Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • od ti 10 kr. 105-115
  • Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu
  • Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • WUBETUMI AYƐ ƆDAWURUBƆFO
  • WUBETUMI AKƆSOM WƆ BAABI A WOHIA MMOA
  • WUBETUMI AKA ASƐM NO WƆ KASA FOFORO MU
  • WUBETUMI AYƐ ƆKWAMPAEFO
  • WUBETUMI AYƐ ƆSƐMPATRƐWFO
  • WUBETUMI AYƐ ƆMANSIN SOHWƐFO
  • WUBETUMI AKƆ BIBLE SUKUU AHOROW
  • WUBETUMI AKƆYƐ ADWUMA WƆ BETEL
  • WUBETUMI AYƐ ADANSI ADWUMA
  • BOTAE BƐN NA ESI W’ANI SO WƆ YEHOWA SOM MU?
  • Kae Wɔn a Wɔreyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • So Wubetumi Ayɛ Pii De Ahyɛ Yehowa Anuonyam?
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Ahwɛfo a Wɔhwɛ Nguankuw No So
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Mmabun—Dɛn na Mode Mo Asetra Bɛyɛ?
    Mmabun—Dɛn na Mode Mo Asetra Bɛyɛ?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
od ti 10 kr. 105-115

TI 10

Akwan a Wobɛfa So Atrɛw Wo Som Adwuma Mu

BERE a Yesu somaa n’asuafo no sɛ wɔnkɔka Ahenni ho asɛmpa no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Otwa adwuma no sõ, nanso adwumayɛfo no sua.” Ná onim sɛ adwuma a ɔde ama wɔn no yɛ adwumasono. Enti ɔka too so sɛ: “Monsrɛ otwa adwuma Wura no ma ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa no mu.” (Mat. 9:37, 38) Yesu kyerɛɛ n’asuafo no asɛnka adwuma no ani so. Bere a ɔrekasa no, ɔkaa asɛm bi a ɛkyerɛ sɛ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwuma no ahoɔhare so. Ɔkaa sɛ: “Morenwie Israel nkurow no nyinaa da na onipa Ba no aba.”—Mat. 10:23.

2 Ɛnnɛ nso, nnipa pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛka asɛmpa no kyerɛ wɔn. Ɛsɛ sɛ yɛka Ahenni ho asɛmpa no ansa na awiei no aba. Bere nso kɔ ara na ɛrekɔ! (Mar. 13:10) Adwuma a yɛreyɛ no, ɛte sɛ nea Yesu ne n’asuafo no yɛe no. Nanso yɛn de no kɔ akyiri sen wɔn de no. Wohwɛ nnipa ɔpepepem pii a ɛwɔ wiase na wohwɛ yɛn dodow a, yesua koraa. Nanso yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa bɛboa yɛn. Yɛbɛka Ahenni ho asɛmpa no asase so nyinaa, na Yehowa bere sõ a, awiei no bɛba. Ɛnde yemmisa sɛ: Yɛde Onyankopɔn Ahenni bedi kan wɔ yɛn abrabɔ mu na ama yɛatumi ayɛ ɔsom adwuma no yiye? Botae bɛn na yebetumi de asi yɛn ani so na ama yɛatumi ayɛ ɔsom adwuma no yiye?

3 Biribi wɔ hɔ a Yehowa pɛ sɛ n’asomfo a wɔahyira wɔn ho so yɛ. Yesu kyerɛɛ ade kõ. Ɔkaa sɛ: “Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’adwene nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.” (Mar. 12:30) Onyankopɔn pɛ sɛ yɛde yɛn kra nyinaa som no. Wei hwehwɛ sɛ yeyi yɛn yam fitafita som Yehowa de kyerɛ sɛ yɛdɔ no paa, na yɛn ahosohyira no fi yɛn koma mu. (2 Tim. 2:15) Botae bebree wɔ hɔ a yebetumi de asisi yɛn ani so de ayɛ ɔsom adwuma no yiye. Yɛn mu biara betumi ahwɛ ne ho ayɛ ne so ne ne de. Yɛnhwɛ saa botae no bi, na hwɛ sɛ emu nea ɛwɔ he na wubetumi de asi w’ani so de atrɛw wo som mu.

WUBETUMI AYƐ ƆDAWURUBƆFO

4 Obiara a ogye nokware no wɔ hokwan soronko bi. Ɛne sɛ ɔbɛka asɛmpa no. Asɛmpaka adwuma no ne adwuma titiriw a Yesu de gyaw n’asuafo. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Yɛhwɛ wɔn a wɔba bɛyɛ Yesu Kristo asuafo no a, mpɛn pii no, wɔtee asɛmpa no ara na wɔafi ase reka bi kyerɛ afoforo. Saa na Andrea, Filipo, Kornelio, ne nnipa bi yɛe. (Yoh. 1:40, 41, 43-45; Aso. 10:1, 2, 24; 16:14, 15, 25-34) Wei kyerɛ sɛ, obi mmɔɔ asu mpo a, obetumi aka asɛmpa no akyerɛ nkurɔfo anaa? Yiw, obetumi! Sɛ wonya pene obi so sɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu pɛ a, na wabenya hokwan sɛ ɔka asɛmpa no wɔ afie afie. Ɛno da nkyɛn a, obetumi ayɛ sankɔhwɛ, Bible adesua, ne nea ɛkeka ho. Ne nyinaa, ne mmɔdenbɔ ne ne nsɛm tebea na ɛbɛkyerɛ.

5 Ɔdawurubɔfo biara bɔ asu a, ɔpɛ sɛ ɔde nsi ne ahokeka ka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo. Mmarima ne mmea nyinaa wɔ hokwan sɛ wɔyɛ asɛnka adwuma no bi. Ɛyɛ hokwan kɛse paa na yɛanya sɛ yɛreyɛ yɛn fam de de abɔ Onyankopɔn Ahenni no ho dawuru. Na sɛ obi tumi trɛw ne som mu a, n’ani begye paa.

WUBETUMI AKƆSOM WƆ BAABI A WOHIA MMOA

6 Ebia asafo a wowom no, moaka asɛmpa no wɔ mo asasesin no mu ara ma nnipa dodow no ara ate. Sɛ saa a, wubetumi atu akɔ baabi a anuanom hia mmoa akɔboa ama wɔaka asɛmpa no. (Aso. 16:9) Asafo bi wɔ hɔ a, wohia mpanyimfo ne asomfo. Enti sɛ woyɛ asafo mu panyin anaa ɔsomfo na wutu kɔ hɔ a, ɛbɛboa wɔn paa. Sɛ wopɛ sɛ wuhu asafo a ehia mmoa saa wɔ mo mansin mu a, bisa ɔmansin sohwɛfo no. Anaasɛ wopɛ sɛ wokɔboa wɔ baabi foforo wɔ wo ara wo man mu a, baa dwumadibea no bɛboa ama woahu baabi a wubetumi akɔ.

7 Wopɛ sɛ wutu kɔ ɔman foforo so kɔboa anaa? Sɛ saa a, tena ase na fa ho adwene. Wo ne w’asafo mu mpanyimfo mmɔ ho nkɔmmɔ. Sɛ wo nko ara na wobɛkɔ ɔman foforo no so oo, sɛ wo ne obi na ɛbɛkɔ oo, kae sɛ worennya no sɛ wo ara wo kurom. (Luka 14:28) Sɛ ɛnyɛ ade a wobɛtena hɔ akyɛ a, ɛnde ebia ɛbɛyɛ papa sɛ wokɔboa baabi foforo wɔ wo ara wo man mu.

8 Aman bi wɔ hɔ a, asafo mu mpanyimfo a ɛwɔ hɔ no, wɔnkyɛe pii wɔ nokware no mu. Aman a ɛte saa so no, sɛ mpanyimfo a wɔwɔ hɔ a wɔbrɛ wɔn ho ase no nya hu sɛ asafo mu panyin bi a ne ho akokwaw aba wɔn asafo mu a, ɛyɛ a na wɔpɛ sɛ wɔma asafo mu panyin a waba hɔ foforo no di nneɛma anim. Sɛ woyɛ asafo mu panyin na wopɛ sɛ wokɔ ɔman a ɛte saa so a, kae sɛ, kɔ a worekɔ no, worekɔboa wɔn na wo ne wɔn asom, ɛnyɛ sɛ worekogye biribiara abɔ so. Boa wɔn ma wɔnkɔ wɔn anim na wonso asɛyɛde mu wɔ asafo no mu. (1 Tim. 3:1) Sɛnea wɔyɛ nneɛma bi no, sɛ ɛnyɛ saa na wɔyɛ no wɔ wo man mu a, nya abotare. Fa osuahu ne ntetee a woanya boa anuanom no. Sɛ woboa wɔn saa, na sɛ daakye bi wosan kɔ wo man mu a, mpanyimfo a wubegyaw wɔn wɔ akyi no betumi ahwɛ asafo no so yiye.

9 Ɔman a wopɛ sɛ wokɔ hɔ kɔsom no, wubetumi akyerɛw krataa akobisa baa dwumadibea a ɛwɔ hɔ no ama wɔakyerɛ wo asafo a ehia mmoa. Nanso, ɛsɛ sɛ Asafo Ɔsom Boayikuw a ɛwɔ w’asafo mu no kyerɛw krataa di wo ho adanse ansa. Sɛ woyɛ asafo mu panyin oo, woyɛ ɔsomfo oo, woyɛ ɔkwampaefo anaa ɔdawurubɔfo oo, ehia sɛ ɔsom boayikuw no kyerɛw krataa de di wo ho adanse. Ɔsom boayikuw no de wɔn adansedi krataa no bɛka wo krataa no ho, na wɔde akɔ baa dwumadibea a ɛwɔ ɔman a wopɛ sɛ wokɔsom wɔ hɔ no.

WUBETUMI AKA ASƐM NO WƆ KASA FOFORO MU

10 Sɛ wopɛ sɛ wotrɛw wo som mu a, wubetumi asua kasa foforo. Ebi ne mum kasa. Sɛ wopɛ sɛ wusua kasa foforo de ka asɛmpa no a, ka ho asɛm kyerɛ w’asafo mu mpanyimfo ne ɔmansin sohwɛfo. Wɔbɛhyɛ wo nkuran na wɔakyerɛ wo nea ɛbɛboa wo. Ɛtɔ da a, baa dwumadibea no ma amansin bi yɛ sukuu de kyerɛ kasa foforo. Wɔde sukuu no tete adawurubɔfo ne akwampaefo a wobetumi asua kasa foforo no, na wɔde aka asɛmpa no.

WUBETUMI AYƐ ƆKWAMPAEFO

11 Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo biara hu nea ɛma obi tumi yɛ akwampaefo boafo, daa kwampaefo, ɔkwampaefo titiriw, ne bere nyinaa som adwuma no afã a aka no. Sɛ obi betumi asom sɛ ɔkwampaefo a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ Kristoni a wabɔ asu a ɔyɛ nhwɛso pa. Afei nso, nnɔnhwerew dodow a wɔhwehwɛ sɛ akwampaefo de ka asɛmpa no, ɛsɛ sɛ ɔhwɛ sɛ, wayɛ ntotoe a ɛbɛma watumi anya. Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ akwampaefo boafo anaa daa kwampaefo a, Asafo Ɔsom Boayikuw no na ɛpene so ma ɔyɛ. Nanso akwampaefo atitiriw de, baa dwumadibea na ɛpaw wɔn.

12 Sɛ wɔpene obi so ma ɔbɛyɛ akwampaefo boafo a, anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ no bosome baako. Ɔpɛ nso a, obetumi ayɛ atoatoa so abosome dodow bi. Obetumi nso ayɛ ara kosi sɛ ɔno ara begyae. Ne tebea na ɛbɛkyerɛ. Mmere titiriw bi wɔ hɔ a adawurubɔfo pii yɛ akwampaefo aboafo. Ebi ne Nkaedi bere anaa bosome a ɔmansin sohwɛfo abɛsra asafo no. Ɛno pa ho a, adwumayɛfo binom de wɔn liif anaa ahomegye bere a wonya wɔ adwumam yɛ akwampaefo aboafo. Sukuufo a wɔabɔ asu nso tumi de akwamma bere yɛ bi. Edu March ne April, ne bosome a ɔmansin sohwɛfo abɛsra asafo no a, yɛtew nnɔnhwerew a obi betumi de ayɛ akwampaefo boafo no so. Enti edu saa bere no a, adawurubɔfo betumi akyerɛ nnɔnhwerew dodow a wɔpɛ sɛ wɔde yɛ. Sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo a wobɔ bra pa, na wubetumi atoto wo nneɛma yiye anya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ fi akwampaefo aboafo hɔ, na sɛ wuhu sɛ wubetumi de bosome baako anaa nea ɛboro saa ayɛ akwampaefo boafo a, ɛnde wubetumi ahyehyɛ akwampaefo boafo akwammisa krataa ama mpanyimfo no, na wɔn ani begye ho paa sɛ wobesusuw w’akwammisa no ho.

13 Yɛwɔ nnɔnhwerew dodow bi a wɔhwehwɛ fi daa akwampaefo hɔ afe biara. Enti sɛ wubetumi ayɛ bi a, ɛsɛ sɛ woyɛ obi a woatoto wo nneɛma yiye a wubetumi anya saa nnɔnhwerew no. Woyɛ daa kwampaefo a, ɛbɛyɛ papa sɛ wo ne w’asafo bɛbom ayɛ adwuma. Sɛ akwampaefo a wɔyɛ hyew wɔ asafo bi mu a, wotumi kanyan asafo no mufo ma wɔyere wɔn ho kɔ asɛnka, na ɛma wɔn mu bi mpo bɛyɛ akwampaefo. Sɛ wubetumi ayɛ daa kwampaefo a, ɛsɛ sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo a woyɛ nhwɛso pa, na anyɛ yiye koraa no, woabɔ asu abosome nsia.

14 Daa akwampaefo a wotumi yɛ asɛnka adwuma no yiye paa no, wɔn mu bi na wɔtaa paw wɔn sɛ akwampaefo atitiriw. Baabi a baa dwumadibea bɛkyerɛ sɛ wɔnkɔsom biara, ɛsɛ sɛ anuanom yi tumi kɔ. Wɔtaa de wɔn kɔ mmeae a atew ne ho a wobenya nkurɔfo a wobetie asɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi atew asafo wɔ hɔ. Ɛtɔ da nso a, wɔde akwampaefo atitiriw kɔ asafo a wɔn asasesin sõ mu. Wɔkɔ hɔ a, wɔboa ma wɔyɛ asasesin no nyinaa mu adwuma. Asafo bi nso wɔ hɔ a, ɛyɛ ketewa. Ebia wɔn asasesin nsõ mpo. Nanso wotumi de akwampaefo atitiriw a wɔyɛ asafo mu mpanyimfo kɔ hɔ ma wɔkɔboa wɔn. Ɛyɛ a wɔma akwampaefo atitiriw sika kakra ma wɔde twitwa wɔn ho. Akwampaefo atitiriw no bi wɔ hɔ a, wɔpaw wɔn ma wɔsom bere tiaa bi.

WUBETUMI AYƐ ƆSƐMPATRƐWFO

15 Akwankyerɛ Kuw no Ɔsom Boayikuw no na ɛpaw obi sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. Sɛ Ɔsom Boayikuw no de ɔsɛmpatrɛwfo bi kɔ ɔman bi so a, Baa Boayikuw a ɛwɔ hɔ no de no kɔ baabi a nnipa wɔ paa. Asɛmpatrɛwfo boa ma asɛnka adwuma no kɔ so yiye, na wɔboa ma nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ asafo no mu. Asɛmpatrɛwfo dodow no ara awie Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no. Ɛyɛ a wɔma asɛmpatrɛwfo baabi tena, na wɔma wɔn sika kakra a wɔde betwitwa wɔn ho.

WUBETUMI AYƐ ƆMANSIN SOHWƐFO

16 Ansa na Akwankyerɛ Kuw no bɛpaw obi sɛ ɔmansin sohwɛfo no, wodi kan ma ɔsom sɛ ɔmansin sohwɛfo nanmusini. Ɛno tete no, na ɛma onya osuahu. Amansin so ahwɛfo pɛ asɛnka paa, na wɔdɔ anuanom nso. Wɔyɛ akwampaefo a wɔyɛ hyew. Wogye bere sua Bible, na wɔn kasa ne wɔn nkyerɛkyerɛ tu mpɔn, na ɛka koma. Wutumi hu sɛ wɔsow honhom no aba no paa. Wɔnyɛ ade ntra so, na wɔwɔ ntease ne nhumu. Sɛ ɔmansin sohwɛfo bi aware a, ne yere yɛ ɔkwampaefo a ɔbɔ bra pa a afoforo betumi ahwɛ asuasua, na ɔne afoforo di no yiye. Ɔmansin sohwɛfo yere bɔ mmɔden wɔ asɛnka adwuma no mu. Onim sɛ ɔyɛ Kristoni bea warefo, enti ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase ma ne kunu. Ɔnyɛ ne kunu kasamafo, na onnye nkɔmmɔ mmɔ so. Adwuma a ɔmansin sohwɛfo ne ne yere yɛ no nna fam. Enti obi pɛ sɛ ɔyɛ bi a, ɛsɛ sɛ ɔte apɔw paa. Ɔkwampaefo bi pɛ sɛ ɔyɛ ɔmansin sohwɛfo a, ɔno ara ntumi nsɔre nhyehyɛ krataa mmisa kwan. Mmom no, obetumi ne ɔmansin sohwɛfo aka ho asɛm, na ɔbɛma wahu nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ.

WUBETUMI AKƆ BIBLE SUKUU AHOROW

17 Ahenni Asɛmpakafo Sukuu: Asasesin pii wɔ hɔ a yɛntaa nka asɛmpa no wom. Asafo binom nso hia anuanom a wɔbɛhyɛ wɔn den. Enti yehia Ahenni asɛmpakafo pii. Ne saa nti, awarefo ne asigyafo mmarima ne mmea nyinaa betumi akɔ Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no bi akogye ntetee soronko. Wowie a, wɔma wɔkɔyɛ daa akwampaefo wɔ baabi a wohia mmoa wɔ ɔman a wɔte mu no ara mu. Nanso wɔn a wobetumi atu wɔn ho ama no, wotumi ma wɔn dwumadi foforo wɔ wɔn man mu anaa ɔman foforo so. Sukuufo no bi wɔ hɔ a, wɔpaw wɔn sɛ akwampaefo atitiriw anaa bere tiaa mu akwampaefo atitiriw. Yɛyɛ sukuu yi ho nhyiam wɔ ɔmantam nhyiam ase. Enti sɛ ɔkwampaefo bi pɛ sɛ ɔkɔ sukuu yi bi a, obetumi akɔ saa nhyiam no bi na obenya ho akwankyerɛ.

18 Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu: Wɔn a wɔpaw wɔn ma wɔkɔ sukuu yi bi no yɛ awarefo ne asigyafo mmarima ne mmea a wotumi ka Borɔfo a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma titiriw. Wɔyɛ anuanom a sɛ wɔkɔ sukuu no wie a, wobetumi ahyɛ anuanom gyidi den anaa wobetumi aboa baa dwumadibea ntotoe. Ɛno da nkyɛn a, wɔyɛ anuanom a woyi wɔn yam som wɔn nuanom. Afei nso, wotumi de ntoboase boa afoforo ma wohu Bible akwankyerɛ ne asafo akwankyerɛ ne sɛnea wɔde bɛyɛ adwuma. Sɛ Baa Boayikuw no hu sɛ onua bi betumi akɔ sukuu no bi a, wɔma ɔhyehyɛ ho krataa. Sukuufo no wie a, wɔma wɔkɔka asɛmpa no anaa wɔde wɔn kɔ baa dwumadibea wɔ ɔman foforo so anaa wɔn man mu.

WUBETUMI AKƆYƐ ADWUMA WƆ BETEL

19 Sɛ obi yɛ adwuma wɔ Betel a, ɛyɛ hokwan soronko. Betel kyerɛ “Onyankopɔn fie.” Edin no fata paa, efisɛ adwuma a ɛkɔ so wɔ hɔ nyinaa fa Onyankopɔn som ho. Ɛhɔ na wɔyɛ nhoma a yɛde sua Bible, wɔkyerɛ ase, na wɔhwɛ kyekyɛ ma asafo ahorow. Nnwuma ahorow a anuanom mmarima ne mmea yɛ wɔ Betel no na ɛboa ma wei nyinaa tumi yɛ yiye. Wɔn adwuma no boa Akwankyerɛ Kuw no paa ma wotumi hwɛ asafo a ɛwɔ wiase nyinaa so ma wɔn akwankyerɛ. Betelfo a wɔkyerɛ nhoma ase no, wɔama bebree akɔtena baabi a nkurɔfo ka kasa a wɔkyerɛ ase no, na ɛhɔ na wɔyɛ wɔn adwuma no. Wei ma wɔte sɛnea nkurɔfo ka kasa no da biara da. Esiane sɛ wɔte nkurɔfo a wɔka saa kasa no mu nti, sɛ wɔkyerɛ nhoma ase na ɛba a, ɛnyɛ den sɛ wobehu sɛ nkurɔfo te ase anaa wɔnte ase.

20 Adwuma a ɛwɔ Betel no, bebree gye ahoɔden. Ɛno nti mmerante a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu na yɛtaa fa wɔn wɔ Betel. Wɔyɛ mmarima ahoɔdenfo a wɔte apɔw. Sɛ Betel a ɛhwɛ ɔsom adwuma no so wɔ wo man mu no hia anuanom ma wɔakɔyɛ adwuma wɔ hɔ na wopɛ sɛ wokɔyɛ bi a, wubetumi ne mpanyimfo a wɔwɔ w’asafo mu aka ho asɛm na wɔakyerɛ no nea ɛsɛ sɛ woyɛ.

WUBETUMI AYƐ ADANSI ADWUMA

21 Adwuma a wɔyɛ de sii Solomon asɔrefie no, na ɛyɛ ɔsom adwuma. Saa ara na adwuma a yɛyɛ de sisi adan de boa Ahenni adwuma no nso yɛ ɔsom adwuma. (1 Ahe. 8:13-18) Anuanom mmarima ne mmea pii de wɔn bere ne wɔn ahode boa ma yesisi adan a ɛte saa. Wei kyerɛ sɛ, Yehowa som da wɔn koma so paa.

22 Wo nso ɛ? Wubetumi aboa anaa? Sɛ woyɛ ɔdawurubɔfo a woabɔ asu na wopɛ sɛ woboa adansi adwuma no a, anuanom a wɔhwɛ adansi so wɔ baabi a wowɔ no ani begye ho. Sɛ wunnim adansi ho hwee mpo a, wɔbɛkyerɛ wo. Ma w’asafo mu mpanyimfo nhu sɛ wopɛ sɛ woyɛ adansi adwuma no bi. Anuanom a wɔabɔ asu a wɔfata sɛ wɔyɛ adansi adwuma no, ebinom tumi kɔboa adwuma no wɔ aman foforo so.

23 Adansi adwuma no, akwan pii wɔ hɔ a wubetumi afa so ayɛ bi. Anuanom a wɔabɔ asu a wɔwɔ adansi ho nimdeɛ na wɔyɛ nhwɛso pa no, sɛ adansi adwuma bi rekɔ so wɔ baabi a wɔwɔ na wɔpɛ sɛ wɔboa a, wobetumi akɔyɛ adwuma sɛ Ahenni Adansi Atuhoamafo (Local Design/Construction volunteers). Ebinom nso tumi de bere tiaa bi kɔboa adansi adwuma no wɔ akyirikyiri. Ɛno saa no, baa dwumadibea no paw wɔn sɛ adansifo atuhoamafo ma wɔyɛ adwuma no nnawɔtwe mmienu kosi abosome mmiɛnsa. Wɔn a baa dwumadibea no paw wɔn sɛ wɔnyɛ adwuma no bere tenten no, yɛfrɛ wɔn adansifo asomfo. Adansifo a asafo de wɔn kɔ aman foforo so no, yɛfrɛ wɔn adansifo asomfo a wofi amannɔne. Yɛka Adansifo Akuw a, ɛyɛ adansifo asomfo ne adansifo atuhoamafo a wɔaka abom. Sɛ asafo resi dan bi a, Adansifo Akuw no na edi anim ma wosi. Ahenni Adansi Atuhoamafo no ne asafo a yɛresi dan ama wɔn no mufo na ɛboa Adansifo Akuw no. Adansifo Akuw sisi adan wɔ wɔn man ne aman a wɔn baa dwumadibea no hwɛ so mu nkutoo.

BOTAE BƐN NA ESI W’ANI SO WƆ YEHOWA SOM MU?

24 Sɛ woahyira wo ho so ama Yehowa a, nea ɛda wo koma so ne sɛ wobɛsom no daa. Nanso, botae bɛn na wode asisi w’ani so a ɛbɛboa wo ama woatumi ayɛ saa? Sɛ wode botae sisi w’ani so wɔ Yehowa som mu a, ɛbɛma wode wo bere ne nneɛma foforo a wowɔ adi dwuma yiye. (1 Kor. 9:26) Ɛbɛboa ama wo ho akokwaw. Ɛbɛsan ama wode w’adwene asi nneɛma a ehia koraa no so sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛfata ama ɔsom hokwan ahorow.—Filip. 1:10; 1 Tim. 4:15, 16.

25 Ɔsomafo Paulo yɛɛ nhwɛso pa wɔ Onyankopɔn som mu a yebetumi ahwɛ asuasua. (1 Kor. 11:1) Paulo yeree ne ho paa som Yehowa. Ohui sɛ Yehowa ama wanya hokwan pii. Paulo kyerɛw anuanom a wɔwɔ Korinto no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔabue dwumadi kɛse bi pon ama me.” Yɛn nso, Yehowa abue dwumadi kɛse bi pon ama yɛn. Yɛhwɛ asafo no mu a, nneɛma pii wɔ hɔ a yebetumi ne yɛn nuanom abom ayɛ de asom Yehowa. Ne titiriw ne sɛ yɛne wɔn bɛbom aka Ahenni ho asɛmpa no. Ɛwom sɛ ‘pon kɛse’ bue maa Paulo, nanso ná “asɔretiafo pii” wɔ hɔ. Saa ara na yɛn nso, yɛwɔ asɔretiafo pii. (1 Kor. 16:9) Nanso, Paulo miaa n’ani. Ɔkaa sɛ: “Midi me nipadua nya, na mehyɛ no sɛ akoa.” (1 Kor. 9:24-27) Yɛn nso ɛ? Yɛayɛ krado sɛ yɛbɛyɛ saa anaa?

Sɛ wode botae sisi w’ani so wɔ Yehowa som mu a, ɛbɛma wode wo bere ne nneɛma foforo a wowɔ adi dwuma yiye

26 Yɛn mu biara betumi ahwɛ sɛnea n’asetenam nsɛm te na wagyina so de botae bi asi n’ani so wɔ Yehowa som mu. Anuanom pii na seesei wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no fã bi efisɛ wɔn mmofraase na wɔde botae ahorow sisii wɔn ani so wɔ Yehowa som mu. Wɔn awofo ne anuanom foforo na ɛhyɛɛ wɔn nkuran ma wɔyɛɛ saa. Enti wɔasom Yehowa mfe pii, na anigye a wɔanya de, yɛnka. (Mmeb. 10:22) Botae a yebetumi de asisi yɛn ani so no, ebi nso ni: Yɛremma nnawɔtwe baako mpo mpa yɛn ti so a yɛrenkɔ asɛnka, yɛbɛbɔ mmɔden ahwehwɛ obi ne no asua Bible, anaa yebegye bere asua nneɛma a yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ase no ansa na yɛakɔ. Ade a ehia ne sɛ yɛbɛkɔ so agyina pintinn na yɛayɛ yɛn som adwuma no pɛpɛɛpɛ. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam, na yɛn botae titiriw a ɛne sɛ yɛbɛsom Yehowa daa no nso, yebedu ho.—Luka 13:24; 1 Tim. 4:7b, 8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena