-
Abufuw Maa Obi Kum NipaSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 4
Abufuw Maa Obi Kum Nipa
Bere a Adam ne Hawa fii Eden turom hɔ no, akyiri yi, wɔwoo mma bebree. Wɔn ba a odi kan no, yɛfrɛ no Kain. Nea ɔto so mmienu no nso de Habel. Ná Habel hwɛ nguan, ɛnna Kain nso yɛ afuw.
Da koro bi, Kain ne Habel bɔɔ afɔre maa Yehowa. Yɛka afɔre a, wunim ade ko? Ɛyɛ ade a obi de kyɛ Onyankopɔn. Yehowa ani sɔɔ Habel afɔre no, nanso Kain afɔre no de, Yehowa ani ansɔ. Ɛmaa Kain bo fuwii paa. Yehowa ka kyerɛɛ Kain sɛ abufuw no betumi ama wayɛ bɔne. Nanso Kain antie.
Mmom, Kain ka kyerɛɛ Habel sɛ: ‘Kogya me afuw mu.’ Bere a wɔn nko ara wɔ wuram hɔ no, Kain tow hyɛɛ ne nua no so kum no. Dɛn na Yehowa yɛe? Yehowa twee Kain aso; ɔpamoo no fii n’abusuafo nkyɛn kɔɔ akyirikyiri asaase so. Kain annya kwan amma n’akyi bio.
Dɛn na yebetumi asua afi saa asɛm no mu? Sɛ nneɛma ankɔ sɛnea yɛpɛ a, yɛn bo betumi afuw. Nanso sɛ yehu sɛ abufuw no reyɛ kɛse, anaa obi hu na otu yɛn fo sɛ yennyae a, ɛsɛ sɛ yegyae ntɛm na yɛankɔyɛ bɔne.
Ná Habel dɔ Yehowa. Habel yɛɛ adepa, enti Yehowa bɛkae no daa. Sɛ Onyankopɔn yɛ asaase paradise a, obenyan Habel ama wabɛtena ase bio.
“Di kan ne wo nua no nkosiesie mo ntam; afei san bra na bɛbɔ w’afɔre.”—Mateo 5:24
-
-
Noa AdakaSua Biribi Fi Bible Mu
-
-
ADESUA 5
Noa Adaka
Nkakrankakra, nnipa bɛyɛɛ pii wɔ asaase so. Nanso na wɔn mu pii yɛ adebɔne. Abɔfo a wɔwɔ soro mpo, ebi yɛɛ bɔne. Abɔfo no fii soro a ɛyɛ wɔn fie no baa asaase so. Wunim nea enti a wɔyɛɛ saa? Wɔbaa sɛ wɔrebɛdan nnipa na wɔaware asaase so mmaa.
Abɔfo no ne mmaa no woo mmabarima. Wɔn mma no bɛyɛɛ nnipa a wɔn ho yɛ den, na na wɔyɛ asisifo paa. Ná wɔhaw nkurɔfo. Ná Yehowa mpɛ sɛ nneɛma bɔne a ɛte saa bɛkɔ so, enti ɔyɛɛ sɛ ɔbɛyɛ ho biribi. Ɔkaa wɔ ne tirim sɛ ɔde nsuyiri bɛsɛe abɔnefo no.
Nanso, na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔno de ɔyɛ soronko. Ná ɔdɔ Yehowa. Yɛfrɛ no Noa. Ná ɔwɔ yere ne mmabarima mmiɛnsa. Yɛfrɛ ne mma no Sem, Ham, ne Yafet; na wɔn mu biara wɔ yere. Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔnyɛ adaka kɛse bi, na sɛ Nsuyiri no ba a, agye ɔne n’abusua nkwa. Ná ɛyɛ adaka kɛse bi a ɛrentumi mmem. Yehowa san ka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmfa mmoa bebree nkɔ adaka no mu sɛnea wɔn nso benya nkwa.
Ɛhɔ ara na Noa hyɛɛ ase yɛɛ adaka no. Noa ne n’abusua de bɛyɛ mfe 50 na ɛyɛɛ adaka no. Wɔyɛɛ adaka no pɛpɛɛpɛ sɛnea Yehowa kyerɛɛ wɔn no. Saa bere no nyinaa, na Noa reka akyerɛ nkurɔfo sɛ Nsuyiri bi reba, nanso obiara antie no.
Nkakrankakra, wowiee adaka no. Enti na ɛsɛ sɛ wɔkɔ mu. Ma yɛnhwɛ nea esii.
“Sɛnea na Noa nna no te no, saa ara na onipa Ba no mmae bɛyɛ.”—Mateo 24:37
-