Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • ijwbq asɛm 141
  • Wohwɛ a Wɔbɛsɛe Yɛn Asaase Yi?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wohwɛ a Wɔbɛsɛe Yɛn Asaase Yi?
  • Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Bible ka
  • Enti nnipa bɛsɛe asase yi?
  • Sɛ́ Bible kyerɛkyerɛ sɛ wɔde ogya bɛhyew asase yi, anaa ɛnte saa?
  • So Ogya na Ɛbɛsɛe Asase?
    Nyan!—1997
  • Enti Wiase Yi Bɛba Awiei?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2021
  • So asase bɛsɛe?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Ɔpepem Pii A Wɔte Ase Nnɛ Renwu Mfi Yɛn Asase Yi So Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
ijwbq asɛm 141
Asaase a abubu asɛe pasaa

Wohwɛ a Wɔbɛsɛe Yɛn Asase Yi?

Nea Bible ka

Dabi, wɔrensɛe Asase da, wɔremfa ogya nhyew, na wɔremfa foforo mmesi ananmu nso. Bible kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɔɔ asase sɛ yɛntena so daa.

  • “Treneefo benya asase no adi, na wɔatena so daapem.”​—Dwom 37:29.

  • ‘[Onyankopɔn] de asase atim ne nnyinaso so; na ɛrenhinhim da biara da.’​—Dwom 104:5.

  • “Asase de, etim hɔ daa.”​—Ɔsɛnkafo 1:4.

  • ‘Nea ɔnwenee asase na ɔyɛe de tim hɔ no, wammɔ no hunu na mmom ɔnwenee sɛ wɔntena so.’​—Yesaia 45:18.

Enti nnipa bɛsɛe asase yi?

Onyankopɔn remma kwan mma nnipa mfa efĩ, akodi anaasɛ biribi foforo biara nsɛe asase yi. Mmom no, ɔbɛsɛe “wɔn a wɔresɛe asase no.” (Adiyisɛm 11:18) Ɔbɛyɛ no sɛn?

Onyankopɔn de ne soro Ahenni a ɛyɛ aban papa no bɛba abesi nnipa aban ananmu efisɛ nnipa ntumi nhwɛ asase yi so yiye. (Daniel 2:​44; Mateo 6:​9, 10) Onyankopɔn Ba Yesu Kristo na ɔbɛyɛ saa Ahenni no so hene. (Yesaia 9:​6, 7) Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔdaa no adi sɛ ɔwɔ abɔde so tumi kɛse. (Marko 4:35-​41) Sɛ́ Onyankopɔn Ahenni no so hene no, Yesu bedi asase ne nneɛma a atwa ho ahyia nyinaa so tumi. Obesiesie asase yi anaa ɔbɛyɛ no yiye ama ayɛ sɛnea na ɛte wɔ Eden turo no mu no.​—Mateo 19:28; Luka 23:43.

Sɛ́ Bible kyerɛkyerɛ sɛ wɔde ogya bɛhyew asase yi, anaa ɛnte saa?

Dabi, ɛnkyerɛkyerɛ saa. Nkurɔfo ka atosɛm a ɛte saa efisɛ wɔnte asɛm a ɛwɔ 2 Petro 3:7 no ase. Ɛhɔ ka sɛ: “Wɔakora ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi so ama ogya.” Hwɛ nsɛntitiriw mmienu bi a ɛbɛboa yɛn ma yɛate saa asɛm no ase:

  1. Bible tumi de nsɛmfua “ɔsoro,” “asase,” ne “ogya” gyina hɔ ma nneɛma pii. Ɛho nhwɛso ne Yeremia 22:29, ɛka sɛ: “O asase, asase, asase, tie Yehowa asɛm.” Ɛha no, wɔde “asase” gyina hɔ ma nnipa.

  2. Ɔsoro, asase ne ogya a wɔaka ho asɛm wɔ 2 Petro 3:7 no, sɛ yɛhwɛ nkyekyɛm foforo a ɛwɔ ti 3 no ara mu a, yehu sɛ ɛno nso gyina hɔ ma biribi. Yɛhwɛ nkyekyɛm 5 ne 6 a, yehu sɛ nea Noa Nsuyiri no yɛe no, saa ara na ogya a wɔaka ho asɛm wɔ ha no nso bɛyɛ ɔsoro ne asase a ɛwɔ hɔ yi. Saa bere no, wɔsɛee tete wiase a na ɛwɔ hɔ no, nanso asase a yɛte so yi ansɛe. Mmom no, “asase” a Nsuyiri no sɛee no no yɛ nnipa abɔnefo a na wɔwɔ wiase no. (Genesis 6:​11) Ɛsan sɛee “ɔsoro” bi, kyerɛ sɛ, wɔn a na wodi saa wiase no so no. Enti nnipa abɔnefo na wɔsɛee wɔn na ɛnyɛ yɛn asase yi. Bere a wɔsɛee saa wiase no, Noa ne n’abusua nyaa nkwa, na Nsuyiri no akyi nso, ɔne n’abusua tenaa asase so.​—Genesis 8:​15-​18.

Te sɛ nea ɛkɔɔ so wɔ Nsuyiri no mu no, wɔde ɔsɛe anaa “ogya” a 2 Petro 3:7 ka ho asɛm no beyi nnipa abɔnefo afi hɔ, na ɛnyɛ Asase yi. Onyankopɔn ahyɛ “ɔsoro foforo ne asase foforo” ho bɔ, “na eyi mu na trenee bɛtena.” (2 Petro 3:​13) “Ɔsoro foforo” anaa aban foforo a ɛne Onyankopɔn Ahenni no bedi “asase foforo” anaa adesamma abusua foforo so. Saa Ahenni no ase no, asase yi bɛdan paradise a asomdwoe wɔ baabiara.​—Adiyisɛm 21:​1-4.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena