ɔtenatenaa asɛm no ho besii saa bere no ansa na ɔrebɔ ho mpae, na mmom sɛnea daa na ɔyɛ no, saa bere yi nso, ɔbɔɔ ho mpae. Yehowa tiee Nehemia mpae no, na ɔmaa ɔhene no hyɛe sɛ, wɔnsan nto Yerusalem afasu no.
Nea Yesua Fi Mu: Nehemia hwehwɛɛ akwankyerɛ fii Yehowa hɔ. Yɛn nso, sɛ yɛrebesi gyinae kɛse bi a, ɛsɛ sɛ ‘yɛbɔ mpae daa,’ na yɛde Yehowa akwankyerɛ yɛ adwuma.—Romafo 12:12.
JULY 31–AUGUST 6
BIBLE MU AKORADE | NEHEMIA 3-4
“Adwuma a Yɛde Yɛn Ahoɔden Yɛ—Wuhu No Sɛ Ɛmfata Wo Anaa?”
w06 2/1 10 ¶1
Nehemia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
3:5, 27. Ɛnsɛ sɛ yebu adwumaden a yɛyɛ de boa nokware som te sɛ Ahenni Asa ho asiesie sɛ adwuma a ɛmfata yɛn, sɛnea Tekoafo “abirɛmpɔn” no yɛe no. Mmom no, yebetumi asuasua sɛnea Tekoafo a wɔnyɛ abirɛmpɔn no fi wɔn pɛ mu de wɔn ho mae no.
w19.10 23 ¶11
Dɛn na Yehowa Bɛma Woatumi Ayɛ?
11 Mfe pii akyi no, wɔn a Yehowa de wɔn yɛɛ adwuma ma wosiesiee Yerusalem afasu no, na Salum mma mmea no ka ho. (Neh. 2:20; 3:12) Ɛwom sɛ na Salum yɛ ɔsoafo de, nanso na ne mma mmea no pɛ paa sɛ wɔyɛ adwuma a ɛyɛ den a na ebetumi de wɔn nkwa ato asiane mu no bi. (Neh. 4:15-18) Ná wɔnte sɛ Tekoafo mmarima atitiriw no koraa. Tekoafo mmarima atitiriw no de, ‘wɔammrɛ wɔn ho ase’ anyɛ adwuma no bi! (Neh. 3:5) Wo de, hwɛ sɛnea Salum mma mmea no ani begye afa bere a wɔboa ma wɔde nnafua 52 pɛ wiee adwuma no! (Neh. 6:15) Yɛn bere yi so no, anuanom mmea a wɔwɔ koma pa ani gye ho sɛ wɔbɛboa ama yɛayɛ ɔsom adwuma no fã titiriw bi. Wɔboa ma wosisi adan a yɛde yɛ Yehowa som adwuma no na wɔboa ma wosiesie bi nso. Nsi ne ahokeka a anuanom mmea yi de yɛ adwuma, wɔn nimdeɛ, ne wɔn nokwaredi boa ma adwuma yi kɔ yiye paa.
w04 8/1 18 ¶16
Adwene A Kristo Kura Wɔ Kɛseyɛ Ho A Yebenya
16 Ɛsɛ sɛ Kristofo mmofra ne mpanyin nyinaa bɔ mmɔden sɛ wobenya adwene a Kristo wɔ wɔ kɛseyɛ ho no bi. Nnwuma pii wɔ asafo no mu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ. Mma ɛmma da sɛ wobɛpopo wo ti wɔ adwuma bi a wote nka sɛ ɛba fam a wɔbɛka sɛ yɛ no ho. (1 Samuel 25:41; 2 Ahene 3:11) Awofo, so mohyɛ mo mma nkumaa ne wɔn a wɔadu wɔn mpanyin afe so no nkuran sɛ wɔmfa anigye nyɛ adwuma biara a wɔde bɛma wɔn, sɛ ɛyɛ Ahenni Asa so, anaa nhyiam akɛse ase? So mmofra no hu mo sɛ moreyɛ nnwuma a ɛba fam? Onua bi a saa bere yi ɔyɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti hɔ ka sɛ ɔkae nhwɛso pa a n’awofo yɛe no yiye. Ɔkae sɛ: “Sɛnea na wɔyɛ adwuma wɔ Ahenni Asa so anaa nhyiam akɛse ase no maa mihui sɛ wobu adwuma a ɛte saa no sɛ ɛsom bo paa. Sɛ na adwuma bi te sɛ nea ɛba fam dodo mpo a, na wɔde wɔn ho ma yɛ adwuma a ɛte saa a ɛso bɛba asafo no ne yɛn nuayɛ kuw no nyinaa mfaso no. Su a ɛte saa a wɔdaa no adi no ama ayɛ mmerɛw ama me sɛ megye adwuma biara a wɔde bɛma me wɔ Betel ha no atom.”
Tweetwee Bible Mu
w06 2/1 9 ¶1
Nehemia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
4:17, 18—Ɛbɛyɛ dɛn na na obi a ɔreto ɔfasu no atumi de ne nsa biako pɛ ayɛ adwuma? Ná eyi renyɛ den mma wɔn a wɔsoso nnosoa no. Sɛ na wonya de adesoa no si wɔn ti anaa wɔn mmati so a, na ɛnyɛ den koraa sɛ wɔde wɔn nsa biako beso nnosoa a ɛda wɔn atifi anaa wɔn mmati so no mu ‘na wɔde biako akura dade mu.’ Ná abantofo a wohia wɔn nsa abien nyinaa de ayɛ adwuma no “bobɔ wɔn nkrante wɔ wɔn asen na wɔde to.” Ná wɔayɛ krado sɛ, sɛ ɛba sɛ wɔn atamfo tow hyɛ wɔn so a wɔne wɔn bɛko.
AUGUST 7-13
BIBLE MU AKORADE | NEHEMIA 5-7
“Ná Nehemia Pɛ Sɛ Ɔsom Afoforo; Wampɛ Sɛ Nkurɔfo Bɛsom No”
w02 11/1 27 ¶3
Nokware Som Akyitaafo Tete ne Nnɛ
Ɛnyɛ Nehemia bere ne nhyehyɛe ho nimdeɛ a ɔwɔ nko na ɔde boae. Ɔde ne honam fam nneɛma nso boaa nokware som. Ɔde n’ankasa sika tɔɔ ne nuanom Yudafo fii nkoasom mu. Ɔmaa bosea a wannye ho mfɛntom. Ɔnam amrado a na ɔyɛ no ho akatua a wannye, ade a na anka obetumi agye, so ‘amma Yudafo no adesoa anyɛ duru’ da. Mmom no, obuee ne fie pon too hɔ maa ‘mpanyimfo ɔha aduonum ne wɔn a wofifi wɔn ho amanaman mu baa wɔn nkyɛn no’ aduan. Ɔde ‘nantwinini biako ne nguan a wɔadɔ asia, ne ntakraboa’ yɛɛ aduan maa n’ahɔho da biara. Afei nso, pɛnkoro dadu biara no, na ɔma wɔn “nsa ahorow bebree”—a ɔno na na ɔtɔ ne nyinaa.—Nehemia 5:8, 10, 14-18.
w16.09 6 ¶16
“Mma Wo Nsam Nngow”
16 Yehowa boaa Nehemia ne wɔn a wɔka ne ho no ma wɔhyɛɛ wɔn nsam den, na wɔde nnafua 52 pɛ too Yerusalem afasu no wiei! (Neh. 2:18; 6:15, 16) Ɛnyɛ sɛ Nehemia hwɛ ma wɔtow Yerusalem ɔfasu no kɛkɛ, na mmom ɔno ankasa yɛɛ adwuma no bi. (Neh. 5:16) Saa ara na asafo mu mpanyimfo pii a wɔwɔ ɔdɔ atumi asuasua Nehemia. Wɔboa ma wosisi adan a wɔde yɛ Onyankopɔn som adwuma. Afei nso wɔne wɔn nuanom siesie wɔn Ahenni Asa so, na wɔboa ma wɔhwɛ so yiye. Sɛ asafo mu mpanyimfo ne wɔn mfɛfo adawurubɔfo kɔ asɛnka na wɔsrasra wɔn nuanom a, na wɔn nso rehyɛ wɔn a wɔn koma atu na wɔn nsam agow no den.—Kenkan Yesaia 35:3, 4.
w00 2/1 32
Ɔkwan Bɛn So Na Yehowa Bɛkae wo?
Bere nyinaa, Bible no ka wɔ Onyankopɔn ho sɛ “ɔkae,” kyerɛ sɛ ɔyɛ tebea bi ho biribi. Sɛ nhwɛso no, bere a nsuyiri maa asase daa mpan nnafua 150 no, “Onyankopɔn kaee Noa . . . , na Onyankopɔn maa mframa bɔ faa asase so, na nsu no ano brɛɛ ase.” (Genesis 8:1) Mfeha pii akyi no, Simson a na Filistifo ama n’ani afura na wɔde nkɔnsɔnkɔnsɔn agu no no bɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW] Nyankopɔn, afei kae me, na hyɛ me den prɛko pɛ yi nko.” Yehowa kaee Simson na ɔmaa no ahoɔden a ɛboro nnipa de so sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi adi Onyankopɔn atamfo so werɛ. (Atemmufo 16:28-30) Yehowa hyiraa Nehemia mmɔdenbɔ so, na wɔde nokware som sii hɔ bio wɔ Yerusalem.
Tweetwee Bible Mu
w07 7/1 30 ¶15
“Kɔ So Fa Papa Di Bɔne So Nkonim”
15 Nea ɛto so abiɛsa no, Nehemia atamfo no de Israelni Semaia yɛɛ adwuma sɛ ɔfatwafo, na wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmmɔ mmɔden nnaadaa Nehemia mma ommu Onyankopɔn Mmara so. Semaia ka kyerɛɛ Nehemia sɛ: “Ma yenhyia Onyankopɔn fi asɔredan no mu, na yɛntoto asɔredan no apon mu, efisɛ wɔreba abekum wo.” Semaia kae sɛ, ná Nehemia nkwa da asiane mu efisɛ na wɔrebekum no, na sɛ ɔkɔhyɛ asɔrefie hɔ a, ɛnde obenya ne ti adidi mu. Nanso, na Nehemia nyɛ ɔsɔfo. Enti, na ɛyɛ bɔne sɛ ɔbɛkɔ akohintaw wɔ Onyankopɔn fie hɔ. So na Nehemia bebu Onyankopɔn Mmara so de apere ne nkwa? Nehemia kae sɛ: “Hena na ɔte sɛ me a ɔbɛhyɛn asɔredan no mu na wanya nkwa? Merenkɔ.” Dɛn nti na afiri a wosum Nehemia no antumi anyi no? Efisɛ, ɛwom sɛ na onim sɛ Semaia yɛ ne yɔnko Israelni de, nanso “ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔsomaa no.” Nokwarem no, Onyankopɔn diyifo ankasa biara nni hɔ a obetu Nehemia fo sɛ ommu Onyankopɔn Mmara so. Wɔ eyi mu nso, Nehemia amma n’asɔretiafo a wɔwɔ adwemmɔne no anni no so nkonim. Ɛno akyi bere tiaa bi no, otumi kyerɛwee sɛ: “Wɔde adaduonum nnammien na ewiee ɔfasu no ɔsram Elul (a ɛte sɛ ɛbɔ no) da a ɛto so aduonu anum.”—Nehemia 6:10-15; Numeri 1:51; 18:7.
AUGUST 14-20
BIBLE MU AKORADE | NEHEMIA 8-9
“Yehowa Mu Anigye Ne Mo Abannennen”
w13 10/15 21 ¶2
Mpae a Ɛka Koma—Sua Biribi Fi Mu
2 Aka bosome biako ma nhyiam no aba so na Yudafo no too Yerusalem fasu no wiei. (Neh. 6:15) Onyankopɔn nkurɔfo de nnafua 52 pɛ na ewiee adwuma no. Afei wɔde wɔn adwene sii honhom fam nneɛma so. Enti Tisri da a edi kan no, wohyiaam wɔ abɔnten maa Esra ne Lewifo a aka no kenkan Onyankopɔn Mmara no den kyerɛɛ wɔn, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu. (Mfonini 1) Mmusua mmusua nyinaa gyinaa ntenten tiei “fi ahemadakye kosii owigyinae.” Nokwasɛm ne sɛ “obiara a otumi tie asɛm te ase,” kyerɛ sɛ mmofra mpo, baa nhyiam no bi. Israelfo yi twaa ɛsa fɛfɛɛfɛ a yebetumi adi akyi nnɛ. Ɛnnɛ yɛn mu pii hyiam wɔ Ahenni Asa so tena nkogua pa so. Ɛnde, asɛmmisa ne sɛ, ɛyɛ a yɛn adwene fi asa no so kodi nneɛma a ɛho nhia akyi? Sɛ saa a, ɛnde yɛnsan nhwɛ Israelfo asɛm no bio. Ɛnyɛ wɔn aso kɛkɛ na wɔde tiei, na mmom asɛm no kaa wɔn koma ma wofii ase sui sɛ wɔde Onyankopɔn Mmara ato baabi reyɛ nea wɔpɛ.—Neh. 8:1-9.
w07 7/15 22 ¶9-10
Wobɛkɔ So ‘Anantew Honhom Mu’?
9 Yehowa yɛ “anigye Nyankopɔn.” (1 Timoteo 1:11; Dwom 104:31) Ɔba no ani gye sɛ ɔbɛyɛ n’Agya apɛde. (Dwom 40:8; Hebrifo 10:7-9) “Yehowa mu anigye ne [yɛn] abannennen.”—Nehemia 8:10, NW.
10 Sɛ yɛyɛ Onyankopɔn apɛde bere mpo a yɛwɔ ahokyere, awerɛhow anaa ɔtaa mu no a, anigye a efi Onyankopɔn hɔ no ma yenya abotɔyam. Hwɛ anigye ara a “Onyankopɔn ho nimdeɛ” ma yenya! (Mmebusɛm 2:1-5) Abusuabɔ pa a yɛne Onyankopɔn wɔ no gyina ne ho nokware nimdeɛ, gyidi a yɛwɔ wɔ ne mu ne gyidi a yɛwɔ wɔ Yesu ogye afɔre no mu no so. (1 Yohane 2:1, 2) Ade foforo a ɛma yɛn ani gye ne sɛ yɛka Kristofo anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa no ho. (Sefania 3:9; Hagai 2:7) Ahenni anidaso a yɛwɔ ne hokwan kɛse a yɛanya de reka asɛmpa no ma yɛn ani gye. (Mateo 6:9, 10; 24:14) Saa ara nso na daa nkwa anidaso a yɛwɔ no ma yɛn ani gye. (Yohane 17:3) Esiane sɛ yɛwɔ anidaso nwonwaso a ɛte sɛɛ nti, ɛsɛ sɛ ‘yɛma yɛn ani gye.’—Deuteronomium 16:15.
Tweetwee Bible Mu
it-1 145 ¶2
Aram Kasa
Bere a Yudafo a na wɔabɛsoa wɔn kɔ Babilon no san bae no, mfe bi akyi no wɔbehyiaam wɔ Yerusalem, na ɔsɔfo Esra kenkan Mmara nhoma no kyerɛɛ wɔn. Afei Lewifo no bi kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ wɔn. Nehemia 8:8 ka nea ɛkɔɔ so no ho asɛm sɛ: “Wɔtoaa so kenkan nokware Nyankopɔn no Mmara nhoma no den, na wɔkyerɛkyerɛɛ mu maa emu daa hɔ fann, na wɔboaa ɔman no ma wɔtee nea wɔrekenkan no ase.” Ebetumi aba sɛ, ɔkwan a wɔfaa so kyerɛkyerɛɛ mu ne sɛ, sɛ wɔkan asɛm no wɔ Hebri kasa mu a, na wɔasan atĩ mu wɔ Aram kasa mu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, bere a na Hebrifo no wɔ Babilon no, ɛbɛyɛ sɛ Aram kasa na na wɔka. Ɛnyɛ ɛno nko. Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a wɔkan Mmara no, wɔkyerɛkyerɛɛ mu kɔɔ akyiri maa emu daa hɔ fann. Enti Yudafo a na wɔte Hebri kasa no mpo, ɛmaa asɛm no wuraa wɔn komam.
AUGUST 21-27
BIBLE MU AKORADE | NEHEMIA 10-11
“Wɔde Nneɛma Bɔɔ Afɔre Maa Yehowa Som”
w98 10/15 22 ¶13
Yerusalem Bi A Ne Din Fata No
13 “Nokware apam” a wɔsɔɔ ano wɔ Nehemia bere so no siesiee Onyankopɔn nkurɔfo a na wɔwɔ hɔ tete no maa da a wobehyira Yerusalem fasu no so no. Nanso na asɛnhia foforo wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔhwɛ di ho dwuma. Ná Yerusalem a afei de ɔfasu kɛse a apon 12 atwa ho ahyia no, hia nnipa a wɔdɔɔso a wɔbɛtra hɔ. Ɛwom sɛ na Israelfo bi te hɔ de, nanso na “kurow no mu gow haharaa na ɛsõ, na ɔman a wɔwɔ mu no sua.” (Nehemia 7:4) Nea ɛbɛyɛ na wɔadi asɛnnennen yi ho dwuma no, ɔman no “bobɔɔ ntonto sɛ wɔde nnipa du mu biako bɛtra Yerusalem, kurow kronkron no mu.” Wɔn pɛ mu a wofi gyee nhyehyɛe yi toom no kaa ɔman no ma ‘wohyiraa mmarima a woyii wɔn yam sɛ wɔbɛtra Yerusalem no nyinaa.’ (Nehemia 11:1, 2) Hwɛ nhwɛso fɛfɛ a ɛyɛ ma nokware asomfo a wɔn nsɛm tebea ma wɔn kwan ma wotu kɔ mmeae a wohia Kristofo a wɔn ho akokwaw mmoa kɛse nnɛ no!
w86 2/15 26
Nokwaresom Faa Ne Ntama Pa Furae
Ná ɛnna fam sɛ Yudafo no begyaw wɔn agyapade hɔ na wɔatu akɔtena Yerusalem, efisɛ na ebetumi akɔfa ɔhaw ne ahokyere abrɛ wɔn. Yerusalem kurow no ankasa nso, obi te mu a, ɛbɛyɛ sɛ na asiane bebree wɔ hɔ a ebetumi ato no. Weinom nyinaa nti, wɔn a wɔtuu wɔn ho mae sɛ wɔbetu akɔtena hɔ no, obiara hui sɛ wɔfata nkamfo, na akyinnye biara nni ho sɛ nkurɔfo no bɔɔ mpae sɛ Yehowa nhyira wɔn.
w16.04 8 ¶15
Yedi Nokware a, Onyankopɔn Ani Sɔ Yɛn
15 Bere a yehyiraa yɛn ho so maa Yehowa no, yɛhyɛɛ bɔ sɛ nea ebesi biara yɛbɛyɛ n’apɛde. Ná yenim sɛ ɛtɔ mmere bi a ɛbɛyɛ den sɛ yebedi saa bɔhyɛ no so. Nanso sɛ yɛka sɛ yɛnyɛ biribi a yɛn ani nnye ho a, dɛn na yɛbɛyɛ? Sɛ yɛma yɛn adwene si yɛn pi na yefi yɛn komam tie Onyankopɔn a, ɛkyerɛ sɛ yedi yɛn bɔhyɛ so. Ebia ɛbɛyɛ den sɛ yɛde nneɛma bi bɛbɔ afɔre, nanso sɛ yetumi bɔ a, Yehowa hyira yɛn pii. (Malaki 3:10) Yefta babea no nso ɛ? Dɛn na ɔyɛe wɔ ne papa bɔhyɛ no ho?
Tweetwee Bible Mu
w06 2/1 11 ¶1
Nehemia Nhoma no Mu Nsɛntitiriw
10:34—Dɛn nti na wɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ wɔmfa nnyina mmra? Wɔankyerɛ wɔ Mose Mmara no mu sɛ wɔmfa nnyina mmra. Nea enti a ɛma wɔkaa saa ne sɛ na ɛho abehia denneennen. Ná wohia nnyina pii na wɔde ahyew afɔrebɔde wɔ afɔremuka no so. Ɛbɛyɛ sɛ na Netinimfo a wɔsom sɛ nkoa a wɔnyɛ Israelfo wɔ asɔrefie hɔ no nnɔɔso. Ɛno nti, wɔbɔɔ ntonto sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nnyina bere nyinaa.
AUGUST 28–SEPTEMBER 3
BIBLE MU AKORADE | NEHEMIA 12-13
“Sɛ Worefa Nnamfo a, Wobɛyɛ Dɛn Akyerɛ Sɛ Wudi Yehowa Nokware?”
it-1 95 ¶5
Ammonfo
Bere a wɔtuu Tobia fii asɔrefie hɔ no, wɔkenkan Onyankopɔn mmara a ɛwɔ Deuteronomium 23:3-6 no kyerɛɛ nkurɔfo no. Saa mmara no kyerɛ sɛ, ɛnsɛ sɛ Ammonni anaa Moabni biara ba Israel asafo mu. Bere a nkurɔfo no tee mmara no mu nsɛm no, wɔde yɛɛ adwuma. (Ne 13:1-3) Saa mmara yi, Onyankopɔn hyɛe no, na adi bɛyɛ mfe 1,000. Nea enti a Onyankopɔn hyɛe ne sɛ, bere a na Israelfo no nam kwan so rekɔ Bɔhyɛ Asaase no so a wɔhia mmoa no, Ammonfo ne Moabfo no yii wɔn ani. Ɛnde yemmisa sɛ, mmara a ɛne sɛ ɛnsɛ sɛ Ammonfo ne Moabfo ba Israel asafo mu no, na ɛkyerɛ sɛn? Ná ɛkyerɛ sɛ, sɛ obi yɛ Ammonni anaa Moabni a, ɔrentumi mmɛyɛ Israel man ba ankasa. Enti hokwan ahorow a na Israelfo wɔ no, na ɔrentumi nnya bi. Nanso na wei nkyerɛ sɛ, sɛ Ammonni anaa Moabni bi pɛ sɛ ɔne Israelfo no kɔtena anaa ɔde ne ho bɔ wɔn na ama wanya nhyira a Onyankopɔn de ma ne nkurɔfo no bi a, ɔrentumi nyɛ saa. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, yɛhwɛ Dawid nnɔmmarima no a, na Ammonni Selek ka ho. Rut nso, na ɔyɛ Moabni.—Ru 1:4, 16-18.
w13 8/15 4 ¶5-6
Yehowa Atew Yɛn Ho
Monkenkan Nehemia 13:4-9. Nneɛma bɔne atwa yɛn ho ahyia, enti ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkɔ so ayɛ kronkron. Momma yensusuw Eliasib ne Tobia ho. Na Eliasib yɛ ɔsɔfo panyin, na na Tobia yɛ Ammonni a ebia ɔyɛ adwuma wɔ Yudea ma Persia ahemman no. Bere a Nehemia yɛe sɛ wɔbɛsan asi Yerusalem afasu no, Tobia ne n’apamfo sɔre tiae. (Neh. 2:10) Ná Ammonfo nni ho kwan sɛ wɔkɔ asɔrefie hɔ. (Deut. 23:3) Enti adɛn na ɔsɔfo panyin no hyɛɛ da maa Tobia baabi tenae wɔ asɔrefie adidibea hɔ?
Asɛm no ne sɛ na Tobia ne Eliasib abɛyɛ nnamfo papee. Na Tobia ne ne ba Yehohanan aware Yudafo mmea, na na Yudafo pii nso ka Tobia ho asɛmpa. (Neh. 6:17-19) Eliasib banana nso waree Sanbalat babea. Na Sanbalat yɛ amrado wɔ Samaria, na na ɔyɛ Tobia yɔnko berɛbo. (Neh. 13:28) Ɛbɛyɛ sɛ eyi nyinaa na ɛmaa Ɔsɔfo Panyin Eliasib maa obi a ɔnyɛ gyidini, obi a ɔsɔre tia nokware som nyaa ne koma. Nanso Nehemia kõ maa Yehowa; oyii Tobia dan mu nneɛma nyinaa fii adidibea hɔ tow guu abɔnten.
w96 3/15 16 ¶6
Nokwaredi Ho Sɔhwɛ Ano A Yebegyina
Sɛ yedi Yehowa Nyankopɔn nokware a, yɛne wɔn a wɔyɛ n’atamfo nyinaa remfa nnamfo. Ɛno nti na osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” (Yakobo 4:4) Yɛpɛ sɛ yenya nokwaredi a Ɔhene Dawid daa no adi bere a ɔkaa eyi no: “Awurade, wɔn a wɔtan wo no, mentan wɔn anaa? Na wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no, me werɛ nhow wɔn anaa? Mede ɔtan pa metan wɔn, mibu wɔn m’atamfo.” (Dwom 139:21, 22) Yɛmpɛ sɛ yɛne wɔn a wɔhyɛ da yɛ bɔne bɔ fekuw, efisɛ yɛne wɔn nni hwee yɛ. So nokwaredi ma Yehowa no remma yɛnkwati sɛ yɛne Yehowa atamfo a wɔte saa mu biara bɛbɔ fekuw, sɛ yɛne wɔn behyiam anaa denam television so?
Tweetwee Bible Mu
it-2 452 ¶9
Nnwom
Nnwom a na wɔto wɔ asɔrefie hɔ no, na ɛyɛ biribi a ɛho hia paa; ná wɔntoto no ase koraa. Nea enti a yɛreka saa ne sɛ, wohwɛ Bible mu a, kyerɛwnsɛm bebree na ɛka nnwontofo no ho asɛm. Afei nso, “wɔanyɛ nnwuma foforo biara,” kyerɛ sɛ, nnwuma a na Lewifo a aka no yɛ no, wɔamma nnwontofo no anyɛ bi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbetumi de wɔn bere ne wɔn ahoɔden nyinaa ayɛ wɔn adwuma no. (1Be 9:33) Bere a Yudafo no fi Babilon san baa wɔn kurom no nyinaa, na wɔda so ara bu nnwontofo no sɛ wɔyɛ soronko wɔ Lewifo no mu. Nea enti a ɛte saa ne sɛ bere a wɔrebobɔ Yudafo a wɔfi Babilon bae no din no, wɔhyɛɛ da tew nnwontofo no fii Lewifo a aka no ho bɔɔ wɔn din. (Esr 2:40, 41) Persia hene Artasasta (Longimanus) mpo, na obu nnwontofo no sɛ wɔyɛ soronko, enti ɔde ne tumi di boaa wɔn. Ɔkaa sɛ, nnwontofo no ne akuw afoforo bi a dwumadi titiriw hyehyɛ wɔn nsa no, mma wɔnnnye wɔn “ɔman tow, akwan so tow, anaa tow biara.” (Esr 7:24) Akyiri yi, ɔhene no hyɛe sɛ, “wɔmma nnwontofo no nea wobehia da biara da.” Ɛwom, Bible ka sɛ Artasasta na ɔhyɛɛ saa mmara no de, nanso ɛda adi sɛ, Esra na ɔhyɛɛ mmara no wɔ ɔhene no din mu, efisɛ na ɔhene no ama no saa tumi no. (Ne 11:23; Esr 7:18-26) Enti ɛwom sɛ na nnwontofo no nyinaa yɛ Lewifo de, nanso sɛ Bible ka “Lewifo ne nnwontofo,” kyerɛ sɛ, ɛbɔ Lewifo no din, na ɛsan bɔ nnwontofo no din a, ntease wom.—Ne 7:1; 13:10.