Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wo A Wɔsan Wo Obi Bio—So Ɛno ne Ɔkwan a Ɛkɔ Nkwagye Mu?
    Ɔwɛn-Aban—2009 | July 1
    • Wo A Wɔsan Wo Obi Bio—So Ɛno ne Ɔkwan a Ɛkɔ Nkwagye Mu?

      SƐ OBI bisa wo sɛ, “Wɔawo wo foforo” a, wubebua dɛn? Kristoman mufo ɔpepem pii bebua asɛm yi pen sɛ “Yiw, wɔawo me foforo!” Wogye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔwo nokware Kristofo nyinaa foforo, na ɛno nkutoo na wɔnam so benya nkwa. Wɔne nyamesom akannifo bi te sɛ Robert C. Sproul yɛ adwene wɔ nsɛm a ɔkae yi ho: “Sɛ wɔanwo obi foforo a, . . . ɛnde na ɔnyɛ Kristoni.”

      So woka wɔn a wogye di sɛ gye sɛ wɔawo obi foforo ansa na wanya nkwa no ho? Sɛ saa a, ɛnde na akyinnye biara nni ho sɛ wopɛ sɛ woboa w’abusuafo ne wo nnamfonom ma wohu ɔkwan a ɛkɔ nkwagye mu no na wɔfa so. Nanso, sɛ wɔbɛyɛ saa a, ɛsɛ sɛ wohu nsonsonoe a ɛda obi a wɔawo no foforo ne nea wɔnwoo no foforo no ntam. Wobɛyɛ dɛn akyerɛ wɔn nea wo a wɔsan wo obi bio no kyerɛ no mu?

      Nnipa pii gye di sɛ sɛ wɔka sɛ “wɔasan awo obi bio” a, ɛkyerɛ obi a ofi ne komam ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn ne Kristo ma enti ɔsakra fi tebea a ɔwom a na ɔne Onyankopɔn nni abusuabɔ biara no mu, na ɔne no benya abusuabɔ.

      So ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ Bible no nnye nkyerɛkyerɛmu yi ntom? So wobɛpɛ sɛ wuhu nea Onyankopɔn Asɛm kyerɛkyerɛ wɔ wo a wɔsan wo obi bio no ho? Sɛ wugye bere susuw asɛm yi ho a, wubenya so mfaso pii. Dɛn ntia? Efisɛ wo a wɔsan wo obi bio no ho nimdeɛ a edi mu a wubenya no bɛka w’asetena ne wo daakye.

      Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ?

      Yohane 3:1-12 nkutoo na asɛm, wo a ‘wɔsan wo obi bio’ no pue wɔ Bible no mu. Ɛhɔ na wɔakyerɛw nkɔmmɔ bi a ɛkanyan adwene a Yesu ne nyamesom kannifo bi bɔe wɔ Yerusalem no. Wubehu saa Bible mu asɛm no nyinaa wɔ adaka a edi so no mu. Yɛhyɛ wo nkuran sɛ tɔ wo bo ase kenkan.

      Wɔ asɛm no mu no, Yesu sii ‘awo foforo’ no afã horow bi so dua.a Nokwarem no, Yesu nkɔmmɔbɔ no boa ma yenya nsɛmmisa anum a ɛho hia yi ho mmuae:

      ◼ Awo foforo no ho hia dɛn?

      ◼ So yɛn na yɛbɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔwo yɛn foforo?

      ◼ Atirimpɔw bɛn nti na wɔwo obi foforo?

      ◼ Ɔkwan bɛn so na wɔwo obi foforo?

      ◼ Nsakrae bɛn na awo foforo de ba obi ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ mu?

      Ma yensusuw nsɛmmisa yi ho mmiako mmiako.—w09 04/01-E.

      [Ase hɔ asɛm]

      a Asɛm ‘awo foforo’ no pue wɔ 1 Petro 1:3, 23. Ɛyɛ asɛm foforo a wɔde kyerɛkyerɛ ‘wo a wɔsan wo obi bio’ no mu wɔ Bible mu. Wonyaa nsɛm abien yi nyinaa fii Hela adeyɛ asɛm, gen·naʹo mu.

      [Adaka/Mfonini wɔ kratafa 4]

      “Ɛsɛ sɛ Wɔsan Wo Mo Bio”

      “Na ɔbarima bi wɔ hɔ a ɔka Farisifo ho a ne din de Nikodemo a ɔyɛ Yudafo panyin. Ɔno na ɔbaa ne nkyɛn anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ: ‘Rabi, yenim sɛ wufi Onyankopɔn nkyɛn na aba sɛ ɔkyerɛkyerɛfo, efisɛ obiara ntumi nyɛ nsɛnkyerɛnne a woyɛ yi gye sɛ Onyankopɔn ka ne ho.’ Yesu bua see no sɛ: ‘Nokware, nokware, mise wo sɛ, sɛ wɔansan anwo obi bio a, ɔrentumi nhu Onyankopɔn ahenni no.’ Nikodemo bisaa no sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na wobetumi awo obi a wanyin? Obetumi asan akɔ ne maame yafunu mu bio ma wɔawo no anaa?’ Yesu buae sɛ: ‘Nokware, nokware, mise wo sɛ, sɛ wɔamfa nsu ne honhom anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni mu. Nea wofi ɔhonam mu awo no no yɛ ɔhonam, na nea wofi honhom mu awo no no yɛ honhom. Mma ɛnnyɛ wo nwonwa sɛ meka kyerɛɛ wo sɛ ɛsɛ sɛ wɔsan wo mo bio. Mframa bɔ kɔ nea ɛpɛ biara, na mote sɛ ɛrebɔ, nanso munnim baabi a efi ne baabi a ɛrekɔ. Saa na obiara a wofi honhom mu awo no no te.’ Nikodemo bua see no sɛ: ‘Ɛbɛyɛ dɛn na eyinom atumi ayɛ yiye?’ Yesu bua see no sɛ: ‘Woyɛ Israel kyerɛkyerɛfo na wunnim eyinom? Nokware, nokware, mise wo sɛ, nea yenim na yɛka, na nea yɛahu na yedi ho adanse, nanso mo de, munnye adanse a yɛde ma no ntom. Sɛ maka asase so nsɛm akyerɛ mo na munnye nni a, ɛbɛyɛ dɛn na sɛ meka ɔsoro nsɛm kyerɛ mo a mubegye adi?’”—Yohane 3:1-12.

  • Awo Foforo No—Ɛho Hia Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban—2009 | July 1
    • Awo Foforo No—Ɛho Hia Dɛn?

      WƆ NKƆMMƆ a Yesu ne Nikodemo bɔe nyinaa mu no, Yesu sii so dua sɛ, sɛ́ wɔbɛwo obi foforo anaa wɔbɛsan awo obi bio no ho hia paa. Ɔkwan bɛn so na ɔmaa emu daa hɔ?

      Hyɛ ɔkwan a Yesu faa so sii sɛnea awo foforo no ho hia so dua wɔ ɔne Nikodemo nkɔmmɔbɔ no mu no nsow. Ɔkae sɛ: “Sɛ wɔansan anwo obi bio a, ɔrentumi nhu Onyankopɔn ahenni no.” (Yohane 3:3) Nsɛmfua “wɔansan” ne “ɔrentumi” no si sɛnea awo foforo no ho hia so dua. Sɛ nhwɛso no, sɛ obi ka sɛ, “Sɛ owia ammɔ a, yɛrenya hann” a, na nea ɔkyerɛ ara ne sɛ, sɛ hann bɛba a, gye sɛ owia bɔ. Saa ara na Yesu kae sɛ ehia paa sɛ wɔsan wo obi bio ansa na wahu Onyankopɔn Ahenni no.

      Awiei koraa no, nea ɛbɛyɛ na obiara adwenem renyɛ no nãã wɔ asɛm yi ho no, Yesu kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔsan wo mo bio.” (Yohane 3:7) Ɛda adi pefee sɛ sɛnea Yesu kae no, sɛ obi betumi ‘akɔ Onyankopɔn ahenni no mu’ a, gye sɛ wɔsan wo no bio.—Yohane 3:5.

      Esiane sɛ na Yesu bu awo foforo no sɛ ɛho hia paa nti, ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ mmɔden sɛ wɔbɛte ase yiye. Sɛ nhwɛso no, wususuw sɛ Kristoni bi betumi ama wɔawo no foforo?—w09 04/01-E.

      [Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

      “Sɛ owia ammɔ a, yɛrenya hann”

  • Awo Foforo No—So Ɛyɛ Gyinae a Obi Ankasa Si?
    Ɔwɛn-Aban—2009 | July 1
    • Awo Foforo No—So Ɛyɛ Gyinae a Obi Ankasa Si?

      HENA na ɔma wɔwo obi foforo? Sɛ asɔfo binom reka akyerɛ wɔn atiefo sɛ wɔmma wɔnsan nwo wɔn bio sɛ Kristofo a, wɔfa Yesu asɛm yi ka sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔsan wo mo bio.” (Yohane 3:7) Saa asɔfo no de asɛm yi yɛ ahyɛde ma enti wɔka sɛ, “Momma wɔnsan nwo mo bio!” Enti, wɔkyerɛkyerɛ sɛ ɛyɛ gyidini biara asɛyɛde sɛ otie Yesu na ɔyɛ nea obetumi biara ma wɔwo no foforo. Saa asɛm yi a wɔka no kyerɛ sɛ, sɛ obi pɛ a obetumi ama wɔawo no foforo. Nanso, so saa adwene no ne asɛm a Yesu ka kyerɛɛ Nikodemo no hyia?

      Sɛ wotɔ wo bo ase kenkan Yesu asɛm no a, wubehu sɛ Yesu ankyerɛkyerɛ sɛ obi ankasa betumi asi gyinae sɛ wɔnwo no foforo anaa mma wɔnwo no foforo. Dɛn nti na yɛka saa? Wobetumi akyerɛ Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “wɔansan awo obi bio” no nso ase sɛ, “ɛsɛ sɛ wofi ɔsoro wo obi.”a Enti sɛnea wɔkyerɛɛ ase wɔ baabi foforo no, awo foforo no “fi soro” anaa “efi . . . Agya no nkyɛn.” (Yohane 19:11; Yakobo 1:17) Yiw, Onyankopɔn na ɔwo obi foforo.—1 Yohane 3:9.

      Sɛ yɛma asɛm, “fi soro,” no tena yɛn adwenem a, ɛrenyɛ den koraa sɛ yɛbɛte nea enti a onipa bi ankasa rentumi mma wɔnwo no foforo no ase. Susuw nea ɛyɛe a wɔwoo wo no ho hwɛ. So wo na woyɛ ma wɔwoo wo? Dabida! Wo papa na ɔma wɔwoo wo. Saa ara na sɛ wɔbɛwo yɛn foforo a, na egyina yɛn soro Agya, Onyankopɔn nkutoo so. (Yohane 1:13) Enti, ɛfata sɛ ɔsomafo Petro kae sɛ: “Nhyira nka yɛn Awurade Yesu Kristo Agya ne ne Nyankopɔn, efisɛ ne mmɔborɔhunu nti wawo yɛn foforo.”—1 Petro 1:3.

      So Ɛyɛ Ahyɛde?

      Nanso, ebia ebinom bebisa sɛ, ‘Sɛ ɛyɛ ampa ara sɛ obi ankasa ntumi mma wɔnwo no bio a, dɛn nti na Yesu de ahyɛde mae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔsan wo mo bio”?’ Ntease wɔ asɛmmisa a ɛte saa mu. Sɛ na Yesu nsɛm no yɛ ahyɛde a, ɛnde na ɔreka sɛ yɛnyɛ biribi a yɛrentumi nyɛ. Anka ɛbɛyɛ nea ntease nni mu. Ɛnde, na yɛbɛte asɛm ɛsɛ sɛ “wɔsan wo mo bio” no ase dɛn?

      Sɛ yɛhwɛ mfitiase kasa a wɔde kyerɛw asɛm yi, na yesusuw ho yiye a, ɛma yehu sɛ na ɛnyɛ ahyɛde. Mmom, na ɛyɛ asɛm a wɔka kyerɛ. Wɔ ɔkwan foforo so no, bere a Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ “wɔsan wo mo bio” no, na ɛyɛ nokwasɛm na ɔreka, na ɛnyɛ ahyɛde. Ɔkae sɛ: “Ɛho hia sɛ wofi soro wo mo.”—Yohane 3:7, Modern Young’s Literal Translation.

      Ma yɛnyɛ mfatoho mfa nkyerɛkyerɛ nsonsonoe a ɛda ahyɛde ne nokwasɛm a wɔka kyerɛ mu. Yɛ kurow bi a sukuu ahorow wom ho mfonini hwɛ. Sukuu no biako wɔ hɔ a, wɔayi asi hɔ sɛ mmofra a wofi kurow no mu a wɔnte mmɛn sukuu no nkutoo na wobetumi atena hɔ akɔ sukuu no bi. Da koro bi, abarimaa bi a omfi kurow no mu ka kyerɛɛ sukuu panyin no sɛ, “mepɛ sɛ mebɛkyerɛw me din wɔ wo sukuu yi mu.” Sukuu panyin no ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ yebegye wo a, gye sɛ wufi kurow yi mu.” Nokwarem no, sukuu panyin no asɛm no nyɛ ahyɛde. Ná ɛnyɛ sɛ ɔrehyɛ abarimaa no sɛ, “Bɛyɛ kuromanni!” Ná sukuu panyin no reka nokwasɛm a ehia ara kwa—nea na ɛbɛma obi atumi akɔ saa sukuu no bi. Saa ara na bere a Yesu kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ wɔsan wo mo bio” no, na ɔreka nokwasɛm a ehia na ama obi atumi ‘akɔ Onyankopɔn ahenni mu.’

      Asɛm a etwa to a ɔkae—Onyankopɔn Ahenni—no nso ne awo foforo no wɔ biribi yɛ. Asɛmmisa a ɛma ɛsɔre ne sɛ, atirimpɔw bɛn nti na wɔwo obi foforo? Saa asɛmmisa no ho mmuae a yebenya no bɛboa yɛn ma yɛate wo a wɔsan wo obi bio no ase yiye.—w09 04/01-E.

      [Ase hɔ asɛm]

      a Saa na wɔkyerɛ Yohane 3:3 ase wɔ Bible nkyerɛase ahorow bi mu. Sɛ nhwɛso no, Bible bi kyerɛ ase sɛ: “Sɛ wɔamfi soro anwo obi foforo a, ɔrentumi nhu Nyankopɔn ahenni no.”—A Literal Translation of the Bible.

      [Mfonini wɔ kratafa 6]

      Nsɛdi bɛn na ɛwɔ awo foforo ne awo ankasa ntam?

  • Awo Foforo No—N’atirimpɔw ne Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban—2009 | July 1
    • Awo Foforo No—N’atirimpɔw ne Dɛn?

      NNIPA pii gye di sɛ sɛ obi benya daa nkwa a, gye sɛ wɔawo no foforo. Nanso, hyɛ nea Yesu ankasa kae wɔ nea enti a wɔwo obi foforo no ho nsow. Ɔkae sɛ: “Sɛ wɔansan anwo obi bio a, ɔrentumi nhu Onyankopɔn ahenni no.” (Yohane 3:3) Enti, ehia sɛ wɔsan wo obi bio na ama wakɔ Onyankopɔn Ahenni no mu, na ɛnyɛ sɛ ɛno na ɛbɛma wɔagye no nkwa. ‘Nanso,’ ebinom bebisa sɛ, ‘so nsɛm abien—Ahenni no mu a wɔkɔ, ne nkwagye—nyɛ akatua koro?’ Dabi, ɛnte saa. Nea ɛbɛma yɛate nsonsonoe a ɛwom no ase yiye no, ma yenni kan nsusuw nea “Onyankopɔn ahenni” kyerɛ no ho.

      Ahenni yɛ aban. Ɛnde, na asɛm “Onyankopɔn ahenni” no kyerɛ “Onyankopɔn aban.” Bible kyerɛkyerɛ sɛ “onipa ba,” Yesu Kristo, ne Onyankopɔn Ahenni no so Hene, na ebinom bɛka Kristo ho ne no adi ade. (Daniel 7:1, 13, 14; Mateo 26:63, 64) Bio nso, wɔ anisoadehu bi a ɔsomafo Yohane nyae mu no, ɔkae sɛ Kristo mfɛfo adedifo no yɛ nnipa a wɔapaw wɔn afi “abusua ne kasa ne nkurɔfo ne ɔman biara mu,” na “wobedi asase so ahene.” (Adiyisɛm 5:9, 10; 20:6) Onyankopɔn Asɛm san ka sɛ wɔn a wobedi ade sɛ ahemfo no yɛ “nguankuw ketewa” a wɔn dodow yɛ nnipa 144,000 a “wɔatɔ wɔn afi asase so.”—Luka 12:32; Adiyisɛm 14:1, 3.

      Ɛhe na Onyankopɔn Ahenni no befi adi tumi? Wɔsan frɛ “Onyankopɔn ahenni” no “ɔsoro ahenni,” a ɛkyerɛ sɛ Yesu ne ne mfɛfo adedifo no befi soro adi ade. (Luka 8:10; Mat. 13:11) Ɛnde, na Onyankopɔn Ahenni no yɛ ɔsoro aban a Yesu Kristo ne mfɛfo adedifo a wɔapaw wɔn afi adesamma mu no na wɔwom.

      Ɛnde, dɛn na na Yesu kyerɛ bere a ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔsan wo obi bio na watumi ‘akɔ Onyankopɔn ahenni mu’ no? Ná ɔkyerɛ sɛ sɛ obi ne Kristo bedi ade wɔ soro a, gye sɛ wɔsan wo no bio. Sɛ yebetwa no tiaa a, awo foforo no atirimpɔw ne sɛ ebesiesie nnipakuw bi ama wɔne Kristo adi ade wɔ soro.

      Ebesi ha no, yɛahu sɛ awo foforo no ho hia paa, ɛyɛ Onyankopɔn na ɔma wɔwo obi foforo, na ɛresiesie nnipakuw bi ma wɔadi ade wɔ soro. Nanso, ɔkwan bɛn na wɔfa so wo obi foforo?—w09 04/01-E.

      [Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 7]

      Awo foforo no atirimpɔw ne sɛ ebesiesie nnipakuw bi ama wɔne Kristo adi ade wɔ soro

      [Mfonini wɔ kratafa 7]

      Yesu Kristo ne mfɛfo adedifo a wɔapaw wɔn afi adesamma mu no na wɔwɔ Onyankopɔn Ahenni no mu

  • Awo Foforo No—Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban—2009 | July 1
    • Awo Foforo No—Ɔkwan Bɛn So?

      ƐNYƐ sɛnea awo foforo no ho hia, nea ɔma wɔwo obi foforo, anaa atirimpɔw a enti wɔwo obi no ho asɛm nko na Yesu ka kyerɛɛ Nikodemo, na mmom, ɔkaa ɔkwan a wɔbɛfa so awo obi foforo no nso ho asɛm. Yesu kae sɛ: “Sɛ wɔamfa nsu ne honhom anwo obi a, ɔrentumi nkɔ Onyankopɔn ahenni mu.” (Yohane 3:5) Enti, wɔnam nsu ne honhom so na wɔsan wo obi bio. Nanso, dɛn na asɛm “nsu ne honhom” no kyerɛ?

      “Nsu ne Honhom”—Ɛkyerɛ Dɛn?

      Esiane sɛ na Nikodemo yɛ Yudasom mu nhomanimfo nti, na akyinnye biara nni ho sɛ onim sɛnea Hebri Kyerɛwsɛm no de asɛm, “Onyankopɔn honhom”—Onyankopɔn tumi a ebetumi ama nkurɔfo ayɛ anwonwade no—di dwuma. (Genesis 41:38; Exodus 31:3; 1 Samuel 10:6) Enti bere a Yesu de asɛmfua “honhom” dii dwuma no, na Nikodemo bɛte ase sɛ ɔreka honhom kronkron, Onyankopɔn tumi a ɔde yɛ ade, no ho asɛm.

      Na nsu a Yesu kaa ho asɛm no nso ɛ? Susuw nsɛm a esisii ansa na Yesu ne Nikodemo rekasa, ne nea esii wɔ nkɔmmɔbɔ no akyi pɛɛ no ho hwɛ. Eyi kyerɛ sɛ na Yohane Suboni no ne Yesu asuafo no nyinaa bɔ nkurɔfo asu wɔ nsu mu. (Yohane 1:19, 31; 3:22; 4:1-3) Ná wonim asubɔ ho asɛm yiye wɔ Yerusalem. Enti, bere a Yesu kaa asubɔ ho asɛm no, na Nikodemo behu sɛ ɛnyɛ nsu ho asɛm kɛkɛ na na ɔreka, na mmom na ɔreka nsu a wɔde bɔ asu ho asɛm.a

      “Honhom Kronkron” a Wɔde Bɔ Asu

      Sɛ ‘nsu a wɔde wo obi’ no fa nsu mu asubɔ ho a, ɛnde na ‘honhom a wɔde wo obi’ no kyerɛ dɛn? Ansa na Nikodemo ne Yesu rebɔ nkɔmmɔ no, na Yohane Suboni no aka sɛ ɛnyɛ nsu nko na wɔde bɛbɔ asu, na mmom wɔde honhom kronkron nso bɛbɔ asu. Ɔkae sɛ: “Mede nsu na ɛbɔɔ mo asu, na ɔno [Yesu] de, honhom kronkron na ɔde bɛbɔ mo asu.” (Marko 1:7, 8) Asɛmpa kyerɛwfo Marko kaa bere a edi kan a wɔde honhom bɔɔ asu no ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Nna no mu Yesu fi Nasaret a ɛwɔ Galilea bae ma Yohane bɔɔ no asu wɔ Yordan mu. Na opue fii nsu no mu ara pɛ na ohui sɛ ɔsoro abue, na honhom no resian aba no so te sɛ aborɔnoma.” (Marko 1:9, 10) Bere a wɔde Yesu hyɛɛ Yordan mu no, ɛyɛ nsu na wɔde bɔɔ no asu. Na bere a honhom fi soro baa no so ara pɛ na wɔde honhom kronkron bɔɔ no asu.

      Bere a wɔbɔɔ Yesu asu mfe abiɛsa akyi no, ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Ɛrenni nna pii na wɔde honhom kronkron abɔ mo asu.” (Asomafo Nnwuma 1:5) Bere bɛn na eyi sii?

      Wɔ Pentekoste afe 33 wɔ Yesu awo akyi no, Yesu asuafo bɛyɛ 120 hyiaam wɔ ofie bi mu wɔ Yerusalem. “Mpofirim ara wɔtee dede bi fii soro te sɛ mframa a ɛrebɔ denneennen, na egyigyei wɔ ofie a na wɔte mu no mu nyinaa. Na wohuu tɛkrɛma bebree a ɛte sɛ ogya . . . , na honhom kronkron hyɛɛ wɔn nyinaa mãmã.” (Asomafo Nnwuma 2:1-4) Saa da no ara, wɔhyɛɛ afoforo a wɔwɔ Yerusalem no nkuran sɛ wɔmma wɔmmɔ wɔn asu wɔ nsu mu. Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ nkurɔfokuw no sɛ: “Monsakra, na momma wɔmmɔ mo mu biara asu wɔ Yesu Kristo din mu na moanya bɔne fafiri, na mubenya honhom kronkron akyɛde a wɔde ma kwa no.” Dɛn na nkurɔfo no yɛe? “Wɔbɔɔ wɔn a wɔde anigye gyee n’asɛm no asu, na saa da no wɔde akra bɛyɛ mpem abiɛsa bɛkaa wɔn ho.”—Asomafo Nnwuma 2:38, 41.

      Adeyɛ a Ɛwɔ Afã Abien

      Dɛn na asubɔ ahorow yi ma yehu wɔ awo foforo no ho? Ɛma yehu sɛ egye nneɛma abien na ama wɔawo obi foforo. Hyɛ no nsow sɛ wodii kan bɔɔ Yesu asu wɔ nsu mu. Ɛno akyi no, onyaa honhom kronkron. Saa ara na wodii kan bɔɔ tete asuafo no asu wɔ nsu mu. (Yohane Suboni na ɔbɔɔ wɔn mu binom asu.) Na ɛno akyi na wonyaa honhom kronkron no. (Yohane 1:26-36) Ɔkwan koro no ara so no, wɔbɔɔ nnipa 3,000 a wɔsakra bɛyɛɛ Kristofo no asu wɔ nsu mu, na ɛno akyi ansa na wɔrenya honhom kronkron no.

      Sɛ yɛkae asubɔ a ɛkɔɔ so wɔ Pentekoste afe 33 wɔ Yesu awo akyi no a, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ awo foforo no bɛkɔ so nnɛ? Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ ɛbɛyɛ te sɛ nea esii wɔ Yesu asomafo no ne tete asuafo no bere so no ara pɛ. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ onipa no nu ne ho, twe ne ho fi bɔne ho, hyira ne nkwa so ma Yehowa na ɔsom no, na ɔbɔ asu wɔ nsu mu ma obiara hu sɛ wahyira ne ho so. Afei, sɛ Onyankopɔn paw no sɛ ɔhene wɔ N’Ahenni mu a, ɔde honhom kronkron sra no. Onipa no na otu anammɔn a edi kan (nsu mu asubɔ) wɔ adeyɛ a ɛwɔ afã abien yi mu; na Onyankopɔn ayɛ ɔfã a ɛtɔ so abien (honhom a wɔde bɔ asu) no. Sɛ obi fa adeyɛ abien yi nyinaa mu a, na ɛkyerɛ sɛ wɔasan awo no bio.

      Ɛnde, dɛn nti na Yesu kaa ‘nsu ne honhom a wɔde wo obi’ no ho asɛm wɔ nkɔmmɔ a ɔne Nikodemo bɔe no mu? Ɔkaa saa de kyerɛe sɛ wɔn a wɔde nsu ne honhom bɛbɔ wɔn asu no bɛfa nsakrae soronko bi mu. Yebesusuw awo foforo no fã yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.—w09 04/01-E.

      [Ase hɔ asɛm]

      a Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, bere bi a na ɛsɛ sɛ wɔbɔ nkurɔfo bi asu no, ɔsomafo Petro bisae sɛ: “Hena na obetumi asiw wɔn kwan sɛ yɛmmfa nsu mmmɔ wɔn asu?”—Asomafo Nnwuma 10:47.

      [Mfonini wɔ kratafa 9]

      Yohane de nsu bɔɔ Israelfo a wɔanu wɔn ho no asu

  • Awo Foforo No—Dɛn na Etumi Yɛ?
    Ɔwɛn-Aban—2009 | July 1
    • Awo Foforo No—Dɛn na Etumi Yɛ?

      BERE a Yesu reka honhom kronkron a wɔde bɔ asu ho asɛm no, dɛn nti na ɔde asɛm ‘honhom a wɔde wo’ no dii dwuma? (Yohane 3:5) Sɛ wɔde asɛmfua “awo” di dwuma sɛ kasakoa a, ɛkyerɛ “mfiase,” te sɛ nea asɛm “ɔman bi awo” kyerɛ ɔman bi mfiase no. Enti, asɛm “awo foforo” kyerɛ “mfiase foforo.” Ne saa nti, kasakoa “awo” ne “awo foforo” si so dua sɛ wɔn a wɔde honhom kronkron abɔ wɔn asu no ne Onyankopɔn benya abusuabɔ foforo. Dɛn na ɛma nsakrae kɛse a ɛte saa ba wɔne Onyankopɔn ntam?

      Bere a ɔsomafo Paulo rekyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn siesie nnipa ma wɔadi ade wɔ ɔsoro mu no, ɔde abusua na ɛyɛɛ ho nhwɛso. Ɔkyerɛw kɔmaa Kristofo a na wɔwɔ ne bere so no sɛ, ‘wobegye wɔn sɛ mma’ ma enti, Onyankopɔn ne wɔn bedi no “sɛ mma.” (Galatifo 4:5; Hebrifo 12:7) Nea ɛbɛyɛ na abagye ho nhwɛso no aboa yɛn ma yɛate sɛnea sɛ wɔde honhom kronkron bɔ obi asu a ɛma n’asetena sesa ase no, ma yɛnsan nsusuw abarimaa a na ɔpɛ sɛ ɔkɔ sukuu a ɔmanfo nkutoo na wɔma wɔkɔ bi no ho nhwɛ.

      Nsakrae a Abagye de Ba

      Wɔ mfatoho no mu no, esiane sɛ na abarimaa no nyɛ kuromanni nti, wɔannye no wɔ sukuu no mu. Afei, fa no sɛ da koro bi, nsakrae kɛse bi ba. Kuromanni bi nam mmara kwan so gye no sɛ ɔba. Ɔkwan bɛn so na eyi bɛka abofra no? Esiane sɛ wɔagye no sɛ ɔba nti, afei obetumi anya hokwan te sɛ kuromanni ba ara pɛ, na ama wafata sɛ wogye no wɔ sukuu no mu. Gye a wogyee no sɛ ɔba no asesa ne gyinabea koraa.

      Eyi kyerɛkyerɛ tebea a wɔn a wɔwo wɔn foforo no fa mu no mu yiye. Susuw nhwɛso afoforo a edi nsɛ ho hwɛ. Sɛ wobegye abarimaa a ɔwɔ mfatoho no mu wɔ sukuu no mu a, gye sɛ odu ahwehwɛde a ɛne sɛ ɔbɛyɛ kuromanni ba no ho. Nanso, ne nkutoo fam de, ɔrentumi mfata. Saa ara na wɔbɛma nnipa binom dibea wɔ Onyankopɔn Ahenni anaa ɔsoro aban no mu, nanso gye sɛ wodu ahwehwɛde a ɛbɛma wɔafata a ɛne sɛ ‘wɔbɛsan awo wɔn bio’ no ho. Nanso, wɔn akasa fam de, wɔrentumi nnu ahwehwɛde no ho, efisɛ Onyankopɔn na ɔma wɔwo obi foforo.

      Dɛn na ɛsesaa abarimaa no tebea? Ɛyɛ mmara kwan so abagye no. Nokwarem no, abagye no ansesa sɛnea abarimaa no te. Bere a wogyee no sɛ ɔba akyi no, ne nipasu ansesa. Mmom no, bere a wɔyɛɛ mmara kwan so nkrataa nyinaa wiei no, abarimaa no nyaa gyinabea foforo. Nokwarem no, onyaa mfiase foforo te sɛ nea wɔawo no foforo. Ɔbɛyɛɛ ɔba, na ɛma onyaa hokwan kɔɔ sukuu no bi, na afei nso, ɔbɛyɛɛ ne papa a ogyee no no abusua muni.

      Saa ara na Yehowa nam mmara kwan so sesaa nnipa bi a wɔnyɛ pɛ tebea gyee wɔn sɛ ne mma. Ɔsomafo Paulo a na ɔka saa nnipakuw no ho kyerɛw kɔmaa ne mfɛfo gyidifo sɛ: “Moanya honhom a egye yɛn yɛ mma, na saa honhom no mu na yɛteɛm sɛ: ‘Abba, Agya!’ Honhom no ankasa ne yɛn honhom di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma.” (Romafo 8:15, 16) Nokwarem no, abagye nhyehyɛe no ama saa Kristofo no abɛyɛ Onyankopɔn abusua no mufo, anaa “Onyankopɔn mma.”—1 Yohane 3:1; 2 Korintofo 6:18.

      Nokwasɛm ne sɛ, gye a Onyankopɔn gyee wɔn yɛɛ mma no ansesa sɛnea wɔte, efisɛ na wɔda so ara tɔ sin. (1 Yohane 1:8) Nanso, sɛnea Paulo kɔɔ so kyerɛkyerɛ mu no, bere a wɔnam mmara kwan so gyee wɔn no, wonyaa gyinabea foforo. Bere koro no ara no, Onyankopɔn honhom maa saa mma a wogyee wɔn no nyaa ahotoso sɛ wɔne Kristo bɛtena ɔsoro. (1 Yohane 3:2) Saa ahotoso a edi mu a honhom kronkron ma wonyae no ma wonyaa asetena ho adwene foforo koraa. (2 Korintofo 1:21, 22) Nokwarem no, wonyaa mfiase foforo te sɛ nea wɔawo wɔn foforo.

      Bible ka Onyankopɔn mma a wɔagye wɔn no ho asɛm sɛ: “Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi hene mfe apem.” (Adiyisɛm 20:6) Onyankopɔn mma a wɔagye wɔn no ne Kristo bedi ade sɛ ahene wɔ Onyankopɔn Ahenni mu anaa wɔ ɔsoro aban mu. Ɔsomafo Petro ka kyerɛɛ ne mfɛfo gyidifo no sɛ wobenya “agyapade a ɛmporɔw na efĩ nni ho na ɛnsɛe,” a “wɔakora so wɔ ɔsoro” ama wɔn. (1 Petro 1:3, 4) Ɛyɛ agyapade a ɛsom bo ampa!

      Nanso, ahenni yi ho asɛm no ma asɛmmisa foforo bi nso sɔre. Sɛ wɔn a wɔawo wɔn foforo no bedi ade wɔ soro sɛ ahemfo a, ɛnde henanom so na wobedi? Yebesusuw saa asɛmmisa no ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.—w09 04/01-E.

      [Mfonini wɔ kratafa 10]

      Dɛn na Paulo kae wɔ abagye ho?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena