Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w09 12/15 kr. 15-19
  • Ma W’ani Nnye Wɔ Ahohia Bere Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma W’ani Nnye Wɔ Ahohia Bere Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa—“Anigye Nyankopɔn No”
  • Ɛho Hia sɛ Yɛda Ntease Adi
  • Yɛ Onyankopɔn Apɛde na Nya Anigye
  • “Anigye ne Nnipa a Wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!”
  • Ma Yehowa Nkyekye Wo Werɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2020
  • Sɛnea Hana Nyaa Asomdwoe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Fa Wo Ho To “Awerɛkyekye Nyinaa Nyankopɔn” Yehowa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Hanah fi Ne Komam Bɔɔ Onyankopɔn Mpae
    Suasua Wɔn Gyidi
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
w09 12/15 kr. 15-19

Ma W’ani Nnye Wɔ Ahohia Bere Mu

“Wɔn a woguan toa [Yehowa] no de, wɔn nyinaa bedi ahurusi; wɔbɛto ahurusi dwom daa.”—DW. 5:11.

1, 2. (a) Nneɛma a ɛma nnipa di yaw pii nnɛ no bi ne dɛn? (b) Amanehunu a ɛto nnipa nyinaa akyi no, dɛn na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo san gyina ano?

AMANEHUNU a ɛto nnipa nyinaa no bi tumi to Yehowa Adansefo nso. Onyankopɔn nkurɔfo pii ahu amane wɔ nsɛmmɔnedifo nsam, akodi mu, na wɔasisi wɔn wɔ nneɛma foforo mu. Atoyerɛnkyɛm, ohia, yare, ne owu ma nnipa di yaw pii. Ɛfata sɛ ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Yenim sɛ abɔde nyinaa kɔ so penepene, na wohu amane besi nnɛ.” (Rom. 8:22) Yɛn ankasa sintɔ nso ma yehu amane. Yebetumi aka asɛm a Ɔhene Dawid a ɔtenaa ase tete no kae no bi sɛ: “Me mfomso aboro me ti so; ɛdɛn me so sɛ adesoa duruduru.”—Dw. 38:4.

2 Amanehunu a ɛto nnipa nyinaa akyi no, nokware Kristofo san sõ asɛndua wɔ ɔkwan bi so. (Luka 14:27) Nokwarem no, sɛnea wɔtan Yesu na wɔtaa no no, saa ara na wɔyɛ n’asuafo nso. (Mat. 10:22, 23; Yoh. 15:20; 16:2) Enti, Kristo akyi a yebedi no hwehwɛ sɛ yɛyere yɛn ho denneennen, na yenya boasetɔ bere a yɛretwɛn nhyira pii a yebenya wɔ wiase foforo no mu no.—Mat. 7:13, 14; Luka 13:24.

3. Yɛyɛ dɛn hu sɛ enhia sɛ Kristofo hu amane ansa na wɔasɔ Onyankopɔn ani?

3 So eyi kyerɛ sɛ, nokware Kristofo nni anigye wɔ wɔn asetena mu? So awerɛhow nkutoo na ɛsɛ sɛ yedi wɔ yɛn asetena mu kosi sɛ awiei no bɛba? Ɛda adi pefee sɛ, Yehowa pɛ sɛ yɛn ani gye bere a yɛretwɛn sɛ ne bɔhyɛ ahorow bɛbam no. Bible ka nokware asomfo ho asɛm mpɛn pii sɛ, wɔyɛ nnipa a wɔwɔ anigye. (Monkenkan Yesaia 65:13, 14.) Dwom 5:11 ka sɛ: “Wɔn a woguan toa [Yehowa] no de, wɔn nyinaa bedi ahurusi; wɔbɛto ahurusi dwom daa.” Nokwarem no, yebetumi anya anigye, asomdwoe, ne akomatɔyam pii wɔ bere a yɛwɔ amanehunu mu mpo. Momma yɛnhwɛ sɛnea Bible betumi aboa yɛn ma yɛagyina sɔhwɛ ahorow ano, na bere koro no ara yɛanya anigye.

Yehowa—“Anigye Nyankopɔn No”

4. Sɛ nkurɔfo anyɛ Onyankopɔn apɛde a, ɔte nka dɛn?

4 Sɛ nhwɛso no, susuw Yehowa ho hwɛ. Sɛ́ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no, ɔwɔ amansan nyinaa so tumi. Hwee nhia no, na onhia obiara mmoa nso. Nanso, tumi a enni ano a Yehowa wɔ nyinaa akyi no, ɛbɛyɛ sɛ bere a ne mma a wɔyɛ ahonhom no mu biako tew atua na ɔbɛyɛɛ Satan no, ne werɛ howee. Ɛbɛyɛ sɛ akyiri yi bere a abɔfo foforo nso tew atua no, ɛhaw Onyankopɔn. San susuw sɛnea Onyankopɔn dii yaw bere a Adam ne Hawa a wɔda nsow wɔ n’abɔde a wɔwɔ asase so nyinaa mu no dan wɔn akyi kyerɛɛ no no ho hwɛ. Efi saa bere no, wɔn asefo ɔpepepem pii apo Yehowa tumidi.—Rom. 3:23.

5. Dɛn titiriw na ama Yehowa ho ahiahia no?

5 Atuatew a Satan fii ase no da so ara rekɔ so. Bɛyɛ mfe 6,000 ni, Yehowa ahu sɛnea nnipa som abosom, wodi atirimɔdensɛm, wodi awu, na wɔde wɔn ho hyɛ nna mu ɔbrasɛe mu no. (Gen. 6:5, 6, 11, 12) Bio nso, wate nkontompo akɛse a nkurɔfo twa ne abususɛm a wɔkeka no. Onyankopɔn ankasa asomfo anokwafo mpo ahyɛ no awerɛhow mmere bi. Bible ka tebea a ɛte saa biako ho asɛm sɛ: “Mpɛn pii na wɔtew no so atua wɔ sare no so, na wɔhow ne werɛ wɔ kwayow no so. Wɔsɔɔ Onyankopɔn hwɛe mpɛn pii, na wɔmaa Israel Kronkronni no dii wɔn ho yaw.” (Dw. 78:40, 41) Sɛ Yehowa nkurɔfo dan fi n’akyi a, odi yaw kɛse paa. (Yer. 3:1-10) Ɛda adi pefee sɛ nneɛma bɔne sisi, na sɛ esisi a, Yehowa ho hiahia no paa.—Monkenkan Yesaia 63:9, 10.

6. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn di tebea ahorow a ɛhaw adwene ho dwuma?

6 Nanso, ɛyaw ne awerɛhow a Yehowa di no mma ɔntew ntena sɛ ɔrenyɛ asɛm bi a asi ho hwee. Bere a nsɛnnennen bi sɔree no, Yehowa tuu ho anammɔn ntɛm ara de tew ɔhaw a na ebetumi de aba no so. Yehowa atoto nneɛma nso sɛnea ɛbɛyɛ a awiei koraa no ɛbɛma n’atirimpɔw abam. Esiane saa anammɔn pa a Yehowa atu yi nti, ɔde anigye hwɛ bere a obiara behu sɛ ne tumidi na ɛfata na ama n’asomfo anokwafo anya nhyira pii no kwan. (Dw. 104:31) Ahohora a wɔabɔ Yehowa nyinaa akyi no, ɔda so ara yɛ “anigye Nyankopɔn.”—1 Tim. 1:11; Dw. 16:11.

7, 8. Sɛ nneɛma nkɔ yiye a, dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Yehowa?

7 Ɛwom sɛ yɛrentumi mfa yɛn ho ntoto Yehowa ho wɔ sɛnea yedi ɔhaw ho dwuma mu de, nanso sɛ yehyia amanehunu a, yebetumi asuasua Yehowa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛ nneɛma nkɔ yiye a yebedi awerɛhow, nanso ɛnsɛ sɛ yɛde ahwease yɛ nna. Esiane sɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ Yehowa suban so nti, yetumi dwen, na yɛwɔ nyansa, na ɛno ma yetumi susuw yɛn haw ho, na bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, yɛatu ho anammɔn pa.

8 Ade biako a ɛho hia a ebetumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔhaw ahorow ano ne sɛ yebehu sɛ nneɛma bi wɔ hɔ a yɛrentumi nyɛ ho hwee. Sɛ yedi yaw wɔ nneɛma a ɛte saa ho a, ebetumi ahaw yɛn kɛse, na asɛe anigye a yɛwɔ wɔ nokware som mu. Sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa sɛ yebesiesie ɔhaw bi wie a, ɛyɛ papa sɛ yegyae ho adwinnwen na yɛde yɛn adwene si nneɛma a mfaso wɔ so paa so. Bible mu nsɛm a edi so yi kyerɛkyerɛ saa asɛm yi mu yiye.

Ɛho Hia sɛ Yɛda Ntease Adi

9. Ɔkwan bɛn so na Hana daa ntease adi?

9 Susuw Hana a ɔbɛyɛɛ odiyifo Samuel maame no asɛm no ho hwɛ. Esiane awo a na ɔnwo nti, na odi awerɛhow. Wɔde awo twaa no mpoa, na wodii ne ho fɛw nso. Ɛtɔ bere bi a na Hana abam bu araa ma osũ, na na onnidi. (1 Sam. 1:2-7) Da bi a Hana kɔɔ Yehowa asɔrefie hɔ no, ne ‘kra werɛ howee, na ɔbɔɔ Yehowa mpae, na osui pii.’ (1 Sam. 1:10) Bere a Hana fi ne komam kaa nea ɛhaw no kyerɛɛ Yehowa wiei no, ɔsɔfopanyin Eli kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Fa asomdwoe kɔ, na Israel Nyankopɔn mma wo w’abisade a wode too n’anim no.” (1 Sam. 1:17) Saa bere yi, Hana hui sɛ na wayɛ nea obetumi nyinaa. Ná ɔrentumi nyɛ awo a na ɔnwo no ho hwee. Hana daa ntease adi. Enti “osiim kɔe kodidii, na n’anim ammotow bio.”—1 Sam. 1:18.

10. Ntease bɛn na Paulo daa no adi bere a ohyiaa ɔhaw bi a wantumi anyi amfi hɔ no?

10 Ɔsomafo Paulo nso daa ntease a ɛte saa ara adi bere a ohyiaa amanehunu no. Ná ɔwɔ ɔhaw bi a ɛmaa ne ho hiahiaa no paa. Ɔfrɛɛ ne haw no “ɔhonam mu nsɔe.” (2 Kor. 12:7) Sɛnea na ɔhaw no te biara no, Paulo yɛɛ nea obetumi biara sɛ obeyi afi hɔ, ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmma ne ho ntɔ no. Mpɛn ahe na Paulo de saa asɛm yi too Yehowa anim? Mprɛnsa. Ne mprɛnsa akyi no, Onyankopɔn maa Paulo hui sɛ ɔremfa anwonwakwan so nyi “ɔhonam mu nsɔe” no mfi no so. Paulo gyee saa asɛm yi toom, na ɔhwɛɛ so de n’ahoɔden nyinaa som Yehowa.—Monkenkan 2 Korintofo 12:8-10.

11. Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ ne nkotɔsrɛ boa yɛn ma yegyina amanehunu ano?

11 Nhwɛso ahorow yi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yegyae nneɛma a ɛma yɛn ho hiahia yɛn no ho mpae a yɛbɔ Yehowa no. (Dw. 86:7) Mmom no, Onyankopɔn Asɛm hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Munnnwinnwen biribiara nnhaw mo ho, na mmom momfa mpaebɔ ne nkotɔsrɛ ne aseda so mfa mo adesrɛ nto Onyankopɔn anim ade nyinaa mu.” Dɛn na Yehowa bɛyɛ de abua nkotɔsrɛ ne adesrɛ a ɛte saa no? Bible no san ka sɛ: “Na Onyankopɔn asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so no bɛbɔ mo koma ne mo adwene nsusuwii ho ban denam Kristo Yesu so.” (Filip. 4:6, 7) Nokwarem no, ebia Yehowa renyi yɛn haw no mfi yɛn so, nanso obetumi abɔ yɛn adwene nsusuwii ho ban de abua yɛn mpaebɔ. Sɛ yɛbɔ asɛm bi ho mpae wie a, ebia yebehu sɛ na asiane wom sɛ yɛbɛma ɛho dadwen ahyɛ yɛn so.

Yɛ Onyankopɔn Apɛde na Nya Anigye

12. Dɛn nti na sɛ yɛma yɛn abam bu bere tenteenten a, ebetumi apira yɛn?

12 Mmebusɛm 24:10 ka sɛ: “W’aba mu abu ahohia da mu anaa? W’ahoɔden so bɛtew.” Ɛbɛ foforo nso ka sɛ: “Koma mu yaw ma honhom botow.” (Mmeb. 15:13) Kristofo binom ama wɔn abam abu araa ma wɔagyae Bible a wɔkenkan ne Onyankopɔn Asɛm ho a wodwinnwen. Wɔbɔ mpae biarabiara, na ebia wɔbɛtew wɔn ho afi wɔn mfɛfo asomfo ho. Ɛda adi pefee sɛ awerɛhow a yebedi no bere tenteenten betumi apira yɛn.—Mmeb. 18:1, 14.

13. Nneɛma a yebetumi ayɛ de adi abasamtu so na ama yɛn ani agye no bi ne dɛn?

13 Nanso, sɛ yenya adwempa a, ɛbɛboa yɛn ma yɛde yɛn adwene asi nneɛma a yebetumi ayɛ wɔ yɛn asetena mu a ɛbɛma yɛn ani agye so. Dawid kyerɛwee sɛ: “Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, O me Nyankopɔn.” (Dw. 40:8) Sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ yɛn asetena mu a, ɛnsɛ sɛ yegyae nneɛma a mfaso wɔ so a yɛyɛ no daa wɔ Onyankopɔn som mu no da. Nokwarem no, ade a yebetumi ayɛ de agyina awerɛhow a yedi ano ne sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a ɛbɛma yɛn ani agye. Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ, yebetumi anya anigye afi n’Asɛm a yɛbɛkenkan na yɛahwehwɛ mu daa no mu. (Dw. 1:1, 2; Yak. 1:25) Kyerɛw Kronkron no ne Kristofo nhyiam ahorow ma yenya “nsɛm a ɛyɛ dɛ” a ebetumi ahyɛ yɛn nkuran na ama yɛn koma atɔ yɛn yam.—Mmeb. 12:25; 16:24.

14. Awerɛhyem bɛn na Yehowa de ama yɛn a ɛma yɛn ani gye nnɛ?

14 Onyankopɔn ma yɛn nneɛma pii a ebetumi ama yɛn ani agye. Daa nkwa a ɔde ahyɛ yɛn bɔ no yɛ ade titiriw a ɛma yɛn ani gye ankasa. (Dw. 13:5) Ɛmfa ho tebea a yɛwom seesei no, yenim sɛ awiei koraa no, Onyankopɔn betua wɔn a wofi wɔn komam hwehwɛ no no ka. (Monkenkan Ɔsɛnkafo 8:12.) Odiyifo Habakuk kaa saa ahotoso no ho asɛm fɛfɛɛfɛ bere a ɔkyerɛwee sɛ: “Borɔdɔma rengu nhwiren na bobe rensow aba; ngodua ho adwuma bɛyɛ kwa, na mfuw remma aduan; nguan bɛsã wɔ nguannan mu na anantwi asã wɔ ban mu. Nanso me de, medi ahurusi wɔ Yehowa mu na m’ani agye me nkwagye Nyankopɔn mu.”—Hab. 3:17, 18.

“Anigye ne Nnipa a Wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!”

15, 16. Onyankopɔn akyɛde a ebetumi ama yɛn ani agye bere a yɛretwɛn nhyira a yebenya daakye no bi ne dɛn?

15 Bere a yɛretwɛn asetena pa a yebenya daakye no, ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ yɛde nneɛma pa a ɔde ma yɛn no gye yɛn ani. Bible ka sɛ: “Mahu sɛ adepa biara nni hɔ mma nnipa sɛ wobegye wɔn ani na wɔahu adepa wɔn asetena mu; ne sɛ onipa biara bedidi na wanom na wahu adepa, ne brɛ nyinaa mu. Onyankopɔn akyɛde ne no.” (Ɔsɛnk. 3:12, 13) ‘Adepa a yebehu’ no bi ne nneɛma pa a yɛbɛyɛ ama afoforo. Yesu kae sɛ ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye. Nneɛma pa a yɛbɛyɛ ama yɛn kunu anaa yɛn yere, yɛn mma, yɛn awofo, ne yɛn abusuafo foforo ma yenya akomatɔyam kɛse. (Mmeb. 3:27) Sɛ yenya ayamhyehye ma yɛn nuanom Kristofo, yɛda ahɔhoyɛ adi kyerɛ wɔn, na yɛde wɔn bɔne firi wɔn a, ɛno nso ma yenya anigye kɛse, na ɛsɔ Yehowa ani. (Gal. 6:10; Kol. 3:12-14; 1 Pet. 4:8, 9) Na sɛ yeyi yɛn yam yɛ asɛnka adwuma no a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam ankasa.

16 Nsɛm a ɛwɔ Ɔsɛnkafo nhoma no mu a yɛaka ho asɛm no ka nneɛma nketenkete a ɛma yɛn ani gye wɔ asetena mu te sɛ adidi ne ɔnom ho asɛm. Nokwarem no, sɛ yɛrehyia sɔhwɛ mpo a, yebetumi anya anigye afi honam fam nneɛma biara a Yehowa de akyɛ yɛn no mu. Bio nso, yebetumi ahwɛ owia a ɛrekɔtɔ a ɛyɛ fɛ, asase bi a ɛyɛ fɛ, mmoa mma a wɔredi agoru, ne abɔde mu nneɛma foforo a ɛyɛ fɛ kwa a yentua hwee, nanso saa nneɛma no betumi ama yɛn ho adwiriw yɛn, na ama yɛn ani agye nso. Sɛ yesusuw saa nneɛma no ho a, ɛma ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa yɛ kɛse, efisɛ ɔno na ɔde nneɛma pa nyinaa ma yɛn.

17. Dɛn na ɛbɛma yɛade yɛn ho koraa afi amanehunu mu, na seesei de, dɛn na ɛma yenya awerɛkyekye?

17 Awiei koraa no, ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn, n’ahyɛde so a yebedi, ne agyede afɔre no mu gyidi a yebenya no bɛma yɛade yɛn ho koraa afi amanehunu a sintɔ de aba yɛn so no ho, na ɛbɛma yɛanya anigye daa. (1 Yoh. 5:3) Seesei de, esiane sɛ yenim sɛ Yehowa hu yɛn amanehunu nyinaa nti, ɛma yenya awerɛkyekye. Dawid kyerɛwee sɛ: “M’ani begye na madi ahurusi w’adɔe mu, efisɛ woahu m’amanehunu; wunim me kra ahohia.” (Dw. 31:7) Ɔdɔ a Yehowa wɔ ma yɛn no bɛka no ma wagye yɛn afi yɛn amanehunu mu.—Dw. 34:19.

18. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfo ani gye paa?

18 Bere a yɛretwɛn sɛ Yehowa bɔhyɛ ahorow bɛbam no, momma yensuasua Yehowa a ɔno ne anigye Nyankopɔn no. Mommma adwinnwen nnhyɛ yɛn so mma yennnyae ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn no. Sɛ yehyia ɔhaw a, momma yɛmfa adwene ne nyansa a yɛwɔ no nyɛ adwuma ma ɛmmoa yɛn. Yehowa bɛboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn ho so na yɛayɛ nea yebetumi biara de atew ɔhaw a amanehunu de ba no so. Enti, momma yɛn ani nnye nneɛma pa a ɔde ma yɛn wɔ honam fam ne honhom fam no nyinaa ho. Sɛ yɛkɔ so bɛn Onyankopɔn a, yɛn ani betumi agye, efisɛ “anigye ne nnipa a wɔn Nyankopɔn ne Yehowa!”—Dw. 144:15.

Dɛn na Woasua?

• Sɛ yehyia amanehunu a, yɛbɛyɛ dɛn atumi asuasua Yehowa?

• Ɔkwan bɛn so na ntease a yɛbɛda no adi betumi aboa yɛn ma yɛagyina amanehunu ano?

• Sɛ yɛwɔ ahohia mu a, yɛbɛyɛ dɛn atumi anya anigye wɔ Onyankopɔn apɛde a yɛbɛyɛ mu?

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Nneɛma bɔne a ɛresisi no ma Yehowa ho hiahia no

[Asɛm Fibea]

© G.M.B. Akash/Panos Pictures

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Yehowa ama yɛn nneɛma a ɛbɛma yɛn ani agye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena