Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 3 kr. 14-kr. 15 nky. 3
  • Adam Ne Hawa Yɛɛ Onyankopɔn So Asoɔden

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Adam Ne Hawa Yɛɛ Onyankopɔn So Asoɔden
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Enti a Wɔn Fie no Fii Wɔn Nsa
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Afoforo Korɔn Sen Yɛn
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Ná Paradise Asetena Te Dɛn?
    Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
  • Asetra a Emu Yɛ Den Fi Ase
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 3 kr. 14-kr. 15 nky. 3
Adam ne Hawa refi Eden turom

ADESUA 3

Adam Ne Hawa Yɛɛ Onyankopɔn So Asoɔden

Adam kura aduaba a Hawa de maa no no

Da koro bi, na Hawa kunu nni ne nkyɛn. Saa bere no, ɔwɔ bi bebisaa no sɛ: ‘Enti ɛyɛ ampa sɛ Onyankopɔn aka sɛ nnua a ɛwɔ turo yi mu no, ɛnsɛ sɛ mudi ne nyinaa so aba?’ Hawa kaa sɛ: ‘Nnua a ɛwɔ ha nyinaa yedi so aba, baako pɛ na yenni. Ɛno de yedi bi a, yebewu.’ Ɔwɔ no kaa sɛ: ‘Morenwu. Mmom mudi a, mobɛyɛ sɛ Onyankopɔn.’ Ɛyɛ ampa? Daabi, ɛyɛ atoro! Nanso Hawa gyee ɔwɔ no dii. Hawa kɔɔ so hwɛɛ aduaba no, enti ne kɔn dɔe. Ɔtew bi dii, na ɔmaa Adam nso bi dii. Ná Adam nim sɛ, sɛ wɔyɛ Onyankopɔn so asoɔden a wɔbewu, nanso odii.

Adam ne Hawa refi Eden turom; abɔfo ne sekan a asɔ gya nso rewɛn ɔkwan no ano

Saa da no anwummere, Yehowa ne Adam ne Hawa kasae. Obisaa wɔn nea enti a wɔyɛɛ asoɔden. Hawa de hyɛɛ ɔwɔ no. Adam nso de hyɛɛ Hawa. Asoɔden a Adam ne Hawa yɛ tiaa Yehowa nti, ɔpamoo wɔn fii turo no mu. Ná Onyankopɔn mpɛ sɛ wɔba turo no mu bio, enti ɔde abɔfo ne sekan a asɔ gya wɛn kwan no ano.

Yehowa kaa sɛ nea ɔdaadaa Hawa no nso, ɔbɛtwe n’aso. Ɛnyɛ ɔwɔ no ankasa na ɔkasa kyerɛɛ Hawa. Yehowa ammɔ ɔwɔ sɛ ɔnkasa. Ɛyɛ ɔbɔfo bɔne bi na ɔmaa ɔwɔ no kasae. Ɔyɛɛ saa de daadaa Hawa. Saa ɔbɔfo no, yɛfrɛ no Satan Ɔbonsam. Daakye, Yehowa bɛsɛe Satan, enti ɔrennya kwan bio nnaadaa nkurɔfo mma wɔnyɛ bɔne.

‘Ɔbonsam yɛ owudifo fi mfiase, na wannyina nokware no mu, efisɛ nokware nni ne mu.’—Yohane 8:44

Nsɛmmisa: Adɛn nti na Hawa dii aduaba no? Bere a Adam ne Hawa yɛɛ asoɔden tiaa Yehowa no, dɛn na ɛtoo wɔn? Hena ne Satan Ɔbonsam?

Genesis 3:1-24; Yohane 8:44; 1 Yohane 3:8; Adiyisɛm 12:9

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena