Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwbr25 January kr. 1-10
  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma” Nhwehwɛmu
  • Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2025
  • Nsɛmti Nketewa
  • JANUARY 6-12
  • JANUARY 13-19
  • JANUARY 20-26
  • JANUARY 27–FEBRUARY 2
  • FEBRUARY 3-9
  • FEBRUARY 10-16
  • FEBRUARY 17-23
  • FEBRUARY 24–MARCH 2
Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu—2025
mwbr25 January kr. 1-10

Abrabɔ Ne Asɛnka Adesua Nhoma Nhwehwɛmu

© 2024 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania

JANUARY 6-12

BIBLE MU AKORADE DWOM 127-134

Awofo—Monkɔ So Nhwɛ Mo Agyapade a Ɛsom Bo No So Yiye

w21.08 5 ¶9

Hokwan a Wowɔ Wɔ Yehowa Abusua Mu No, Ma Ɛnsom Bo Mma Wo

9 Yehowa ama nnipa tumi a wɔde wo, na ɔde ahyɛ wɔn nsa nso sɛ wɔnkyerɛkyerɛ wɔn mma ma wɔnnɔ no, na wɔnsom no. Sɛ woyɛ ɔwofo a, ɛyɛ a wokyerɛ akyɛde soronko yi ho anisɔ? Ɛwom sɛ Yehowa ahyira abɔfo no paa de, nanso wamfa hokwan yi amma wɔn. Enti sɛ woyɛ ɔwofo a, ma hokwan a woanya de awo mma no nsom bo mma wo paa. Yehowa de adwuma bi a ɛho hia paa ahyɛ awofo nsa sɛ wɔntete wɔn mma wɔ “Yehowa nteɛso ne ne kasakyerɛ mu.” (Efe. 6:4; Deut. 6:5-7; Dw. 127:3) Nea ɛbɛyɛ na awofo atumi ayɛ saa adwuma yi yiye no, Onyankopɔn ahyehyɛde no de Bible mu nsɛm ayɛ nhoma, video ahorow, nnwom ne Intanɛt so nneɛma pii ama wɔn. Biribiara kyerɛ sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no ne ne Ba no pɛ mmofra asɛm paa. (Luka 18:15-17) Sɛ awofo de wɔn ho to Yehowa so, na wɔyɛ nea wobetumi biara de hwɛ wɔn mma a wɔsom bo no a, ɛma Yehowa ani gye paa. Awofo a wɔyɛ saa no, ɛma wɔn mma nya hokwan a wɔde bɛba abɛka Yehowa abusua no ho daa!

w19.12 27 ¶20

Awofo—Montete Mo Mma Ma Wɔnnɔ Yehowa

20 Munhu mo mma yiye. Dwom 127 de mmofra toto agyan ho. (Kenkan Dwom 127:4.) Nneɛma a wɔde yɛ agyan gu ahorow, na ɛsono sɛnea agyan biara kɛse nso te. Mmofra nso, ɛsono sɛnea wɔn mu biara te. Enti ɛsɛ sɛ awofo hu sɛnea wɔbɛtete wɔn ba biara. Awarefo bi a wɔwɔ Israel atumi atete wɔn mma mmienu ama wɔresom Yehowa. Wɔka nea ɛboaa wɔn no ho asɛm sɛ, “Yɛne yɛn mma no suaa Bible, nanso na yɛyɛ obiara de nko.” Ɛwom, abusua ti no na ɔbɛhwɛ sɛ ebehia sɛ ɔka ne mma nyinaa bom ne wɔn sua ade anaasɛ ɔbɛyɛ obiara de nko.

Tweetwee Bible Mu

it-1 543

Afifide a Ɛho Nsɛm Wɔ Bible Mu

Obi a ɔkyerɛw Nnwom nhoma a ɛwɔ Bible mu no bi yɛɛ ntotoho bi. Ɔde sɛnea ngodua te no totoo nkurɔfo a wɔsuro Yehowa ho. Odwontofo no hyɛɛ saa nkurɔfo no bɔ sɛ: “Wo mma bɛtenatena wo pon ho ahyia te sɛ ngodua nketewa a ayɛ fɛ.” (Dw 128:1-3) Sɛ okuani pɛ sɛ odua ngodua foforo a, otumi twitwa ngodua no mman de dua. Otumi nso tutu aba a afifi foforo nso de dua. Weinom da nkyɛn a, ngodua tumi bɔ mma nketewa twa ne ho hyia, kyerɛ sɛ, dua no ntini tumi fifi wɔ dua no ase. Wei nti, ngodua ase nhye. Ngodua nketewa no te sɛ mma mmarima a wɔatwa wɔn papa ho ahyia; wɔboa ma anigye tena abusua no mu.

JANUARY 13-19

BIBLE MU AKORADE DWOM 135-137

“Yɛn Awurade Yɛ Kɛse Kyɛn Anyame Nyinaa”

it-2 661 ¶4-5

Tumi, Anwanwadwuma

Sɛnea Onyankopɔn de nneɛma a wabɔ yɛ adwuma no, ɛso bi nni. Ampa ara sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn a, ɛnde ɛsɛ sɛ otumi de nneɛma a wabɔ yɛ adwuma wɔ ɔkwan bi so a obi biara rentumi nyɛ saa. Ɛno na ɛbɛma obiara ahu sɛ ɔno ne Ɔbɔadeɛ no. (Dw 135:5, 6) Owia, bosome, okyinnsoromma, ne nsoromma, emu biara nam ne kwan so pɛpɛɛpɛ. Osu a ɛtɔ, mframa a ɛbɔ, ne wim tebea afoforo nso, ne nyinaa ba wɔ ne bere mu pɛpɛɛpɛ. Ntutummɛ a wɔbom tu yuu, ne nnomaa a wɔtu fi baabi kɔ baabi foforo nso, ne nyinaa kɔ so saa ara wɔ ne bere mu. Nanso wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn ne wɔn a wɔwɔ atorosom mu de, saa nneɛma yi ne nneɛma foforo a ɛkɔ so bere nyinaa no nko ara rentumi mma wɔnnye ntom sɛ Onyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ a ɛfata sɛ obiara som no.

Enti nneɛma a Yehowa Nyankopɔn abɔ no, ɛtɔ da a otumi de yɛ adwuma wɔ ɔkwan soronko so koraa. Ɔtaa yɛ saa wɔ bere pɔtee bi a wahyɛ mu, sɛnea ɛbɛyɛ a biribi pɔtee a wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no bɛba mu. Ɔyɛ saa de di adanse sɛ, ɔno ne nokware Nyankopɔn no. Ɛtɔ da a, nneɛma bi te sɛ ɔpɛ a esi, osubran a ɛtɔ, ne ewim nsakrae foforo a Yehowa ma esi no, ɛnyɛ sɛ na ɛboro so biara saa, nso nea ɛma ɛyɛɛ soronko ne sɛ, ɛmaa nkɔm a Yehowa hyɛe baa mu. (Fa toto 1Ah 17:1; 18:1, 2, 41-45 ho.) Nanso mpɛn pii no, nsɛm a esisii no, na ɛyɛ nea ɛso bi mmae da. Ná ano yɛ den paa, anaa akwan a ɛfaa so sisii no, na ɛyɛ soronko koraa. Afei nso na obiara ntee bi da, anaa bere a esisii no, na obiara nhwɛ kwan sɛ biribi saa betumi asisi.—Ex 9:24; 34:10; 1Sa 12:16-18.

w21.11 6 ¶16

Yehowa Dɔ a Enni Huammɔ No, Dɛn Na Wusua Fi Mu?

16 Sɛ Yehowa yɛ yɛn guankɔbea a, yɛte nka sɛ yɛwɔ ahobammɔ. Nanso ɛtɔ da a, yetumi botow ara ma yegye yɛn ho a, ennye. Ɛba saa a, dɛn na Yehowa bɛyɛ de aboa yɛn? (Kenkan Dwom 136:23.) Ɔde ne basa beso yɛn mu, na wapagyaw yɛn brɛoo, na waboa yɛn ama yɛasan agyina yɛn nan so. (Dw. 28:9; 94:18) Sɛnea ɛboa yɛn: Yenim sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ ma yɛn bere nyinaa. Wei ma yɛkae sɛ wahyira yɛn wɔ akwan mmienu so. Nea edi kan, baabi a yɛte biara no, yenim sɛ Yehowa yɛ guankɔbea ma yɛn. Nea ɛto so mmienu, yɛn Agya a ɔwɔ soro no dɔ yɛn na odwen yɛn ho paa.

Tweetwee Bible Mu

it-1 1248

Yah

Edin “Yah” no, wɔtaa de di dwuma wɔ nsɛm a ɛka koma te sɛ ayeyi ne nnwonto, mpaebɔ ne sufrɛ mu. Sɛ nkonimdi ne ogye bi ba na nkurɔfo redi ahurusi a, wɔtaa de edin “Yah” yɛ adwuma. Afei nso, sɛ nkurɔfo hu sɛ Onyankopɔn de ne nsa a ɛyɛ den ne ne tumi atwitwa agye wɔn a, wɔde edin “Yah” yɛ adwuma de yi no ayɛ. Wei ho nhwɛso pii wɔ Bible mu. Nnwom nhoma no mu no, asɛm “Munyi Yah ayɛ!” (anaa Haleluya) no, ɛyɛ asɛm a wɔka de yi Onyankopɔn ayɛ. Baabi a wɔdii kan de saa asɛm yi yɛɛ adwuma ne Dwom 104:35. Mmeae foforo a asɛm, “Munyi Yah ayɛ!” pue wɔ Nnwom Nhoma no mu no, ebi wɔ hɔ a epue wɔ dwom no ahyɛase nko ara. (Dw 111, 112) Ɛtɔ da a, epue wɔ mfinimfini. (Dw 135:3) Mmere bi wɔ hɔ nso a, epue wɔ dwom no awiei. (Dw 104, 105, 115-117) Nanso mpɛn pii no, epue wɔ dwom no ahyɛase ne n’awiei nyinaa. (Dw 106, 113, 135, 146-150) Adiyisɛm nhoma no mu no, mpɛn pii no, sɛ abɔfo no reyi Yehowa ayɛ a, na wɔde asɛm a ɛne “Munyi Yah ayɛ!” hyehyɛ mu.—Adi 19:1-6.

Mmeae a aka a edin “Yah” pue wɔ Bible mu no, ɛyɛ nnwom a wɔde tontom Yehowa ne nkotosrɛ. Bere a Yehowa gyee Israelfo fii Egyptfo nsam sei, Mose pagyaw ho nnwom. (Ex 15:2) Yesaia nso, ɔde edin mmienu, “Yah” ne “Yehowa” boom yɛɛ adwuma de sii asɛm bi a ɔkyerɛwee so dua. (Yes 12:2; 26:4) Bere a Hesekia gyina owu ne nkwa nkwanta a Yehowa saa no yare anwanwakwan so no, n’ani gyei ara ma ɔbɔɔ edin “Yah” no mprenu wɔ anwensɛm bi a ɔhyehyɛe mu. (Yes 38:9, 11) Bere a Nnwom nhoma no de ateasefo a wɔasi wɔn bo sɛ wɔbeyi Yehowa ayɛ retoto awufo a wɔrentumi nyi no ayɛ ho no, ɛde edin “Yah” yɛɛ adwuma. (Dw 115:17, 18; 118:17-19) Mmeae foforo a “Yah” pue wɔ Nnwom nhoma no mu no, ɛyɛ mpae a ebinom bɔe de kyerɛɛ sɛnea Yehowa gyee wɔn, ɔbɔɔ wɔn ho ban, na ɔtenee wɔn so no ho anisɔ.—Dw 94:12; 118:5, 14.

JANUARY 20-26

BIBLE MU AKORADE DWOM 138-139

Ɛnsɛ Sɛ Ayamhyehye Nti Woka W’ano Tom

w19.01 10 ¶10

Yi Yehowa Ayɛ Wɔ Asafo Mu

10 Bere biara a wobɛyɛ w’adwene sɛ wobɛma wo nsa so ama mmuae no, ɛyɛ a wo yam hyehye wo anaa? Sɛ saa a, ɛnyɛ wo nko ara na ɛyɛ wo saa. Nokwasɛm ne sɛ, sɛ yɛn mu dodow no ara rema mmuae a, ɛyɛ a ehu ka yɛn kakra. Ansa na wubetumi adi saa ehu no so no, ehia sɛ wudi kan hu nea ɛma ehu ka wo no. Wusuro sɛ wo werɛ befi nea wopɛ sɛ woka no, anaa wusuro sɛ woka a wubetĩ? Ɛyɛ a wusuro sɛ worentumi mma mmuae a ɛyɛ papa te sɛ nea afoforo ma anaa? Nokwarem no, saa suro no yɛ adepa. Ɛkyerɛ sɛ, wowɔ ahobrɛase, na wubu afoforo sɛ wɔkyɛn wo. Yehowa ani gye saa suban no ho. (Dw. 138:6; Filip. 2:3) Nanso, Yehowa pɛ sɛ wuyi no ayɛ, na wohyɛ wo nuanom nkuran wɔ asafo nhyiam ase. (1 Tes. 5:11) Yehowa dɔ wo, na ɔbɛma wo akokoduru a wode bɛma mmuae.

w23.04 21 ¶7

Momma Yɛnhyehyɛ Yɛn Ho Nkuran Wɔ Adesua Ase

7 Nyansahyɛ a ɛwɔ Ɔwɛn-Aban a aba dedaw mu no, sɛ wususuw emu bi ho a, ebetumi aboa wo. Ebi ne sɛ wubesiesie wo ho yiye. (Mmeb. 21:5) Sɛ wote nea yɛresusuw ho no ase yiye a, ɛbɛma ayɛ mmerɛw ama wo sɛ wobɛma mmuae. Afei nso, ma wo mmuae no nyɛ tiawa. (Mmeb. 15:23; 17:27) Sɛ woma mmuae ntiantia a, ɛremma wo yam nhyehye wo pii. Sɛ yɛn mmuae no yɛ tiawa, ebia ɔkasamu baako anaa mmienu pɛ a, ebia ɛno mpo bɛyɛ mmerɛw ama anuanom sɛ wɔbɛte ase sen sɛ yɛbɛkeka nsɛntitiriw no nyinaa abom de ama mmuae tenteenten. Sɛ wo ara wode wo nsɛm ma mmuae tiawa a, ɛbɛkyerɛ sɛ woasiesie wo ho yiye, na wote nea moresua no ase paa.

Tweetwee Bible Mu

w97 12/1 kr. 19 ¶15

‘Momfa Nkyekyɛ Mo Ho Daa’

15 Na sɛ afoforo yɛ yɛn bɔne ma ɛhaw yɛn kɛse, ma wonnye wɔn mfomso ntom, nnu wɔn ho, na wɔmpa kyɛw nso ɛ? (Mmebusɛm 28:13) Kyerɛwnsɛm no kyerɛ pefee sɛ Yehowa mfa mfiri abɔnefo a wonnu wɔn ho na wopirim wɔn koma. (Hebrifo 6:4-6; 10:26, 27) Yɛn nso ɛ? Insight on the Scriptures se: “Ɛnsɛ sɛ Kristofo de firi wɔn a wɔboapa de adwemmɔne yɛ bɔne a wonnu wɔn ho no. Saafo no bɛdan Onyankopɔn atamfo.” (Po 1, kratafa 862) Ɛnsɛ sɛ Kristoni biara a wɔasisi no, wɔayɛ no ayayade bi, anaa wɔde atirimɔdenne bi ayɛ no no te nka sɛ kyinkyin ara a, ɛsɛ sɛ ɔde ɔbɔnefo a onnuu ne ho no bɔne firi no anaa ɔde kyɛ no.—Dwom 139:21, 22.

JANUARY 27–FEBRUARY 2

BIBLE MU AKORADE DWOM 140-143

Sɛ Wobɔ Mpae Hwehwɛ Yehowa Mmoa a, Yɛ Ho Adwuma

w22.02 12 ¶13-14

“Tie Anyansafo Nsɛm”

13 Bu afotu sɛ ɛyɛ Yehowa dɔ a ɔreyi no adi akyerɛ wo. Yehowa pɛ sɛ esi yɛn yiye. (Mmeb. 4:20-22) Sɛ ɔfa n’Asɛm no, asafo nhoma bi, anaa onua bi a ne ho akokwaw so tu yɛn fo a, ɛkyerɛ sɛ ɔreyi ne dɔ adi akyerɛ yɛn. Hebrifo 12:9, 10 ka sɛ: “Yɛn yiye mu nti na ɔyɛ saa.”

14 Fa w’adwene si aba a ɛwom no so, ɛnyɛ ɔkwan a wɔfaa so tuu wo fo no. Ɛtɔ da a, yebetumi ate nka sɛ ɔkwan a wɔfaa so tuu yɛn fo no, antwa yiye. Ɛwom, ɛsɛ sɛ ɔfotufo biara bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma n’afotu ayɛ mmerɛw ama nea ɔretu no fo no sɛ obegye atom. (Gal. 6:1) Nanso sɛ obi tu yɛn fo, na ɛyɛ yɛn sɛ ɔkwan a ɔfaa so tuu yɛn fo no antwa yiye mpo a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si aba a ɛwom no so. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Sɛ mempɛ ɔkwan a ɔfaa so tuu me fo no mpo a, enti nokwasɛm biara nni nea ɔkae no mu? Metumi abu m’ani agu ɔfotufo no sintɔ so, na mede m’adwene asi mfaso a ɛwɔ afotu no so mmom?’ Afotu biara a wɔde bɛma yɛn no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛpɛ kwan bi afa so de ayɛ adwuma ma aboa yɛn.—Mmeb. 15:31.

w10 3/15 32 ¶4

Monkɔ So Nnya “Koma A Emu Tew” Wɔ Mmere A Emu Yɛ Den Yi Mu

Nhyɛso a efi asɔretiafo hɔ, sikasɛm mu ahokyere, ne yare a emu yɛ den ama Onyankopɔn asomfo binom abam abu. Bere bi wɔ hɔ a, wɔn koma nso botow. Ɔhene Dawid mpo faa ɔhaw a ɛte saa mu. Ɔkae sɛ: “Me honhom atɔ piti me mu; na me koma nso asen wɔ me mu.” (Dw. 143:4) Dɛn na ɛboaa no ma odii ɔhaw a ɛte saa so? Dawid dwinnwen nea na Onyankopɔn ayɛ ama N’asomfo ne sɛnea na Onyankopɔn agye ɔno ankasa ho. Odwinnwen nea na Yehowa ayɛ wɔ Ne din kɛse ho no ho. Dawid susuw Onyankopɔn nnwuma ho. (Dw. 143:5) Saa ara na yɛn nso sɛ yedwinnwen yɛn Bɔfo no ne nea wayɛ ama yɛn nyinaa ne nea ogu so reyɛ ma yɛn ho a, ɛbɛboa yɛn bere a yɛwɔ sɔhwɛ mu mpo.

w15 3/15 32 ¶2

Ware “Awurade Mu Nko Ara”—Ɛda So Ara Yɛ Adwuma Nnɛ?

Ɛtɔ mmere bi a wobɛte nka te sɛ Dawid a ɔkaa sɛ: “O Yehowa, yɛ ntɛm gye me so. Me honhom asa awie. Mfa w’anim nhunta me.” (Dwom 143:5-7, 10) Mpa abaw. Twɛn Yehowa ma ɔnkyerɛ wo nea ɔpɛ sɛ woyɛ. Kenkan Bible na dwennwen nea wokenkan no ho yiye; woyɛ saa a na woretie Yehowa. Wei bɛboa wo ma woahu nea Yehowa pɛ sɛ woyɛ ne sɛnea waboa n’asomfo a wɔtenaa ase tete no. Sɛ wotie no a, wobɛnya ne mu ahotoso na woakɔ so adi n’asɛm so.

Tweetwee Bible Mu

it-2 1151

Bɔre

Bible Tumi De Gyina Hɔ Ma Biribi Foforo. Atosɛm a nnebɔneyɛfo keka fa nkurɔfo ho de sɛe wɔn din no, ɛhaw adwene ara ma Bible de toto ɔwɔ bɔre a edi awu ho. (Dw 58:3, 4) Aboa ɔwɔ, n’anom na ne bɔre wɔ. Ɛno nti na Bible ka wɔn a wɔsɛe nkurɔfo din no ho asɛm sɛ, “Ahurutoa bɔre wɔ wɔn anom” no. (Dw 140:3; Ro 3:13) Sɛ obi amfa ne tɛkrɛma anyɛ adwuma yiye, na ɔde keka nkurɔfo ho nsɛm sɛe wɔn din, ɔde keka nkurɔfo ho nsɛmmɔne bere a wɔnni hɔ, ɔde kyerɛkyerɛ atosɛm, anaa ɔde keka nsɛm a ɛtete saa a ɛmfata a, yebetumi aka sɛ awuduru ahyɛ n’anom mã, anaa ɔde ne tɛkrɛma ‘redi awu.’—Yak 3:8.

FEBRUARY 3-9

BIBLE MU AKORADE DWOM 144-146

“Anigye Ne Nnipa a Wɔn Nyankopɔn Ne Yehowa!”

w18.04 32 ¶3-4

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

2. Sɛnea yɛakyerɛ asɛmfua no ase wɔ Dwom 144:12 no ne dwom no mu nsɛm nyinaa hyia. Asɛm “ɛno na” a Dwom 144:12 de adi dwuma seesei no boa yɛn ma yɛte ase sɛ nhyira a wɔaka ho asɛm wɔ nkyekyɛm 12 kosi 14 no fa treneefo ho, wɔn a wɔsrɛ sɛ ‘wonnya wɔn ho ntetew, na wonnye wɔn mfi’ abɔnefo nsam no (nkyekyɛm 11). Saa nsakrae yi ama nkyekyɛm 15 no mu ada hɔ yiye. Ɛhɔ no, asɛmfua “anigye” pue mprenu, na sɛnea yɛakyerɛ ase seesei no, ama nsɛm no nyinaa ahyia kama. Ɛno nti, nsɛm mmienu no nyinaa mu no, anigye a wɔka ho asɛm no fa nnipa koro no ara ho. Saa nkurɔfo no ne wɔn a “wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!” Bio nso, kae sɛ, mfitiase Hebri nkyerɛwee no, na kasa mu agyiraehyɛde anaa kasa mu home, te sɛ nkatomde nni mu. Enti, sɛ nkurɔfo rekyerɛ Bible ase a, ɛsɛ sɛ wohu nea Hebri asɛm no kyerɛ ankasa, na wohu sɛ Hebri mu no, wɔde anwensɛm di dwuma pa ara. Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ nsɛm a ɛfa ho nyinaa ne Bible mu nsɛm foforo a ɛfa nea wɔreka no ho.

3. Sɛnea yɛakyerɛ Hebri asɛmfua no ase wɔ nkyerɛase foforo no mu no, ɛne Bible mu nsɛm foforo a ɛhyɛ bɔ sɛ Onyankopɔn behyira ne nkurɔfo anokwafo no hyia. Esiane nsakrae a yɛayɛ wɔ sɛnea yɛakyerɛ asɛmfua asher ase mu no nti, seesei Dwom 144 no ma yɛte anidaso a na Dawid wɔ no ase yiye. Ná Dawid wɔ anidaso pa ara sɛ, sɛ Onyankopɔn gye Israel man no fi wɔn atamfo nsam a, ɔbɛma wɔn ani agye na asi wɔn yiye. (Lev. 26:9, 10; Deut. 7:13; Dw. 128:1-6) Ɛho nhwɛso ni. Deuteronomium 28:4 ka sɛ: “Nhyira bɛka wo yafunum aba ne w’asase so aba ne w’afieboa mma ne w’anantwi mma ne wo nguan mma.” Nokwasɛm ne sɛ, bere a Dawid ba Solomon yɛ ɔhene wɔ Israel no, ɔman no nyaa asomdwoe a na ebi mmae da, na esii wɔn yiye nso. Bio nso, nea ɛkɔɔ so bere a Solomon redi hene no, ɛma yehu nea ɛbɛkɔ so wɔ Mesia no ahenni mu.—1 Ahe. 4:20, 21; Dw. 72:1-20.

w22.10 28 ¶16-17

Kɔ So Ara Hyɛ W’anidaso Mu Den

16 Daa nkwa ho anidaso a yɛwɔ no, ɛyɛ akyɛde a ɛsom bo a efi Onyankopɔn hɔ. Yɛrehwɛ daakye papa bi kwan; yenim sɛ ɛdan sɛ boɔ koraa a ɛbɛba. Ɛte sɛ sɛkyɛ. Sɛ yehyia sɔhwɛ, nkurɔfo tan yɛn ani, anaa wɔde owu hunahuna yɛn mpo a, ɛboa yɛn ma yegyina pintinn. Ɛte sɛ dade kyɛw. Ɛbɔ yɛn adwene ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a yebekyi bɔne, na yɛabata papa ho. Bible mu anidaso a yɛwɔ no twe yɛn bɛn Onyankopɔn, na ɛma yehu sɛ ɔdɔ yɛn paa. Sɛ yɛhyɛ yɛn anidaso mu den a, ɛboa yɛn paa.

17 Krataa a ɔsomafo Paul kyerɛw kɔmaa Romafo no mu no, ɔhyɛɛ wɔn nkuran sɛ: “Munni ahurusi wɔ anidaso no mu.” (Rom. 12:12) Ná Paul betumi adi ahurusi, efisɛ na ɔwɔ awerɛhyem sɛ, sɛ ɔkɔ so di nokware a, obenya daa nkwa wɔ soro. Yɛn nso yebetumi adi ahurusi wɔ yɛn anidaso no mu, efisɛ yegye di paa sɛ Yehowa bɛhwɛ ama ne bɔhyɛ nyinaa aba mu. Odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Anigye ne onipa a . . . n’anidaso ne Yehowa, ne Nyankopɔn, . . . Ɔno na odi nokware bere nyinaa.”—Dw. 146:5, 6.

w18.01 26 ¶19-20

Ɔdɔ Bɛn Na Ɛma Yɛn Ani Gye Ankasa?

19 Nnipa ahu amane bɛyɛ mfe 6,000 wɔ Satan wiase yi mu. Afei, Satan wiase no reba awiei. Nnipa a wɔyɛ ahopɛ anaa wɔdɔ wɔn ho dodo, wɔn a wɔdɔ sika, ne wɔn a wɔdɔ anigyede ahyɛ asase so mã. Wɔyɛ nkurɔfo a nea wɔpɛ nkutoo na wodwen ho, na ɛno ne nea ehia wɔn paa wɔ wɔn asetena mu. Nnipa a wɔte saa ani rentumi nnye ankasa da. Nanso, odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Anigye ne onipa a Yakob Nyankopɔn yɛ ne boafo; nea n’ani da Yehowa, ne Nyankopɔn so.”—Dw. 146:5.

20 Yehowa nkurɔfo dɔ Onyankopɔn paa. Afe biara nnipa pii bɛka wɔn ho. Wei kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni redi tumi, na ɛrenkyɛ biara ɛde nhyira a ɛso bi nni bɛba asase so. Sɛ yɛyɛ nea Onyankopɔn pɛ a, yɛma n’ani gye; yɛn nso, wei ma yɛn ani gye paa. Wɔn a wɔdɔ Yehowa no, wɔn ani begye afebɔɔ! Suban ahorow bi a pɛsɛmenkominya dɔ kɔfa ba no, yɛbɛhwɛ bi wɔ adesua a edi hɔ no mu. Na yebehu nsonsonoe a ɛwɔ saa suban no ne suban pa a Yehowa asomfo da no adi mu.

Tweetwee Bible Mu

it-1 111 ¶9

Mmoa

Bible kyerɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛne mmoa tena yiye, na ɛnsɛ sɛ yɛteetee wɔn. Nokwasɛm ne sɛ, Yehowa ankasa ma yehu sɛ mmoa nkwa ho hia no, na ɔhwɛ ma wɔnya nea wɔhia. (Mme 12:10; Dw 145:15, 16) Ná ɛwɔ Mose Mmara no mu sɛ, ɛsɛ sɛ Israelfo hwɛ wɔn nyɛmmoa so yiye. Sɛ Israelni bi hu sɛ obi aboa ayera a, na ɛsɛ sɛ ɔde aboa no kɔma ne wura. Saa ara nso na sɛ Israelni bi kohu sɛ obi aboa butuw hɔ a nneɛma a ɛsõ no no adɛn no so a, na ɛsɛ sɛ ɔboa ma wɔyi nneɛma no fi aboa no so. (Ex 23:4, 5) Ná ɛnsɛ sɛ wɔma mmoa no yɛ adwuma boro so; ná ɛnsɛ sɛ wɔkyen wɔn kɔm nso. (De 22:10; 25:4) Edu Homeda a, na ɛsɛ sɛ mmoa ne nnipa nyinaa home. (Ex 20:10; 23:12; De 5:14) Mmoa a na wɔbetumi apira nnipa anaa wɔadi awu no, na ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn so yiye anaa wɔkum wɔn. (Ge 9:5; Ex 21:28, 29) Ná ɛsɛ sɛ Israelfo hwɛ na afieboa a ɛsono wɔn mu biara amforo wɔn ho. Ɛho nhwɛso ne sɛ, na ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ ma apɔnkye foro oguan.—Le 19:19.

FEBRUARY 10-16

BIBLE MU AKORADE DWOM 147-150

Yɛwɔ Nneɛma Pii Nti a Ɛsɛ Sɛ Yeyi Yah Ayɛ

w17.07 18 ¶5-6

“Munyi Yah Ayɛ”—Adɛn Ntia?

5 Yehowa kyekyee Israel man no werɛ, na ɔkyekyee ankorankoro biara nso werɛ. Ɛnnɛ nso, Yehowa yɛ saa ara. Odwontofo no kaa Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Wɔn a wɔn koma abubu no ɔsa wɔn yare, na ɔkyekyere wɔn akuru.” (Dw. 147:3) Nokwasɛm ne sɛ, wɔn a wɔyare ne wɔn a wɔabotow nyinaa, Yehowa dwen wɔn ho. Ɛnnɛ, Yehowa ayɛ krado sɛ ɔbɛkyekye yɛn werɛ. Sɛ yɛreteetee nso a, ɔboa yɛn ma yɛn ho dwo yɛn. (Dw. 34:18; Yes. 57:15) Ɔhaw biara a yebehyia no, ɔma yɛn nyansa ne ahoɔden ma yɛde gyina ano.—Yak. 1:5.

6 Afei odwontofo no kaa nneɛma a ɛwɔ soro ho asɛm. Ɔkae sɛ, Yehowa ‘kan nsoromma dodow’ na “ɔbobɔ wɔn nyinaa din frɛfrɛ wɔn.” (Dw. 147:4) Adɛn nti na ɛte sɛ nea odwontofo no asesa asɛm no reka nneɛma a ɛwɔ soro ho asɛm? Susuw wei ho hwɛ: Ná odwontofo no tumi de n’ani hu nsoromma, nanso na onnim ne dodow. Nnansa yi, nyansahu nti yetumi hu nsoromma pii. Ebinom ka sɛ yɛfa yɛn Milky Way nsoromma kuw no nko ara a, nsoromma ɔpepepem pii na ɛwom. Ebetumi aba sɛ nsoromma akuw ɔpepepepem pii na ɛwɔ amansan yi mu! Onipa biara nni hɔ a obetumi akyerɛ nsoromma dodow a ɛwɔ hɔ! Nanso Ɔbɔadeɛ no ama wɔn nyinaa din anaa wahyɛ wɔn nsow. Wei kyerɛ sɛ Yehowa nim sɛnea nsoromma biara te. (1 Kor. 15:41) Nnipa a wɔwɔ asase so nso ɛ? Yɛrekasa yi, Onyankopɔn nim baabi a nsoromma biara wɔ, enti wo nso onim wo paa. Sɛ ɛhe na wowɔ oo, sɛn na wote nka oo, dɛn na wuhia oo, bere bɛn na wuhia dekode no oo, onim ne nyinaa!

w17.07 18 ¶7

“Munyi Yah Ayɛ”—Adɛn Ntia?

7 Yehowa dwen wo ho na onim nea worefa mu. Ɔhaw a worehyia wɔ asetena mu no, ɔwɔ tumi a ɔde bɛboa wo ama woagyina ano. (Kenkan Dwom 147:5.) Tebea a wowom no, ebia wote nka sɛ woyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Onyankopɔn te wo ase na ‘ɔkae sɛ woyɛ mfutuma.’ (Dw. 103:14) Bɔne wɔ yɛn ho, enti yɛtaa di mfomso. Mfomso koro no ara, wobɛhwɛ na yɛasan akɔyɛ bio. Ɛtɔ da a yetumi ka asɛm bi, akyiri yi na yɛanu yɛn ho. Ɛreyɛ ara ni na honam akɔnnɔ retwetwe yɛn, anaa wobɛhwɛ mpo na yɛn ani bere obi ade! Yehowa deɛ, mfomso a ɛte saa biara nni ne ho. Nanso sɛ yɛrefa ɔhaw bi mu a, sɛnea Yehowa te yɛn ase no, yɛrentumi nkyerɛ mu mpo.—Yes. 40:28.

w17.07 21 ¶18

“Munyi Yah Ayɛ”—Adɛn Ntia?

18 Ná odwontofo no nim sɛ Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtenaa ase tete no yɛ soronko. Wɔn nkutoo ne ɔman a Onyankopɔn de “n’asɛm,” ne “n’ahyɛde ne n’atemmusɛm” maa wɔn. (Kenkan Dwom 147:19, 20.) Ɛnnɛ, yɛn nko ara ne nnipa a Onyankopɔn adom yɛn de ne din ato yɛn so. Yɛabehu Yehowa, na yɛde n’Asɛm bɔ yɛn bra. Wei ama yɛabɛn no paa. Sɛnea odwontofo a ɔkyerɛw Dwom 147 yɛe no, yɛn nso yebetumi ateɛm sɛ “Munyi Yah ayɛ,” na yɛahyɛ afoforo nkuran ama wɔayɛ saa ara.

Tweetwee Bible Mu

it-1 316

Nnomaa

Odwontofo no kaa sɛ “ntakraboa” nyi Yehowa ayɛ. (Dw 148:1, 10) Nnomaa de wɔn honamdua ne sɛnea wɔyɛ soronko no na eyi Yehowa ayɛ. Anomaa baako ntakra dodow bɛyɛ 1,000 kosi bɛboro 20,000. Nanso takra biara wɔ biribi a ɛte sɛ dompe a ntakra nketenkete pii tuatua ho. Ntakra nketenkete no nso, wotrɛtrɛw mu a, wubehu ntakra nketewa bi a ɛte sɛ nwi mpempem pii wom. Sɛ yɛfa aborɔnoma takra a ne tenten bɛyɛ nsateakwaa nsia a, ntakra nketewa a ɛte sɛ nwi no ɔpepem pii na etuatua ho. Sɛ wofa wimhyɛn a ɛwɔ hɔ nnɛ a etumi tu yiye paa a ɛnnom fango pii no na wode toto sɛnea nnomaa ntakra ne wɔn honamdua ma wɔtumi tu yiye a wɔnsɛe ahoɔden pii no ho a, wimhyɛn no mma koraa. Ntokuro deda nnomaa nnompe mu, enti ɛmma wɔn mu nyɛ duru pii. Yɛmfa anomaa bi a yɛfrɛ no frigate. Ne kɛse te sɛ akokɔbere, na ne ntaban mmienu no tenten bɛyɛ mita 2 (anammɔn 7). Ntokuro a ɛdeda ne nnompe mu nti, ne nnompe nyinaa mu duru bɛyɛ sɛ akokɔ nkosua mmienu mu duru (anaa gram 110). Nnomaa akɛse a wɔtumi tu kɔ wim paa no, ntokuro a ɛwɔ nnompe a ɛwɔ wɔn ntaban mu no, biribi te sɛ mpuran hyehyɛ mu a ɛma enya ahoɔden; ɛte sɛ mpuran a ɛhyehyɛ wimhyɛn ntaban no afã a ntokuro da mu no.

FEBRUARY 17-23

BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 1

Mmerante Ne Mmabaa—Hena Na Mubetie No?

w17.11 29 ¶16-17

Mma Biribiara Mmma Nkonimbo no Mmmɔ Wo

16 Woyɛ aberante anaa ababaa? Wote nka sɛ w’awofo a wɔyɛ Kristofo nte wo ase na wɔhyɛ wo so dodo? Anhwɛ a wo bo betumi afuw araa ma woanya adwene mpo sɛ gyama wugyae Yehowa som a wo ho bɛtɔ wo. Nanso sɛ abufuw nti wugyae Yehowa som a, ɛrenkyɛ wubehu sɛ obiara nni hɔ a odwen wo ho paa sen w’awofo a wosuro Onyankopɔn ne w’asafo mufo.

17 Fa no sɛ w’awofo nteɛɛ wo so da; wobɛyɛ dɛn ahu sɛ wodwen wo ho ankasa? (Heb. 12:8) Ebia ɔkwan a w’awofo fa so teɛ wo so no na ɛhaw wo. Nanso mfa w’adwene nsi ɛno so, na mmom bɔ mmɔden sɛ wubehu nea enti a wɔteɛ wo so no. Enti nya abotare, mma wo bo mfuw denneennen sɛ wɔaka w’anim. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Nea ɔkora n’ano no wɔ nimdeɛ, na nhumufo honhom dwo.” (Mmeb. 17:27) Fa yɛ wo botae sɛ wo ho bɛkokwaw na woayɛ komm atie afotu. Ɛnsɛ sɛ woma ɔkwan a w’awofo fa so tu wo fo no haw wo pii, na mmom sua biribi fi mu. (Mmeb. 1:8) Sɛ wowɔ awofo a wɔdɔ Yehowa paa a, ɛnde na woanya nhyira. Ɛda wɔn koma so sɛ wɔbɛboa wo ama woanya nkwa nkonimbo no.

w05 2/15 19-20 ¶11-12

Yɛn Kristofo Agyiraehyɛde A Yɛbɛbɔ Ho Ban

11 Bɔ mmɔden sɛ wobɛsɔ Onyankopɔn ani, na ɛnyɛ nnipa. Sɛnea ɛte no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ kuw bi muni na ama wɔahu onipa ko a yɛyɛ no fã bi. Obiara hia nnamfo, na bere a afoforo gye yɛn tom no ɛma yɛn ani gye. Bere a obi adu ne mpanyin afe so ne bere a onyin sen saa akyiri yi wɔ n’asetra mu no, nhyɛso a atipɛnfo de ba no so mu betumi ayɛ den, na ɛbɛma ɔde ahoyeraw anya ɔpɛ sɛ obesuasua afoforo anaa wasɔ wɔn ani. Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na yɛn yiyedi ho hia yɛn nnamfo ne yɛn atipɛnfo. Ɛtɔ mmere bi a wohia sɛ obi ka wɔn ho kɛkɛ na wɔne no yɛ adebɔne bi. (Mmebusɛm 1:11-19) Sɛ Kristoni gyae ne ho mu ma atipɛnfo nhyɛso bɔne a, mpɛn pii no ɔbɔ mmɔden sɛ ɔremma wonhu onii ko a ɔyɛ. (Dwom 26:4) Ɔsomafo Paulo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Munnsuasua su a wiase a mote mu da no adi no.” (Romafo 12:2, The Jerusalem Bible) Yehowa ma yɛn ahoɔden a yehia na ama yɛatumi ako atia nhyɛso a wɔde ba yɛn so no.—Hebrifo 13:6.

12 Sɛ nhyɛso a wɔde ba yɛn so no reyɛ asɛe yɛn Kristofo agyiraehyɛde no a, eye sɛ yɛbɛkae sɛ nokware a yebedi ama Onyankopɔn no ho hia koraa sen adwene a nnipa pii kura. Asɛm a ɛwɔ Exodus 23:2 a ɛka sɛ: “Nni nnipa dodow akyi nkɔyɛ bɔne” no yɛ nnyinasosɛm pa. Bere a Kaleb mfɛfo Israelfo annye anni sɛ Yehowa betumi adi Ne bɔhyɛ ahorow so no, wampene so koraa sɛ ɔne nnipa dodow no bɛyɛ adwene. Na ɔwɔ ahotoso sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow yɛ nokware, na onyaa nhyira pii wɔ ne gyidi no ho. (Numeri 13:30; Yosua 14:6-11) So wo nso wopɛ sɛ wobɛko atia adwene a nnipa pii kura a wɔde hyɛ wo so no na ama woabɔ wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho ban?

Tweetwee Bible Mu

it-1 846

Ɔkwasea

Sɛ Bible ka asɛm “ɔkwasea” a, ɛnkyerɛ onipa a n’adwene mu yɛ hare. Mmom ɛtaa kyerɛ obi a n’adwenem da hɔ nanso ɔmmɔ ne bra sɛnea Onyankopɔn pɛ, na ɔyɛ nneɛma a ntease nnim. Hebri kasa mu no, nsɛm a wɔde gyina hɔ ma nnipa a wɔte saa ne kesilʹ (kyerɛ sɛ, ‘ɔkwasea’; Mme 1:22), ʼewilʹ (kyerɛ sɛ, “ɔkwasea”; Mme 12:15), na·valʹ (kyerɛ sɛ, “ɔkwasea”; Mme 17:7), ne lets (kyerɛ sɛ, “ɔfɛwdifo”; Mme 13:1). Greek kasa mu no, asɛmfua aʹphron kyerɛ “ɔkwasea” (Lu 12:20), a·noʹe·tos kyerɛ ‘obi a onni ntease’ (Ga 3:1), ɛnna mo·rosʹ kyerɛ ‘ɔkwasea’ anaa “nkwaseafo” (Mt 23:17; 25:2).

FEBRUARY 24–MARCH 2

BIBLE MU AKORADE MMEBUSƐM 2

Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Woyere Wo Ho Yɛ Kokoam Adesua?

w22.08 18 ¶16

‘Monkɔ So Nnantew Nokware No Mu’

16 Ɛnyɛ yɛn nyinaa na yɛn ani gye akenkan ne adesua ho. Nanso Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnkɔ so nhwehwɛ’ sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛte nokware no ase yiye. (Kenkan Mmebusɛm 2:4-6.) Bere biara a yɛbɛyere yɛn ho asua ade no, yenya so mfaso. Corey ka sɛ, sɛ ɔrekenkan Bible a, ɔde n’adwene si nkyekyɛm baako so te ase wie ansa na wakɔ foforo so. Ɔkyerɛ mu sɛ: “Ase hɔ asɛm biara a ɛwɔ hɔ, ne kyerɛwnsɛm afoforo a saa nkyekyɛm no twe adwene kɔ so no, mekenkan ne nyinaa. Afei meyɛ nhwehwɛmu foforo nso ka ho. . . . Sɛ mefa saa kwan yi so sua ade a, minya so mfaso paa!” Sɛ yɛfa saa kwan yi so oo, sɛ nso yɛfa kwan foforo so oo, sɛ yeyi bere si hɔ yere yɛn ho sua ade a, ɛkyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nokware no.—Dw. 1:1-3.

w22.10 19 ¶3-4

Nyansa Reteɛm

3 Yɛka sɛ obi nim nyansa a, ebetumi akyerɛ sɛ, ɔde nimdeɛ a ɔwɔ no sisi gyinae pa. Nanso nyansa a efi Yehowa hɔ de, ɛkɔ akyiri sen saa. Bible ka sɛ: “Yehowa suro ne nyansa mfiase, na Ɔkronkronni no ho nimdeɛ ne ntease.” (Mmeb. 9:10) Enti sɛ yɛpɛ sɛ yesi gyinae bi a ɛho hia a, ɛsɛ sɛ yɛma Yehowa adwene anaa “Ɔkronkronni no ho nimdeɛ” kyerɛ yɛn kwan. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, gye sɛ yesua Bible ne asafo nhoma. Yɛyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ, yɛwɔ Yehowa nyansa.—Mmeb. 2:5-7.

4 Yehowa nko ara na obetumi ama yɛahu nyansa paa. (Rom. 16:27) Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa hɔ na nyansa fi? Nea edi kan, esiane sɛ ɔno ne Ɔbɔadeɛ no nti, onim biribiara a ɛfa n’abɔde ho. (Dw. 104:24) Nea ɛtɔ so mmienu, ne nnwuma nyinaa kyerɛ sɛ ɔwɔ nyansa. (Rom. 11:33) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, wɔn a wɔde Yehowa afotu a nyansa wom no yɛ adwuma no, bere nyinaa esi wɔn yiye. (Mmeb. 2:10-12) Sɛ yɛpɛ sɛ yehu nyansa paa a, ɛsɛ sɛ yegye nokwasɛm mmiɛnsa a yɛaka ho asɛm yi tom, na yɛma ɛkyerɛ yɛn kwan wɔ yɛn abrabɔ mu.

w16.09 23 ¶2-3

Mmofra, Monhyɛ Mo Gyidi Den

2 Woyɛ aberante anaa ababaa a wosom Yehowa anaasɛ woresua ne ho ade? Sɛ wuhu sɛ nkurɔfo pii nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ na mmom biribi te sɛ adannandi na wogye di a, ɛyɛ a ɛyɛ wo sɛ di wɔn akyi anaa? Sɛ saa na ɛte a, ɛnde nneɛma bi wɔ hɔ a wubetumi ayɛ de ahyɛ wo gyidi den bere nyinaa. Emu baako ne sɛ wode adwene a Onyankopɔn de ama wo no bedi dwuma ma ‘ahwɛ wo so.’ Ɛbɛbɔ wo ho ban afi wiase yi nyansapɛ a ebetumi asɛe wo gyidi no ho.—Kenkan Mmebusɛm 2:10-12.

3 Sɛ yebenya gyidi a edi mũ a, ɛsɛ sɛ yenya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ. (1 Tim. 2:4) Enti sɛ woresua Onyankopɔn Asɛm no ne yɛn Kristofo nhoma no a, nkenkan no kɛkɛ. Dwinnwen ho sɛnea ɛbɛyɛ a ‘wobɛte nea worekenkan no ase.’ (Mat. 13:23) Sɛ woyɛ saa a, wubenya ‘adanse pefee’ sɛ Onyankopɔn ne Ɔbɔadeɛ no, na Bible no yɛ n’Asɛm, na ɛbɛma wo gyidi ayɛ den. Ma yɛnhwɛ sɛnea wubetumi ayɛ saa.—Heb. 11:1.

Tweetwee Bible Mu

it-1 1211 ¶4

Abrabɔ a Edi Mu

Ɛnyɛ sɛnea obi ankasa tumi hyɛ ne ho so na ɛma n’abrabɔ di mu. Mmom nea ɛma obi abrabɔ di mu ne sɛ obenya Yehowa mu gyidi kɛse, ɔde ne ho bɛto ne so, na wagye atom sɛ Yehowa na obetumi agye no nkwa. (Dw 25:21) Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ, ɔbɛyɛ “ɔkyɛm” ne “abannennen” ama nkurɔfo a wɔma wɔn abrabɔ di mu. (Mme 2:6-8; 10:29; Dw 41:12) Nkurɔfo a wɔte saa no, nea wɔma ehia wɔn paa ne sɛ wɔbenya Yehowa anim dom bere nyinaa. Wei ma wɔtumi hwɛ wɔn anim tẽẽ kodu wɔn botae ho, na ɛma wɔn abrabɔ si pi si ta. (Dw 26:1-3; Mme 11:5; 28:18) Bere a na Hiob adwene atu afra no, ɔkaa sɛ esiane sɛ abɔnefo di tumi nti, onipa a ne ho nni asɛm betumi ahu amane, na wɔbetumi akum onipa a ne ho nni asɛm afra abɔnefo. Nanso Yehowa ama yɛn awerɛhyem sɛ onim nea wɔn a wɔn ho nni asɛm refa mu, na ɔka si so dua sɛ, wɔn agyapade bɛtena hɔ, wɔn awiei bɛyɛ asomdwoe, na wɔbenya adepa sɛ wɔn agyapade. (Hio 9:20-22; Dw 37:18, 19, 37; 84:11; Mme 28:10) Hiob asɛm no ma yehu sɛ, sɛ obi abrabɔ di mu a, ɛno na ɛma nkurɔfo bu no na wɔdi no ni, na ɛnyɛ ahonyade a ɔwɔ. (Mme 19:1; 28:6) Mmofra a wɔanya awofo a wɔte saa no ani gye. (Mme 20:7) Nea enti a ɛte saa ne sɛ, agya no din pa no bɛka wɔn ama wɔn nso anya din pa, na ɛbɛma nkurɔfo abu wɔn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena