-
Yehowa Na “Oyi Ahintasɛm Adi”Ɔwɛn-Aban—2012 | June 15
-
-
Yehowa Na “Oyi Ahintasɛm Adi”
“Ampa ara, mo Nyankopɔn no yɛ anyame mu Nyame ne ahene Wura ne Nea oyi ahintasɛm adi.”—DAN. 2:47.
WUBEBUA DƐN?
Nneɛma a ebesisi daakye bɛn na Yehowa ayi no adi akyerɛ yɛn?
Aboa no ti asia a edi kan no gyina hɔ ma dɛn?
Nneɛma bɛn na edi nsɛ wɔ aboa no ne ohoni a Nebukadnesar hui no mu?
1, 2. Dɛn na Yehowa ayi no adi akyerɛ yɛn, na dɛn nti na wayɛ saa?
SƐ ONYANKOPƆN Ahenni ba sɛ ɛrebebubu nnipa nniso a, wiase tumidi bɛn na ɛbɛba abɛto no? Yenim mmuae no, efisɛ Yehowa Nyankopɔn a “oyi ahintasɛm adi” no abue so akyerɛ yɛn. Nsɛm a ɔmaa odiyifo Daniel ne ɔsomafo Yohane kyerɛwee no ma yehu saa tumidi no.
2 Yehowa maa saa mmarima yi huu mmoa bi wɔ anisoadehu mu, na na wɔbɛba nnidiso nnidiso. Ɔsan maa Daniel huu nea ohoni kɛse bi kyerɛ. Yehowa ma wɔkyerɛw saa nsɛm no too hɔ na wɔakora so wɔ Bible mu ama yɛn. (Rom. 15:4) Ɔyɛɛ saa sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya anidaso kɛse sɛ ɛrenkyɛ n’Ahenni bebubu nnipa nniso nyinaa.—Dan. 2:44.
3. Sɛ yɛbɛte Bible mu nkɔmhyɛ ase yiye a, dɛn na ɛsɛ sɛ yedi kan te ase, na dɛn ntia?
3 Daniel ne Yohane nkɔmhyɛ no ma yehu ahene baawɔtwe ne sɛnea wobedidi so aba. Ahene yi gyina hɔ ma nnipa nniso. Sɛ yebetumi ate saa nkɔmhyɛ no ase yiye a, ɛsɛ sɛ yɛte nkɔmhyɛ a edi kan wɔ Bible mu no ase. Dɛn ntia? Efisɛ ɛno ne Bible mũ no nyinaa fapem, na nkɔmhyɛ foforo aka nyinaa bobare ho.
ƆWƆ NO ASENI NE ABOA NO
4. Henanom na wɔbom yɛ ɔbea no aseni no, na dɛn na saa aseni no bɛyɛ?
4 Bere a wɔtew atua wɔ Eden no, ankyɛ koraa na Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ “ɔbea” bi bɛwo ‘aseni’ bi.a (Monkenkan Genesis 3:15.) Ná saa aseni no bɛbɔ ɔwɔ a ogyina hɔ ma Satan no ti. Akyiri yi Yehowa daa no adi sɛ aseni no befi Abraham mu na aba, ɔbɛyɛ Israelni a ofi Yuda abusua mu, ne Ɔhene Dawid aseni. (Gen. 22:15-18; 49:10; Dw. 89:3, 4; Luka 1:30-33) Aseni no ankasa ne Kristo Yesu. (Gal. 3:16) Wɔn nso a wɔka aseni no ho ne Kristofo a wɔde honhom asra wɔn asafo no. (Gal. 3:26-29) Yesu ne wɔn a wɔde honhom asra wɔn yi na wɔbom yɛ Onyankopɔn Ahenni no, na Onyankopɔn nam Ahenni yi so bɛpɛtɛw Satan.—Luka 12:32; Rom. 16:20.
5, 6. (a) Tumidi akɛse ahe na Daniel ne Yohane kaa ho asɛm? (b) Aboa a Adiyisɛm nhoma no ka ne ho asɛm no ti ahorow no gyina hɔ ma dɛn?
5 Nkɔm a Yehowa dii kan hyɛe wɔ Eden no kyerɛe nso sɛ Satan benya ‘aseni.’ Satan aseni no bɛtan ɔbea no aseni no, na wakyi no kɔkɔɔkɔ. Henanom na wɔbom yɛ ɔwɔ no aseni no? Eyinom ne wɔn a wɔtan Onyankopɔn na wɔko tia Onyankopɔn nkurɔfo sɛnea Satan yɛ no. Efi tete besi nnɛ nyinaa, Satan de n’asefo ahyehyɛ amammui nniso anaa ahenni ahorow. (Luka 4:5, 6) Nnipa nniso yi bi ako atia Onyankopɔn nkurɔfo tee; wɔko tiaa Israel man ne Kristofo a wɔasra wɔn asafo no. Dɛn nti na ehia sɛ yehu eyi? Efisɛ ɛma yehu nea enti a Daniel ne Yohane anisoadehu no kaa saa tumidi akɛse yi mu awotwe pɛ ho asɛm.
6 Bɛyɛ mfe mpem abien ni, Yesu maa ɔsomafo Yohane nyaa anisoadehu ahorow a ɛyɛ nwonwa. (Adi. 1:1) Emu biako mu no, Yohane huu ɔtweaseɛ bi sɛ ogyina mpoano baabi. Saa ɔtweaseɛ no gyina hɔ ma Ɔbonsam. (Monkenkan Adiyisɛm 13:1, 2.) Yohane san huu aboa bi a ne ho yɛ hu sɛ ofi ɛpo mu reba, na Ɔbonsam maa no tumi kɛse. Akyiri yi Yohane huu aboa kɔkɔɔ bi a ɔwɔ ti ason a ɔyɛ aboa a ɔwɔ Adiyisɛm 13:1 no honi. Ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ Yohane sɛ aboa kɔkɔɔ no ti ason no gyina hɔ ma “ahene” anaa nniso “baason.” (Adi. 13:14, 15; 17:3, 9, 10) Bere a Yohane rekyerɛw saa asɛm no, na nniso anum ahwe ase dedaw, na biako redi tumi, na na biako “nnya mmae.” Ahenni anaa wiase nniso bɛn na na ɔreka ho asɛm? Momma yɛnhwɛ aboa a wɔka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu, na yɛnhwɛ nea aboa no ti biara kyerɛ. Yebenya nniso yi ho nsɛm pii nso afi Daniel nhoma no mu. Daniel nkɔmhyɛ no kaa nniso yi bi ho asɛm mfe bebree ansa na wɔreyi wɔn ti.
NE TI A EDI KAN NE NEA ƐTO SO ABIEN NO NE EGYPT NE ASIRIA
7. Aboa no ti a edi kan no gyina hɔ ma dɛn, na dɛn ntia?
7 Aboa no ti a edi kan no gyina hɔ ma Egypt. Dɛn ntia? Efisɛ Egypt ne wiase tumidi a edi kan a etuu n’ani sii Onyankopɔn nkurɔfo so. Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ sɛ n’asefo mu na ɔbea no aseni no befi aba. Ná Israelfo yɛ Abraham asefo, na bere a wɔwɔ Egypt no, wɔyɛɛ bebree wɔ hɔ. Enti Egypt teetee wɔn. Satan bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo ase na aseni no amma. Ɔkwan bɛn so? Opiapiaa Farao sɛ onkunkum Israelfo mmarimaa nyinaa. Nanso Yehowa siw ano na ogyee ne nkurɔfo fii Egypt nkoasom mu. (Ex. 1:15-20; 14:13) Akyiri yi ɔde Bɔhyɛ Asase no maa Israelfo no.
8. Aboa no ti a ɛto so abien no gyina hɔ ma dɛn, na dɛn na ɛbɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛyɛ?
8 Aboa no ti a ɛto so abien no gyina hɔ ma Asiria. Saa Ahenni yi nso bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo ase. Yehowa nam Asiria so twee Israel mmusuakuw du no aso esiane wɔn abosonsom ne wɔn atuatew nti. Nanso Asiria kɔtow hyɛɛ Yerusalem nso so. Ebia na Satan adwene ne sɛ ɔbɛtɔre adehye abusua a na Yesu befi mu aba no ase. Ná Yehowa mpɛ sɛ wɔsɛe Yerusalem, enti ɔsɛee Asiriafo no na ogyee ne nkurɔfo anokwafo.—2 Ahe. 19:32-35; Yes. 10:5, 6, 12-15.
NE TI A ƐTO SO ABIƐSA NE BABILON
9, 10. (a) Dɛn na Yehowa maa Babilonfo no yɛe? (b) Dɛn na na ɛsɛ sɛ esi na ama nkɔmhyɛ bi abam?
9 Aboa a Yohane hui no ti a ɛto so abiɛsa no gyina hɔ ma Babilon Ahemman no. Yehowa maa Babilonfo sɛee Yerusalem na wɔsoaa ne nkurɔfo kɔyɛɛ nkoa. Ná Yehowa adi kan aka akyerɛ Israelfo no sɛ wɔn atuatew nti biribi a ɛte saa bɛba wɔn so. (2 Ahe. 20:16-18) Yehowa san ka kyerɛɛ Israelfo sɛ ɔremma wɔn ahene ntena ‘n’ahengua’ so bio wɔ Yerusalem. (1 Be. 29:23) Nanso Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ Ɔhene Dawid aseni bi bɛba abedi ade efisɛ ɔno na “ɛyɛ ne dea.”—Hes. 21:25-27.
10 Nkɔmhyɛ foforo ma yehu sɛ bere a Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ anaa Nea Wɔasra No no bɛba no, na Yudafo da so ara resom wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. (Dan. 9:24-27) Ansa na Israelfo rekɔyɛ nkoa wɔ Babilon no, na wɔahyɛ nkɔm sɛ wɔbɛwo Mesia no wɔ Betlehem. (Mika 5:2) Sɛ nkɔmhyɛ yi bɛbam a, na ɛsɛ sɛ wogye Yudafo no fi nkoasom mu ma wɔba wɔn kurom na wɔsan besi asɔrefie no. Nanso na ɛnyɛ Babilonfo ani so a; wɔmma wɔn nkoa mfa wɔn ho nni. Ɛnde na ɛbɛyɛ dɛn na Onyankopɔn nkurɔfo atumi akɔ wɔn kurom? Yehowa maa n’adiyifo huu nea ɔbɛyɛ.—Amos 3:7.
11. Agyiraehyɛde ahorow bɛn na wɔde gyinaa hɔ maa Babilon Ahemman no? (Hwɛ asehɔ asɛm no.)
11 Ná odiyifo Daniel ka Israelfo a wɔkɔyɛɛ nkoa wɔ Babilon no ho. (Dan. 1:1-6) Yehowa maa Daniel hui sɛ Babilon akyi no, wiase tumidi foforo bedidi so aba. Yehowa nam agyiraehyɛde ahorow so na ɛyɛɛ saa. Nhwɛso biako ne sɛ ɔmaa Babilon hene Nebukadnesar soo dae huu ohoni kɛse bi a ɛwɔ afã horow. (Monkenkan Daniel 2:1, 19, 31-38.) Ná ohoni no ti yɛ sika kɔkɔɔ, na Yehowa nam Daniel so kyerɛe sɛ egyina hɔ ma Babilon Ahemman no.b Ná ne koko ne n’abasa yɛ dwetɛ, na na egyina hɔ ma wiase tumidi a ɛbɛba wɔ Babilon akyi. Ná ɛbɛyɛ wiase tumidi bɛn, na ɔkwan bɛn so na na ɛne Onyankopɔn nkurɔfo bedi?
NE TI A ƐTO SO ANAN GYINA HƆ MA MEDO-PERSIA
12, 13. (a) Dɛn na Yehowa ka faa nniso a ebetu Babilon agu no ho? (b) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ aboa no ti a ɛto so anan no ne Medo-Persia?
12 Bɛboro mfe ɔha ansa na Daniel reba no, Yehowa yii wiase tumidi a ebetu Babilon agu ho nsɛm kyerɛɛ odiyifo Yesaia. Yehowa kyerɛɛ ɔkwan a wɔbɛfa so atu Babilon agu na ɔbɔɔ onii ko a obedi anim mpo din. Ná saa onii no ne Persiani Kores. (Yes. 44:28–45:2) Yehowa maa Daniel nyaa anisoadehu foforo abien a ɛfa Medo-Persia Wiase Tumidi ho. Anisoadehu biako mu no, wɔde osisi bi a ‘ɔtɔ kɔ ɔfã biako’ gyinaa hɔ maa saa wiase tumidi yi. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ‘onni nam bebree.’ (Dan. 7:5) Anisoadehu foforo mu no, Daniel huu odwennini a ɔwɔ mmɛn abien. Ná eyi nso gyina hɔ ma saa wiase tumidi no.—Dan. 8:3, 20.
13 Yehowa de Medo-Persia Ahemman no yɛɛ adwuma maa nkɔmhyɛ bi baa mu. Nea ɔyɛe ne sɛ ɔma wotuu Babilon gui na ɔmaa Israelfo no san kɔɔ wɔn kurom. (2 Be. 36:22, 23) Nanso akyiri yi Medo-Persia Ahemman no pɛe mpo sɛ ɛtɔre Onyankopɔn nkurɔfo ase. Bible nhoma a ɛne Ester ma yehu sɛ owura bi a wɔfrɛ no Haman a na ɔyɛ Persia soafo panyin no bɔɔ pɔw bɔne bi. Ɔhyɛe sɛ wɔntɔre Yudafo a wɔtete Persia Ahemman no mu baabiara ase, na ɔhyɛɛ da pɔtee a wɔbɛyɛ saa. Sɛ ɛnyɛ Yehowa na ɔde ne ho gyee mu a, anka Satan aseni no tɔree ne nkurɔfo ase. (Ester 1:1-3; 3:8, 9; 8:3, 9-14) Enti yebetumi aka sɛ aboa a Adiyisɛm nhoma no ka ne ho asɛm no ti a ɛto so anan no ne Medo-Persia.
NE TI A ƐTO SO ANUM NE HELA
14, 15. Tete Hela Ahemman no ho nsɛm bɛn na Yehowa daa no adi?
14 Aboa a Adiyisɛm nhoma no ka ne ho asɛm no ti a ɛto so anum no gyina hɔ ma Hela anaa Greece. Bere a Nebukadnesar soo dae no, Daniel kae sɛ ohoni no yafunu ne n’asrɛ a ɛyɛ kɔbere no gyina hɔ ma Hela Ahemman no. Daniel nyaa anisoadehu foforo abien a ɛma yehu nsɛm pii fa Hela Ahemman no ne ne sodifo kɛse bi ho.
15 Anisoadehu biako mu no, Daniel huu ɔsebɔ a ɔwɔ ntaban anan. Ná aboa yi gyina hɔ ma Hela, na na obetwiw afa aman afoforo so. (Dan. 7:6) Anisoadehu foforo mu nso, Daniel huu ɔpapo bi a ɔwɔ abɛn kɛse wɔ n’ani ntam, na ɔde ahoɔhare kum odwennini a ɔwɔ mmɛn abien no. Na odwennini no gyina hɔ ma Medo-Persia. Yehowa ka kyerɛɛ Daniel sɛ ɔpapo no gyina hɔ ma Hela, ɛnna n’abɛn kɛse no gyina hɔ ma Hela ahene no biako. Daniel san kyerɛwee sɛ abɛn kɛse no bebu na nketewa anan afifi asi ananmu. Wɔhyɛɛ saa nkɔm no, mfe pii twam ansa na Hela wiase tumidi no reba, nanso nkɔmhyɛ no mu asɛm biako mpo antɔ fam. Ná abɛn kɛse no gyina hɔ ma Alexander Ɔkɛseɛ. Ɔno ne ɔhene titiriw a odii tete Hela Ahemman no anim tuu Medo-Persia gui. Nanso bere a odii mfe 32 a ne tumi adu ne mpɔmpɔnso no, owui mpofirim. Bere a Alexander wui no, yɛbɛka a, na abɛn kɛse no abu. Ɛno akyi no, n’ahenni mu paapae na n’asahene baanan kyɛ fae.—Monkenkan Daniel 8:20-22.
16. Dɛn na Antiochus a Ɔto So Anan no yɛe?
16 Bere a Hela tuu Persia gui no, edii Onyankopɔn nkurɔfo so. Saa bere yi na Yudafo no akɔtena Bɔhyɛ Asase no so asan asi asɔrefie no wɔ Yerusalem. Ná wɔda so ara yɛ Onyankopɔn nkurɔfo, na na asɔrefie hɔ ara na wɔda so som Onyankopɔn. Nanso bɛyɛ mfe 168 ansa na Kristo reba no, aboa no ti a ɛto so anum a egyina hɔ ma Hela no kɔtow hyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Bere a Alexander ahemman no mu paapae no, na Antiochus a Ɔto So Anan ka wɔn a wɔkyɛ fae no ho. Osii afɔremuka wɔ baabi a Yerusalem asɔrefie no wɔ yɛɛ abosonne wɔ so, na ɔhyɛɛ mmara sɛ wonkum obiara a ɔde ne ho bɛhyɛ Yudafo som mu. Eyi yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Satan aseni anaa n’asefo no kyi Onyankopɔn nkurɔfo kɔkɔɔkɔ! Nanso ankyɛ na wiase tumidi foforo betuu Hela gui. Ɛnde, na aboa no ti a ɛto so asia no bɛyɛ nniso bɛn?
ROMA—ABOA NO TI A ƐTO SO ASIA A “NE HO YƐ HU”
17. Dɛn paa na aboa no ti a ɛto so asia no yɛ maa Genesis 3:15 baam?
17 Bere a Yohane huu aboa no wɔ anisoadehu mu no, na Roma ne wiase tumidi a ɛwɔ hɔ. (Adi. 17:10) Ná Roma ne aboa no ti a ɛto so asia, na ɛboae paa ma nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no baam. Satan nam Roma mpanyimfo so kaa aseni no “nantin.” Ɔkwan bɛn so na ɛbaa saa? Romafo no bɔɔ Yesu sobo sɛ ɔyɛ ɔmammɔfo na wokum no. (Mat. 27:26) Nanso ankyɛ na saa kuru no wui efisɛ Yehowa nyanee Yesu.
18. (a) Ɔman foforo bɛn na Yehowa pawee, na dɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔwɔ no aseni no kɔɔ so tuu n’ani sii ɔbea no aseni no so?
18 Israel nyamesom akannifo no ne Roma yɛɛ biako ko tiaa Yesu, na Israelfo dodow no ara nso poo no. Enti Yehowa poo Israel man no. (Mat. 23:38; Aso. 2:22, 23) Ɔpaw ɔman foforo a Bible frɛ no “Onyankopɔn Israel.” (Gal. 3:26-29; 6:16) Ná saa ɔman no ne Kristofo a wɔasra wɔn asafo no; Yudafo ne Amanaman Mufo na na wɔwɔ asafo no mu. (Efe. 2:11-18) Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, ɔwɔ no aseni kɔɔ so ara tuu n’ani sii ɔbea no aseni no so. Roma bɔɔ mmɔden ara sɛ wɔbɛpopa Kristofo a wɔasra wɔn asafo a ɛka ɔbea no aseni no ho no.c
19. (a) Dɛn na Daniel ka faa wiase tumidi a ɛto so asia no ho? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?
19 Bere a Daniel rekyerɛ Nebukadnesar dae no ase no, nea ɔkae no da no adi sɛ ohoni no nan a ɛyɛ dade no gyina hɔ ma Roma. (Dan. 2:33) Daniel san nyaa anisoadehu bi a ɛfa Roma Ahemman no ho ne wiase tumidi a edi hɔ a ebepue afi mu aba. (Monkenkan Daniel 7:7, 8.) Bere tenten a Roma Ahemman no tenaa hɔ no, n’atamfo huu ahemman no sɛ “ne ho yɛ hu ne nwonwa na ɔwɔ ahoɔden boro so.” Nanso nkɔmhyɛ no kae sɛ “mmɛn du” befifi wɔ Roma Ahemman no mu na wɔn mu biako benya tumi kɛse asen nea aka no. Mmɛn du no yɛ dɛn, na abɛn ketewa no gyina hɔ ma dɛn? Ohoni kɛse a Nebukadnesar hui no fã bɛn na ɛne abɛn ketewa no di nsɛ? Adesua a edi hɔ a ɛwɔ kratafa 14 no bebua nsɛmmisa yi.
[Ase hɔ nsɛm]
a Ɔbea no gyina hɔ ma Yehowa ahyehyɛde a ɛte sɛ ne yere no. Honhom abɔde a wɔwɔ soro na wɔbom yɛ ahyehyɛde no.—Yes. 54:1; Gal. 4:26; Adi. 12:1, 2.
b Ohoni a Daniel nhoma no ka ho asɛm no ti ne afei aboa a ɔwɔ Adiyisɛm nhoma no mu ti a ɛto so abiɛsa no nyinaa gyina hɔ ma Babilon. Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 12-13.
c Bere a Roma sɛee Yerusalem wɔ afe 70 Y.B. mu no, na Israel nyɛ Onyankopɔn man bio. Enti yɛrentumi nka sɛ bere a wɔsɛe Yerusalem no na wɔretu wɔn ani asi ɔbea no aseni no so, na ɛnyɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Genesis 3:15 no mmamu nso.
-
-
Yehowa Kyerɛ Nea “Etwa Sɛ Ɛba Ntɛm”Ɔwɛn-Aban—2012 | June 15
-
-
Yehowa Kyerɛ Nea “Etwa Sɛ Ɛba Ntɛm”
“Yesu Kristo adiyisɛm a Onyankopɔn de maa no sɛ ɔnkyerɛ ne nkoa nneɛma a etwa sɛ ɛba ntɛm.”—ADI. 1:1.
WUBEBUA DƐN?
Ohoni kɛse no fã bɛn na egyina hɔ ma Britain ne Amerika Wiase Tumidi no?
Dɛn na ɛwɔ Yohane nkɔmhyɛ no mu a ɛkyerɛ sɛ Britain ne Amerika Wiase Tumidi no na ɛbɔ Amanaman Nkabom no kyidɔm?
Ɔkwan bɛn so na Daniel ne Yohane anisoadehu no ma yehu sɛ wɔbɛsɛe nnipa nniso nyinaa?
1, 2. (a) Sɛ yɛhwɛ Daniel ne Yohane nkɔmhyɛ no a, dɛn na yehu? (b) Aboa no ti asia a edi kan no gyina hɔ ma dɛn?
SƐ YƐDE Daniel nkɔmhyɛ no toto Yohane de no ho a, yɛte nneɛma pii a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no ase na yehu nea ɛbɛba daakye nso. Sɛ yɛhwɛ aboa a ɔwɔ ti ason a Yohane hui wɔ anisoadehu mu ne aboa ahuabɔbirim bi a ɔwɔ mmɛn du a Daniel hui ne ohoni kɛse a Daniel kaa ho asɛm no a, dɛn na yesua? Ɛsɛ sɛ nkɔmhyɛ yi ka yɛn ma yɛyɛ dɛn?
2 Momma yɛnhwɛ aboa a Yohane hui wɔ Adiyisɛm ti 13 no. Adesua a edi kan mu no, yehui sɛ aboa no ti asia a edi kan no gyina hɔ ma Egypt, Asiria, Babilon, Medo-Persia, Hela, ne Roma. Saa nniso yi nyinaa tuu wɔn ani sii ɔbea no aseni no so. (Gen. 3:15) Bere a Yohane rekyerɛw n’anisoadehu no, na Roma ne wiase tumidi a ɛwɔ hɔ, na na ɛno ne aboa no ti a ɛto so asia. Roma Ahemman no tenaa hɔ mfe pii. Nanso na aboa no ti a ɛto so ason no bɛba abesi Roma ananmu. Ɛnde, na eyi bɛyɛ wiase tumidi bɛn, na na ɛne ɔbea no aseni bedi no dɛn?
BRITAIN NE UNITED STATES MA WƆN HOMENE SO
3. Aboa a ne ho yɛ hu a ɔwɔ mmɛn du no gyina hɔ ma dɛn? Mmɛn du no nso gyina hɔ ma dɛn?
3 Sɛ yɛde aboa a ɔwɔ Adiyisɛm ti 13 a Yohane hui no toto aboa a ne ho yɛ hu a ɔwɔ mmɛn du a Daniel hui no ho a, yebetumi ahu nea aboa no ti a ɛto so ason no gyina hɔ ma.a (Monkenkan Daniel 7:7, 8, 23, 24.) Aboa a Daniel hui a ɔwɔ mmɛn du no gyina hɔ ma Roma Wiase Tumidi no. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 12-13.) Kristo awo akyi bɛyɛ mfe 400 no, Roma Ahemman no mu fii ase paapaee. Aboa no mmɛn du no gyina hɔ ma ahenni ahorow a epue fii Roma Ahemman no mu bae nyinaa.
4, 5. (a) Dɛn na abɛn ketewa no yɛe? (b) Aboa no ti a ɛtɔ so ason no gyina hɔ ma dɛn?
4 Daniel nkɔmhyɛ mu no, na aboa a ne ho yɛ hu no wɔ mmɛn du, na akyiri yi “abɛn ketewa” bi puei, na etutuu mmɛn du no mu abiɛsa. Nea ɛbae ni: Ná Britain yɛ nniso ketewa bi a ɛhyɛ Roma Ahemman no ase, nanso ebenyaa tumi kɛse. Besi afeha a ɛto so 17 nyinaa no na Britain nnyee din titiriw biara. Ná Spain, Netherlands, ne France a na wɔn nso hyɛ Roma Ahemman no ase no wɔ tumi kɛse sen Britain koraa. Nanso akyiri yi Britain bubuu saa aman abiɛsa yi aprɛ mmiako mmiako na edii wɔn so. Bɛyɛ afe 1750 hɔ baabi no, na Britain asɔre agyina rebedi tumi wɔ wiase nyinaa. Nanso na ennya mmɛyɛɛ aboa no ti a ɛto so ason no.
5 Bere a Britain maa ne homene so mpo no, North America dee ne ho fi Britain nsam, na wɔbɛfrɛɛ ɔman no United States. Nanso Britain kɔɔ so ara de n’asraafo taa United States akyi ma ebenyaa tumi kɛse. Bere a Awurade da no fii ase wɔ afe 1914 mu no, na Britain abɛyɛ ahemman a ɛso sen biara wɔ abakɔsɛm mu, na na United States nso abɛyɛ nnwuma akɛse asoɛe a ɛso wɔ wiase nyinaa.b Bere a Wiase Ko I pae gui no, United States de ne ntama bɔɔ Britain de ano. Saa bere yi de na aboa no ti a ɛto so ason no ayi ne ho sɛ Britain ne Amerika Wiase Tumidi. Ɔkwan bɛn so na ti a ɛto so ason yi ne ɔbea no aseni no dii?
6. Dɛn na aboa no ti a ɛto so ason no de yɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo?
6 Bere a Awurade da no fii ase no, ankyɛ na aboa no ti a ɛto so ason no de n’ani sii Onyankopɔn nkurɔfo so. Ná eyinom ne Kristo nuanom a wɔaka wɔ asase so. (Mat. 25:40) Yesu kae sɛ Awurade da no befi ase no, na ɔbea no aseni nkaefo bi wɔ asase so a wɔreyɛ adwuma a ɔde ahyɛ wɔn nsa no. (Mat. 24:45-47; Gal. 3:26-29) Britain ne Amerika Wiase Tumidi no tow hyɛɛ akronkronfo yi so. (Adi. 13:3, 7) Wiase Ko I mu no, saa tumidi no dii Onyankopɔn nkurɔfo ani, wɔbaraa wɔn nhoma ahorow bi, na wɔde akoa nokwafo kuw no ananmusifo guu afiase. Aboa no ti a ɛto so ason no guu asɛnka adwuma no ara ne sa. Yehowa hui sɛ saa na tebea no bɛyɛ na oyii no adi kyerɛɛ Yohane. Onyankopɔn san ka kyerɛɛ Yohane sɛ akronkronfo yi a wɔka ɔbea no aseni no ho no bɛsan asɔre agyina ayɛ asɛnka adwuma no. (Adi. 11:3, 7-11) Nea Yehowa kae no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛyɛe. N’asomfo san fii ase kaa asɛm no denneennen.
BRITAIN NE AMERIKA WIASE TUMIDI NO NE OHONI NO NAN ASE DADE NE DƆTE NO
7. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ aboa no ti a ɛto so ason ne ohoni kɛse no mu?
7 Nsɛdi bɛn na ɛwɔ aboa no ti a ɛto so ason ne ohoni kɛse no mu? Britain ne afei United States nyinaa pue fii Roma Ahemman no mu. Na ohoni no nan ase nso ɛ? Nkɔmhyɛ no ka sɛ ɛyɛ dade ne dɔte a adi afra. (Monkenkan Daniel 2:41-43.) Ohoni no nan ase no ne aboa no ti a ɛto so ason no nyinaa kyerɛ ade koro; ɛkyerɛ bere a Britain ne Amerika Wiase Tumidi no bɛsɔre. Sɛnea dade a dɔte frafra mu nyɛ den te sɛ dade ankasa no, saa ara na Britain ne Amerika Wiase Tumidi no nyɛ den te sɛ ahemman a epue fii mu no. Dɛn na ɛmaa Britain ne Amerika Wiase Tumidi no yɛɛ mmerɛw?
8, 9. (a) Ɔkwan bɛn so na wiase tumidi a ɛto so ason no daa no adi sɛ ɛyɛ den te sɛ dade? (b) Dɛn na dɔte a ɛwɔ ohoni no nan ase no kyerɛ?
8 Ɛtɔ bere bi a, Britain ne Amerika Wiase Tumidi a ɛne aboa no ti a ɛto so ason no yɛ n’ade te sɛ dade. Sɛ nhwɛso no, edii nkonim wɔ Wiase Ko I no mu de kyerɛe sɛ ɛwɔ tumi. Wiase Ko II mu nso, aboa no ti a ɛto so ason no daa no adi sɛ ɛyɛ den te sɛ dade.c Ɔko no akyi mpo no, aboa no ti a ɛto so ason no kɔɔ so ara daa no adi mpɛn pii sɛ ɛyɛ den te sɛ dade. Nanso efi bere a Britain ne Amerika Wiase Tumidi no sɔree nyinaa no, dɔte frafra dade no mu.
9 Efi bere tenten na Yehowa asomfo apɛɛpɛɛ mu sɛ wobehu nea ohoni no nan ase gyina hɔ ma. Daniel 2:41 ma yehu sɛ ohoni no nan ase a ɛyɛ dade ne dɔte no nnyina hɔ mma ahenni pii, na mmom “ahenni” biako pɛ. Enti dɔte no gyina hɔ ma biribi a ɛma Britain ne Amerika Wiase Tumidi no yɛ mmerɛw sen Roma Ahemman a na ɛyɛ dade ankasa no. Daniel daa no adi sɛ dɔte no gyina hɔ ma “nnipa mma,” kyerɛ sɛ ɔmanfo. (Dan. 2:43) Bere a nnipa repere hwehwɛ hokwan pii wɔ nnwuma mu ne mmeae foforo, na aman bi rehwehwɛ ahofadi no, na Britain ne Amerika Wiase Tumidi no reyɛ mmerɛw. Ɔmanfo ma ɛyɛ den sɛ saa wiase tumidi yi bedi ne bo so asɛm ayɛ n’ade te sɛ dade. Sɛ ɛba amanyɔsɛm mu a, obiara ne n’adwene. Mpɛn pii no sɛ wɔtow aba a, onipa biako ntumi nnya aba no mmoro so ahe biara. Enti ontumi nnya ahoɔden a ɔde bɛyɛ nea ɔde asi n’ani so no. Daniel kae sɛ: “Ahenni no fã bi bɛyɛ den na ɔfã bi nso ayɛ mmerɛw.”—Dan. 2:42; 2 Tim. 3:1-3.
10, 11. (a) Dɛn na ɛbɛto ohoni no nan ase daakye? (b) Dɛn na yebetumi aka afa ohoni no nansoaa dodow ho?
10 Besi yɛn bere yi so mpo, Britain ne United States da so ara di nsawɔso wɔ wiase nsɛm mu. Ohoni kɛse no ne aboa no ho nkɔmhyɛ no ma yehu sɛ tumidi foforo biara remmesi Britain ne Amerika Wiase Tumidi no ananmu. Ɛwom sɛ saa wiase tumidi a etwa to yi yɛ mmerɛw sen ohoni no nan a ɛyɛ dade no de, nanso ɛno ankasa renhwe ase.
11 So ohoni no nansoaa no kyerɛ biribi? Susuw eyi ho hwɛ: Bere a Daniel reka mmoa bi ho asɛm wɔ anisoadehu foforo mu no, ɔkaa mmɛn dodow a etuatua wɔn ti ho. Ɛha yi no, mmɛn no dodow kyerɛ biribi. Nanso bere a Daniel reka honi no ho asɛm no, wanka nansoaa dodow a ɛwɔ. Enti nansoaa no dodow ho nhia wɔ ha sɛnea honi no basa, ne nsa, ne nsateaa, ne ne nan dodow ho nhia no. Nea Daniel kae ankasa ne sɛ ne nansoaa no yɛ dade ne dɔte. Daniel asɛm yi ma yehu sɛ, sɛ “ɔbo” a egyina hɔ ma Onyankopɔn Ahenni no rebebubu honi no nan ase a, Britain ne Amerika Wiase Tumidi no na ɛbɛba abɛto no sɛ akɛntɛn wiase so.—Dan. 2:45.
BRITAIN NE AMERIKA NE ABOA A ƆWƆ MMƐN ABIEN NO
12, 13. Aboa a ɔwɔ mmɛn abien no gyina hɔ ma dɛn, na dwuma bɛn na edi?
12 Ɛwom sɛ Britain ne Amerika Wiase Tumidi no yɛ dade ne dɔte a adi afra de, nanso anisoadehu a Yesu de maa Yohane no kyerɛ sɛ saa tumidi no bedi dwuma titiriw bi wɔ awiei bere mu. Dɛn na ɛbɛyɛ? Yohane nyaa anisoadehu bi, na ohuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn abien a ɔkasa sɛ ɔtweaseɛ. Dɛn na aboa huhuuhu yi gyina hɔ ma? Ɛwɔ mmɛn abien, enti ɛyɛ nniso abien a aka abom redi tumi. Aboa a Yohane hui yi gyina hɔ ma Britain ne Amerika Wiase Tumidi no, nanso ebedi dwuma titiriw bi.—Monkenkan Adiyisɛm 13:11-15.
13 Aboa a ɔwɔ mmɛn abien yi hyɛ nkurɔfo ma wɔyɛ aboa a ɔwɔ ti ason no honi. Yohane kyerɛwee sɛ aboa no honi no bɛtena hɔ bere bi, afei ɛbɛyera, na akyiri yi ɛbɛsan aba. Saa pɛpɛɛpɛ na esii bere a Britain ne United States boa ma wɔde ahyehyɛde bi sii hɔ sɛ ɛnka wiase ahenni nyinaa mmom no.d Na ahyehyɛde yi begyina wiase ahenni no ananmu adi dwuma. Wiase Ko I no akyi na saa ahyehyɛde no yii ne ti, na wɔtoo no din Amanaman Apam. Bere a Wiase Ko II no fii ase no, ahyehyɛde yi yerae. Bere a ɔko no gyina mu no, Onyankopɔn nkurɔfo kae sɛ nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm da no adi sɛ aboa no honi no bɛsan aba. Na ampa-ne-ampa ara ɛsan bae, na wɔfrɛɛ no Amanaman Nkabom.—Adi. 17:8.
14. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ aboa no honi no ne “ɔhene a ɔto so awotwe” no?
14 Yohane kyerɛe sɛ aboa no honi no ne “ɔhene a ɔto so awotwe.” Dɛn nti na ɔfrɛɛ no saa? Nkɔmhyɛ no anka sɛ ɛno ne aboa no ti a ɛto so awotwe. Ɛyɛ aboa no honi kɛkɛ. Tumi biara a honi no anaa Amanaman Nkabom no wɔ no fi aman a ɛwɔ ahyehyɛde no mu hɔ. Britain ne Amerika Wiase Tumidi no titiriw na ɛbɔ Amanaman Nkabom no kyidɔm. (Adi. 17:10, 11) Nanso Yohane frɛɛ saa honi yi “ɔhene” efisɛ wɔama no tumi sɛ ɔnyɛ biribi a ɛbɛka wiase mũ no nyinaa.
ABOA NO HONI NO YƐ AGUAMAN NO PASAA
15, 16. Aguaman no gyina hɔ ma dɛn? Dɛn na ɛrekɔ so wɔ nyamesom mu?
15 Yohane kae sɛ aguaman bi te aboa kɔkɔɔ bi so. Saa aboa yi ara ne aboa a ɔwɔ ti ason no honi no. Aguaman no din de “Babilon Kɛse.” (Adi. 17:1-6) Aguaman yi gyina hɔ ma atoro som nyinaa, na nea edi mu akoten ne Kristoman asɔre ahorow no. Atoro som ahyɛ Amanaman Apam ne Amanaman Nkabom no mpamden na ɛbɔ mmɔden sɛ ɛbɛkɛntɛn so.
16 Bible ka sɛ Babilon kɛse no te “nsu” so, na eyi gyina hɔ ma nnipa a wodi n’akyi. Nanso Awurade da no mu no, nsu no ‘bɛyow’ ntɛmntɛm. (Adi. 16:12; 17:15) Sɛ nhwɛso no, bere a edi kan a aboa no honi no puei no, na Kristoman asɔre ahorow a ɛyɛ Babilon kɛse no fã titiriw no akɛntɛn aman pii so. Nanso ɛnnɛ, nnipa mfa asɔre ahorow no ne wɔn asɔfo nyɛ hwee. Nnipa pii susuw sɛ akameakame a ɛkɔ so wɔ wiase nyinaa no farebae ne nyamesom. Ebinom mpo agye agyinam denneennen sɛ wontu nyamesom ase mfi hɔ koraa.
17. Dɛn na ɛbɛba atoro som so nnansa yi ara, na dɛn ntia?
17 Atoro som ankasa nnwiriw ngu. Aguaman no bɛkɔ so akura ne tumi mu na ɔbɛkɔ so akɛntɛn ahene so kosi sɛ Onyankopɔn ankasa de ne nsusuwii bɛhyɛ atumfoɔ no komam. (Monkenkan Adiyisɛm 17:16, 17.) Ɛrenkyɛ Yehowa bɛma Satan amammui ahyehyɛde no asɛe atoro som, na Amanaman Nkabom no na ɔnam so bɛyɛ saa. Ne tumi ne n’ahode nyinaa befi hɔ. Bɛyɛ mfe aduonu anaa aduasa a atwam ni no, na anka ɛbɛyɛ den sɛ nnipa besusuw sɛ biribi a ɛte saa betumi asi. Ɛnnɛ, aguaman no konkɔn aboa kɔkɔɔ no so kɛkɛ. Nanso ɔno ankasa renhinhim mfi aboa no akyi nhwe ase. N’asehwe bɛba prɛko pɛ na ɛbɛyɛ hu.—Adi. 18:7, 8, 15-19.
WƆBƐSƐE MMOA NO
18. (a) Dɛn na aboa no bɛyɛ, na dɛn na ebefi mu aba? (b) Ahenni ahorow bɛn na Daniel 2:44 kyerɛ sɛ Onyankopɔn Ahenni bɛpopa afi hɔ? (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa 17 no.)
18 Sɛ wɔsɛe atoro som wie a, aboa no a ogyina hɔ ma Satan nniso a ɛwɔ asase so no bɛtow ahyɛ Onyankopɔn Ahenni so. Asase so ahene no rentumi nkɔ soro nkɔtow nhyɛ Onyankopɔn Ahenni no so wɔ hɔ, enti wɔde wɔn anibere bɛsoɛ ahenni no akyitaafo so wɔ asase so. Yenim nea ɛbɛkɔ akowie. (Adi. 16:13-16; 17:12-14) Daniel kaa ɔko a etwa to yi ho asɛm. (Monkenkan Daniel 2:44.) Onyankopɔn Ahenni bɛsɛe aboa a ɔwɔ ti ason a Adiyisɛm 13:1 ka ne ho asɛm no, aboa no honi, ne aboa a ɔwɔ mmɛn abien no nyinaa.
19. Awerɛhyem bɛn na yebetumi anya? Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnɛ?
19 Bere a yɛwom yi na aboa no ti a ɛto so ason no redi tumi. Eti foforo biara rempue bio ansa na wasɛe aboa no. Bere a wɔbɛsɛe atoro som no, na Britain ne Amerika Wiase Tumidi no na ɛda so ara redi tumi. Daniel ne Yohane nkɔmhyɛ no nyinaa abam pɛpɛɛpɛ. Enti yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe atoro som na Harmagedon ko no nso bɛba. Onyankopɔn abue asɛm yi so akyerɛ yɛn. Ɛnde, yebetie kɔkɔbɔ a ɛwɔ nkɔmhyɛ no mu anaa? (2 Pet. 1:19) Ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yegyina Yehowa afã na yɛtaa n’Ahenni no akyi denneennen.—Adi. 14:6, 7.
[Ase hɔ nsɛm]
a Bible mu no, wɔtaa de akontaahyɛde du gyina hɔ ma biribi a edi mũ. Enti mmɛn du no gyina hɔ ma nniso ahorow a epue fii Roma Ahemman no mu bae nyinaa.
b Ná Britania Ahemman no ne United States adi hwebom fi afeha a ɛto so 18. Nanso Yohane anisoadehu no kyerɛɛ sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade wɔ Awurade da no mfiase. Nokwasɛm ne sɛ anisoadehu a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no yɛ nkɔmhyɛ a ɛkyerɛ nea ebesi wɔ “Awurade da no” mu. (Adi. 1:10) Bere a Wiase Ko I no fii ase no na Britain ne United States ka boom dii tumi wɔ wiase nyinaa sɛ aboa no ti a ɛto so ason.
c Daniel nkɔmhyɛ no da no adi sɛ Wiase Ko II mu no, Britain ne Amerika Wiase Tumidi no ‘bɛsɛe ade ma ayɛ nwonwa.’ (Dan. 8:24) Sɛ nhwɛso no, United States sɛee ade kɛse bere a egyaee atopae abien guu atamfo a wɔne Britain ne Amerika redi asi so no.
d Hwɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! nhoma no kratafa 240, 241, ne 253.
[Kratafa 17 adaka]
“AHENNI HOROW NO NYINAA” GYINA HƆ MA DƐN?
Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Daniel 2:44 ka sɛ Onyankopɔn Ahenni bebubu “ahenni horow no nyinaa ama asã.” Saa nkɔmhyɛ no fa ahenni ahorow a wɔde ohoni no yɛ ho sɛnkyerɛnne nkutoo ho.
Na nnipa nniso ahorow a aka no nso ɛ? Nkɔmhyɛ foforo a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma mu no ma yehu asɛm no ani so yiye. Ɛka sɛ “ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛse no” mu no, wɔbɛboaboa “asase nyinaa so ahene” ano na wɔne Yehowa ako. (Adi. 16:14; 19:19-21) Enti ɛnyɛ ahenni ahorow a wɔde ohoni no yɛ ho sɛnkyerɛnne nkutoo na ɛbɛsɛe wɔ Harmagedon, na mmom nnipa nniso a aka nyinaa nso.
-
-
Wɔada Ahene Baawɔtwe AdiƆwɛn-Aban—2012 | June 15
-
-
Wɔada Ahene Baawɔtwe Adi
Daniel ne Adiyisɛm nhoma no ma yehu ahene baawɔtwe ne sɛnea wobedidi so aba. Ahene yi gyina hɔ ma nnipa nniso. Sɛ yebetumi ate saa nkɔmhyɛ no ase yiye a, ɛsɛ sɛ yɛte nkɔmhyɛ a edi kan wɔ Bible mu no ase.
Efi tete besi nnɛ nyinaa, Satan de n’asefo ahyehyɛ amammui nniso anaa ahenni ahorow. (Luka 4:5, 6) Nnipa nniso yi bi ako atia Onyankopɔn nkurɔfo tee; wɔko tiaa Israel man ne Kristofo a wɔasra wɔn asafo no. Daniel ne Yohane anisoadehu no kaa saa wiase tumidi yi mu awotwe pɛ ho asɛm.
[Nsɛm a wɔahyehyɛ/Mfonini wɔ kratafa 12, 13]
(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)
NKƆMHYƐ A ƐWƆ DANIEL NKƆMHYƐ A ƐWƆ
NHOMA NO MU ADIYISƐM NHOMA NO MU
1. Egypt
2. Asiria
3. Babilon
4. Medo-
Persia
5. Hela
6. Roma
7. Britain ne U.S.A.a
8. Amanaman Apam
ne Amanaman Nkabomb
ONYANKOPƆN NKURƆFO
2000 A.Y.B.
Abraham
1500
Israel man
1000
Daniel 500
A.Y.B./Y.B.
Yohane
Onyankopɔn Israel 500
1000
1500
2000 Y.B.
[Ase hɔ asɛm]
a Ahene baanu no nyinaa tena hɔ wɔ awiei bere mu. Hwɛ kratafa 19.
b Ahene baanu no nyinaa tena hɔ wɔ awiei bere mu. Hwɛ kratafa 19.
[Mfonini]
Ohoni kɛse no (Dan. 2:31-45)
Mmoa anan a wopue fi po mu (Dan. 7:3-8, 17, 25)
Odwennini ne ɔpapo (Dan., ti 8)
Aboa a ɔwɔ ti ason no (Adi. 13:1-10, 16-18)
Aboa a ɔwɔ mmɛn abien no ka kyerɛ nkurɔfo sɛ wɔnyɛ aboa no honi (Adi. 13:11-15)
[Asɛm Fibea]
Mfonini Ahorow no: Egypt ne Roma: Mfonini no fi British Museum; Medo-Persia: Musée du Louvre, Paris
-