Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g00 7/8 kr. 17-21
  • Wɔ Ahum no Akyi No—Wɔpaw Boayikuw a Wɔde Mmoa Ma Wɔ France

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔ Ahum no Akyi No—Wɔpaw Boayikuw a Wɔde Mmoa Ma Wɔ France
  • Nyan!—2000
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Na Nea Eye Hu Paa Rebetu
  • Nneɛma a Ɛsɛee
  • Mmoa a Ehia a Wɔde Mae
  • “Ɔdɔ Nnwuma” a Wɔyɛe
  • Biribi a Ahum Biara Antumi Antwe Ankɔ
    Nyan!—2003
  • Mmoa a Wɔde Ma Bere a Nneɛma Asɛe
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Ɔdɔ a Wɔda No Adi—Asiane Bere Mu Mmoa a Egye Bere ne Mmɔdenbɔ
    Nyan!—2002
  • Ogye Nnwuma a Yehowa Reyɛ ‘Mprempren
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2000
g00 7/8 kr. 17-21

Wɔ Ahum no Akyi No—Wɔpaw Boayikuw a Wɔde Mmoa Ma Wɔ France

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ FRANCE HƆ

FRANÇOISE buee ɔpon no sɛ ɔrekɔfa nnyina abɛsɔ. Ɔka sɛ: “Me ho dwiriw me. Na nsu no adu ɔpon no ano, na na ahum kɛse bi rebɔ fi abɔnten pon no ano.” Ne kunu Thierry faa nsu a na ɛdeda ne kɔn mu no mu kɔfaa antweri fii faako a wɔde kar si no bae. Abusua no foroo antweri no faa tokuro a otu faa suhyɛ no mu no mu. Awarefo no ne wɔn mma baasa no de wɔn ho nsu ne akomatu twɛnee nnɔnhwerew anan sɛ wɔbɛba abeyi wɔn. Awiei koraa no, France polisifo huu wɔn, na wɔde helikɔpta koyii wɔn.

Nsu kɛse a ɛtɔe no maa nsubɔnten yiri sram so sɛee afasu ne ɛtwene a wɔayɛ wɔ nsu no so no nyinaa. Nsu a atɛkyɛ afra, a ɛtɔ da a ne tenten yɛ anammɔn 30 no, sɛee biribiara a na ɛwɔ kwan mu. Nnipa bɛboro 30 na wowuwui wɔ osu kɛse no mu—ebinom wuwui wɔ wɔn kar mu na nsu nso faa ebinom bere a na wɔadeda. Ɔbea bi a onyaa ne ti didii mu no kaa asiane kɛse a esii saa November anadwo no ho asɛm sɛ “awiei bere.” Nsu no yiri faa France anaafo fam atɔe—a nkurow ne nkuraa 329 na ɛwɔ hɔ no—nyinaa.

Na Nea Eye Hu Paa Rebetu

Bere a na wogu so resiesie nea asɛe wɔ nkurow a ɛwowɔ anaafo fam atɔe no, asiane foforo sii. Atlantic Po no so a na ayɛ dinn no maa ahum a ano yɛ den yiye tui. Ahum a edi kan no tui wɔ France wɔ December 26, 1999, na anadwo a edi hɔ no, nea ɛto so abien tui wɔ anaafo fam. Wobuu akontaa sɛ na ahum no twa kilomita 200 wɔ dɔnhwerew biara mu. Kyerɛwtohɔ a wɔayɛ kyerɛ sɛ efi afeha a ɛto so 17 reba no, ahum a ɛte saa bi ntui da wɔ France.

Na Hélène yem abosome awotwe bere a ahum no tui no. Ɔka sɛ: “Me koma tui kɛse. Na me kunu te ne moto so reba fie, na na mihu sɛ nnua mmaa redi ahim wɔ abɔnten baabiara. Nea na meredwen ara ne sɛ ɔmmɛto ne ba no. Me kunu annu fie koraa na nsu no fii ase baa yɛn fie hɔ. Na ɛsɛ sɛ yepue fa mpomma mu.”

Ɛkame ayɛ sɛ nnipa 90 na wowuwui wɔ France. Ebetumi aba sɛ nsu no na ɛfaa wɔn anaasɛ ntayaa a wɔde akuruw adan, abansoro no fa a wusiw fa, anaa nnua, na ekunkumm wɔn. Afoforo ɔhaha pii pirapirae paa yiye, a ɔmamfo ne asraafo a wokoyii afoforo no ka ho. Ahum no duu aman a ɛbemmɛn hɔ no nso so, na ekunkum nnipa bɛboro 40 wɔ Britain, Germany, Spain, ne Switzerland.

Nneɛma a Ɛsɛee

Wɔkaa amantam 96 a ɛwɔ France no mu 69 ho asɛm sɛ “asianebea.” Wɔabu akontaa sɛ nneɛma a ahum no sɛee no no ho ka yɛ France sika ɔpepepem 70 (dɔla ɔpepepem11). Sɛnea ahum no sɛee nneɛma wɔ nkurow, nkuraa, ne ahyɛn gyinabea no maa wɔn a wohui no kaee beae a wɔredi ako. Nnua anaa afasu a elɛtrik nhama nam so bubu siw kar ne keteke akwan. Adan so popae, mfiri a wɔde yɛ akwan hwehwee ase, na ahyɛn butubutuwii. Akuafo mpempem pii hweree wɔn asetrade esiane wim tebea a ɛsɛee na nnuaba wuwui no nti.

Wɔ simma kakraa bi mu no, ahum no sɛee kwae ne nturo a ɛwɔ France no, na ɛsɛee nsase a wɔyɛ so mfuw hɛkta pii. Sɛnea France Man Asoɛe a Ɛhwɛ Kwae So kyerɛ no, nnua bɛyɛ sɛ ɔpepem 300 na ebubui. Nnua akɛse a adi mfe ɔhaha pii no tutu gui anaasɛ emu paapaee nketenkete sɛ mankyese. Ahum no yiyii akwan akɛse wɔ kwae a ɛwɔ Aquitaine ne Lorraine no mu.

Bernard, Yehowa Dansefo bi a ɔyɛ ɔpanyin wɔ adwumayɛbea a ɛhwɛ kwae so no kae sɛ: “Ade kyee no, mekɔɔ wuram. Na ɛyɛ ahodwiriw. Sɛ wuhu sɛnea ɛhɔ ayɛ a, wo ho bedwiriw wo! M’asafo no mufo bɛboro ɔha mu 80 na wɔdɔw kwae no de nya wɔn asetrade. Nnipa pii ho dwiriw wɔn kɛse, ɛnkanka nkwakoraa ne mmerewa.” Palace of Versailles turo no mu nnua 10,000 bubu gui. Mpanyimfo a wɔhwɛ turo no so mu biako kae sɛ: “Ebegye mfe ahanu ansa na turo no asi ne dedaw mu.”

Francefo asia mu biako ne akyi na elɛtrik nhama a ɛtete gui no maa wɔdaa sum mu. Ɛmfa ho mmɔden a ɔmamfo bɔ de boaa wɔn no, nnipa mpempem pii na wɔkɔɔ so daa sum mu a wɔannya telefon wɔ ahum no akyi adapɛn abien. Nkuraase binom akwan sisii koraa. Mmusua a na wɔsaw abura mu nsu na wɔsɔ kyɛnere no tee nka sɛnea na wɔte ase mfe ɔha a atwam na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔahyɛn afeha 21 mu.

Ahum no bubuu adan akɛse nso gui, abankɛse ne asɔredan. Asɔredan bebree ne Yehowa Adansefo Ahenni Asa 15 bubui. Wɔ mmeae bi no, na wɔde kyɛnere anaa kanea a wɔde krasin gu mu na ɛyɛ wɔn nhyiam horow.

Yehowa Adansefo mmusua bɛyɛ 2,000 na ahum no sɛee wɔn agyapade, te sɛ wɔn nnua a ebubui anaa ntayaa a ekuruw wɔn adan so ne adan no a ɛsɛee koraa bere a nsubɔnten yirii no. Adansefo pii pirapirae. Awerɛhosɛm biako ne sɛ, wɔ Charente mantam mu no, nsu no faa Ɔdansefo bi a wadi mfe 77 a ne yere antumi anyɛ ho hwee. Ɛkaa kakraa bi na anka afoforo nso wuwui. Gilbert a wadi mfe 70 no ka sɛ: “Ɛyɛ anwonwa ankasa sɛ manwu. Nsu no de ahoɔden kɛse buee pon no baa dan no mu. Nea mihui ara ne sɛ migyina nsu a emu dɔ bɛyɛ anammɔn anum mu. Sɛ ɛnyɛ adaka a mede me ntade sensɛn mu a meforo gyinaa so a, anka miwui.”

Mmoa a Ehia a Wɔde Mae

Ahum a etui no kanyan nnipa pii a wɔwɔ France ne Europa nyinaa ma wofi wɔn pɛ mu de mmoa mae. Le Midi libre atesɛm krataa no kae sɛ: “Ɛtɔ da a, ɛsɛ sɛ nkurɔfo fi wɔn pɛ mu boa afoforo, sɛ wɔbɛyɛ saa wɔ adamfofa kwan so anaasɛ wɔbɛyɛ saa esiane wɔn ahonim nti.”

Wɔ ahum no akyi bere tiaa bi no, Yehowa Adansefo paw boayikuw ahorow a wɔde mmoa ma ma wɔboaa asafo ahorow a ɛwɔ hɔ no mufo ne afoforo a wohyiaa akwanhyia no nyinaa. Ɔmantam Adansi Boayikuw a wɔtaa hwɛ ma wosi Ahenni Asa no yɛɛ nhyehyɛe paw nnipa a wɔde wɔn bɛyɛ adwuma no. Wɔ ahum a etui wɔ November wɔ anaafo fam atɔe no akyi no, Adansefo 3,000 na wɔboaa wɔn a wɔkɔɔ ahokyere mu no ma wosiesiee wɔn afie na wɔboa ma wopiaa atɛkyɛ ne nsu a ataataa hɔ no nyinaa. Na Adansefo no ka wɔn a wodii kan tuu wɔn ho mae kɔboae wɔ nkuraa binom ase no ho. Adansefo no yɛɛ adwuma wɔ ɔmamfo adan te sɛ sukuu, amanae adwumayɛbea, asa a ɔmamfo hyia wɔ so, adan a nkwakora ne mmerewa tete mu, ne amusiei mpo. Mpɛn pii no, na wɔne boayikuw afoforo a wɔde mmoa ma na ɛyɛ adwuma bom.

Wɔde mmoa maa obiara, ɛmfa ho sɛ na wɔne wɔn nni ɔsom biako mu mpo no. Ɔdansefo bi kae sɛ: “Yɛboaa ɔsɔfo a ɔwɔ akuraa no ase no. Yesiesiee adan a ɛwɔ ne dan ase no mu.” Ɛdefa wɔn a wonyaa mmoa fii Adansefo no hɔ ho no, ɔkaa bio sɛ: “Nkurɔfo buu yɛn sɛ nea wɔasoma yɛn fi soro rebɛboa wɔn.” Adwumam panyin bi kae sɛ: “Wutumi hu sɛ saa na wɔkenkan fi Asɛmpa no mu sɛ wɔmmoa wɔn mfɛfo. Misusuw sɛ wɔn a wɔbae no de nea Asɛmpa no ne wɔn som no ka no bɔ wɔn bra.” Ɔdansefo bi a otuu ne ho ma boae kae sɛ: “Wo koma ka wo ma wode mmoa a ɛte saa ma. Ɛyɛ anigye ankasa sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛte saa ama yɛn afipamfo.”

Bere a ahum no tuu mprenu wɔ December mu no, Adansefo mmusua pii antumi anhu wɔn nuanom Kristofo wɔ nna pii mu. Ahwɛfo akwantufo ne mpanyimfo a wɔwɔ asafo horow mu no hwɛ maa wɔpaw boayikuw a wɔde mmoa ma no. Ɛtɔ da a, na akwan a asisi ne telefon a asɛe no mma wontumi nte nnamfo a wɔtete mmeae a ɛwɔ kilomita kakraa bi no nka. Adansefo binom nantew twaa kwan anaasɛ wɔtraa sakre so faa wuram na ama wɔatumi akɔboa wɔn asafo no mufo a wɔtete akyirikyiri no ɛmfa ho sɛ na nnua betumi abu akum wɔn no. Wɔn a wɔatu wɔn ho ama no san yɛɛ adwumaden de siesiee sukuu, nhomakorabea, nsraban, ne afipamfo afie ne wuram akwan a asisi no.

“Ɔdɔ Nnwuma” a Wɔyɛe

Asiane yi maa nnipa pii, ɛnkanka mmofra, nkwakoraa ne mmerewa, huu amane kɛse. Na ebegye bere ne mmoa a efi mmusua ne nnamfo hɔ ansa na asetra asan ayɛ yiye ama wɔn a wɔn fie abubu anaa wɔn dɔfo bi awu no. Bere a nsu no yirii wɔ Aude mantam mu no, Oduruyɛfo Gabriel Cottin a ɔwɔ asoɛe a ɛhwɛ adwenemhaw ho nsɛm so no kae sɛ: “Mmoa biara a wɔn a asɛm ato wɔn no som mufo de bɛma no ho hia kɛse.”

Yehowa Adansefo bu mmoa a ɛte saa sɛ nea ɛfata na egyina Kyerɛwnsɛm no so. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Na mpaapaemu amma nipadua [nokware Kristofo asafo no] mu, na mmom akwaa no adwennwen ade koro ama wɔn ho wɔn ho. Na sɛ kwaa biako hu amane a, akwaa nyinaa hu bi.”—1 Korintofo 12:25, 26.

Hélène, a yɛaka ne ho asɛm dedaw, a nnansa yi ara na ɔwoo ɔbabea fɛfɛɛfɛ bi, no ka sɛ: “Wɔ ahum no akyi nnɔnhwerew kakraa bi no, Kristofo mmarima ne mmea pii bɛboa ma yesiesiee yɛn fie hɔ nyinaa. Adansefo a ahum no sɛee wɔn nneɛma no mpo bɛboaa yɛn. Na ɛyɛ nwonwa—wofi wɔn pɛ mu na ɛbɛboae mpofirim ara!”

Odette, a nsu no yiri faa ne fie no, kaa ne mfɛfo Adansefo no ho asɛm sɛ: “Wɔkyekyee me werɛ kɛse. Wuntumi nhu nea wonka ankasa. M’ani asɔ nea wɔyɛ maa me no kɛse.” Ɔfoforo nso gyinaa nsɛm a nnipa pii kae so daa anisɔ adi sɛ: “Yɛada ɔdɔ adi ampa!”

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 20, 21]

“ASORƆKYE SORONKO”

Ansa na ahum no rebetu wɔ December mu no, po so hyɛn kɛse, Erika, a wɔde fa pɛtro no kɔmemee wɔ bɛyɛ kilomita 50 wɔ France atɔe fam po no mu, na pɛtro tɔn 10,000 hwie guu po no mu. Pɛtro no trɛw kɔɔ Brittany ne Vendée po no so bɛyɛ kilomita 400. Ahum no maa asiane a esii yi yɛɛ hu paa denam ma a ɛmaa pɛtro no bobɔɔ apɔw na ɛtrɛw kɔɔ ɛpo no so mmeae afoforo na ɛmaa ne sesaw yɛɛ den no so. Nnipa pii, mmofra ne mpanyin, a wofi France nyinaa kɔboa tetee pɛtro a ada wɔ abo ho ne anhwea mu no.

Asiane a esii no ama nkwa a ɛwɔ ɛpo no mu ne nnwuma a wɔyɛ wɔ hɔ no ho aba asɛm kɛse. Nnwuma a woyi nsu mu nam te sɛ adɔde na wɔde yɛ nnuan tɔn no ho kyeree wɔn kɛse. Sɛnea wɔn a wosua mmoa ho ade kyerɛ no, anyɛ yiye koraa no, nsu mu nnomaa bɛyɛ 400,000—nsu mu dabodabo, nsu mu obreku, ne sukɔnkɔn titiriw—na awuwu. Eyi kyɛn dodow a wowui bere a po so hyɛn kɛse Amoco Cadiz memee wɔ Brittany po no mu wɔ March 1978 no mpɛn du. Na nnomaa no pii fi England, Ireland, ne Scotland aba France mpoano wɔ awɔw bere mu. Rochefort Adwumayɛkuw a Ɛbɔ Nnomaa Ho Ban no panyin bi kae sɛ: “Pɛtro a ehwie gui no asɛe ade kɛse. Ɛyɛ asiane a ɛkyɛn biara a asi pɛn. . . . Yesuro sɛ ebia nnomaa kakraa bi a wɔaka wɔ France mpoano no bɛyareyare anaasɛ wobewuwu koraa.”

[Asɛm Fibea]

© La Marine Nationale, France

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Wɔde helikopta koyiyii nnipa ɔhaha pii fii Cuxac d’Aude

[Asɛm Fibea]

B.I.M.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Bere a turo bi mu nnua bubui no, ɛmaa keteke kwan bi siwii

[Asɛm Fibea]

B.I.M.

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Kar ɔhaha pii asɛesɛe sisi mmeae yi

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Wɔ Villedaigne no, nsu maa ɔbarima yi kaa dan mu nnɔnhwerew ason a na ontumi nkɔ baabiara

[Asɛm Fibea]

J.-M Colombier

[Mfonini wɔ kratafa 18, 19]

“Pine” nnua a ɛwɔ Creuse adwumayɛbea no mu bubui sɛ mankyese

[Asɛm Fibea]

© Chareyton/La Montagne/MAXPPP

[Mfonini wɔ kratafa 18, 19]

Wɔ Palace of Versailles turo no nkutoo mu no, nnua 10,000 na ebubui

[Asɛm Fibea]

© Charles Platiau/Reuters/MAXPPP

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Bere a ade kyee wɔ Saint-Pierre-sur-Dives, Normandy

[Asɛm Fibea]

© M. Daniau/AFP

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20]

Yehowa Adansefo a wɔreyɛ adwuma wɔ obi a ne mfe akɔ anim fie wɔ La Redorte (atifi) ne ɔmamfo asa a ɛwɔ Raissac d’Aude (nifa)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena