Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lmd adesua 10
  • Yɛ Nea Wubetumi Biara Boa Nkurɔfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛ Nea Wubetumi Biara Boa Nkurɔfo
  • Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yesu Yɛe
  • Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?
  • Suasua Yesu
  • Sua Biribi Fi Nikodemo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Ɔkyerɛkyerɛɛ Nikodemo Anadwo
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔnso Nokware No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Sɛnea Yɛbɛboa Yɛn Bible Asuafo Ama Wɔanya Nkɔso Abɔ Asu—Ɔfã a Edi Kan
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
Hwɛ Pii Ka Ho
Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
lmd adesua 10

YƐ ASUAFO

Yesu ne Nikodemo te fie bi adiwo rebɔ nkɔmmɔ anadwo.

Yoh. 3:1, 2

ADESUA 10

Yɛ Nea Wubetumi Biara Boa Nkurɔfo

Nnyinasosɛm: “Yɛyeree yɛn ho kaa Onyankopɔn asɛmpa no kyerɛɛ mo. Ɛnyɛ ɛno nko, na mmom yekum yɛn ho nso maa mo, efisɛ na yɛdɔ mo paa.”—1 Tes. 2:8.

Nea Yesu Yɛe

Yesu ne Nikodemo te fie bi adiwo rebɔ nkɔmmɔ anadwo.

VIDEO: Yesu Kyerɛkyerɛɛ Nikodemo

1. Hwɛ VIDEO yi, anaa kenkan Yohane 3:​1, 2. Wuwie a susuw nsɛmmisa yi ho:

  1. Adɛn nti na ɛbɛyɛ sɛ Nikodemo kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo? —Hwɛ Yohane 12:​42, 43.

  2. Yɛhwɛ sɛnea Yesu penee so ne Nikodemo hyiaa anadwo no a, adɛn nti na yebetumi aka sɛ na ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea obetumi biara de boa nkurɔfo?

Dɛn Na Yesua Fi Yesu Hɔ?

2. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara boa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ asuafo a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ wɔn.

Suasua Yesu

3. Wo ne obi sua ade a, wo ne no nyɛ adesua no wɔ baabi a eye ma no ne bere a ɛbɛboa no. Ebia na ɔpɛ sɛ wo ne no sua ade bere anaa da pɔtee bi. Ɛhe na ɔpɛ sɛ moyɛ adesua no? Adwumam, fie, anaa baabi foforo? Ne yiye mu paa de, bere ne beae a ɛbɛyɛ ama no no, ɛhɔ na ɛsɛ sɛ moyɛ adesua no.

4. Monntoto adesua no mu. Sɛ wunni hɔ a, nka sɛ ɛno nti adesua no remma so saa nnawɔtwe no. Mmom bisa wo ho sɛ:

  1. a. Metumi ne no ayɛ adesua no da foforo wɔ nnawɔtwe no mu?

  2. b. Metumi ne no ayɛ adesua no wɔ fon anaa video kɔɔl so?

  3. d. Metumi ama onua foforo ayɛ adesua no?

5. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo. Sɛ ɛyɛ den ma wo Bible suani sɛ daa obenya bere ama moasua ade anaa ɔde Bible akwankyerɛ bɛyɛ adwuma a, bɔ mpae srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na woampa abaw. (Filip. 2:13) Ɛnyɛ dɛn ara a, osuani no bɔ ne ho mmɔden wɔ nneɛma bi mu, enti bɔ mpae na Yehowa mmoa wo na fa w’adwene si ɛno mmom so.

HWƐ NEA EDIDI SO YI NSO

Mmeb. 3:27; Aso. 20:35; 2 Kor. 12:15

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena