Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lfb adesua 2 kr. 10-kr. 11 nky. 1
  • Onyankopɔn Bɔɔ Ɔbarima Ne Ɔbea a Wɔdi Kan

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Bɔɔ Ɔbarima Ne Ɔbea a Wɔdi Kan
  • Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ɔbarima ne Ɔbea a Wodi Kan
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Adɛn Nti Na Yenyinyin Na Yewuwu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2019
  • “Ɔtamfo a Otwa To a Obetu no Agu Ne Owu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Yesu Wuo ne Ne Wusɔreɛ​—Nea Ɛbɛtumi Ayɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Sua Biribi Fi Bible Mu
lfb adesua 2 kr. 10-kr. 11 nky. 1
Adam ne Hawa wɔ Eden turom

ADESUA 2

Onyankopɔn Bɔɔ Ɔbarima Ne Ɔbea a Wɔdi Kan

Yehowa yɛɛ turo fɛfɛɛfɛ bi wɔ baabi a yɛfrɛ hɔ Eden. Ná nhwiren, nnua ne mmoa pii wɔ turo no mu. Afei Onyankopɔn bɔɔ Adam. Ɔno ne onipa a Onyankopɔn dii kan bɔɔ no. Ɔde fam dɔte na ɛbɔɔ no, ɛnna ohuu mframa guu ne hwenem. Ɔyɛɛ saa no, wunim nea esii? Onipa no bɛyɛɛ ɔteasefo! Yehowa ka kyerɛɛ Adam sɛ ɔnhwɛ turo no so. Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ɔntoto mmoa no nyinaa din.

Yehowa maa Adam mmara bi a ɛho hia. Ɔka kyerɛɛ Adam sɛ: ‘Wubetumi adi turom ha nnua nyinaa so aba, nanso baako bi de, nni bi. Wudi bi a wubewu.’

Akyiri yi, Yehowa kaa sɛ: ‘Merebɛyɛ obi a ɔbɛboa Adam.’ Ɛno nti, ɔmaa Adam daa hatee. Ɛno akyi no, Onyankopɔn yii Adam mfe dompe baako de yɛɛ ɔbea maa no. Ɔbea no din de Hawa. Adam ne ne yere Hawa na wɔbɛyɛɛ abusua a edi kan. Bere a Adam huu ne yere no, ɔtee nka sɛn? Adam ani gyei paa. Enti ɔkaa sɛ: ‘Hwɛ nea Yehowa ayi me mfe dompe de ayɛ! Afei de manya obi a ɔte sɛ me ara!’

Yehowa ka kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ wɔnwo, na wɔnhyɛ asaase so ma. Ná Yehowa pɛ sɛ wɔde anigye yɛ adwuma ma asaase nyinaa dan paradise, anaa turo fɛfɛ te sɛ Eden turom hɔ. Nanso anyɛ yiye. Ɛbaa no sɛn? Yebesua ɛho nsɛm pii wɔ ti a edi hɔ no mu.

“Onii a ɔbɔɔ wɔn no, ɔyɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea fii mfiase.”—Mateo 19:4

Nsɛmmisa: Adwuma bɛn na Yehowa de maa Adam? Dua a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Adam ne Hawa sɛ mma wɔnni so aba no, ɔkaa sɛ wɔdi a, dɛn na ɛbɛyɛ wɔn?

Genesis 1:27-31; 2:7-9, 15-23; Dwom 115:16; Mateo 19:4-6

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena