Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 157
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Atoyerɛnkyɛm Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Na Bible Ka Fa Atoyerɛnkyɛm Ho?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Adɛn nti na yebetumi aka pa ara sɛ atoyerɛnkyɛm nyɛ asotwe a efi Onyankopɔn hɔ?
  • Atoyerɛnkyɛm yɛ awiei bere no ho sɛnkyerɛnne anaa?
  • Wɔn a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho akã no, ɔkwan bɛn na Onyankopɔn fa so boa wɔn?
  • Bible betumi aboa yɛn ama yɛahu sɛnea yebesiesie yɛn ho ansa na atoyerɛnkyɛm asi anaa?
  • So Atoyerɛnkyɛm Yɛ Asotwe A Efi Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Asiane—So Efi Onyankopɔn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
  • Bere a Asiane a Emfi Nnipa Asi No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Asiane Ahorow—Mmere No Ho Sɛnkyerɛnne?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 157
Abusua bi rehwɛ sɛnea atoyerɛnkyɛm bi asɛe mpɔtam a wɔte

Dɛn Na Bible Ka Fa Atoyerɛnkyɛm Ho?

Nea Bible ka

Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma atoyerɛnkyɛm a ɛrekɔ so nnɛ no sisi, nanso odwen wɔn a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho akã no ho. Ade baako a Onyankopɔn Ahenni no beyi afi hɔ ne atoyerɛnkyɛm, efisɛ ɛma yehu amane. Nanso seesei, Onyankopɔn kyekye wɔn a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho akã no werɛ.—2 Korintofo 1:3.

  • Adɛn nti na yebetumi aka pa ara sɛ atoyerɛnkyɛm nyɛ asotwe a efi Onyankopɔn hɔ?

  • Atoyerɛnkyɛm yɛ awiei bere no ho sɛnkyerɛnne anaa?

  • Wɔn a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho akã no, ɔkwan bɛn na Onyankopɔn fa so boa wɔn?

  • Bible betumi aboa yɛn ama yɛahu sɛnea yebesiesie yɛn ho ansa na atoyerɛnkyɛm aba anaa?

  • Kyerɛwnsɛm a ebetumi akyekye wɔn a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho akã no werɛ

Adɛn nti na yebetumi aka pa ara sɛ atoyerɛnkyɛm nyɛ asotwe a efi Onyankopɔn hɔ?

Ɛsono atoyerɛnkyɛm, ɛnna ɛsono sɛnea Onyankopɔn de abɔde mu nneɛma bi sɛe ade. Yɛnhwɛ ho nhwɛso wɔ Bible mu.

  • Atoyerɛnkyɛm si a, obiara tumi pira anaa owu. Nanso Bible ma yehu sɛ, bere bi a Onyankopɔn de abɔde mu nneɛma bi dii dwuma de sɛee ade no, oyiyii mu; wankum abɔnefo ne apapafo nyinaa amfra. Sɛ nhwɛso no, bere a Onyankopɔn sɛee tete kurow Sodom ne Gomora no, ogyee ɔtreneeni Lot ne ne mmabea baanu no nkwa. (Genesis 19:29, 30) Onyankopɔn hwɛɛ nnipa a wɔwɔ hɔ no komam, na wɔn a wɔyɛ abɔnefo no nko ara na ɔsɛee wɔn.—Genesis 18:23-32; 1 Samuel 16:7.

  • Atoyerɛnkyɛm rebesi a, emu kakraa bi na nnipa taa hu. Nanso ansa na Onyankopɔn de abɔde mu nneɛma bi rebɛsɛe abɔnefo no, odii kan bɔɔ wɔn kɔkɔ. Wɔn a wotiee kɔkɔbɔ no nyaa wɔn ti didii mu.—Genesis 7:1-5; Mateo 24:38, 39.

  • Ɔkwan bi so no, nnipa ka ho bi na atoyerɛnkyɛm taa sisi. Ɔkwan bɛn so? Ebi ne asase a wɔsɛe no, adan a wosisi wɔ mmeae a asasewosow betumi asi, nsu betumi ayiri afa hɔ, ne mmeae a wim tebea no nyɛ papa. (Adiyisɛm 11:18) Ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma nnipa sisi saa gyinae no, enti atoyerɛnkyɛm si a, ɛnsɛ sɛ yɛde hyɛ no.—Mmebusɛm 19:3.

Atoyerɛnkyɛm yɛ awiei bere no ho sɛnkyerɛnne anaa?

Yiw. Bible nkɔmhyɛ kyerɛ sɛ ‘mmere a ɛwɔ hɔ yi awiei’ anaa “nna a edi akyiri mu no,” atoyerɛnkyɛm ahorow besisi. (Mateo 24:3; 2 Timoteo 3:1) Sɛ nhwɛso no, bere a Yesu reka nneɛma a ebesisi wɔ yɛn bere yi mu no, ɔkaa sɛ: “Na aduankɔm ne asasewosow bɛba mmeaemmeae.” (Mateo 24:7) Ɛrenkyɛ, Onyankopɔn beyi nneɛma a ɛma yedi yaw na yehu amane no nyinaa afi hɔ; atoyerɛnkyɛm ka ho.—Adiyisɛm 21:3, 4.

Wɔn a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho akã no, ɔkwan bɛn na Onyankopɔn fa so boa wɔn?

  • Onyankopɔn nam n’Asɛm Bible no so kyekye wɔn werɛ. Bible ma yenya awerɛhyem sɛ Onyankopɔn dwen yɛn ho, na sɛ yehu amane a, ɔte nka ma yɛn. (Yesaia 63:9; 1 Petro 5:6, 7) Ɛsan nso ma yehu sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ bere bi bɛba a atoyerɛnkyɛm rensisi bio.—Hwɛ asɛm a ɛne “Kyerɛwnsɛm a ebetumi akyekye wɔn a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho akã no werɛ.”

  • Onyankopɔn nam n’asomfo so boa wɔn. Onyankopɔn ma n’asomfo a wɔwɔ asase so no suasua Yesu nhwɛso no. Wɔhyɛɛ Yesu ho nkɔm sɛ ɔbɛkyekye wɔn a ‘wɔn koma abubu’ ne ‘wɔn a wodi awerɛhow no nyinaa’ werɛ. (Yesaia 61:1, 2) Onyankopɔn asomfo nso bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ saa.—Yohane 13:15.

    Afei nso, Onyankopɔn nam n’asomfo so boa wɔn a atoyerɛnkyɛm adi wɔn nya no ma wɔn nsa ka nnuan, nsu ne nea ɛkeka ho.—Asomafo Nnwuma 11:28-30; Galatifo 6:10.

Yehowa Adansefo resiesie obi fie wɔ Puerto Rico

Atoyerɛnkyɛm bi asi wɔ Puerto Rico, na Yehowa Adansefo resiesie wɔn a wɔn ho akã no bi adan ama wɔn

Bible betumi aboa yɛn ama yɛahu sɛnea yebesiesie yɛn ho ansa na atoyerɛnkyɛm asi anaa?

Yiw. Ɛwom, Bible nyɛ nhoma a ɛka sɛnea ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma atoyerɛnkyɛm de, nanso afotusɛm wom a ebetumi aboa yɛn. Sɛ nhwɛso no:

  • Hu atoyerɛnkyɛm a ebetumi asisi, na di kan siesie wo ho. Bible ka sɛ, “Onitefo ne nea ohu mmusu na ɔde ne ho hintaw.” (Mmebusɛm 22:3) Nyansa wom sɛ yebedi kan asiesie yɛn ho ansa na asiane bi asi. Ebi ne sɛ wobɛpɛ nneɛma kakraa bi te sɛ aduan, nsu, nnuru ne nea ɛkeka ho agu bag bi mu. Sɛ biribi si mpofirim ara a, womaa so ara na woresen. Afei nso, ɛsɛ sɛ wone w’abusua hu baabi a mubehyiam bere a atoyerɛnkyɛm bi asi no.

  • Ma wo nkwa ho nhia wo nsen w’agyapade. Bible ma yehu sɛ: “Yɛamfa hwee amma wiase, na yɛrentumi nso mfa hwee mfi mu nkɔ.” (1 Timoteo 6:7, 8) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ yebeguan agyaw yɛn agyapade ne yɛn afie hɔ na yɛanya yɛn ti adidi mu. Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛn nkwa ho hia pa ara sen asetena mu agyapade biara.—Mateo 6:25.

Kyerɛwnsɛm a ebetumi akyekye wɔn a atoyerɛnkyɛm ama wɔn ho akã no werɛ

Genesis 18:25: ‘[Onyankopɔn] rentumi nni asɛm a ɛte saa, sɛ obekum ɔtreneeni aka ɔbɔnefo ho. So asase nyinaa temmufo no renyɛ nea ɛteɛ anaa?’

Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn yɛ nea ɛteɛ daa; sɛ atoyerɛnkyɛm bi si na apapafo wu a, yɛrentumi mfa nhyɛ no.

Dwom 46:1, 2: “Onyankopɔn ne yɛn guankɔbea ne yɛn ahoɔden, ahohia mu boafo a ɔwɔ hɔ daa. Ɛno nti sɛ asase sesa mpo a, yɛrensuro.”

Nea ɛkyerɛ: Ɛmfa ho nea ebesi biara, yebetumi de yɛn ho ato Onyankopɔn so sɛ ɔnhyɛ yɛn den.

Yesaia 63:9: “Bere a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.”

Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn hu sɛ yɛrehu amane a, ɔte nka ma yɛn.

Yohane 5:28, 29: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa bɛte [Yesu] nne na wɔafi adi.”

Nea ɛkyerɛ: Yebetumi anya anidaso sɛ yebehu yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio, efisɛ Onyankopɔn bɛma Yesu tumi a ɔde benyan wɔn.

1 Petro 5:6, 7: “Mommrɛ mo ho ase nhyɛ Onyankopɔn nsa a tumi wom no ase . . . na montow mo dadwen nyinaa ngu no so, efisɛ odwen mo ho.”

Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn dwen yɛn ho pa ara na ɔpɛ sɛ yɛka yɛn dadwen ho asɛm kyerɛ no wɔ mpaebɔ mu.

Adiyisɛm 21:4: “[Onyankopɔn] bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa, na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio. Kan nneɛma no atwam.”

Nea ɛkyerɛ: Onyankopɔn beyi nneɛma a ɛma yehu amane no nyinaa afi hɔ; atoyerɛnkyɛm ka ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena