Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • scl kr. 116-119
  • Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa
  • Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
Bible Mu Nsɛm a Kristofo De Bɔ Wɔn Bra
scl kr. 116-119

Yehowa

Ne din

Edin Yehowa no, yɛabɛte ase sɛ ɛkyerɛ, “Nea Ɔma Ɛyɛ Hɔ”

Ge 1:1; Ex 3:13-15; Dw 102:25; Yes 42:5

Yehowa tumi yɛ ne ho sɛn na watumi ahwɛ n’asomfo?

Dw 19:14; 68:5; Yes 33:22; 40:11; 2Ko 1:3, 4

Hwɛ nea edidi so yi nso: Dw 118:14; Yes 30:20; Yer 3:14; Sak 2:5

Adɛn nti na Onyankopɔn din ho a ɛbɛtew no hia sen biribiara?

Dw 83:18; Yes 29:23; Hes 36:23; Lu 11:2

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ obiara yɛ osetie ma Amansan Hene Yehowa?

Adi 4:11; 7:9-12

Yehowa abodin no bi

Ade nyinaa so Tumfo—Ge 17:1; Adi 19:6

Agya—Mt 6:9; Yoh 5:21

Asafo Yehowa—1Sa 1:11

Awurade Tumfo—Yes 25:8; Am 3:7

Mmeresanten Hene—1Ti 1:17; Adi 15:3

Otumfo—Heb 1:3; 8:1

Ɔbotan no—De 32:4; Yes 26:4

Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini—Yes 30:20

Ɔsorosoroni—Ge 14:18-22; Dw 7:17

Yehowa suban a ɛyɛ fɛ no bi

Sɛn na Yehowa ma yehu paa sɛ ɔyɛ kronkron, na dɛn na ɛsɛ sɛ wei ma n’asomfo yɛ?

Ex 28:36; Le 19:2; 2Ko 7:1; 1Pe 1:13-16

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Yes 6:1-8—Bere a odiyifo Yesaia nyaa Yehowa kronkronyɛ ho anisoadehu no, ahyɛase no na ɔte nka sɛ ɔnsɛ mfata, nanso serafim bi kaee no sɛ, nnipa a bɔne wɔ wɔn ho mpo, wɔn ho betumi atew wɔ Onyankopɔn ani so

    • Ro 6:12-23; 12:1, 2—Ɔsomafo Paul kyerɛɛ sɛnea yebetumi ako atia ɔhonam akɔnnɔ na yɛakɔ so afa “ɔkwan kronkron” no so

Dɛn na ɛma yehu sɛ Yehowa tumi nni ano, na sɛn na ɔde ne tumi no yɛ adwuma?

Ex 15:3-6; 2Be 16:9; Yes 40:22, 25, 26, 28-31

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • De 8:12-18—Odiyifo Mose ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ, nneɛma pa a wɔwɔ no, Yehowa na ɔde ne tumi yɛɛ ne nyinaa maa wɔn

    • 1Ah 19:9-14—Bere a odiyifo Elia abam bui no, Yehowa de ne tumi yɛɛ nneɛma akɛseakɛse de hyɛɛ no nkuran

Adɛn nti na yebetumi aka sɛ Yehowa bu atɛntrenee kyɛn obiara?

De 32:4; Hio 34:10; 37:23; Dw 37:28; Yes 33:22

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • De 24:16-22—Mose Mmara no ma yehu sɛ, bere biara a Yehowa bebu atɛn no, ɔda mmɔborɔhunu ne ɔdɔ nso adi

    • 2Be 19:4-7—Bere a Ɔhene Yehosafat paw atemmufo no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ atɛn a wɔbebu no, ɛnyɛ nnipa na wɔbu ma no, na mmom Yehowa

Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa nim nyansa kyɛn obiara?

Dw 104:24; Mme 2:1-8; Yer 10:12; Ro 11:33; 16:27

Hwɛ nea edidi so yi nso: Dw 139:14; Yer 17:10

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 1Ah 4:29-34—Yehowa hyiraa Ɔhene Solomon ma onyaa nyansa sen nnipa a na ɛwɔ ne bere so nyinaa

    • Lu 11:31; Yoh 7:14-18—Ná Yesu nyansa kyɛn Solomon de, nanso n’ahobrɛase nti, ogye toom sɛ ne nyansa no fi Yehowa hɔ

Dɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn paa?

Yoh 3:16; Ro 8:32; 1Yo 4:8-10, 19

Hwɛ nea edidi so yi nso: Sef 3:17; Yoh 3:35

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Mt 10:29-31—Yesu de akasanoma yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ sɛnea Yehowa dɔ nnipa a wɔsom no na onni wɔn ho agorɔ

    • Mr 1:9-11—Yehowa yɛɛ biribi a ɛsɛ sɛ awofo nyinaa yɛ ma wɔn mma. Ofi soro ka kyerɛɛ ne Ba Yesu sɛ ɔdɔ no, na wagye no atom

Nneɛma bɛn bio na ɛma yɛdɔ Yehowa? Bible ma yehu sɛ ne suban bebrebe a ɛyɛ fɛ no da nkyɛn a . . .

N’ani gye—1Ti 1:11

Ne yam ye—Lu 6:35; Ro 2:4

Obue ne nsam kyɛ ade—Dw 104:13-15; 145:16

Ohu biribiara—2Be 16:9; Mme 15:3

Ɔbrɛ ne ho ase—Dw 18:35

Ɔnsakra; yebetumi de yɛn ho ato no so bere nyinaa—Mal 3:6; Yak 1:17

Ɔwɔ abotare—Yes 30:18; 2Pe 3:9

Ɔwɔ ahummɔbɔ—Yes 49:15; 63:9; Sak 2:8

Ɔwɔ anuonyam paa—Adi 4:1-6

Ɔwɔ hɔ daa; ofi mmeresanten kosi mmeresanten—Dw 90:2; 93:2

Ɔwɔ mmɔborɔhunu—Ex 34:6

Ɔyɛ asomdwoe Nyankopɔn—Flp 4:9

Ɔyɛ kɛse—Dw 8:1; 148:13

Ɔyɛ ɔnokwafo—Adi 15:4

Ɔyɛ ɔtreneeni—Dw 7:9

Sɛ yehu Yehowa Nyankopɔn yiye a, ɛbɛboa yɛn sɛn?

De 6:4, 5; Mr 12:28-32

Sɛnea yɛsom Yehowa

Dɛn na ɛma yehu sɛ, nea Yehowa hwehwɛ fi n’asomfo hɔ no, ɛmmoro wɔn ahoɔden so?

De 10:12; Mik 6:8; 1Yo 5:3

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • De 30:11-14—Mmara a Yehowa nam odiyifo Mose so de maa Israelfo no, na ɛnyɛ den sɛ wɔbedi so

    • Mt 11:28-30—Yesu a osuasua n’Agya pɛpɛɛpɛ no maa n’akyidifo awerɛhyem sɛ, sɛ obi bɛyɛ n’akoa a, ne ho bedwo no

Adɛn nti na ɛfata sɛ yeyi Yehowa ayɛ?

Dw 105:1, 2; Yes 43:10-12, 21

Hwɛ nea edidi so yi nso: Yer 20:9; Lu 6:45; Aso 4:19, 20

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • Dw 104:1, 2, 10-20, 33, 34—Nneɛma pii a Yehowa abɔ nti, odwontofo no too dwom yii no ayɛ

    • Dw 148:1-14—Abɔfo ne biribi foforo biara a Yehowa abɔ yi no ayɛ, enti yɛn nso ɛsɛ sɛ yeyi no ayɛ

Sɛnea yɛbɔ yɛn bra no, sɛn na edi Yehowa ho adanse?

Mt 5:16; Yoh 15:8; 1Pe 2:12

Hwɛ Yak 3:13 nso

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɛn Yehowa?

Dw 73:28; Yak 4:8

Sɛn na ahobrɛase boa yɛn ma yɛbɛn Onyankopɔn?

Dw 138:6; Yes 57:15

Sɛ yɛkenkan Bible na yedwinnwen ho a, sɛn na ɛboa yɛn ma yɛbɛn Yehowa?

Dw 1:1-3; 77:11-13; Mal 3:16

Adɛn nti na ehia paa sɛ yɛde Yehowa ho ade a yesua no bɔ yɛn bra?

Lu 6:46-49; Yak 1:22-25

Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ ɛba yɛn tirim da sɛ yɛbɛyɛ biribi asie Yehowa?

Hio 34:22; Mme 28:13; Yer 23:24; 1Ti 5:24, 25

  • Ɛho nhwɛso a ɛwɔ Bible mu:

    • 2Ah 5:20-27—Gehasi yɛe sɛ ɔbɛkata ne bɔne so, nanso Yehowa maa ne diyifo Elisa huu nea Gehasi ayɛ nyinaa

    • Aso 5:1-11—Anania ne Safira dii atoro kyerɛɛ honhom kronkron no; Yehowa maa wɔn bɔne no daa adi, na ɔtwee wɔn aso

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena