Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lmd adesua 1
  • Ma Nkurɔfo Asɛm Nyɛ W’asɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Nkurɔfo Asɛm Nyɛ W’asɛm
  • Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yesu Yɛe
  • Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?
  • Suasua Yesu
  • Ma Nkɔmmɔ No Ara Mfa Ne Ho Mmra
    Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn Wɔ Asɛnka Mu—Wo Ne Nkurɔfo Mmɔ Nkɔmmɔ a Ebetumi Abue Kwan Ama Woadi Wɔn Adanse
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Sɛnea Wubetu Mpɔn Wɔ Nkɔmmɔbɔ Mu
    Nya Teokrase Ɔsom Sukuu Adesua so Mfaso
  • Nkɔmmɔbɔ Asɛmti
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
lmd adesua 1

HYƐ NKƆMMƆ ASE

Yesu ne ɔbea bi rebɔ nkɔmmɔ wɔ abura bi ho.

Yoh. 4:6-9

ADESUA 1

Ma Nkurɔfo Asɛm Nyɛ W’asɛm

Nnyinasosɛm: “Ɔdɔ . . . , ɛnhwehwɛ nea ɔno nko ara hia.”—1 Kor. 13:​4, 5.

Nea Yesu Yɛe

Yesu ne ɔbea bi rebɔ nkɔmmɔ wɔ abura bi ho.

VIDEO: Yesu Ne Samariani Bea No Nkɔmmɔ No

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Yohane 4:​6-9. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1. Dɛn na Yesu de n’ani too fam hu faa ɔbea no ho ansa na ɔne no refi ase abɔ nkɔmmɔ?

  2. Yesu refi nkɔmmɔ no ase no, ɔkaa sɛ: “Ma me [nsu no] bi nnom.” Ɔkwan a Yesu faa so no, adɛn nti na ɛyɛ ɔkwampa?

Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?

2. Sɛ yɛne obi rebɔ nkɔmmɔ na yɛde asɛm a ehia nipa ko no fi ase a, ebetumi ama nkɔmmɔ no akɔ yiye.

Suasua Yesu

3. Nyɛ kyenkyenenn. Sɛ wopɛ sɛ wo ne obi bɔ Bible mu nkɔmmɔ a, mfa asɛm bi nhyɛ w’adwenem sɛ ɛno ara na wode befi nkɔmmɔ no ase. Nea wohwɛ a ɛwɔ onipa no adwenem saa da no, ɛno mmom na ɛsɛ sɛ wode hyɛ ase. Bisa wo ho sɛ:

  1. ‘Wutie kaseɛbɔ a, nsɛm bɛn na wote?’

  2. ‘M’adwumamfo, me sukuufo, anaa wɔn a wɔte me mpɔtam no, asɛm bɛn na ɛda wɔn ano?’

4. Fa w’ani to fam. Bisa wo ho sɛ:

  1. a. ‘Dɛn na onipa no reyɛ saa bere no? Mehwɛ a dɛn na ɔredwen ho?’

  2. b. ‘Mehwɛ sɛnea ne fie hɔ te, ataade a ɔhyɛ, sɛnea wahyehyɛ ne ho, ne ti nwi ne ade a, ɛhe na ofi anaa ɔsom bɛn mu na ɔwɔ?’

  3. d. ‘Saa bere yi me ne no bɔ nkɔmmɔ a, ɛbɛkɔ yiye anaa?’

5. Yɛ aso tie no.

  1. Mma wo kasa nnyɛ tenten.

  2. Boa no ma ɔnkyerɛ n’adwene. Edu baabi a ehia a, na woabisa no asɛm.

HWƐ NEA EDIDI SO YI NSO

Mat. 7:12; 1 Kor. 9:​20-23; Filip. 2:4; Yak. 1:19

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena