Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr23 November kr. 1-10
  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2023
  • Nsɛmti Nketewa
  • NOVEMBER 6-12
  • NOVEMBER 13-19
  • NOVEMBER 20-26
  • NOVEMBER 27–DECEMBER 3
  • DECEMBER 4-10
  • DECEMBER 11-17
  • DECEMBER 18-24
  • DECEMBER 25-31
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2023
mwbr23 November kr. 1-10

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

© 2023 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

NOVEMBER 6-12

BIBLE MU AKORADE | HIOB 13-14

“Sɛ Onipa Wu a, Ɔbɛtena Ase Bio Anaa?”

w99 10/15 3 ¶1-3

Sɛnea Yɛhwehwɛ Nkwa Tenten

ƐWOM sɛ wɔkyerɛw sɛnea nkwa yɛ tiaa no ho asɛm yi bɛyɛ mfirihyia 3,500 a atwam ni de, nanso nnipa kakraa bi pɛ na wobegye ho kyim. Nnipa ani nnyee ho da sɛ wobesi so bere tiaa bi na afei wɔabɔ nkwakoraa ne mmerewa na wɔawuwu. Enti, wɔasɔ akwan pii a wɔbɛfa so anya nkwa tenten ahwɛ wɔ abakɔsɛm nyinaa mu.

Wɔ Hiob bere so no, Misrifo wee mmoa ahweaabo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsan ayɛ mmerante ne mmabaa bio, nanso ankosi hwee. Na Mfinimfini Mmere no mu nyansahufo botae atitiriw no mu biako ne sɛ wɔbɛyɛ aduru bi a ebetumi ama nkwa tenten. Na tete nyansahufo pii gye di sɛ sika kɔkɔɔ a nnipa ayɛ betumi ama yɛatra ase daa, na sika kɔkɔɔ prɛte a wobedidi mu no bɛma wɔanya nkwa tenten. Tete China Taofo susuwii sɛ wobetumi asesa nipadua mu nnuru denam nneɛma bi te sɛ nsusuwho, ahomegu, ne aduandi so na wɔnam so anya nkwa a enni awiei.

Wonim Spaniani a okyin hwehwɛɛ nsase so, Juan Ponce de León wɔ asuti a ɛma nnipa kɔ so yɛ mmerante ne mmabaa a ɔhwehwɛe no ho. Afeha a ɛto so 18 no mu duruyɛfo bi kamfo kyerɛe wɔ ne nhoma Hermippus Redivivus mu sɛ wɔmfa mmaabun ngu ɔdan ketewa bi mu wɔ osutɔbere mu, na wɔmfa wɔn home ngu ntoa mu na wɔmfa nni dwuma sɛ aduru a ɛma nkwa tenten. Nokwarem no, akwan yi mu biara anyɛ yiye.

w15 4/15 32 ¶1-2

Dua a Wɔatwa Bɛtumi Afefɛ Bio?

SƐ WODE ngodua a akyeakyea toto Lebanon kyeneduru tenten a ɛyɛ fɛ ho a, ɛte sɛ nea ngodua so nni mfaso biara. Nanso ɔpɛ bere mu oo, osutɔ bere mu oo, ngodua tumi gyina. Ebi adi bɛyɛ mfe 1,000. Ngodua nhini tumi kɔ fam paa, na sɛ wɔtwa dua no anaa ɛsɛe a, ɛtumi fefɛ bio. Bere dodow a ne nhini nwui no, ɛbɛfefɛ bio.

Ná ɔnokwafo Hiob gye di paa sɛ, sɛ owu mpo a, ɔbɛsan atena ase bio. (Hiob 14:​13-15) Ɔde dua bi te sɛ ngodua yɛɛ mfatoho de kyerɛe sɛ ɔgye di sɛ Onyankopɔn bɛtumi anyane no afi awufo mu. Hiob kaa sɛ: “Dua mpo, anidasoɔ wɔ hɔ ma no. Sɛ wɔtwa a, ɛbɛsan afefɛ bio.” Sɛ ɔpɛ bere twam na osu tɔ a, ngodua dunsin a akyenkyen bɛtumi asan afefɛ bio na ‘ayiyi nnuban te sɛ dua foforo.’—Hiob 14:​7-9.

w11 4/1 31 ¶5

“W’ani Begyina”

Hiob nsɛm no kyerɛ yɛn sɛnea Yehowa dɔ te: Ɔne wɔn a wɔte sɛ Hiob a wɔde wɔn ho ma no ma ɔnwene wɔn ma wɔyɛ sɛ nnipa a ɔpɛ wɔn asɛm no wɔ abusuabɔ soronko. (Yesaia 64:8) Yehowa ani sɔ n’asomfo anokwafo. ‘N’ani gyina’ anokwafo a wɔawuwu no. Nhomanimfo bi kyerɛe sɛ, Hebri asɛmfua a wɔde kyerɛɛ ‘n’ani gyina’ ase no yɛ “asɛmfua a emu dɔ paa a wɔde kyerɛkyerɛ sɛnea obi pɛ sɛ ohu obi a ohuu no akyɛ no mu.” Ɛnyɛ sɛ Yehowa kae n’asomfo nko, na mmom n’ani gyina nso sɛ ɔbɛsan ama wɔaba nkwa mu.

Tweetwee Bible Mu

it-1 191

Nsõ

Tete no, na wɔtumi de nsõ gyina hɔ ma biribi a mfaso nni so anaa biribi a ɛnsom bo. Abraham sei, bere bi ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ, “Meyɛ dɔte ne nsõ.” (Ge 18:27; hwɛ Yes 44:20; Hio 30:19 nso.) Hiob nso, nsɛm a gyamserefo no keka kyerɛɛ no no, ɔkaa sɛ ɛyɛ “abebusɛm hunu; ɛte sɛ nsõ.”—Hio 13:12.

NOVEMBER 13-19

BIBLE MU AKORADE | HIOB 15-17

“Wopɛ Sɛ Wokyekye Obi Werɛ a, Nsuasua Elifas”

w05 9/15 26 ¶4-5

Ko Tia Nsusuwii Bɔne!

Mpɛn abiɛsa a Elifas kasae nyinaa no, ɔdaa no adi sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so ma enti biribiara a n’asomfo yɛ no nyɛ no fɛ. Elifas ka kyerɛɛ Hiob sɛ: “Hwɛ, ne nkoa po, ɔmfa ne ho nto wɔn so, na n’abɔfo no, obu wɔn sɛ wɔtɔ mu.” (Hiob 4:18) Akyiri yi, Elifas kaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Hwɛ, n’akronkronfo so po ɔmfa ne ho nto, na ɔsoro ho nso ntew n’ani so.” (Hiob 15:15) Afei obisae sɛ: “So Otumfoɔ nya ho biribi sɛ woteɛ”? (Hiob 22:3) Bildad ne Elifas yɛɛ adwene na ɔno nso kae sɛ: “Hwɛ, ɔsram po ɛmpae hyɛnn, na nsoromma ho ntew [Onyankopɔn ani] so.”—Hiob 25:5.

Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na adwene a ɛte saa annya yɛn so nkɛntɛnso. Ebetumi ama yɛate nka sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so. Nsusuwii a ɛte saa sɛe yɛne Yehowa ntam abusuabɔ. Bio nso sɛ yenya adwene a ɛte saa a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ wɔde nteɛso a yehia ma yɛn a yebegye atom? Sɛ ɛba saa a, sɛ́ anka yebefi ahobrɛase mu agye nteɛso atom no, yɛn koma mmom ‘behuru ahyɛ Yehowa’ na yɛn bo afuw no. (Mmebusɛm 19:3) Hwɛ sɛnea eyi betumi asɛe yɛne Onyankopɔn ntam abusuabɔ!

w15 2/15 9 ¶16

Suasua Yesu Ahobrɛaseɛ ne N’ayamhyehyeɛ

16 Yɛn kasa a ɛka akoma. Sɛ yɛwɔ ayamhyehyeɛ a, ɛbɛka yɛn ma ‘yɛakyekye akra a wɔabotoɔ werɛ.’ (1 Tesalonikafoɔ 5:14) Asɛm bɛn na yɛbɛtumi aka de ahyɛ wɔn nkuran? Yɛbɛtumi aka akyerɛ wɔn sɛ yɛdwene wɔn ho paa. Yɛbɛtumi akamfo wɔn na yɛaboa wɔn ma wɔahu sɛ wɔwɔ suban pa ne ɔdom akyɛdeɛ pii. Bio, yɛbɛtumi akae wɔn sɛ Yehowa na waboa wɔn ma wɔahu nokorɛ no, enti wɔsom bo ma no. (Yohane 6:44) Yɛbɛtumi ama wɔn awerɛhyem sɛ Yehowa dwene n’asomfo ho, ɛnkanka wɔn a “wɔn akoma abubuo” anaa “wɔn honhom abotoɔ” no. (Dwom 34:18) Sɛ yɛkasa ma nkurɔfo akoma tɔ wɔn yam a, ɛbɛkyekye wɔn werɛ paa.—Mmebusɛm 16:24.

Tweetwee Bible Mu

w06 3/15 14 ¶11

Hiob Nhoma no mu Nsɛntitiriw

7:​9, 10; 10:21; 16:22—So nsɛm yi kyerɛ sɛ na Hiob nnye owusɔre nni? Na eyi fa nea ɛrenkyɛ ɛbɛto Hiob no ho. Ɛnde na ɔkyerɛ dɛn? Ade biako ne sɛ, na ebetumi aba sɛ sɛ Hiob wu a, n’ayɔnkofo no mu biara renhu no. Efisɛ, wɔ wɔn fam no, na Hiob rensan mma ne fie na saa ara nso na na wɔremmɔ ne din bio kosi sɛ Onyankopɔn bere a wahyɛ bedu. Bio nso, ɛbɛyɛ sɛ na Hiob kyerɛ sɛ, sɛ wɔammoa obi a, ɔrentumi nnyan mfi awufo mu. Yehu owusɔre a na ɛbɛba daakye ho anidaso a na Hiob wɔ no pefee wɔ Hiob 14:​13-15.

NOVEMBER 20-26

BIBLE MU AKORADE | HIOB 18-19

“Nyi Onua Biara Baako Nhyɛ Ne Nsa Da”

w22.01 16 ¶9

Nea Yesua Fi Nisu a Yesu Tewee No Mu

9 Wubetumi akyekye wɔn a wɔredi awerɛhow no werɛ. Ɛnyɛ sɛ Yesu ne Marta ne Maria sui kɛkɛ, na mmom otiee wɔn, na ɔkaa awerɛkyekyesɛm kyerɛɛ wɔn. Yɛn nso, yebetumi ayɛ saa ara ama wɔn a wɔredi awerɛhow no. Dan yɛ asafo mu panyin a ɔte Australia. Ɔka sɛ: “Me yere wui no, na mihia mmoa. Da biara na awarefo bebree ayɛ krado sɛ wobetie me. Wogyaa me ma midii awerɛhow, na sɛ misu a, na ɛnyɛ wɔn aniwu. Afei nso, sɛ na ɛyɛ den ma me sɛ mɛyɛ nneɛma bi a, na wɔboa me. Ebi ne sɛ, na wɔhohoro me kar ho ma me, wokodi gua brɛ me, na na wɔnoa aduan ma me. Ná wɔne me taa bɔ mpae nso. Wɔkyerɛe sɛ wɔyɛ nnamfo pa, na wɔyɛ anuanom a ‘wɔwoo wɔn maa amanehunu bere.’”—Mmeb. 17:17.

w21.09 30 ¶16

Bere a Obi a Wodɔ No Agyae Yehowa Som

16 Abusuafo a wɔda so som Yehowa no, kɔ so ara boa wɔn. Saa bere yi paa na ɛsɛ sɛ wohyɛ wɔn nkuran na woma wohu sɛ wodɔ wɔn. (Heb. 10:​24, 25) Ɛtɔ da a, nea anuanom binom yɛ nti, ɛma wɔn a wɔatu wɔn busuani bi no te nka sɛ gyama wɔn nso wɔatu wɔn. Mommma yɛnnyɛ saa da! Mmofra a wɔn awofo afi asafo no mu no, wɔn paa na ehia sɛ yɛkamfo wɔn na yɛhyɛ wɔn nkuran. Yɛnhwɛ Maria. Wotuu ne kunu, na ɔsan guan gyaw abusua no hɔ. Maria ka sɛ: “Me nnamfo bi mpo baa fie bɛnoaa aduan maa yɛn, na wɔboaa yɛn ma yɛyɛɛ abusua som. Nea na ato me no yɛɛ wɔn yaw, na wɔne me sui. Bere a na nkurɔfo redi me ho nseku no, wɔkaa bi maa me. Wɔhyɛɛ me nkuran paa!”—Rom. 12:​13, 15.

w90 9/1 22 ¶20

So Worehwehwɛ Hwɛfodwuma?

20 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no hu sɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo bi dwumadi a wobegye afi ne nsam no betumi ama saa kan ɔhwɛfo anaa asafo mu ɔsomfo no anya adwenemhaw, sɛ ɔno ankasa mpo na ofii ne pɛ mu gyaa hokwan no mu a. Sɛ wɔantu no, na mpanyimfo no hu sɛ onua no anya adwenemhaw a, ɛsɛ sɛ wofi ɔdɔ mu boa no wɔ honhom fam. (1 Tesalonikafo 5:14) Ɛsɛ sɛ wɔboa no ma ohu sɛ ne ho hia wɔ asafo no mu. Sɛ na ɛho hia sɛ wɔma no afotu koraa mpo a, ebia ɛrenkyɛ na ɔbarima ɔhobrɛasefo a ɔwɔ anisɔ no nsa aka ɔsom hokwan afoforo wɔ asafo no mu.

Tweetwee Bible Mu

w94 10/1 32

Tumi a Ɛwɔ Asɛm a Wofi Ayamye mu Ka Mu

Nanso, bere a Hiob ankasa behiaa nkuranhyɛ no, Elifas ne ne mfɛfo no anka ayamye nsɛm. Wɔkae sɛ Hiob haw no fi no, a nea na ɛkyerɛ ne sɛ ɛbɛyɛ sɛ wadi mfomso bi asie. (Hiob 4:8) The Interpreter’s Bible ka sɛ: “Nea Hiob hia ne mmɔborohunu a efi nnipa komam. Nea onya ne ɔsom ne abrabɔ fam ɔkasatia ahorow a ɛnhyɛ nkuran a ayɛ te sɛ nea ɛyɛ ‘nokware’ turodoo na ɛyɛ dɛ yiye.” Elifas ne ne mfɛfo no nsɛm no a Hiob tee no maa n’adwene tu frae araa ma ɛhyɛɛ no ma ɔteɛɛm sɛ: “Mobɛhaw me kra akosi da bɛn, na mode nsɛm abubu me pasaa?”—Hiob 19:2.

Ɛnsɛ sɛ ɛba da sɛ yɛbɛma yɛn yɔnko Onyankopɔn somfo bi afi ahohia mu ateɛm esiane nsɛm a yensusuw ho na ɛnkyerɛ ayamye a yɛka nti. (Fa toto Deuteronomium 24:15 ho.) Bible mu abebusɛm bi bɔ kɔkɔ sɛ: “Asɛm a woka no betumi agye nkwa anaa adi awu; enti ɛsɛ sɛ wugye nea ebefi nsɛm a woka mu aba ho asɛyɛde tom.”—Mmebusɛm 18:​21, TEV.

NOVEMBER 27–DECEMBER 3

BIBLE MU AKORADE | HIOB 20-21

“Ɛnyɛ Agyapade a Obi Wɔ Na Ɛkyerɛ Sɛ Ɔyɛ Ɔtreneeni”

w07 8/1 29 ¶12

So Woyɛ “Ɔdefo Wɔ Nyankopɔn Fam”?

12 Wɔ Yesu asɛm no mu no, ɔkyerɛe sɛ sɛ obi yɛ ɔdefo wɔ Onyankopɔn fam a, ɔremmoaboa ahonyade ano mma no ho. Ɛno nti, nea na Yesu reka ne sɛ ɛnyɛ nneɛma a yɛboaboa ano wɔ yɛn asetra mu ne nneɛma a yɛwɔ a yɛde begye yɛn ani no na ɛsɛ sɛ yɛma ɛho hia yɛn titiriw. Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ahode di dwuma wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma yɛne Yehowa ntam ayɛ papa. Sɛ yɛyɛ saa a, sɛnea ɛte biara no, ɛbɛma yɛayɛ adefo wɔ Onyankopɔn fam. Dɛn ntia? Efisɛ, ɛbɛma yɛanya Onyankopɔn nhyira pii. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ: “[Yehowa, NW] nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔbrɛ adwuma mfa bi nka ho.”—Mmebusɛm 10:22.

Tweetwee Bible Mu

w95 1/1 9 ¶19

Satan ne ne Nnwuma so Nkonim a Yebedi

19 Ɛho hia sɛ yehu sɛ na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn somfo Hiob gyina ‘dadwen’ a Satan nam Elifas ne Sofar so ma onyae no ano. (Hiob 4:​13-18; 20:​2, 3) Enti Hiob dii ‘awerɛhow,’ na ɛma ɔkaa nsɛm a ɛyɛ “hyerebahyereba” faa ‘ahude ahorow’ a ɛhaw n’adwene no ho. (Hiob 6:​2-4; 30:​15, 16) Elihu tiee Hiob komm na ofii ne komam boaa no ma ohuu Yehowa nyansa a ɛsen biara wɔ nsɛm ho. Saa ara na nnɛ, mpanyimfo a wɔda ntease adi kyerɛ sɛ wosusuw amanehunufo ho denam “nhyɛso” afoforo a wɔmfa mma saafo so no so. Mmom, te sɛ Elihu no, wɔde boasetɔ tie wɔn na afei wɔde Onyankopɔn Asɛm mu ngo a ɛma ahotɔ sra wɔn. (Hiob 33:​1-3, 7; Yakobo 5:​13-15) Enti obiara a adwenemhaw ankasa anaa adwenemhaw a osusuw sɛ ɔwɔ ma ɔhaw anaasɛ ‘adaeso ne anisoadehu ma ɔbɔ piriw’ te sɛ Hiob no betumi anya Kyerɛwnsɛm mu awerɛkyekye a ɛma ahotɔ afi asafo no mu.—Hiob 7:14; Yakobo 4:7.

DECEMBER 4-10

BIBLE MU AKORADE | HIOB 22-24

“Onipa So Wɔ Mfaso Ma Onyankopɔn Anaa?”

w05 9/15 27 ¶1-3

Ko Tia Nsusuwii Bɔne!

Adwene foforo nso ne sɛ Onyankopɔn bu nnipa sɛ wɔn so nni mfaso. Eyi ne nea wɔka sɛ Onyankopɔn hwehwɛ sɛ yɛyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so no di nsɛ. Elifas bisaa asɛm yi wɔ ne kasa a ɛto so abiɛsa no mu: “So ɔbarima bi ye ma Onyankopɔn?” Na ‘onimdefo ye ma no?’ (Hiob 22:2) Elifas repɛ akyerɛ sɛ onipa so nni mfaso mma Onyankopɔn. Adwene koro no ara na Bildad nso de kae sɛ: “Ɔdesani bɛteɛ Onyankopɔn anim dɛn, na ɛbɛyɛ dɛn na nea ɔbea awo no no ho bɛtew?” (Hiob 25:4) Nea saa asɛm no repɛ akyerɛ ne sɛ, ɛbɛyɛ dɛn na Hiob a ɔyɛ ɔdesani no betumi aka sɛ ɔteɛ wɔ Onyankopɔn ani so?

Ɛnnɛ nnipa binom te nka sɛ wɔn so nni mfaso. Ebia sɛnea wɔtetee wɔn, ahokyere a wohyia wɔ asetram ne nnipa mu nyiyim na ɛma wɔte nka saa. Nanso Satan ne n’adaemone ani gye sɛ wobehunahuna obi. Sɛ wotumi ma obi te nka sɛ biribiara nni hɔ a ɔyɛ a ɛsɔ Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ani a, ɛnyɛ den koraa sɛ onipa no abam bebu. Bere bi akyi no, saa nipa no tumi wae anaasɛ ɔtwe ne ho fi Yehowa Nyankopɔn ho.—Hebrifo 2:1; 3:12.

Onyin ne yare mma yentumi nyɛ pii. Sɛ yɛde Ahenni adwuma a na yetumi yɛ bere a na yɛyɛ mmerante ne mmabaa ne bere a na yɛn ho yɛ den no toto nnɛ de ho a, ebia yehu sɛ nea yetumi yɛ nnɛ no sua koraa. Ehia paa sɛ yehu sɛ Satan ne n’adaemone no pɛ sɛ yɛte nka sɛ nea yɛyɛ seesei biara nsɔ Onyankopɔn ani! Ɛsɛ sɛ yɛko tia nsusuwii a ɛte saa.

w95 2/15 27 ¶6

Asuade a Ɛboa ma Wodi Ɔhaw Ahorow ho Dwuma

Hiob nnamfo baasa no nam wɔn ankasa adwenhorow a wɔdaa no adi sen sɛ wɔbɛda Onyankopɔn nyansa adi so maa ne bo tui. Elifas kaa nsɛm kɔɔ akyiri ara ma ɔkae mpo sɛ, ‘Onyankopɔn mfa ne ho nto ne nkoa so,’ na sɛ́ Hiob teɛ anaasɛ ɔnteɛ no mfa Yehowa ho. (Hiob 4:18; 22:​2, 3) Ɛyɛ den sɛ wubetumi asusuw asɛm bi a ebetumi abu abam kɛse—anaasɛ ɛyɛ atosɛm koraa—a ɛsen ɛno ho! Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ akyiri yi Yehowa kaa Elifas ne ne nnamfo no anim wɔ saa abususɛm yi ho. Ɔkae sɛ: “Moanka me ho asɛm a ɛteɛ.” (Hiob 42:7) Nanso na afei na nsɛm a enye koraa no rebɛba.

w03 4/15 14-15 ¶10-12

Mmabun A Wɔma Yehowa Koma Ani Gye

10 Sɛnea wɔada no adi wɔ Bible mu no, ɛnyɛ Hiob nko nokwaredi na Satan maa ɛho baa asɛm na mmom afoforo a wɔsom Onyankopɔn nyinaa nso—a woka ho. Nokwarem no, bere a Satan reka adesamma nyinaa ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Nea onipa [ɛnyɛ Hiob nko na mmom obiara] wɔ nyinaa, ɔde ma pere ne kra.” (Hiob 2:4) So wuhu dwuma a wudi wɔ asɛnhia yi mu? Sɛnea wɔada no adi wɔ Mmebusɛm 27:11 no, Yehowa reka sɛ biribi wɔ hɔ a wubetumi de ama no—biribi a obegyina so abua nea ɔbɔ no ahohora, Satan. Susuw ho hwɛ—Amansan Hene no refrɛ wo sɛ bɛboa ma wonni ɔsɛmpɔw a ɛsen biara ho dwuma. Asɛyɛde a ɛyɛ nwonwa ne hokwan soronko bɛn na woanya sɛɛ yi! So wubetumi adi nea Yehowa rehwehwɛ afi wo hɔ no ho dwuma? Hiob yɛɛ saa. (Hiob 2:​9, 10) Saa na Yesu ne afoforo pii, a mmabun bebree ka ho, ayɛ wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. (Filipifo 2:8; Adiyisɛm 6:9) Wubetumi ayɛ saa ara. Nanso, ade biako ne sɛ, sɛnea ɛte biara no, ɛsɛ sɛ wugyina ɔfã bi wɔ asɛm yi mu. Wonam wo nneyɛe so bɛkyerɛ sɛ wugyina Satan ahohorabɔ no akyi anaasɛ worema Yehowa anya asɛm abua Satan. Nea ɛwɔ he na wubegyina akyi?

Yehowa Dwen Wo Ho!

11 So nea wobɛpaw no ho hia Yehowa ankasa? So nnipa pii nnii nokware dedaw mmaa no nnyaa mmuae a ɛfata mmaa Satan? Ɛyɛ ampa sɛ Ɔbonsam kae sɛ obiara nni hɔ a ofi ɔdɔ mu som Yehowa, sobo a wɔabua no dedaw sɛ ɛyɛ atoro. Nanso, Yehowa pɛ sɛ wugyina n’afa wɔ tumidi ho ɔsɛmpɔw no mu efisɛ odwen wo ho sɛ ankorankoro. Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ mo agya a ɔwɔ soro no apɛde sɛ nketewa yi mu biako bɛyera.”—Mateo 18:14.

12 Ɛda adi sɛ, ɔkwan a wobɛpaw no ho hia Yehowa. Nea ɛsen saa no, ɛka no. Bible da no adi sɛ Yehowa wɔ atenka a ɛkɔ akyiri, na nneɛma pa anaa nneɛma bɔne a nnipa yɛ no ka no. Sɛ nhwɛso no, bere a Israelfo kɔɔ so tew atua no, ɛyɛɛ Yehowa ‘yaw.’ (Dwom 78:​40, 41) Ansa na Noa bere so Nsuyiri no reba, bere a na “nnipa bɔne dɔɔso pii asase so” no, “ɛyɛɛ [Yehowa] yaw ne komam.” (Genesis 6:​5, 6) Susuw nea eyi kyerɛ no ho hwɛ. Sɛ wofa ɔkwammɔne so a, woma wo Bɔfo no di yaw. Eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn yɛ mmerɛw anaasɛ ne nkate hyɛ ne so. Mmom no, ɔdɔ wo na odwen wo yiyedi ho. Nanso, sɛ woyɛ nea ɛteɛ a, Yehowa koma ani gye. Ɛnyɛ sɛ wanya asɛm foforo abua Satan nko nti na n’ani gye, na mmom, sɛ afei obetumi abɛyɛ wo Katuafo nso. Na ɛyɛ biribi a ɔpɛ sɛ ɔyɛ. (Hebrifo 11:6) Hwɛ Agya a ɔwɔ dɔ a wowɔ sɛ Yehowa Nyankopɔn!

Tweetwee Bible Mu

w04 7/15 21-22

Fa Onyankopɔn Som mu Botae Ahorow Hyɛ Wo Bɔfo no Anuonyam

Susuw sɛnea Yehowa bɔɔ amansan no ho hwɛ. Ɛdenam nsɛm, “na ade sae, na ade kyee” so no, Yehowa hyehyɛɛ mmere ahorow a ɔde bɛbɔ ade no. (Genesis 1:​5, 8, 13, 19, 23, 31) Ansa na adebɔ bere biara mfi ase no, na onim ade a ɔbɛyɛ saa da no yiye. Na Onyankopɔn dii ne botae a ɛne sɛ ɔbɛbɔ nneɛma no ho dwuma. (Adiyisɛm 4:11) Tete agya Hiob kae sɛ: “Nea [Yehowa] kra pɛ na ɔyɛ.” (Hiob 23:13) Hwɛ abotɔyam ara a ɛbɛyɛ sɛ Yehowa nyae sɛ ɔhwɛɛ “nea ɔyɛe nyinaa” na ɔkae sɛ “eye papa” no!—Genesis 1:31.

Sɛ yebetumi adu yɛn botae ho ankasa a, ɛsɛ sɛ yɛn nso yenya ɔpɛ a emu yɛ den sɛ yebedu ho. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛanya ɔpɛ a emu yɛ den saa no? Bere a na asase yɛ sakasaka ne hunu mpo no, Yehowa tumi huu nea ebefi mu aba awiei koraa—abohene fɛfɛ a ɛsɛn wim a ɛde anuonyam ne nidi brɛ no. Saa ara nso na yebetumi adu ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yebewie ade a yɛde asi yɛn anim sɛ yɛbɛyɛ no ho denam mfaso horow a botae no a yebedu ho de bɛba no ho a yebesusuw so. Ɛno ne suahu a Tony a wadi mfe 19 no nyae. Ne werɛ amfi anigye a Yehowa Adansefo baa dwumadibea bi a ɔkɔsraa hɔ wɔ Europa Atɔe fam ma onyae no da. Efi saa bere no, asɛmmisa a ɛkɔɔ so wɔ Tony adwenem ne sɛ, ‘Dɛn na beae a ɛte saa a obi bɛtra asom no bɛma wate nka?’ Tony annyae da sɛ obesusuw tumi a obetumi akɔ hɔ akɔsom no ho, na ɔkɔɔ so peree sɛ obedu saa botae ho. Hwɛ anigye ara a onyae bere a mfe pii akyi no, wɔpenee akwammisa a ɔde kɔe sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔsom wɔ baa dwumadibea hɔ so no!

DECEMBER 11-17

BIBLE MU AKORADE | HIOB 25-27

“Enhia Sɛ Yɛkɔ Pɛyɛ Mu Ansa Na Yɛn Abrabɔ Adi Mu”

it-1 1210 ¶4

Abrabɔ a Edi Mu

Hiob. Yebetumi aka sɛ Hiob tenaa ase wɔ Yosef wu akyi. Saa bere no, na Mose nnya mmɛyɛɛ nipa titiriw. Bible ka Hiob ho asɛm sɛ na “ɔyɛ onipa a ɔteɛ [Hebri, tam] a n’abrabɔ di mu, osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho.” (Hio 1:1) Bere a abɔfo no behyiaam wɔ Onyankopɔn anim wɔ soro no, Onyankopɔn bisaa Satan sɛ wadwen Hiob ho anaa. Ɛno ma yehu sɛ, asɛm a ɛwɔ Yehowa ne Satan ntam no, nokware a nnipa bedi ama Yehowa no ka ho bi. Satan kaa sɛ ɛnyɛ adwempa na Hiob de som Onyankopɔn. Ɔbɔɔ Hiob sobo sɛ, nea obenya afi Onyankopɔn hɔ nti na odi nokware ma no, na ɛnyɛ sɛ ne koma mu paa no, ɔdɔ Onyankopɔn. Ɛno nti, Onyankopɔn maa Satan kwan sɛ obetumi de ne nsa aka Hiob nneɛma. Satan nso amfa anyɛ akwadworɔ koraa; ogyee Hiob agyapade bebree no fii ne nsam san kum ne mma pii so. Nanso nea Satan yɛe yi nyinaa, Hiob kɔɔ so kuraa ne nokwaredi mu. (Hio 1:6–2:3) Afei Satan mmɛka mma yentie a, ose biribiara nkaa Hiob nipadua anaa ne were, ɛno nti na ne mma no wu ne n’agyapade a ɔhweree no ansɛe ne nokwaredi no. (Hio 2:​4, 5) Enti, Onyankopɔn maa Satan kwan ma ɔde yare yayaayaw bi a ɛwewe nipadua bɔɔ Hiob. Ne yere nso ka kyerɛɛ no sɛ onnyae Onyankopɔn akyi di. Ɛno pa ho a, ne nnamfo nso kyinkyim Onyankopɔn asɛm kasa tiaa no yayaayaw sɛ, ne bɔne nti na Onyankopɔn retwe n’aso. (Hio 2:​6-13; 22:​1, 5-11) Ne nyinaa akyi no, Hiob kaa sɛ ne nokwaredi paa de, ɔrennyaa mu nnɛ, nnyaa mu kyena. Ɔkaa sɛ, “Mɛkɔ so ama m’abrabɔ adi mu akosi sɛ mewu! Mekura me trenee mu denneennen, na merennyaa mu da; me koma remmu me fɔ me nkwa nna nyinaa.” (Hio 27:​5, 6) Sɛnea Hiob maa n’abrabɔ dii mu kosii awiei no kyerɛ sɛ, Onyankopɔn tamfo no yɛ ɔtorofo.

w19.02 3 ¶3-5

Kura Wo Mũdi Mu!

3 Dɛn na Onyankopɔn asomfo yɛ de kyerɛ sɛ wokura wɔn mũdi mu? Ɛne sɛ wɔde wɔn koma nyinaa dɔ Yehowa, na wɔde wɔn ho ma no koraa, enti wɔyɛ nea ɛsɔ n’ani bere nyinaa. Yɛnhwɛ sɛnea wɔde asɛmfua mũdi adi dwuma wɔ Bible mu ho nsɛm kakra. Bible mu no, Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “mũdi” no kyerɛ: biribi a edi mũ, ɛte apɔw, anaa ɛyɛ mua. Ɛho nhwɛso ni. Ná Israelfo no de mmoa bɔ afɔre ma Yehowa. Mose Mmara no kaa sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde mmoa a wɔte apɔw na ɛyɛ saa. (Lev. 22:​21, 22) Onyankopɔn amma ne nkurɔfo kwan sɛ wɔmfa aboa a ne nan baako atwa, n’aso baako nni hɔ, anaa n’ani baako abɔ mmɔ afɔre; saa ara nso na na ɛnsɛ sɛ wɔde aboa a ɔyare bɔ afɔre. Ná ehia Yehowa pa ara sɛ wɔde aboa a odi mũ, ɔte apɔw, anaa dɛm biara nni ne ho bɛbɔ afɔre. (Mal. 1:​6-9) Yebetumi ahu nea enti a Yehowa pɛ biribi a edi mũ anaa biribi a dɛm biara nni ho. Sɛ yɛtɔ biribi a, sɛ ɛyɛ aduaba oo, nhoma oo, adwinnade oo, yɛmpɛ nea ɛho abobɔ ntokuru anaa nea n’afã bi atutu. Yɛpɛ nea edi mũ a asɛm biara nni ho. Saa ara nso na sɛ ɛba ɔdɔ a yɛbɛda no adi akyerɛ Yehowa ne nokware a yebedi ama no a, ɔpɛ sɛ ɛyɛ nea edi mũ a asɛm biara nni ho.

4 Ɛsɛ sɛ yenya adwene sɛ, ɛsɛ sɛ yɛyɛ pɛ ansa na yɛatumi akura yɛn mũdi mu anaa? Ebia yebenya adwene sɛ yɛtɔ sin pa ara, anaa mpo, yedi mfomso pii. Yɛnhwɛ nneɛma mmienu a enti ɛnsɛ sɛ yenya saa adwene no. Nea edi kan, Yehowa mfa n’adwene nsi yɛn mfomso so. N’Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ: “O Yah, sɛ mfomso na wohwɛ a, O Yehowa, anka hena na obegyina?” (Dw. 130:3) Onim sɛ yɛyɛ nnipa a yɛtɔ sin, na bɔne wɔ yɛn ho, na oyi ne yam de yɛn bɔne kyɛ yɛn. (Dw. 86:5) Nea ɛto so mmienu, Yehowa nim nea yebetumi ayɛ ne nea yentumi nyɛ, enti ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ nea ɛboro yɛn ahoɔden so. (Kenkan Dwom 103:​12-14.) Ɛnde, dɛn na ɛbɛkyerɛ sɛ yedi mũ anaa asɛm biara nni yɛn ho wɔ Yehowa ani so?

5 Ɔdɔ ho hia na ama Yehowa asomfo atumi akura wɔn mũdi mu. Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn ne yɛn ho a yɛde ama no koraa sɛ yɛn soro Agya no, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea edi mũ, anaa nea asɛm biara nni ho. Sɛ yehyia sɔhwɛ na ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no anhinhim a, ɛkyerɛ sɛ yekura yɛn mũdi mu. (1 Be. 28:9; Mat. 22:37) Momma yɛnsan nhwɛ Adansefo mmiɛnsa a yɛkaa wɔn ho asɛm mfiase no. Adɛn nti na wɔyɛɛ wɔn ade sɛnea wɔyɛe no? Yemmisa sɛ, abeawa no mpɛ sɛ ogye n’ani wɔ sukuu, anaa aberante no pɛ sɛ wogu n’anim ase wɔ afie afie asɛnka mu, anaa ɔbarima a ɔwɔ abusua no pɛ sɛ n’adwuma fi ne nsa? Ɛnte saa koraa. Mmom, wonim sɛ Yehowa akwankyerɛ teɛ, na wɔayɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛyɛ nea ɛsɔ wɔn soro Agya no ani. Esiane sɛ wɔdɔ Yehowa nti, bere nyinaa ansa na wobesi gyinae bi no, wodi kan susuw no ho. Wɔyɛ saa a, wɔda no adi sɛ wokura wɔn mũdi mu.

Tweetwee Bible Mu

w16.11 9 ¶3

Onyankopɔn Nam N’Asɛm So Ama Yɛanya Nhyehyɛe Pa

3 Nneɛma a Onyankopɔn abɔ ma yehu sɛ ɔno na ɔyɛ nhyehyɛe pa sen obiara. Bible ka sɛ: “Yehowa de nyansa na ɛtoo asase fapem. Nhumu so na ɔnam de ɔsoro tim hɔ.” (Mmeb. 3:19) Onyankopɔn “nnwuma mu ketewaa bi” na yenim, “na ne ho asɛm kakraa bi na atwa onipa asom!” (Hiob 26:14) Nanso, nneɛma kakra a yenim fa okyinnsoromma, nsoromma, ne nsoromma akuw ho no ma yehu sɛ, wɔahyehyɛ abɔde a ɛwɔ wim no kama. (Dw. 8:​3, 4) Yɛka nsorommakuw a, ɛyɛ nsoromma ɔpepem pii a ɛnenam wim a emu biara mpem ne yɔnko. Okyinnsoromma a ɛwɔ yɛn nsorommakuw no mu no twa owia ho hyia, na emu biara nam ne kwan so pɛpɛɛpɛ te sɛ nea ɛredi karka ho mmara so! Sɛnea biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ amansan yi mu no boro adwene ne ntease so. Ɛma yehu sɛ Yehowa a “ɔde nyansa yɛɛ ɔsoro” ne asase no fata sɛ yeyi no ayɛ, yedi no nokware, na yɛsom no.—Dw. 136:​1, 5-9.

DECEMBER 18-24

BIBLE MU AKORADE | HIOB 28-29

“Wowɔ Din Pa Te Sɛ Hiob?”

w02 5/15 22 ¶19

Da Adɔe Adi Kyerɛ Wɔn A Ahia wɔn

19 Bible kyerɛwtohɔ a yɛasusuw ho no nso si so dua sɛ ɛsɛ sɛ wɔda adɔe adi kyerɛ wɔn a wontumi nni wɔn ankasa ahiade ho dwuma no. Ná Abraham hia Betuel mmoa na ama n’anato no akɔ so. Ná Yakob behia Yosef mmoa na ama wɔde n’amu no akɔ Kanaan. Ná Naomi hia Rut mmoa na ama wanya ɔdedifo. Na Abraham, Yakob, anaasɛ Naomi mu biara rentumi nni saa ahiade no ho dwuma a wɔrenhia mmoa. Saa ara na nnɛ, ɛsɛ sɛ wɔda adɔe adi titiriw kyerɛ wɔn a ahia wɔn no. (Mmebusɛm 19:17) Ɛsɛ sɛ yesuasua tete agya Hiob a ɔboaa “ɔmanehunufo a osũ frɛ ɔboafo, ne ayisaa ne nea onni boafo” ne “nea ɔyɛ ayera” no. Hiob san maa ‘ɔbea kunafo nyaa abotɔyam’ na ɔbɛyɛɛ ‘aniwa maa onifuraefo ne nan maa apakye.’—Hiob 29:​12-15.

it-1 655 ¶10

Ataade

Bible taa de ntaade gyina hɔ ma biribi. Ntaade bi wɔ hɔ a, sɛ wuhu sɛ obi hyɛ bi a, ɛma wuhu sɛ ɔdɔm kuw bi anaa ɔtaa kuw bi akyi. Saa ara nso na sɛ Bible pɛ sɛ ɛkyerɛ nipa kõ a obi yɛ a, etumi ka sɛ ɔhyɛ ataade wei anaa wei. Ɛho nhwɛso ne Yesu mfatoho a ɛfa ayeforo ataade ho no. (Mt 22:​11, 12) Yɛhwɛ Adiyisɛm 16:​14, 15 nso a, Awurade Yesu Kristo kaa sɛ yɛnhwɛ yiye na yɛanna wɔ honhom fam. Anyɛ saa a, wɔbɛworɔ ataade a ɛhyɛ yɛn no, kyerɛ sɛ, ade a ɛhyɛ yɛn nsow sɛ yɛyɛ nokware Nyankopɔn no adansefo anokwafo no, yɛbɛhwere. Ɛno nso de, ɛrenyɛ asɛmpa koraa, ɛnkanka saa bere yi a “ade nyinaa so Tumfo Nyankopɔn da kɛse no mu ko” no abɛn pɛɛ yi.

w09 2/1 15 ¶3-4

Wote Obi Din a, Dɛn Na Ɛba Wo Tirim?

Sɛ yɛwo yɛn foforo a, ɛnyɛ yɛn na yɛkyerɛ din a yɛn awofo mfa nto yɛn. Nanso, sɛ yebenya din pa oo, yebenya dimmɔne oo, ɛno de, yɛn suban na ɛbɛkyerɛ. (Mmebusɛm 20:11) Bisa wo ho sɛ: ‘Sɛ Yesu anaa n’asomafo no wɔ ha na wɔrehwɛ me suban a, edin bɛn na anka wɔde bɛto me? Me ara mehwɛ me suban a, anka edin bɛn paa na ɛbɛfata me?’

Ɛsɛ sɛ obiara dwen asɛm yi ho yiye paa. Adɛn ntia? Ɔhene nyansafo Solomon kyerɛwee sɛ, “Hwehwɛ din pa, na ɛnyɛ ahonyade pii.” (Mmebusɛm 22:1) Sɛ wɔn a yɛne wɔn te no bɔ yɛn din pa a, ɛyɛ agyapade kɛse paa. Nanso, sɛ yenya din pa wɔ Onyankopɔn anim a, ɛno de, ɛkyɛn biribiara; ɛyɛ agyapade a ɛtena hɔ daa. Adɛn ntia? Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, wɔn a wɔsuro no no, ɔbɛkyerɛw wɔn din wɔ ne “nkae nhoma” mu, na ɔbɛma wɔanya daa nkwa ho anidaso.—Malaki 3:16; Adiyisɛm 3:5; 20:​12-15.

Tweetwee Bible Mu

g00 7/8 11 ¶3

Serew—Eye Ma Wo!

So ɛho hia sɛ obi bɛserew? So wokae bere bi a obi serew maa wunyaa ahotɔ anaasɛ akomatɔyam no? Anaasɛ bere bi a wanserew nti wohawee anaa wobotowee mpo no? Yiw, serew ho hia. Enya nea ɔreserew no ne nea wɔreserew akyerɛ no no nyinaa so nkɛntɛnso. Bible mu nipa Hiob kaa n’atamfo ho asɛm sɛ: “Meserew mekyerɛ wɔn a anidaso abɔ wɔn, na m’anim a ɛtew no, wɔmma engu ase.” (Hiob 29:24) Hiob “anim a ɛtew no” betumi akyerɛ sɛnea na n’ani agye afa.

DECEMBER 25-31

BIBLE MU AKORADE | HIOB 30-31

“Dɛn Na Hiob Yɛe a Ɛmaa N’abrabɔ Ho Tewee?”

w10 4/15 21 ¶8

Mmfa W’aniwa Nnhwɛ Ahuhude!

8 Aniwa akɔnnɔ ne honam akɔnnɔ tumi nya nokware Kristofo nso so nkɛntɛnso. Enti, Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ yɛnhyɛ yɛn ho so wɔ nea yɛhwɛ ne yɛn akɔnnɔ ho. (1 Kor. 9:​25, 27; monkenkan 1 Yohane 2:​15-17.) Ɔtreneeni Hiob hui sɛ nea onipa hu tumi ma onya ho akɔnnɔ paa. Ɔkae sɛ: “Apam na me ne m’aniwa ayɛ. Enti ɛbɛyɛ dɛn na matumi de m’adwene akɔ ɔbaabun so?” (Hiob 31:1) Hiob ne ɔbea biara ammu ɔbra bɔne, na saa ara nso na wamfa n’adwene ankɔ nsusuwii a ɛte saa so mpo. Yesu sii so dua sɛ ɛsɛ sɛ yeyi ɔbrasɛe ho adwene biara fi yɛn tirim. Ɔkae sɛ: “Obiara a ɔbɛkɔ so ahwɛ ɔbea anya akɔnnɔ ama no no asɛe aware dedaw ne koma mu.”—Mat. 5:28.

w08 9/1 11 ¶4

Susuw Sɛnea ‘Ebewie’ no Ho

Ansa na wubetu anammɔn a ɛte saa no, bisa wo ho sɛ, ‘Eyi bewie me dɛn?’ Sɛ wugye bere kakra susuw sɛnea ‘ebewie’ no ho a, ɛbɛma woakwati ɔhaw a ebetumi afi nneyɛe a ɛte saa mu aba no. AIDS ne nna mu nyarewa afoforo, nyinsɛn a wɔnhwɛ kwan, nyinsɛn a wɔsɛe no, obi abusua a ɛsɛe, ne obi ahonim a ɛhaw no no nyinaa yɛ ɔhaw ahorow a wɔn a wobu wɔn ani gu Onyankopɔn akwankyerɛ so nnɛ no hyia. Ɔsomafo Paulo kaa sɛnea ebewie wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu no ho asɛm pefee. ‘Wɔrennya Onyankopɔn ahenni.’—1 Korintofo 6:​9, 10.

w10 11/15 5-6 ¶15-16

Mmabun—Momma Onyankopɔn Asɛm Nkyerɛ Mo Kwan

15 Bere bɛn paa na wususuw sɛ wɔbɛsɔ nokware a wudi ma Onyankopɔn no ahwɛ—bere a wo ne afoforo wɔ hɔ, anaasɛ bere a wo nkutoo wɔ baabi? Nokwarem no, sɛ wowɔ sukuu mu anaa adwuma mu a, ɛda adi sɛ woma w’ani da hɔ wɔ biribiara a ebetumi asɛe wo ne Onyankopɔn ntam no ho. Ɛyɛ bere a woregye w’ahome na w’ani nna wo ho so no na ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wɔbɛsɔ wo ahwɛ wɔ abrabɔ fam.

16 Sɛ wo nkutoo wɔ baabi a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ osetie ma Yehowa? Kae saa asɛm yi: Wubetumi ama Yehowa werɛ ahow anaasɛ woama ne koma atɔ ne yam. (Gen. 6:​5, 6; Mmeb. 27:11) Nneɛma a woyɛ no ka Yehowa, efisɛ ‘odwen wo ho.’ (1 Pet. 5:7) Ɔpɛ sɛ woyɛ osetie ma no sɛnea ɛbɛyɛ a ebesi wo yiye. (Yes. 48:​17, 18) Bere a Yehowa asomfo a wɔtenaa ase wɔ tete Israel no mu binom buu wɔn ani guu n’afotu so no, wɔma odii yaw. (Dw. 78:​40, 41) Nanso, Yehowa dɔɔ odiyifo Daniel kɛse, efisɛ ɔbɔfo bi frɛɛ no ‘ɔbarima a wɔpɛ n’asɛm paa.’ (Dan. 10:11) Dɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ baguam nkutoo na Daniel kɔɔ so dii Onyankopɔn nokware, na mmom bere a na ɔno nkutoo wɔ baabi nso.—Monkenkan Daniel 6:10.

Tweetwee Bible Mu

w05 11/15 11 ¶3

Ɔdɔ Mu a Wofi Tie Asɛm

Anyɛ yiye koraa no ɔbarima Hiob nnamfonom no tee nsɛm pii a ɔkae no mu edu. Nanso, Hiob teɛɛm sɛ: “Oo, sɛ anka menya obi a obetie me ɛ!” (Hiob 31:35) Dɛn ntia? Efisɛ wannya awerɛkyekye biara amfi n’asɛm a wotiei no mu. Wɔannwen Hiob ho na wɔampɛ sɛ wɔbɛte sɛnea ɔte nka no ase. Akyinnye biara nni ho sɛ na wonni tema sɛ atiefo a wɔwɔ ayamhyehye. Nanso ɔsomafo Petro tu fo sɛ: “Mo nyinaa nyɛ adwene koro, na munnya tema, onuadɔ, ayamhyehye, ne ahobrɛase adwene.” (1 Petro 3:8) Yɛbɛyɛ dɛn ada tema adi? Ɔkwan biako ne sɛ yebesusuw ɔfoforo no nkate ho na yɛabɔ mmɔden sɛ yɛbɛte n’ase. Nsɛm a ɛkyerɛ tema te sɛ “ɛbɛyɛ yaw paa” anaasɛ “wɔante wo ase” a yɛbɛka no yɛ ɔkwan biako a yɛfa so kyerɛ sɛ yedwen onii no ho. Ɔkwan foforo nso ne sɛ yɛde yɛn ankasa nsɛm bɛkyerɛkyerɛ onii no asɛm mu, na ɛno bɛkyerɛ sɛ yɛtee nea ɔkae no ase. Ɔdɔ mu a yebefi atie asɛm no nkyerɛ sɛ yebetie nsɛmfua kɛkɛ na mmom sɛ́ yebehu onii no nkate nso.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena