-
Ɔtee Asɔrefie no Ho BioYesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
TI 103
Ɔtee Asɔrefie No Ho Bio
MATEO 21:12, 13, 18, 19 MARKO 11:12-18 LUKA 19:45-48 YOHANE 12:20-27
YESU DOMEE BORƆDƆMA DUA BI NA ƆTEE ASƆREFIE NO HO
YESU WU A, ƐNNA NNIPA PII BƐNYA NKWA
Bere a Yesu ne n’asuafo no fii Yeriko baa Betania no, wɔdii nnansa wɔ hɔ. Afei ɛduu Dwoda, Nisan da a ɛtɔ so 10 no, wɔsii kwan so anɔpatutuutu sɛ wɔrekɔ Yerusalem. Wɔnam kwan so no, ɛkɔm dee Yesu; ɔhuu sɛ borɔdɔma dua bi si hɔ, enti ɔbɛn ho sɛ ɔrekɔpɛ ɛso aba no bi adi. Ɔduu dua no ho no, na aba bi wɔ so anaa?
Ɛyɛ a June mu na borɔdɔma dua taa so aba. Yesu ne n’asuafo no retu kwan no nso na ɛyɛ March mu. Enti bere a Yesu huu sɛ dua no ayɛ frɔmfrɔm no, ɛyɛɛ no sɛ gyama dua no aso ntɛm. Ɔkɔduu ho no, na hwee nni so; ɛdaadaa no! Yesu ka kyerɛɛ dua no sɛ: “Obiara renni wo so aba bio da.” (Marko 11:14) Ɛhɔ ara na dua no fii ase sɛ ɛrewu. Adesuade a ɛwɔ saa asɛm no mu deɛ, ade kyee ansa na asuafo no rehu.
Saa asɛm no sii no, ankyɛ na Yesu ne n’asuafo no kɔduu Yerusalem. Ná Yesu adi kan akɔhwehwɛ asɔrefie hɔ Kwasida awia, na ɔbɛduu Yerusalem Dwoda no nso ɔsan kɔɔ hɔ. Ɛno deɛ, wankɔhwehwɛ hɔ kɛkɛ. Yɛbɛkae a, afe 30 Twam afahyɛ bere no, Yesu kɔpamoo wɔn a na wɔredi dwa wɔ asɔrefie hɔ no; ɛno ara bi na ɔsan kɔyɛe. (Yohane 2:14-16) Ɔsan kɔpamoo “wɔn a wɔretɔn nneɛma ne wɔn a wɔretɔ adeɛ” no. Afei nso ɔkekaa “sikasesafoɔ no apono ne wɔn a wɔtɔn mmorɔnoma no nkonnwa butubutuiɛ.” (Marko 11:15) Wɔn a na wɔde asɔrefie hɔ ayɛ bomkwan de wɔn nneɛma fa hɔ no, wamma kwan amma wɔamfa hɔ bio.
Adɛn nti na Yesu yɛɛ sikasesafo ne wɔn a wɔtɔn mmoa wɔ asɔrefie hɔ no saa? Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔntwerɛɛ sɛ, ‘Wɔbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie ama aman nyinaa anaa’? Nanso mode ayɛ adwotwafoɔ atɛeɛ.” (Marko 11:17) Nea enti a ɔfrɛɛ wɔn adwotwafoɔ ne sɛ na wɔtɔn mmoa a nkurɔfo tɔ de bɔ afɔre no aboɔden. Enti Yesu huu sɛ ɛyɛ nyansakorɔno anaa apoobɔ.
Bere a asɔfo mpanimfoɔ, akyerɛwfo, ne atitiriw no tee nea Yesu ayɛ no, wɔsii wɔn bo sɛ nea ɛte biara wɔbɛkum no. Nanso, na wɔnhu kwan a wɔbɛfa so anya no akum no, efisɛ daa na nkurɔfo atwa ne ho ahyia retie no. Enti ɛyɛɛ wɔn dadwene kɛse.
Ná amanaman mufo a wɔasakra abɛyɛ Yudafo no nso aba ne Yudafo no rebɛdi Twam afahyɛ no. Helafo a wɔwɔ wɔn mu no kɔka kyerɛɛ Filipo sɛ wɔpɛ sɛ wɔhu Yesu. Nea enti a ɛbɛyɛ sɛ Filipo nkyɛn na wɔkɔe ne sɛ, na ne din no yɛ Hela din. Ná Filipo ntumi nhu sɛ ɛyɛ papa sɛ ɔma wɔhu Yesu anaa, enti ɔno nso kɔbɔɔ Andrea amanneɛ. Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na Yesu wɔ asɔrefie hɔ, enti Filipo ne Andrea de asɛm no kɔtoo Yesu anim.
Ná Yesu nim sɛ ɛrenkyɛ ɔbɛwu, enti na ɛnyɛ afei na ɔrebɛyɛ biribi ama wɔahwɛ anaa ɔrebɛpɛ anuonyam. Ɔde mfatoho maa Filipo ne Andrea mmuaeɛ sɛ: “Ɛdɔn no aduru sɛ wɔbɛhyɛ onipa Ba no animuonyam. Nokorɛ, nokorɛ, mese mo sɛ, sɛ ayuo aba antɔ fam anwu a, ɛda so ara yɛ aba baako; nanso sɛ ɛwu a, ɛso aba pii.”—Yohane 12:23, 24.
Ayuo baako da hɔ a, obiara mmu ho akontaa. Nanso sɛ wode hyɛ fam ma “ɛwu” a, ɛfifiri, na nkakrankakra ɛso aba pii. Saa ara na Yesu nso yɛ onipa baako pɛ a bɔne nni ne ho. Nanso sɛ ɔdi Onyankopɔn nokware kɔsi wuo mu a, ɛnam ne so bɛma nnipa bebree a wɔn nso di nokware ma Onyankopɔn no anya nkwa. Enti Yesu kaa sɛ: “Deɛ ɔpɛ ne kra no sɛe no, na deɛ ɔtan ne kra wɔ wiase yi mu no bɛkora so ama daa nkwa.”—Yohane 12:25.
Yesu anka asɛm no amma ɔno nko ara ho; ɔtoaa so sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ ɔsom me a, ɔnni m’akyi, na baabi a mewɔ no, me somfoɔ no nso bɛba hɔ. Sɛ obi pɛ sɛ ɔsom me a, Agya no bɛdi no ni.” (Yohane 12:26) Wei yɛ akatua kɛse! Ade a Agya no de bɛdi wɔn ni ne sɛ ɔbɛma wɔne Kristo adi ade wɔ Ahenni no mu.
Ná Yesu ani tua sɛ ɔbɛhu amane pii na wɔbɛkum no yayaayaw, enti ɔkaa sɛ: “Afei me kra ho yera no, na ɛdeɛn na menka? Agya, gye me firi dɔn yi mu.” Nanso na Yesu mpɛ sɛ ɔbɛyɛ biribi a ɛbɛsesa Onyankopɔn apɛde. Enti ɔkaa sɛ: “Yei nti na maba dɔn yi mu.” (Yohane 12:27) Onyankopɔn apɛde nko ara na na Yesu pɛ sɛ ɔyɛ, enti sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ ɔwu mpo a, ɔrempopo ne ti.
-
-
Yudafo no Tee Onyankopɔn Nne—Wɔgye Dii Anaa?Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
-
-
TI 104
Yudafo No Tee Onyankopɔn Nne—Wɔgye Dii Anaa?
NNIPA PII TEE ONYANKOPƆN NNE
NEA WƆBƐHWƐ HO ABU NNIPA ATƐN
Ná Yesu wɔ asɔrefie hɔ Nisan da a ɛtɔ so 10 reka ne wuo ho asɛm; saa da no, na ɛyɛ Dwoda. Ná ɔredwene sɛnea ne wuo no bɛka Onyankopɔn din ho paa, enti ɔkaa sɛ: “Agya, hyɛ wo din animuonyam.” Ɛnne kɛse bi fii soro kaa sɛ: “Mahyɛ no animuonyam na mɛsan ahyɛ no animuonyam bio.”—Yohane 12:27, 28.
Nnipa a wɔtee nne no bɔɔ hu. Ɛyɛɛ ebinom mpo sɛ aprannaa na abobom. Ebinom nso kaa sɛ: “Ɔbɔfoɔ akasa akyerɛ no.” (Yohane 12:29) Nanso Yehowa na ɔkasae. Ná ɛno nyɛ bere a ɛdi kan a nnipa ate sɛ Onyankopɔn aka biribi afa Yesu ho.
Mfe mmiɛnsa ne fa a na atwam no, Yohane Suboni tee sɛ Onyankopɔn reka biribi afa Yesu ho. Saa bere no, na wabɔ Yesu asu awie. Onyankopɔn kaa sɛ: “Oyi ne me Ba, deɛ medɔ no na magye no atom.” Afei, afe 32 Twam afahyɛ bere no, Yakobo, Yohane ne Petro nso tee Onyankopɔn nne. Saa bere no, Yesu sakraa ne ho wɔ wɔn anim, na wɔtee sɛ Onyankopɔn reka sɛ: “Oyi ne me Ba, deɛ medɔ no a megye no tom; montie no.” (Mateo 3:17; 17:5) Nea ɛtɔ so mmiɛnsa yi deɛ, Yehowa kasa maa nnipa pii tee.
Yesu kaa sɛ: “Ɛnyɛ me nti na nne yi baeɛ, na mmom mo nti.” (Yohane 12:30) Ɛno kyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba ampa, na ɔno ne Mesia a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm no.
Afei nso, yɛhwɛ sɛnea Yesu bɔɔ ne bra wɔ asase so a, ɛma yɛhu sɛnea ɛsɛ sɛ nnipa nyinaa bɔ wɔn bra. Ɛsan kyerɛ sɛ Satan Ɔbonsam a ɔredi wiase so no fata ɔsɛe. Yesu kaa sɛ: “Afei na wɔrebu wiase yi atɛn; afei na wɔrebɛtu wiase yi sodifoɔ no afiri hɔ.” Sɛ Yesu wu a, ɛrenkyerɛ sɛ wadi nkoguo; ɛbɛyɛ nkonimdi kɛse! Adɛn ntia? Ɔkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ wɔma me so firi asase so a, mɛtwe nnipa ahodoɔ nyinaa aba me nkyɛn.” (Yohane 12:31, 32) Enti wu a Yesu bɛwu wɔ asɛndua so no, na ɛbɛtwe nnipa aba ne nkyɛn na wɔanya daa nkwa.
Bere a Yesu kaa sɛ ‘wɔbɛma ne so’ no, nkurɔfo no kaa sɛ: “Yɛte firii Mmara no mu sɛ Kristo wɔ hɔ daa; adɛn nti na woka sɛ ɛtwa sɛ wɔma onipa Ba no soɔ? Onipa Ba bɛn nie?” (Yohane 12:34) Ná wɔate Onyankopɔn ankasa nne na wɔanya adanse foforo pii a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne onipa Ba no ankasa, Mesia a wɔahyɛ ne ho nkɔm no. Ne nyinaa akyi no, wɔannye no anni.
Ná Yesu aka pɛn sɛ ɔyɛ “hann,” na ɔsan kaa bio. (Yohane 8:12; 9:5) Ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: “Hann no bɛtena mo mu berɛ kakra. Monnante berɛ a mowɔ hann no na esum anni mo so . . . Berɛ a mowɔ hann yi, monnya hann no mu gyidie na moayɛ hann no mma.” (Yohane 12:35, 36) Yesu ano sii no, ɔfirii hɔ kɔpɛɛ baabi hyɛe, efisɛ na ɛyɛ Nisan da a ɛtɔ so 10, enti na bere nsoe sɛ ɔbɛwu. Ná ‘wɔbɛma ne so’ anaa wɔbɛbɔ no asɛndua mu Nisan da a ɛtɔ so 14 Twam afahyɛ bere.—Galatifoɔ 3:13.
Yɛhwɛ sɛnea Yesu som adwuma no kɔe a, yɛtumi hu sɛ bere a Yudafo no annye no anni no, na ɛyɛ nkɔmhyɛ na ɛreba mu. Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ ɔman no ani bɛfura na wɔn koma bepirim ara ama wɔrensakra na wɔanya ayaresa. (Yesaia 6:10; Yohane 12:40) Enti adanse a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne Ogyefo a wɔahyɛ ne ho nkɔm sɛ yɛnam ne so bɛnya nkwa no, Yudafo fã kɛse no ara hyɛɛ da poe.
Nikodemo, Yosef a ɔfiri Arimatea, ne Yudafo mpanimfoɔ pii “nyaa [Yesu] mu gyidie.” Nanso wohwɛ a, dɛn na na ɛbɛtumi atwe wɔn asan a ɛremma wɔnyi wɔn anim nna wɔn gyidi adi? Ebia na wɔsuro sɛ, sɛ wɔyi wɔn anim a, wɔbɛtu wɔn afiri hyiadan mu anaasɛ na wɔpɛ “nnipa animuonyam.”—Yohane 12:42, 43.
Yesu ankasa kyerɛɛ nea ɛsɛ sɛ obi a ɔwɔ ne mu gyidi yɛ. Ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔgye me die no, ɛnyɛ me nko na ɔgye me die, na mmom deɛ ɔsomaa me no nso; na deɛ ɔhu me no ahunu deɛ ɔsomaa me no nso.” Nokwasɛm a Onyankopɔn de hyɛɛ Yesu ano a na ɔgu so reka ho asɛm kyerɛ nkurɔfo no, na ɛho hia paa ma enti ɔkaa sɛ: “Deɛ ɔmmu me na ɔnnye me nsɛm no wɔ ɔtemmufoɔ baako. Asɛm a maka no na ɛbɛbu no atɛn ɛda a ɛdi akyire no.”—Yohane 12:44, 45, 48.
Afei Yesu wiee n’asɛm no sɛ: “Mamfa me ara me pɛ so na ɛkasaeɛ, na mmom Agya a ɔsomaa me no ara na ahyɛ me deɛ ɛsɛ sɛ meka pɔtee. Afei nso, menim sɛ n’ahyɛdeɛ kyerɛ daa nkwa.” (Yohane 12:49, 50) Ná Yesu nim sɛ ɛrenkyɛ ɔno ara de ne nkwa bɛbɔ afɔre ama nnipa a wɔnya ne mu gyidi no.—Romafoɔ 5:8, 9.
-