Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Sanhedrin no Dii N’asɛm De no Kɔmaa Pilato
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Yesu gyina Pontio Pilato anim

      TI 127

      Sanhedrin No Dii N’asɛm De No Kɔmaa Pilato

      MATEO 27:1-11 MARKO 15:1 LUKA 22:66–23:3 YOHANE 18:28-35

      • SANHEDRIN NO SAN DII N’ASƐM ANƆPATUTUUTU

      • YUDA ISKARIOT KƆHYƐƐ NE HO AKƆMFO

      • WƆDE YESU KƆMAA PILATO SƐ ƆMMU NO FƆ

      Bere a Petro kaa no ne mprɛnsa so sɛ ɔnnim Yesu no, na ɛyɛ dasuom. Saa anadwo no, Sanhedrin abadwafoɔ no gyinaa so dii Yesu asɛm torokaa sɔree so. Ade kyee Fida anɔpatutuutu na wɔsan bɛhyiaa mu. Nea enti a wɔsan bɛhyiae ne sɛ na wɔpɛ sɛ ɛyɛ te sɛ nea asɛm a wɔdii no anadwo no, mfomso biara nni ho. Wɔde Yesu bɛgyinaa wɔn anim.

      Abadwafoɔ no san ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ wone Kristo no a, ka kyerɛ yɛn.” Yesu buaa sɛ: “Sɛ meka kyerɛ mo mpo a, morennye nni da. Afei nso, sɛ mebisa mo asɛm a, moremmua koraa.” Afei Yesu de akokoduru kyerɛɛ wɔn sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 7:13 no fa ne ho. Ɔkaa sɛ: “Ɛfiri sɛsɛɛ rekorɔ no onipa Ba no bɛtena Onyankopɔn nsa nifa a tumi wom no so.”—Luka 22:67-69; Mateo 26:63.

      Wɔsan bisaa no sɛ: “Enti, wone Onyankopɔn Ba no?” Yesu buaa sɛ: “Mo ara na moreka sɛ mene no.” Afei deɛ, na wɔte nka sɛ Yesu aka abususɛm, enti ɔfata owuo. Enti wɔbisaa wɔn ho sɛ: “Adanseɛ foforɔ bɛn bio na yɛhia?” (Luka 22:70, 71; Marko 14:64) Afei wɔguu Yesu mpokyerɛ de no kɔɔ Roma Amrado Pontio Pilato hɔ.

      Wɔde Yesu rekɔ Pilato hɔ no, ɛbɛyɛ sɛ Yuda Iskariot hui, na ɔhuu sɛ Pilato hɔ a wɔde no rekɔ no deɛ, ɛkyerɛ sɛ wɔabu no kumfɔ. Enti ne tiboa buu no fɔ. Ná ɛsɛ sɛ ɔsrɛ Onyankopɔn hɔ bɔne fafiri de kyerɛ sɛ wanu ne ho, nanso wanyɛ saa. Mmom ɔsan de nnwetɛbona 30 no kɔmaa asɔfo mpanimfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Meyɛɛ bɔne sɛ meyii mogya a ɛtene maeɛ.” Nanso asɔfo no annya asɛm papa biara anka ankyerɛ no. Nea wɔkae ara ne sɛ: “Ɛfa yɛn ho bɛn? Ɛyɛ wo ara w’asɛm!”—Mateo 27:4.

      Yuda too nnwetɛbona 30 no guu asɔrefie hɔ. Afei ɔsɛee n’asɛm koraa; bɔne a ɔyɛe nyinaa akyi no, ɔkɔɔ sɛ ɔrekɔkum ne ho aka ho. Yuda kɔhyɛɛ ne ho akɔmfo, na ɛbɛyɛ sɛ dua mman a ɔsɛn ne ho wɔ so no bui. Enti ɔfirii soro bɛhwee abotan so maa ne mu paee.—Asomafoɔ Nnwuma 1:17, 18.

      Bere a wɔde Yesu kɔɔ Pontio Pilato hɔ no, na ewiem ntetee. Nanso Yudafo a wɔde no kɔe no anwura hɔ. Ná wɔte nka sɛ wɔne amanaman mufo bɔ a, wɔn ho bɛgu fĩ, na wɔrentumi nni Paanoo a Mmɔreka Nnim afahyɛ no. Saa afahyɛ no, na ɛfiri ase Nisan da a ɛtɔ so 15, na na wɔfa no sɛ ɛka Twam afahyɛ no ho.

      Pilato pue bɛbisaa wɔn sɛ: “Soboɔ bɛn na mode bɔ onipa yi?” Wɔkaa sɛ: “Sɛ onipa yi nyɛ ɔbɔnefoɔ a, anka yɛamfa no ammrɛ wo.” Gyama Pilato tee nka sɛ wɔreteetee no, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mo ara momfa no nkɔbu no atɛn sɛdeɛ mo mmara teɛ.” Afei Yudafo no kaa biribi a ɛkyerɛ sɛ awudi na ɛwɔ wɔn komam. Wɔkaa sɛ: “Mmara mma kwan sɛ yɛkum obiara.”—Yohane 18:29-31.

      Wɔnim sɛ, sɛ wɔkum Yesu Twam afahyɛ bere a, ɛbɛma nkurɔfo ayɛ basabasa. Nanso, sɛ wɔtumi bɔ Yesu sobo sɛ ɔtutu ɔman ase a, ɛno deɛ Romafo no wɔ hokwan sɛ wɔdi n’asɛm kum no. Ɛba saa a, obiara remfa ɛho asodi nto Yudafo no so.

      Nyamesom mpanimfoɔ no anka ankyerɛ Pilato sɛ wɔabu Yesu fɔ dada sɛ waka abususɛm. Wɔde sobo foforo bɔɔ no sɛ: “Yɛakye ɔbarima yi sɛ [1] ɔtutu yɛn man ase na [2] ɔbara sɛ wɔnntua toɔ mmma Kaesare na [3] ɔka sɛ ɔno ne ɔhene Kristo.”—Luka 23:2.

      Ná Pilato yɛ adwuma ma Roma aban, enti bere a wɔbɔɔ Yesu sobo sɛ waka sɛ ɔyɛ ɔhene no, ɛpem no. Ɛnna ɔsan kɔɔ amrado aban no mu frɛɛ Yesu bisaa no sɛ: “Wone Yudafoɔ hene no anaa?” Ɛkwan bi so no, na Pilato rebisa sɛ, ‘Wasi wo ho hene asɔre atia Ɔhempɔn Kaesare de abu mmara so anaa?’ Afei ɛbɛyɛ sɛ na Yesu pɛ sɛ ɔhu ne ho nsɛm a Pilato ate, enti ɔkaa sɛ: “Wo ara na woabɔ wo tirim reka yei anaa afoforɔ na ɛkaa me ho asɛm kyerɛɛ woɔ?”—Yohane 18:33, 34.

      Pilato yɛɛ ne ho sɛnea ɔnnim Yesu ho hwee na afei mmom na ɔpɛ sɛ ɔhu no. Ɔbisaa no sɛ: “Meyɛ Yudani anaa?” Ɔsan kaa sɛ: “Wo ara wo manfoɔ ne asɔfoɔ mpanimfoɔ no na wɔde wo brɛɛ me. Ɛdeɛn na woyɛeɛ?”—Yohane 18:35.

      Ahenni ho asɛm a Amrado Pilato bisae no, Yesu amfa anwadawada. Ɔmaa mmuaeɛ maa amrado no ho dwirii no.

      MOGYA ASASE

      Yuda akɔto nnwetɛbona 30 no agu asɔrefie hɔ

      Nnwetɛbona 30 a Yuda to guu asɔrefie hɔ no, na asɔfo mpanimfoɔ no nhu nea wɔmfa nyɛ. Wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Mmara mma kwan sɛ yɛde bɛgu sika akoraeɛ kronkron, ɛfiri sɛ ɛyɛ mogya sika.” Enti wɔde sika no kɔtɔɔ ɔnwemfo asase a wɔde bɛsie ahɔho. Wɔfrɛɛ asase no “Mogya Asase.”—Mateo 27:6-8.

      • Adɛn nti na Sanhedrin no san kɔhyiaa Fida anɔpatutuutu?

      • Ɛkwan bɛn na Yuda faa so wui? Dɛn na asɔfo mpanimfoɔ no de nnwetɛbona 30 no yɛe?

      • Esiane sɛ na Yudafo no pɛ sɛ Pilato kum Yesu nti, sobo bɛn na wɔde bɔɔ no?

  • Pilato ne Herode Nyinaa Huu sɛ Ne Ho Nni Asɛm
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Herode ne n’asraafo no redi Yesu ho agorɔ

      TI 128

      Pilato Ne Herode Nyinaa Huu Sɛ Ne Ho Nni Asɛm

      MATEO 27:12-14, 18, 19 MARKO 15:2-5 LUKA 23:4-16 YOHANE 18:36-38

      • PILATO NE HERODE HWEHWƐƐ YESU ASƐM MU

      Yesu amfa ansie Pilato sɛ ɔyɛ ɔhene. Nanso ɔmaa no huu sɛ n’Ahenni no ne Roma ahenni no mpere hwee. Yesu kaa sɛ: “M’ahennie mfiri wiase. Sɛ m’ahennie firi wiase a, anka m’asomfoɔ bɛko na wɔamfa me amma Yudafoɔ no. Nanso sɛdeɛ ɛteɛ no, m’ahennie mfiri ha.” (Yohane 18:36) Enti Yesu wɔ Ahenni, nanso ɛmfiri wiase.

      Pilato amfa asɛm no anso hɔ ara. Ɔbisaa Yesu sɛ: “Ɛnneɛ na woyɛ ɔhene?” Yesu maa Pilato huu sɛ nea ɔkae no, ɔmmoa. Ɔkaa sɛ: “Wo ara na woreka sɛ meyɛ ɔhene. Yei nti na wɔwoo me, na yei nti na mebaa wiase, sɛ merebɛdi nokorɛ no ho adanseɛ. Obiara a ɔwɔ nokorɛ no afã no tie me nne.”—Yohane 18:37.

      Ná Yesu adi kan aka akyerɛ Toma sɛ: “Mene ɛkwan no ne nokorɛ no ne nkwa.” Afei na Yesu rema Pilato nso ate sɛ ɔbaa asase so sɛ ɔrebɛdi “nokorɛ no” ho adanse; saa nokorɛ no fa Yesu Ahenni ho. Ná Yesu awe ahinam so sɛ owuo mu koraa a ɔbɛdi nokorɛ no ho adanse. Pilato bisaa no sɛ: “Ɛdeɛn ne nokorɛ?” Nanso wantwɛn annye ho mmuaeɛ, efisɛ na ɛyɛ no sɛ nea wate no ara dɔɔso; ɔbɛtumi agyina so abua asɛm no.—Yohane 14:6; 18:38.

      Ná nkurɔfo gu abɔnten hɔ, enti Pilato san kɔɔ hɔ. Saa bere no, ɛbɛyɛ sɛ na Yesu gyina ne nkyɛn, na Pilato ka kyerɛɛ asɔfo mpanimfoɔ no ne nkurɔfo no sɛ: “Menhunu bɔne biara wɔ ɔbarima yi ho.” Asɛm no maa nkurɔfo no bo fui, na wɔkaa sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛ wɔ Yudea nyinaa de hwanyan nnipa no, ɔfirii aseɛ mpo firii Galilea na ɔde abɛduru ha.”—Luka 23:4, 5.

      Ná Yudafo no asi wɔn bo sɛ nea wɔpɛ sɛ wɔyɛ no, ɛno ara na wɔbɛyɛ, na ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Pilato nwonwa. Saa bere no nyinaa na asɔfo no ne mpanimfoɔ no reteateam, na Pilato bisaa Yesu sɛ: “Enti wonte nsɛm bebrebe a wɔreka gu wo soɔ yi?” (Mateo 27:13) Yesu anka hwee. Pilato hwɛ sɛnea nkurɔfo atu wɔn ano agu Yesu so a ɔnka hwee no a, na ɛyɛ no nwonwa.

      Bere a Yudafo no kaa sɛ Yesu ‘fii ase wɔ Galilea’ no, Pilato huu sɛ Yesu fi Galilea. Enti ɛyɛɛ no sɛ wanya kwan a ɔbɛfa so ayi ne nsa afiri asɛm no mu. Herode Antipa (Herode Ɔkɛseɛ no ba) na na ɔdi Galilea mantam so, na bere a Twam afahyɛ no rekɔ so no, na ɔwɔ Yerusalem. Enti Pilato de Yesu kɔmaa Herode. Herode yi ara na ɔmaa wɔtwaa Yohane Suboni ti. Akyiri yi a Herode tee sɛ Yesu reyɛ anwonwade no, ɛyɛɛ no sɛ gyama Yohane na anyane afiri awufo mu.—Luka 9:7-9.

      Herode tee sɛ wɔde Yesu rebrɛ no no, n’ani gyee paa. Hu a na ɔpɛ sɛ ɔhu Yesu no, ɛnyɛ sɛ na ɔpɛ sɛ ɔboa no anaasɛ ɔhwehwɛ nokware a ɛwɔ n’asɛm no mu. Nea ɛte ara ne sɛ, na “ɔpɛ sɛ [Yesu yɛ] sɛnkyerɛnne bi ma no hunu.” (Luka 23:8) Nanso Yesu anyɛ sɛnkyerɛnne biara ankyerɛ Herode. Bere a Herode bisabisaa no nsɛm mpo, wammua no. Ɛbaa saa no, Herode ne n’asraafo nyinaa dii Yesu ho “agorɔ.” (Luka 23:11) Wɔde atade tenten fɛfɛ bi hyɛɛ no dii ne ho fɛw. Afei Herode san maa wɔde Yesu kɔmaa Pilato. Ná Herode ne Pilato ani nhyia koraa, nanso Yesu asɛm no nti wɔbɛyɛɛ nnamfo.

      Bere a Yesu kɔduu Pilato hɔ no, Pilato frɛɛ asɔfo mpanimfoɔ ne Yudafo mpanimfoɔ ne wɔn a wɔka wɔn ho no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mehwehwɛɛ n’asɛm mu mo anim nanso manhunu nnyinasoɔ biara wɔ deɛ mode bɔɔ onipa yi soboɔ no mu. Nokorɛm no, Herode nso anhunu bi, na ɔsan de no brɛɛ yɛn; na hwɛ! ɔnyɛɛ biribiara a ɛsɛ owuo. Enti mɛtwe n’aso na magyaa no.”—Luka 23:14-16.

      Yesu a asɔfo no de no kɔmaa Pilato no, Pilato huu sɛ ɛyɛ ɔtanhunu ara kwa. Bere a Pilato gu so rehwehwɛ kwan a ɔbɛfa so agyaa Yesu no, ɔnyaa nkra bi a anka ɛsɛ sɛ ɛboa no. Ɔte atemmu adwa so no, ne yere de nkra brɛɛ no sɛ: “Mfa wo ho nnye onipa tenenee yi asɛm mu koraa, na ne nti mahunu amane pii wɔ daeɛ mu nnɛ.” Ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn na ɔmaa ɔsoo saa dae no.—Mateo 27:19.

      Ná Pilato nim paa sɛ ɔbarima no ho nni asɛm, enti ɛsɛ sɛ ɔgyaa no. Nanso na aka kwan a ɔbɛfa so agyaa no.

      • Bere a Pilato bisaa Yesu sɛ ɔyɛ ɔhene no, ɛkwan bɛn na Yesu faa so kaa “nokorɛ no” kyerɛɛ no?

      • Dɛn na Pilato ka faa Yesu ho? Dɛn na nkurɔfo no yɛe? Dɛn na Pilato nso yɛe?

      • Adɛn nti na Herode Antipa huu Yesu no, n’ani gyee? Dɛn na ɔde yɛɛ Yesu?

      • Adɛn nti na na Pilato pɛ sɛ ɔgyaa Yesu?

  • Pilato Kaa Sɛ: “Hwɛ! Onipa no Nie!”
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Yesu hyɛ nkasɛɛ-nkasɛɛ abotiri ne atade kɔkɔɔ; Pilato de no abɛgyina abɔnten

      TI 129

      Pilato Kaa Sɛ: “Hwɛ! Onipa No Nie!”

      MATEO 27:15-17, 20-30 MARKO 15:6-19 LUKA 23:18-25 YOHANE 18:39–19:5

      • NÁ PILATO PƐ SƐ ƆGYAA YESU

      • YUDAFO NO KAA SƐ PILATO NNYAA BARABA MMOM

      • WƆDII YESU HO AGORƆ YƐƐ NO AYAYADE

      Pilato ka kyerɛɛ nnipakuw a wɔpɛ sɛ wɔkum Yesu no sɛ: “Manhunu nnyinasoɔ biara wɔ deɛ mode bɔɔ onipa yi soboɔ no mu. Nokorɛm no, Herode nso anhunu bi.” (Luka 23:14, 15) Esiane sɛ na Pilato pɛ sɛ ɔgyaa Yesu nti, ɔfaa adwene foforo. Ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Mowɔ amanneɛ sɛ twam duru a megyaa onipa baako ma mo. Enti mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ hene no ma mo anaa?”​—Yohane 18:39.

      Ná Pilato nim sɛ korɔmfo bi a wɔfrɛ no Baraba da afiase saa bere no. Ná ɔyɛ owudifo a ɔtutu ɔman ase. Enti Pilato bisaa sɛ: “Wɔn mu hwan na mopɛ sɛ megyaa no ma mo, Baraba anaa Yesu a wɔse wɔfrɛ no Kristo no?” Asɔfo mpanimfoɔ no tutu guu nkurɔfo no asom ma wɔteateaam sɛ, ɔbɛgyaa Yesu paa deɛ, ɛnde ɔnnyaa Baraba mmom. Pilato san bisaa sɛ: “Wɔn mmienu no mu hwan na mopɛ sɛ meyi no ma mo?” Nkurɔfo no teateaam sɛ: “Baraba.”​—Mateo 27:17, 21.

      Asɛm no yɛɛ Pilato nwonwa, enti ɔbisaa nkurɔfo no sɛ: “Ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu a wɔfrɛ no Kristo no?” Nkurɔfo no teɛteɛɛm denneennen sɛ: “Ma wɔmmɔ no asɛndua mu!” (Mateo 27:22) Awerɛhosɛm ne sɛ, onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara na na wɔrepɛ no akum no. Pilato bisaa nkurɔfo no sɛ: “Adɛn, bɔne bɛn na onipa yi ayɛ? Menhunu biribiara wɔ ne ho a ɛsɛ owuo; enti mɛtwe n’aso na magyaa no.”​—Luka 23:22.

      Pilato yɛɛ biara sɛ ɔbɛgyaa Yesu, nanso ɛdɔm no teateaam guu ne so denneennen sɛ: “Ma wɔmmɔ no asɛndua mu!” (Mateo 27:23) Ná nyamesom mpanimfoɔ no ayɛ ama nkurɔfo no awe ahinam so sɛ wɔbɛhwie mogya agu. Ná ɛnyɛ ɔbɔnefo anaa owudifo bi na wɔpɛ sɛ wɔkum no; ɛyɛ onipa a ɔnyɛɛ bɔne biara. Saa onipa yi ara nso, nnanum a na atwam no, wɔbɔ gyee ne so sɛ Ɔhene wɔ Yerusalem. Sɛ na Yesu asuafo no bi wɔ amrado aban mu hɔ mpo a, wɔanyi wɔn anim.

      Pilato huu sɛ ɔrebrɛ gu. Ná nkurɔfo no reyɛ ayɛ basabasa, enti ɔde nsuo guu ade mu hohoroo ne nsa wɔ wɔn anim kaa sɛ: “Menni ɔbarima yi mogya ho fɔ. Mo ara monyɛ deɛ mobɛyɛ.” Ɛno mpo ammu nkurɔfo no abam. Mmom wɔkaa sɛ: “Ne mogya mmra yɛne yɛn mma so.”​—Mateo 27:24, 25.

      Ná Amrado Pilato nim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ, nanso na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nkurɔfo no apɛde ma wɔn. Enti ɔtiee wɔn gyaa Baraba maa wɔn. Afei ɔmaa wɔyii Yesu atade kaa no mpire.

      Asraafo no hwee Yesu wiei no, wɔde no kɔɔ amrado aban no mu. Asraafo no nyinaa baa hɔ bɛkekaa nsɛnhunu kyerɛɛ no. Afei wɔde nkasɛɛ-nkasɛɛ nwenee abotiri, na wɔpia hyɛɛ ne ti. Ɛnna wɔde demmire bawee bi hyɛɛ ne nsa nifa mu, na wɔhyɛɛ no atade tenten kɔkɔɔ bi te sɛ ɔdehye. Afei wɔdii ne ho fɛw kaa sɛ: “Asomdwoeɛ nka wo, Yudafoɔ Hene!” (Mateo 27:28, 29) Wɔtetee ntasuo nso guu Yesu so bobɔɔ n’ani so. Ɛnna wɔgyee demmire no fii ne nsam de bɔɔ nkasɛɛ “abotire” tantan a wɔde ahyɛ no no so, na nkasɛɛ no wurawuraa ne tirim.

      Sɛ obi na wɔyɛɛ no saa a, anka ɔntumi koraa, enti Pilato hwɛ sɛnea Yesu atumi afa mu a wammɔ wa koraa no a, na ɛyɛ no nwonwa. Ɛno maa ɔyɛɛ sɛ ɔbɛfa kwan foforo so ayi ne ho afiri asɛm no mu. Ɔkaa sɛ: “Hwɛ! Mede no refiri adi abrɛ mo na moahunu sɛ menhunu ne ho mfomsoɔ biara.” Saa bere no, na wɔahwe Yesu apirapira no ama mogya retu no, enti ɛbɛyɛ sɛ na Pilato dwen sɛ ɔde no ba abɔnten a, ɛbɛma nkurɔfo no ahu no mmɔbɔ. Nanso na nkurɔfo no nni ahummɔborɔ ketekete sɛɛ mpo, na bere a Pilato de Yesu bɛgyinaa wɔn anim no, ɔkaa sɛ: “Hwɛ! Onipa no nie!”​—Yohane 19:4, 5.

      Ná wɔahwe Yesu apirapira no, nanso wankeka mu anteatea mu anyɛ hwee, na ɛbɛyɛ sɛ ɛkaa Pilato koma paa, efisɛ nsɛm a ɔkae no kyerɛ sɛ na ɔbu Yesu, na na ɔyɛ no mmɔbɔ nso.

      MPIRE

      Mpire a na wɔde hwe nkurɔfo

      Ɛkwan a na Romafo fa so ka nkurɔfo mpire no, Oduruyɛfo William D. Edwards kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne nwoma bi mu. (The Journal of the American Medical Association ) Ɔkaa sɛ:

      “Dua tiatia bi (wɔfrɛ no flagrum anaa flagellum) a wɔde aboa nwoma teaa asɔ so na na wɔde ka nkurɔfo mpire. Ɛtɔ da a, aboa nwoma no yɛ baako na ɛtɔ da nso a wɔnwene mmienu anaa nea ɛboro saa de sɔ [abaa no] so. [Mpire] biara ne ne tenten, na na wɔtaa de nnade nketenkete anaa nnwan nnompe nketenkete hyehyɛm. . . . Sɛ Roma asraafo no sɔ obi mu sɛ wɔrehwe no a, wɔde mpire no bɔ n’akyi denneennen ma nnade a ɛhyehyɛ mu no beabea n’akyi. Afei aboa nwoma no ne nnompe a ɛhyehyɛ mu no ma ne honam paapae. Sɛ wɔhwe no ara du baabi a, ɛtete honam no kɔ mu ma mogya pram no.”

      • Ɛkwan bɛn na na Pilato pɛ sɛ ɔfa so gyaa Yesu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno Pilato ho remma asɛm?

      • Dɛn na na wɔde ka nkurɔfo mpire? Sɛ wɔka obi mpire a na ɛte sɛn?

      • Wɔhwee Yesu wiei no, dɛn bio na wɔde yɛɛ no?

  • Ɔde Yesu Maa Wɔn sɛ Wɔnkɔkum No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Bere a Yesu sõ n’asɛndua no, ɛduu baabi no, na ɔntumi bio, enti ɔsraani bi kyeree Simon a ɔfiri Kirene maa ɔsoa maa no

      TI 130

      Ɔde Yesu Maa Wɔn Sɛ Wɔnkɔkum No

      MATEO 27:31, 32 MARKO 15:20, 21 LUKA 23:24-31 YOHANE 19:6-17

      • NÁ PILATO PƐ SƐ ƆGYAA YESU

      • ƆKAA SƐ WƆMFA YESU NKƆKUM NO

      Ná wɔahwe Yesu apirapira no adi ne ho agorɔ ara, nanso bere a Pilato de no bɛgyinaa nkurɔfo no anim a ɔyɛɛ sɛ anka ɔbɛgyaa no no, anyɛ asɔfo mpanimfoɔ no ne wɔn akyitaafo mmɔbɔ. Wɔn deɛ, ɛnyɛ nea obi reka koraa na na wɔretie; kum ara na na wɔpɛ sɛ wɔkum Yesu. Wɔteateaam sɛ: “Bɔ no asɛndua mu! Bɔ no asɛndua mu!” Pilato nso kaa sɛ: “Mo ara momfa no nkɔbɔ no asɛndua mu, na me deɛ, menhunu mfomsoɔ biara wɔ ne ho.”​—Yohane 19:6.

      Bere a Yudafo no bɔɔ Yesu kwaadu sɛ ɔtutu man ase no, Pilato ante ase amma wɔn sɛ ɛno nti ɔfata owuo. Afei wɔde fa he a na wɔbɛnya Yesu? Yɛbɛkae a, bere a Sanhedrin no redi Yesu asɛm no, wɔbɔɔ no sobo sɛ waka abususɛm. Wɔsan kɔfaa saa asɛm no bae wɔ Pilato anim. Wɔkaa sɛ: “Yɛwɔ mmara, na sɛdeɛ mmara no kyerɛ no, ɛsɛ sɛ ɔwuo, ɛfiri sɛ ɔfrɛɛ ne ho Onyankopɔn ba.” (Yohane 19:7) Wei deɛ na ɛyɛ asɛm foforo koraa ma Pilato.

      Pilato san wuraa ahemfie hɔ kɔfaa ne ho adwene. Ɔhwɛ nea wɔde ayɛ ɔbarima yi a ne nyinaa akyi ɔda so gyina ne nan so, na sɛ ɔkae ne yere dae no a, ɔno ara tumi hu sɛ ɛsɛ sɛ ɔgyaa no. (Mateo 27:19) Nanso asɛm a Yudafo no kaa sɛ Yesu se ɔyɛ “Onyankopɔn ba” no, dɛn na na Pilato bɛyɛ wɔ ho? Ná ɔno ara nim sɛ Yesu fi Galilea. (Luka 23:5-7) Nanso ɔbisaa no sɛ: “Wofiri he?” (Yohane 19:9) Bere a Pilato tee saa asɛm no, ɛbɛtumi aba sɛ ɔdwenee ho sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn ba a watena ase pɛn.

      Ná Yesu aka ama Pilato ate sɛ ɔyɛ ɔhene nanso n’Ahenni mfiri wiase. Yesu huu sɛ ɛho nhia sɛ ɔkyerɛ nsɛm mu pii bio, enti ɔyɛɛ dinn. Pilato faa no sɛ wabu no animtiaa, enti ne bo fui, na ɔkaa sɛ: “Wommua me? Wonnim sɛ mewɔ tumi sɛ megyaa woɔ na mewɔ tumi nso sɛ mebɔ wo asɛndua mu?”​—Yohane 19:10.

      Yesu maa no mmuaeɛ sɛ: “Sɛ wɔamfa amma wo amfiri soro a, anka worennya me so tumi biara. Ɛno nti na onipa a ɔde me maa woɔ no bɔne sõ paa no.” (Yohane 19:11) Ɛnyɛ onipa baako na na Yesu reka ne ho asɛm. Ná ɔrepɛ akyerɛ sɛ Kaiafa ne ne nkurɔfo ne Yuda Iskariot nyinaa, asodi da wɔn so sen Pilato.

      Pilato huu sɛ nea wɔde yɛɛ Yesu no nyinaa akyi no, wanyɛ basabasa anaa wankasa antia obiara. Afei nso na Pilato suro sɛ ebia na Yesu yɛ Onyankopɔn ba ampa, enti ɔnyaa adwene sɛ ɔbɛgyaa no. Nanso Yudafo no kɔfaa asɛm foforo bae maa ehu kaa Pilato. Wɔhunahunaa no sɛ: “Sɛ wogyaa onipa yi a, na wonyɛ Kaesare adamfo. Onipa biara a ɔyɛ ne ho ɔhene no kasa tia Kaesare.”​—Yohane 19:12.

      Amrado Pilato san de Yesu baa abɔnten, na ɔtenaa n’ahennwa so ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: “Hwɛ! Mo hene nie!” Nanso na Yudafo no asi wɔn bo paa. Wɔteateaam sɛ: “Fa no kɔ! Fa no kɔ! Bɔ no asɛndua mu!” Pilato bisaa wɔn sɛ: “Memmɔ mo hene asɛndua mu?” Saa bere no, na Yuda man no hyɛ Roma Ɔhempɔn Kaesare ase, na na Yudafo no mpɛ koraa, nanso afei deɛ asɔfo mpanimfoɔ no buee wɔn ano kaa sɛ: “Yɛnni ɔhene biara sɛ Kaesare.”​—Yohane 19:14, 15.

      Yudafo no yɛe ara maa ehu kaa Pilato, enti ɔpenee so sɛ wɔmfa Yesu nkɔkum no. Asraafo no worɔɔ Yesu atade kɔkɔɔ no de n’atade nguguso hyɛɛ no. Wɔde Yesu rekɔ no, ɔno ara na ɔsoaa asɛndua no.

      Ɛfiri Yawda anɔpa bɛsi Fida, Nisan da a ɛtɔ so 14 a anim atetew yi, na Yesu nkaa n’ani nguu so; ná wɔadi n’ani saa ara. Bere a wɔde no rekɔ no, wɔde n’asɛndua no soaa no, nanso ɛduu baabi no, na ɔntumi bio. Enti obi a ɔretwam akɔ ne baabi na asraafo no kyeree no ma ɔsoaa asɛndua no maa no. Onii no ne Simon a ɔfiri Kirene, Afrika. Wɔrekɔ no, na nnipadɔm di wɔn akyi, na na ebinom resu twa adwo.

      Yesu ka kyerɛɛ mmaa a wɔresu no sɛ: “Yerusalem mma mmaa, monnsu me. Na mmom monsu mo ho ne mo mma; ɛfiri sɛ, hwɛ! nna bi reba a nkurɔfoɔ bɛka sɛ, ‘Anigyeɛ ne abonini ne yafunu a anwoɔ ne nufoɔ a wɔannom ano!’ Ɛnna wɔbɛfiri aseɛ aka akyerɛ mmepɔ sɛ, ‘Mommɛgu yɛn so!’ ne nkokoɔ sɛ, ‘Monkata yɛn so!’ Ɛfiri sɛ berɛ a dua no yɛ dua mono no na wɔreyɛ yei a, ɛnneɛ sɛ ɛwu a ɛdeɛn na ɛbɛsie?”​—Luka 23:28-31.

      Asɛm a Yesu kae no, na ɛfa Yuda man no ho. Ná wɔte sɛ dua a ɛrewu a nsuo kakraa bi na ɛgyina mu, efisɛ saa bere no, na Yesu ne Yudafo kakraa bi a wɔgye no di da so wɔ hɔ. Nanso sɛ wɔn nyinaa wu kɔ a, ɔsom nhyehyɛe a ɛwɔ hɔ no bɛyɛ sɛ dua a awu. Sɛ Onyankopɔn ma Roma asraafo no bɛsɛe ɔman no a, esu a ɛbɛkɔ so nyɛ su ketewa!

      • Kwaadu bɛn na nyamesom mpanimfoɔ no de bɔɔ Yesu?

      • Dɛn na ɛmaa Pilato bɔɔ hu?

      • Asɔfo mpanimfoɔ no, dɛn na wɔkae a ɛmaa Pilato tee ase sɛ wɔnkɔkum Yesu?

      • Dua “mono” ne dua a ‘awu’ ho asɛm a Yesu kae no kyerɛ sɛn?

  • Ɔhene a Ɔnyɛɛ Bɔne Biara Huu Amane Wɔ Dua So
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Yesu hyɛɛ ɔbɔnefo a ɔsɛn ne nkyɛn no bɔ sɛ, “Wobɛka me ho wɔ Paradise”

      TI 131

      Ɔhene A Ɔnyɛɛ Bɔne Biara Huu Amane Wɔ Dua So

      MATEO 27:33-44 MARKO 15:22-32 LUKA 23:32-43 YOHANE 19:17-24

      • WƆBƆƆ YESU ASƐNDUA MU

      • NSƐM A WƆKYERƐW BƆƆ YESU ATIFI NO MAA NKURƆFO DII NE HO FƐW

      • YESU HYƐƐ OBI BƆ SƐ ƆBƐNYA ASASE SO PARADISE ATENA

      Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota, anaa Tikoraa. Wofiri kuro no mu rekɔ hɔ a ɛnware; ɛhɔ na na wɔrekɔkum Yesu ne abɔnefo mmienu bi. Sɛ obi gyina “akyirikyiri” koraa a, ɔtumi hu nea ɛrekɔ so wɔ hɔ.​—Marko 15:40.

      Wɔduu hɔ no, wɔyii mmarima mmiɛnsa no ntade, na wɔmaa wɔn bobesa a wɔahyɛ no kurobo. Ɛbɛyɛ sɛ Yerusalem mmaa na wɔfraa saa nsa no. Ebia na Romafo no pene so ma wɔde ma nnipa a wɔrekɔkum wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrente yaw pii. Yesu deɛ, bere a ɔde bi kaa n’ano no, wannom. Adɛn ntia? Saa sɔhwɛ kɛse a ɛda n’anim no, na ɔmpɛ sɛ ɔde biribiara bɛkatakata n’ani. Ná ɔpɛ sɛ ɔde anikan gyina mu kɔsi wuo mu.

      Asraafo no twee Yesu mu de no too dua no so. (Marko 15:25) Afei wɔde nnadewa bobɔɔ ne nsa ne ne nan mu fam dua no ho, na ɛyaw a ɔfaa mu deɛ, yɛnka. Bere a wɔrema dua no so asi hɔ no, esiane sɛ na nnadewa no ara na ɛkura ne nipadua nti, na ɛretete fa mu, enti afei deɛ na ɔrehu amane paa. Nanso Yesu ankasa antia asraafo no. Mmom ɔbɔɔ mpae sɛ: “Agya fa firi wɔn ɛfiri sɛ wɔnnim deɛ wɔreyɛ.”​—Luka 23:34.

      Sɛ Romafo no bu ɔbɔnefo bi fɔ kum no a, na wɔtaa kyerɛw ne bɔne fam dua no ho. Nanso Yesu deɛ, ne ho asɛm a Pilato kyerɛwee ara ne sɛ: “Yesu Nasareni, Yudafoɔ Hene no.” Ɔkyerɛw no Hebri, Latin, ne Hela kasa mu, enti na nnipa dodow no ara tumi kan. Nea Pilato yɛe no ma yɛhu sɛ na ɛyɛ no ahi sɛ Yudafo no agyegye no ara ama wabu Yesu kumfɔ. Asɛm a ɔkyerɛwee no, asɔfo mpanimfoɔ no ampɛ, enti wɔkaa sɛ: “Ntwerɛ sɛ ‘Yudafoɔ Hene,’ na mmom twerɛ sɛ ɔno na ɔkaa sɛ, ‘Mene Yudafoɔ Hene.’” Nanso afei deɛ na wɔn ateetee no amee Pilato, enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Deɛ matwerɛ no, matwerɛ.”​—Yohane 19:19-22.

      Ná ɛyɛ asɔfo no abufuo paa, enti wɔkasakasae. Yɛbɛkae a, bere a Sanhedrin no redi Yesu asɛm no, nkurɔfo bɛdii ne ho adansekurum, na saa bere yi a wɔabɔ no asɛndua mu nso, asɔfo no kɔfaa saa atosɛm no bae bio. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ nkurɔfo a wɔretwam dii fɛw kekaa nsɛm bi te sɛ: “O! Wo a anka wobɛdwiri asɔrefie aguo na woasi no nnansa ntam, firi asɛndua no so si fam na gye wo ho.” Asɔfo mpanimfoɔ no ne akyerɛwfo no nso keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Ma Kristo, Israel Hene no nsi mfiri asɛndua no so na yɛnhunu na yɛnnye nni.” (Marko 15:29-32) Abɔnefo mmienu a wɔsɛn Yesu nkyɛn no mpo bɔɔ no ahohora, nanso nnipa mmiɛnsa a wɔsɛn dua so no, Yesu nko ara na na ɔnyɛɛ bɔne biara.

      Roma asraafo nnan no nso dii Yesu ho agorɔ. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔrenom nsa nyinyanyinya, enti wɔdii ne ho agorɔ sɛ ɔno nso nnye bi nnom wɔ bere a wɔn ani tua sɛ Yesu mmɛn wɔn. Romafo no de nea wɔakyerɛw abɔ Yesu atifi no dii ne ho agorɔ sɛ: “Sɛ wone Yudafoɔ hene no a, gye wo ho.” (Luka 23:36, 37) Hwɛ asɛm! Wɔannya obiara antan n’ani anni ne ho agorɔ sɛ ɛkwan no, nokorɛ no ne nkwa no. Nanso wei nyinaa mu no, Yudafo a wɔrehwɛ nea ɛrekɔ so no oo, Roma asraafo a wɔredi ne ho agorɔ no oo, abɔnefo mmienu a wɔka ne ho no oo, Yesu ankasa antia wɔn mu biara.

      Asraafo bɔɔ ntonto huu nea ɔbɛfa Yesu atade nhyɛase

      Asraafo nnan no faa Yesu atade nguguso kyɛɛ mu nnan, na wɔbɔɔ so ntonto huu nea ɛbɛkɔ obiara hɔ. Yesu atade nhyɛase no deɛ, na ɛnni “mpameeɛ, na na wɔanwene firi soro abɛsi fam”; na ɛyɛ atade papa. Enti asraafo no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Mommma yɛnnsunsuane mu, mmom momma yɛmmɔ so ntonto nhwɛ deɛ ɛbɛyɛ ne dea.” Ɛno maa nkɔmhyɛ baa mu sɛ: “Wɔkyekyɛɛ me ngugusoɔ mu faeɛ, na m’atadeɛ nso, wɔbɔɔ so ntonto.”​—Yohane 19:23, 24; Dwom 22:18.

      Ɛyɛɛ kakra no, abɔnefo no baako bɛhuu sɛ Yesu bɛyɛ ɔhene ampa. Ɔkaa ɔbɔnefo baako no anim sɛ: “Enti wonsuro Nyankopɔn koraa berɛ a seesei wowɔ atemmuo korɔ no ara mu yi? Yɛn deɛ, ɛfata yɛn, ɛfiri sɛ deɛ yɛyɛeɛ so akatua na yɛn nsa aka yi; na oyi deɛ, ɔnyɛɛ biribiara a ɛmfa kwan mu.” Afei ɔsrɛɛ Yesu sɛ: “Woba w’ahennie mu a, kae me.”​—Luka 23:40-42.

      Yesu yii ano sɛ: “Nokorɛm mese wo nnɛ sɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.” Wanka sɛ ɔbɛka ne ho wɔ Ahenni no mu, na mmom “Paradise.” (Luka 23:43) Enti bɔhyɛ yi nte sɛ nea Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no. Wɔn deɛ, Yesu hyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔne wɔn bɛtena nhennwa so wɔ Ahenni no mu. (Mateo 19:28; Luka 22:29, 30) Ɔbɔnefo yi, ɛbɛyɛ sɛ asase so Paradise a Yehowa de maa Adam ne Hawa ne wɔn asefo no, na ɔnim ho asɛm. Afei a ɔrebɛwu yi, na wabɛnya anidaso sɛ ne nsa bɛka asase so Paradise no bi.

      • Adɛn nti na bobesa a wɔde maa Yesu no, wannom?

      • Dɛn na wɔkyerɛw bɔɔ Yesu atifi? Nsɛm bɛn na Yudafo no kekaa wɔ ho?

      • Nea wɔyɛɛ Yesu ntade no, Bible nkɔmhyɛ bɛn na ɛmaa no baa mu?

      • Abɔnefo mmienu a na wɔka Yesu ho no, ɛbɔ bɛn na ɔhyɛɛ baako?

  • “Ampa Ara, Onipa Yi Yɛ Onyankopɔn Ba”
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Bere a wɔsɛn Yesu ne abɔnefo mmienu no na Yesu wui no, ɔsraani panin bi a ɔgyina hɔ kaa sɛ: “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba”

      TI 132

      “Ampa Ara, Onipa Yi Yɛ Onyankopɔn Ba”

      MATEO 27:45-56 MARKO 15:33-41 LUKA 23:44-49 YOHANE 19:25-30

      • YESU WUU WƆ DUA SO

      • WƆBƆƆ YESU ASƐNDUA MU NO, NSƐNKYERƐNNE BI SISII

      Ɛduu “dɔn a ɛtɔ so nsia” anaa awia dumienu no, “esum duruu asase no nyinaa so kɔsii dɔn a ɛtɔ so nkron” anaa awia nnɔn mmiɛnsa. (Marko 15:33) Saa sum no amma kwa. Yɛnim sɛ ɛwom ara a, bosome tumi kyere awia ma esum ba awia ketee. Ɛtaa si bere a bosome apue foforo, nanso bere a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu a esum durui no deɛ, na ɛyɛ Twam afahyɛ bere, enti na bosome no nyinaa apue. Sɛ bosome kyere awia a, ɛnkyɛ, nanso esum a yɛreka ho asɛm yi kyɛe paa. Enti wohwɛ mu a, Onyankopɔn na ɔmaa esum no durui.

      Nnipa a na wɔredi Yesu ho agorɔ no, ɛbɛyɛ sɛ nea ɛsii no yɛɛ wɔn nwonwa. Ɛsum no bae no, mmaa nnan bi kɔgyinaa asɛndua no ho. Mmaa nnan no, na Yesu maame ka ho; wɔn a aka ne Salome, Maria Magdalene, ɛnna Maria, ɔsomafo Yakobo Kumaa maame.

      Bere a Yesu maame gyina “asɛndua no ho” no, na ɔsomafo Yohane gyina ne nkyɛn. Ná Maria ayɛ dinn rehwɛ ne ba a wawo no atete no no. Ɔhwɛ nea ne ba no refa mu no a, na ɛte sɛ nea wɔde “nkrantɛ tenten” awɔ ɔno Maria. (Yohane 19:25; Luka 2:35) Ɛyaw a na Yesu refa mu nyinaa akyi no, na ɔredwen ne maame Maria ho. Yesu miaa n’ani de ne ti kyerɛɛ Yohane so ka kyerɛɛ ne maame sɛ: “Ɔbaa, hwɛ! Wo ba!” Afei ɔde ne ti kyerɛɛ Maria so ka kyerɛɛ Yohane sɛ: “Hwɛ! Wo maame!”​—Yohane 19:26, 27.

      Ɛbɛyɛ sɛ saa bere no, na Maria yɛ okunafo, enti na Yesu de no rehyɛ ɔsomafo a ɔdɔ no no nsa. Ná wahu sɛ Maria mma a aka no nnye ɔno Yesu nni. Enti ɔyɛɛ nhyehyɛe a ɛbɛma obi ahwɛ no na waboa no ama wasom Onyankopɔn. Wei yɛ adepa a yɛbɛtumi asuasua!

      Bere a esum no kɔe no mu ara na Yesu kaa sɛ: “Sukɔm de me.” Asɛm a ɔkae no maa nkɔmhyɛ bi baa mu. (Yohane 19:28; Dwom 22:15) Yesu huu sɛ ɛkwan bi so no, wobɛka sɛ nea n’Agya mmɔ ne ho ban bio sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ no ahwɛ akɔsi ase. Kristo de nne a emu yɛ den kaa asɛm bi, na saa asɛm no, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛ Aram kasa a na Galileafo ka. Ɔkaa sɛ: “Eli, Eli, lama sabaktani?” Ase kyerɛ sɛ: “Me Nyankopɔn, me Nyankopɔn, adɛn nti na woapa me?” Wɔn a wɔgyina hɔ no bi ante ase, enti wɔkaa sɛ: “Hwɛ! Ɔrefrɛ Elia.” Obi tuu mmirika de sapɔw kɔbɔɔ nsa nyinyanyinya mu de tuaa demmire ano na ɔde kɔmaa Yesu sɛ ɔnnom. Nanso ebinom kaa sɛ: “Monnyae no! Momma yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛyi no asi fam anaa.”​—Marko 15:34-36.

      Afei Yesu teaam sɛ: “Asa!” (Yohane 19:30) Ampa, biribiara a n’Agya somaa no sɛ ɔmmɛyɛ wɔ asase so no, na watumi ayɛ awie. Bere a Yesu rebɛwu no, ɔkaa sɛ: “Agya, wo nsam na mede me honhom hyɛ.” (Luka 23:46) Yesu de ne nkwa hyɛɛ Yehowa nsa; ná ɔnim sɛ ɔbɛnyane no. Kristo de ne werɛ nyinaa hyɛɛ Onyankopɔn mu na afei ɔtoo ne kɔn wui.

      Ɔwui no, asase wosoo denneennen maa abotan paapaee. Ná ano yɛ den paa, enti ada a ɛwɔ Yerusalem mu buebue maa emu afunu bɛguu abɔnten. Nnipa a wɔretwam a wɔhuu sɛ afunu deda mmɔnten so no kɔɔ “kuro kronkron” no mu kɔbɔɔ amanneɛ.​—Mateo 12:11; 27:51-53.

      Afei ntwamutam a ɛkyɛ Kronkronbea ne Kronkron mu Kronkronbea mu no, emu suan mmienu fii soro bɛsii fam. Nsɛm a ɛsisii no kyerɛ sɛ Onyankopɔn bo fuu wɔn a wɔkuu ne Ba no. Ɛsan nso kyerɛ sɛ afei deɛ, na ɛkwan abue sɛ nnipa bi bɛnya kwan akɔ ɔsoro, Kronkron mu Kronkronbea hɔ.​—Hebrifoɔ 9:2, 3; 10:19, 20.

      Ɛnyɛ nwonwa sɛ ehu kaa nkurɔfo. Ɔsraani panin a ɔhwɛ maa wɔkum Yesu no kaa sɛ: “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.” (Marko 15:39) Bere a Pilato redi Yesu asɛm a ɔbisaa Yesu sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba no, ɛbɛyɛ sɛ na ɔsraani panin no wɔ hɔ. Sɛnea nneɛma kɔe no ma ɔbɛhuu sɛ Yesu yɛ onipa pa, na ɔyɛ Onyankopɔn Ba ampa.

      Wɔn a wɔde wɔn ani huu nea ɛkɔɔ so no, wɔrekɔ wɔn fie nyinaa, na wɔde wɔn nsa rebobɔ “wɔn kokom.” Nea wɔyɛe no kyerɛ sɛ na awerɛhoɔ ne aniwu ahyɛ wɔn ma. (Luka 23:48) Mmaa a na wɔgyina akyirikyiri rehwɛ no, na wɔn mu pii yɛ Yesu asuafo. Yesu te ase no, sɛ ɔretu kwan a, na ɔtumi ne wɔn kɔ. Wɔn nso, nsɛm akɛse a ɛsisii no kaa wɔn paa.

      “BƆ NO ASƐNDUA MU!”

      Yesu atamfo teateaam sɛ: “Bɔ no asɛndua mu!” (Yohane 19:15) Hela asɛm a wɔtaa kyerɛ ase “asɛndua” wɔ Nsɛmpa no mu ne stau·rosʹ. Nwoma bi kaa sɛ: “Stauros kyerɛ ‘dua tenten baako,’ anaa dua a ɛwɔ ahoɔden a akuafo tumi de gye ban. Ne nkyerɛase ara ne no; biribiara nka ho bio.”—History of the Cross.

      • Esum a ɛduruu asase so nnɔnhwere mmiɛnsa no, adɛn nti na yɛbɛtumi aka sɛ ɛnyɛ bosome na ɛkyeree awia?

      • Dɛn na Yesu yɛe a ɛma yɛhu sɛ ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn awofo a wɔanyinyin?

      • Dɛn na asasewosow a ɛsii no kɔfa bae? Asɔrefie hɔ ntwamutam a emu suan mmienu no, na ɛkyerɛ sɛn?

      • Ɛfiri bere a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu kɔsi ne wuo no, nsɛm bi sisii. Ɛkaa nnipa a wɔhui no sɛn?

  • Wɔsiesiee Yesu Amu Kɔsiee No
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    • Wɔresiesie Yesu amu akɔsie no

      TI 133

      Wɔsiesiee Yesu Amu Kɔsiee No

      MATEO 27:57–28:2 MARKO 15:42–16:4 LUKA 23:50–24:3 YOHANE 19:31–20:1

      • WƆYII YESU AMU FII DUA NO SO

      • WƆSIESIEE AMU NO MAA NE SIE

      • MMAA NO ANHU AMU NO

      Yesu wuu Fida awia Nisan da a ɛtɔ so 14, na na aka kakra ama Nisan da a ɛtɔ so 15 afiri ase. Saa da no nso, na ɛyɛ Homeda. Nanso, abɔnefo mmienu a wɔsɛn Yesu nkyɛn no deɛ, na wɔnnya nwui. Saa bere no, sɛ wɔsɛn obi dua so kum no a, na Mmara no kyerɛ sɛ, wɔnnnya “n’amu no nnsɛn dua so mmma adeɛ nnkye so.” Mmom ɛsɛ sɛ wɔsie no “da no ara.”​—Deuteronomium 21:22, 23.

      Fida awia biara nso, wɔfrɛ no Ahoboaboa da, efisɛ saa da no na nkurɔfo de noanoa wɔn nnuane, na wɔyɛ nneɛma bi a wɔrentumi mfa nto hɔ nkɔsi sɛ Homeda bɛtwam. Saa Homeda yi deɛ, na ɛyɛ Homeda mmienu a abɛbɔ so anaasɛ Homeda “kɛseɛ.” (Yohane 19:31) Nea enti a ɛyɛ Homeda kɛseɛ ne sɛ, na Nisan da a ɛtɔ so 15 yɛ Paanoo a Mmɔreka Nnim afahyɛ no da a ɛdi kan. Afahyɛ no da a ɛdi kan biara nso yɛ Homeda. (Leviticus 23:5, 6) Afe yi deɛ, da a ɛdi kan no sii nnawɔtwe no da a ɛtɔ so nson a ɛno nso yɛ Homeda.

      Yudafo no ka kyerɛɛ Pilato sɛ ɔmma wɔmmubu Yesu ne abɔnefo mmienu a wɔsɛn ne nkyɛn no nan mu na wɔnwu ntɛm. Ɛba saa a, wɔrentumi ntwe wɔn mu nhome yie, enti ɛnkyɛ koraa wɔbɛwu. Asraafo no bae no, wɔhuu sɛ Yesu awu dada, enti bere a wɔbubuu abɔnefo mmienu no nan mu no, wɔammu Yesu nan mu bi. Ɛno maa Dwom 34:20 baa mu sɛ: “Ɔhwɛ ne nnompe nyinaa so; emu baako mpo mmu.”

      Ná asraafo no pɛ sɛ wɔhu sɛ Yesu awu ampa. Enti baako de peaw wɔɔ ne mfe. Baabi a ɔde wɔe no, na ɛbɛn ne koma ho. “Ntɛm ara mogya ne nsuo firi baeɛ.” (Yohane 19:34) Wei nso maa nkɔmhyɛ foforo baa mu sɛ: “Wɔhwɛ Deɛ wɔde adeɛ wɔɔ no no.”​—Sakaria 12:10.

      Bere a wɔbɔɔ Yesu asɛndua mu no, na “ɔdefoɔ bi” a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea wɔ hɔ. Ná ɔyɛ otitiriw wɔ Sanhedrin no mu. (Mateo 27:57) Ná nkurɔfo ka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “nipa pa na ɔtene,” na ɔretwɛn “Onyankopɔn ahennie.” Ná “ɔyɛ Yesu suani nanso Yudafoɔ no ho suro nti ɔyɛɛ no kokoam” enti atɛn a Sanhedrin no bui no, ɔne wɔn anyɛ adwene. (Luka 23:50; Marko 15:43; Yohane 19:38) Bere a Yesu wuu wɔ dua no so no, Yosef nyaa akokoduru kɔɔ Pilato anim sɛ ɔmma wɔmfa Yesu amu mma no. Pilato bisaa ɔsraani panin no maa ɔsii no pi sɛ Yesu awu ampa. Afei ɔmaa Yosef kwan maa no kɔfaa Yesu amu no.

      Yosef kɔtɔɔ nwera pa, na ɔkɔyii Yesu amu no fii dua no so, na ɔde nwera no kyekyeree amu no. Nikodemo a “berɛ a ɛdi kan no ɔbaa [Yesu] nkyɛn anadwo” no nso bɛboa maa wɔsiesiee Yesu amu no. (Yohane 19:39) Ɔde kurobo ne pɛprɛ a ne bo yɛ den bɛyɛ nkaribo ɔha na ɛba maa wɔde siesiee amu no. Ɛyɛ nnɛ a, anka ne dodow bɛboro kilogram 30. Wɔde saa nnuhwam no guguu ntoma mu de kyekyere Yesu sɛnea na Yudafo sie wɔn afunu no.

      Ná Yosef wɔ ɛda bi a wɔatwa wɔ botan mu a wɔnsiee obiara wom da. Ɛhɔ na wɔde Yesu kɔtoe, na wɔde ɛboɔ kɛse bi tweree ano. Esiane sɛ na Homeda reyɛ adu nti, wɔyɛɛ no gya so gya so. Maria Magdalene ne Yakobo Kumaa maame Maria nyinaa, ɛbɛyɛ sɛ na wɔka ho na wɔsiesiee Yesu amu no. Wɔfirii hɔ no, wɔyɛɛ ntɛm kɔɔ fie “kɔsiesiee aduhwam ne ngo hwamhwam” a Homeda no twam a, wɔde bɛba abɛsiesie Yesu amu.​—Luka 23:56.

      Ade kyee Homeda no, asɔfo mpanimfoɔ ne Farisifo no kɔɔ Pilato nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yɛakae sɛ nkontomponi no kaa berɛ a ɔte aseɛ no sɛ, ‘Nnansa akyi no mɛsɔre.’ Enti hyɛ ma wɔmmɔ ɛda no ho ban nkɔsi ne nnansa soɔ na n’asuafoɔ no ammɛwia no anka ankyerɛ nkurɔfoɔ sɛ, ‘Wanyane afiri awufoɔ mu!’ Anka yei akyi nkontomposɛm bɛsene kane deɛ no.” Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mowɔ awɛmfoɔ. Monkɔbɔ ho ban sɛdeɛ monim sɛ ɛsɛ.”​—Mateo 27:63-65.

      Maria Magdalene, Yakobo maame Maria ne mmaa foforo duu hɔ Kwasida anɔpatutuutu. Wɔde nnuhwam kɔe sɛ wɔde rekɔkyekyere Yesu amu no. Wɔrekɔ no, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Hwan na ɔbɛmuni boɔ no afiri ɛda no ano ama yɛn?” (Marko 16:3) Nanso ansa na wɔreba no, na asasewosow asi hɔ. Afei nso na Onyankopɔn bɔfo amuni boɔ no afiri hɔ, awɛmfo no kɔ, na biribiara nni ɛda no mu.

      • Adɛn nti na na wɔfrɛ Fida Ahoboaboa da? Adɛn nti na na saa Homeda no yɛ Homeda “kɛseɛ”?

      • Dɛn na Yosef ne Nikodemo yɛɛ Yesu amu no? Ayɔnkofa bɛn na na ɛda wɔne Yesu ntam?

      • Asɔfo no, dɛn na wɔkɔsrɛɛ sɛ Pilato nyɛ? Dɛn na ɛsii Kwasida anɔpatutuutu?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena