Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w12 5/1 kr. 32
  • “Bɔ Wo Koma Ho Ban!”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Bɔ Wo Koma Ho Ban!”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
w12 5/1 kr. 32

“Bɔ Wo Koma Ho Ban!”

Yehowa Adansefo Ɔmantam Nhyiam

FIDA ASƐMTI

“Yehowa De, Ɔhwɛ Komam”—1 SAMUEL 16:7.

MEMENEDA ASƐMTI

“Nea Ayɛ Koma Mã no na Ano Ka”—MATEO 12:34.

KWASIDA ASƐMTI

‘Fa Koma a Edi Mũ Som Yehowa’—1 BERESOSƐM 28:9.

Bible ka koma ho asɛm bɛyɛ mpɛn apem. Mpɛn pii no sɛ Bible ka koma ho asɛm a, ɛnyɛ yɛn koma ankasa na ɛkyerɛ, na mmom ɛde gyina hɔ ma biribi. Ɛde koma no gyina hɔ ma dɛn? Ebetumi akyerɛ obi suban—sɛnea odwen, sɛnea ɔte nka ne nneɛma a n’ani gye ho.

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ saa koma no ho ban? Onyankopɔn maa Ɔhene Solomon kyerɛw sɛ: “Bɔ wo koma ho ban sen nea wode sie nyinaa, efisɛ emu na nkwa nsuti wɔ.” (Mmebusɛm 4:23) Sɛ yɛn abrabɔ besi yɛn yiye nnɛ ne daakye a, ne nyinaa ne sɛnea yɛn koma anaa yɛn suban te. Adɛn ntia? Efisɛ Onyankopɔn hu nea ɛwɔ yɛn koma mu. (1 Samuel 16:7) Ɛyɛ sɛnea yɛte wɔ yɛn mu, yɛn “komam nipa a wahintaw” no, na ɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn te nka wɔ yɛn ho.—1 Petro 3:4.

Yɛbɛyɛ dɛn abɔ yɛn koma ho ban? Wɔbɛma saa asɛm no ho mmuae a ɛkɔ akyiri wɔ ɔmantam nhyiam a efi ɔsram yi mu no, Yehowa Adansefo bɛyɛ wɔ wiase nyinaa no ase. Yɛde anigye to nsa frɛ wo sɛ bra nnansa no nyinaa betie nhyiam no bi.a Nea wubesua no bɛboa wo ama woayɛ ade a ɛbɛma Yehowa Nyankopɔn koma ani agye.—Mmebusɛm 27:11.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ sɛ wuhu nhyiam a ɛbɛn wo a, yɛsrɛ wo, hwɛ yɛn Intanɛt so dwumadibea wɔ www.pr2711.com. Wopɛ nso a, kohu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ anaa kyerɛw wɔn a wotintim Ɔwɛn-Aban yi no.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 32]

Nifa so mfonini: Aus dem Fundus der MÜNCHNER OLYMPIAPARK GMBH, München

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena