Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • th adesua 16 kr. 19
  • Ma Wo Nsɛm Nhyɛ Nkuran Na Ɛnhyɛ Den

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Wo Nsɛm Nhyɛ Nkuran Na Ɛnhyɛ Den
  • Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bɔ Mmɔden Ma Asɛm No Nka W’atiefo Koma
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Denhyɛ ne Nkuranhyɛ
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Ma Wo Kasa Mu Nyɛ Hyew
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Ma Asuade a Ɛwɔ Asɛm No Mu Nna Adi
    Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
Hwɛ Pii Ka Ho
Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
th adesua 16 kr. 19

ADESUA 16

Ma Wo Nsɛm Nhyɛ Nkuran Na Ɛnhyɛ Den

Kyerɛwsɛm

Hiob 16:5

NSƐNTITIRIW: Nsɛm a ɛbɛboa w’atiefo ma wɔadi wɔn haw ho dwuma, ne nea ɛbɛhyɛ wɔn den no, ɛno na fa w’adwene si so.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Nya w’atiefo ho adwempa. Nya awerɛhyem sɛ wo mfɛfo asomfo pɛ sɛ wɔyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani. Sɛ ɛho hia sɛ wode afotu ma w’atiefo mpo a, bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, fi wo komam kamfo wɔn ansa.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Nea wobɛka biara no, ma wonhu sɛ ɔdɔ a wodɔ wɔn nti na woreka, na ɛnsɛ sɛ ɛyɛ abufuw so. Ɛyɛ a ma w’anim nyɛ sereserew na ama atiefo ahu sɛ wote wɔn ase, na wobetumi anya wo mu ahotoso.

  • Nsɛm a ebebu atiefo abam no, tew so. Asɛm a worekyerɛkyerɛ mu no, sɛ ehia sɛ woka ne fã bi a ɛnhyɛ den a, hwɛ hu sɛ ɛde mfaso bi bɛba. Ɛsɛ sɛ wo kasa no nyinaa hyɛ w’atiefo den.

  • Fa Onyankopɔn Asɛm di dwuma yiye. Nea Yehowa ayɛ ama nnipa, nea ogu so reyɛ ama yɛn, ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no, ɛno na twe adwene si so. Hyɛ w’atiefo den, na ma wonnya anidaso.

ASƐNKA MU

Obiara a wubehyia no no, hu sɛ obetumi abɛyɛ wo yɔnko gyidini.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena