Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • th adesua 8 kr. 11
  • Fa Mfatoho Kyerɛkyerɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa Mfatoho Kyerɛkyerɛ
  • Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Wankasa Ankyerɛ Wɔn a Wanyɛ Mfatoho”
    “Bra Bedi M’akyi”
  • “Wankwati Bɛ Anka Asɛm Biara Ankyerɛ Wɔn”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Yɛn Nkyerɛkyerɛ A Yɛbɛma Anya Nkɔso—Denam Mfatoho A Yɛde Bedi Dwuma Yiye So
    Yɛn Ahenni Som—1984
  • Ma Nhumu Ne Kasadɛ Mmra Wo Nkyerɛkyerɛ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Ma W’ani Nku Akenkan Ne Ɔkyerɛkyerɛ Ho
th adesua 8 kr. 11

ADESUA 8

Fa Mfatoho Kyerɛkyerɛ

Kyerɛwsɛm

Mateo 13:34, 35

NSƐNTITIRIW: Nea ɛbɛma wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn no, fa mfatoho a ɛda fam na w’atiefo ani begye ho kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw mu.

SƐNEA WOBƐYƐ NO:

  • Paw mfatoho a ɛda fam. Te sɛ Yesu no, fa nneɛma nketenkete kyerɛkyerɛ nneɛma akɛse mu, na fa nsɛm a asete nyɛ den kyerɛkyerɛ nsɛm a asete yɛ den mu. Mfa nsɛm a ɛho nhia nhyehyɛ mfatoho no mu mma ɛnyɛ nwonworann. Hwɛ sɛ nsɛm a ɛwɔ wo mfatoho no mu ne asuade a worekyerɛkyerɛ mu no hyia pɛpɛɛpɛ, anyɛ saa a nsɛm a ɛho nhia wɔ mfatoho no mu no bɛtwetwe w’atiefo adwene.

    Afotusɛm bi a ɛbɛboa wo

    Fa w’ani to fam. Hwɛ nneɛma a atwa wo ho ahyia, kenkan asafo nhoma ahorow, na tie akasafo a wonim nkyerɛkyerɛ. Bere a woreyɛ saa no, hwehwɛ mfatoho ahorow a wubetumi de adi dwuma ama wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn. Kyerɛw mfatoho a wubenya no to hɔ na fa sie.

  • Hwɛ nea ɛbɛboa w’atiefo. Nneɛma a w’atiefo yɛ no daa na wɔn ani gye ho no, ɛno na fa yɛ mfatoho. Hwɛ yiye na wo mfatoho no anhyɛ w’atiefo no aniwu anaasɛ anhaw wɔn.

  • Nsɛntitiriw no na ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ mu. Ɛnyɛ asɛm biara na ɛsɛ sɛ woma ho mfatoho, na mmom fa mfatoho kyerɛkyerɛ nsɛntitiriw no mu. Ɛnyɛ mfatoho no kɛkɛ na ɛsɛ sɛ w’atiefo no kae, na mmom ɛsɛ sɛ wohwɛ sɛ w’atiefo bɛkae nsɛntitiriw a worekyerɛkyerɛ mu no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena