Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • foa asɛm 4
  • Nea Eye Paa Na Wɔde Mae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Eye Paa Na Wɔde Mae
  • Tete Wɔ Bi Ka
  • Nsɛmti Nketewa
  • Adansefo a Wɔwɔ Aman Foforo So Yɛɛ Ntɛm Kɔboae
  • Nea Wɔyɛe No Yɛ Nwanwa
  • “Monnodɔ Mo Ho”
Tete Wɔ Bi Ka
foa asɛm 4
Yehowa Adansefo de nneɛma a nkurɔfo de aba sɛ wɔmfa nkɔyɛ adɔe agu nnaka mu, na wɔde nnaka no regu train mu de akɔ Germany.

TETE WƆ BI KA

Nea Eye Paa Na Wɔde Mae

Bere a Wiase Ko a Ɛtɔ So Mmienu no baa awiei afe 1945 no, na Germany man no fã kɛse no ara agyigya ama nneɛma ayɛ basaa. Ná nkurow bebree asɛe, sukuu adan sisi hɔ a sukuufo nnim, na na ayaresabea adan nso asɛesɛe. Afei, na atopae anaa bɔmb gugu ɔman no mu baabiara a ebetumi atow bere biara. Aduan nso, na ɛho yɛ den, enti na kakra a ɛwɔ hɔ no bo wɔ soro paa. Aguadifo a wɔtɔn nneɛma wɔ sum ase mpo de, na wɔtumi tɔn bɔta konko baako pɛ de gye obi bosome baako ne fã akatua!

Nnipa a wɔfaa saa amanehunu no mu no, bebree yɛ Yehowa Adansefo a wɔn gyidi nti, na wɔde mfe pii akɔda nneduaban mu ne afiase aba. Afe 1945 na wɔyii wɔn, nanso na wɔnni hwee, gye afiase ntaade a na ɛhyɛ wɔn no. Anuanom a aka no nso, na wɔn ahode ne wɔn agyapade afi wɔn nsa. Ɛkɔm dee ebinom ara ma wɔtwa hwee wɔ Kristofo nhyiam ase mpo.

Adansefo a Wɔwɔ Aman Foforo So Yɛɛ Ntɛm Kɔboae

Yehowa Adansefo a wɔwɔ aman horow so yɛɛ ntɛm de nnuan ne ntaade kɔmaa wɔn nuanom a ade ahia wɔn no. Anuanom a wɔwɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti wɔ United States no ka kyerɛɛ Betel a ɛwɔ Bern, Switzerland no sɛ wɔmmoa anuanom a wɔwɔ Germany no. Saa bere no, Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti no nanmusini a wɔfrɛ no Nathan H. Knorr kɔɔ Europe kɔhwɛ maa Adansefo no yɛɛ ntɛm de aduan ne nneɛma foforo a wɔn nuanom hia no kɔmaa wɔn.

Nathan H. Knorr a ogyina anuanom anim rekasa wɔ Wiesbaden, Germany, afe 1947. Wohwɛ n’atifi a, wɔde German kasa akyerɛw afe asɛm no: “Aman Nyinaa, Munyi Yehowa Ayɛ”

Adansefo a wɔwɔ Switzerland no yii wɔn yam de nnuan, ntaade, ne sika kɔboae. Wɔdii kan de nneɛma no kɔɔ Bern, na ɛhɔ na wɔyɛɛ ho adwuma hyehyɛ guu nnaka mu ansa na wɔde rekɔ Germany. Adansefo a wɔwɔ aman foforo so te sɛ Sweden, Canada, ne United States nso boae paa. Ɛnyɛ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ Germany nko ara na wɔnyaa nneɛma no bi, na mmom Europe ne Asia aman bebree a na ɔko asɛe hɔ no nso, anuanom a ɛwɔ hɔ no nyaa bi.

Nea Wɔyɛe No Yɛ Nwanwa

Abosome kakraa ntam no, Switzerland Betel no de kɔfe, milk, asikyire, hwiit, aburow, ɛmo ne ade, nnuaba a wɔahata, atosode, ne ɛnam a ɛwɔ konko mu kɔmaa anuanom a wɔwɔ ahokyere mu no. Wɔde sika nso kɔboae.

Afei nso, Adansefo a wɔwɔ Switzerland no de ntaade a emu duru bɛyɛ foos beel akɛse paa 10 kɔboaa anuanom no. Ná ebi yɛ ntaade a wɔde ko awɔw, mmea ntaade, ne mmarima kootu. Ɔwɛn-Aban a ɛbaa January 15, 1946 no kaa sɛ: “Nneɛma a edi mu paa na anuanom no de kɔboae. Wɔyii wɔn yam paa boaa wɔn nuanom a wɔwɔ Germany no.”

Adansefo a wɔwɔ Switzerland no san de mpaboa bɛyɛ mmaako mmaako 1,000 kɔkyɛɛ anuanom no, na ansa na wɔde rekɔ no, wɔhwɛ hui sɛ asɛm nni emu biara ho. Bere a ekodui a anuanom mmea ne mmarima a wɔwɔ Wiesbaden, Germany, reyiyi nneɛma no, wɔhui sɛ ɛyɛ nneɛma ahorow ahorow a ɛho twa paa, na wei yɛɛ wɔn nwanwa. Ɔdansefo baako kaa sɛ: “Ná ɛyɛ den sɛ wubenya sotɔɔ wɔ Germany a wɔtɔn ntaade ne mpaboa kama saa.”

Anuanom kɔɔ so de nneɛma kɔyɛɛ wɔn nuanom adɔe ara kosii August 1948. Sɛ yɛka nneɛma a Adansefo a wɔwɔ Switzerland de menaa wɔn nuanom wɔ Germany no nyinaa bom a, ɛyɛ nnaka 444, na emu duru bɛyɛ semɛnte bag 500. Sɛnea yɛadi kan aka no, ɛnyɛ Adansefo a wɔwɔ Switzerland no nko ara na wɔde nneɛma kɔkyɛɛ wɔn nuanom. Mmom, Adansefo a ɛwɔ aman foforo so nso kɔboae. Aman a emu Adansefo nnɔɔso a wɔbɛboae no, na Switzerland ka ho. Saa bere no, na Adansefo a ɛwɔ Switzerland dodow yɛ 1,600 pɛ!

“Monnodɔ Mo Ho”

Yesu kaa sɛ: “Sɛ mododɔ mo ho a, ɛno na ɛbɛma nnipa nyinaa ahu sɛ moyɛ m’asuafo.” (Yohane 13:34, 35) Ɔdɔ a Yehowa nkurɔfo wɔ nti, ɛnyɛ nneɛma a wɔmpɛ na wɔde kɔmaa wɔn nuanom, mmom nneɛma a ɛsom bo paa na wɔde kɔyɛɛ wɔn adɔe. (2 Korintofo 8:1-4) Krataa bi a wɔkyerɛw fii Zurich kaa sɛ, “anuanom kakra a na wɔpɛ sɛ wɔboa nso wɔnni hwee no, wɔde [wɔn] tumi krataa a wɔde tɔ aduan aboɔmmerɛw ne sika kɔboae.”

Ankyɛ koraa na Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ Germany a na wɔretan wɔn ani a ɔko nso asɛe wɔn nneɛma no san sii wɔn dedaw mu. Ade baako a ɛboaa wɔn ne sɛnea wɔn nuanom a wɔne wɔn som no yii ɔdɔ kann adi kyerɛɛ wɔn no. Saa anuanom no totoo nneɛma kamakama, na wɔyii wɔn yam boaa wɔn.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena