Kar a Wɔforo no Kwa Mu Asiane
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ AUSTRALIA HƆ
Da bi wɔ 1990 ahohuru bere mu no, Britaniani Paul Onions a wadi mfe 24 de ne nneɛma too n’akyi faa Hume Kwantempɔn a ɛda Sydney, Australia, anaafo fam no so sɛ obenya obi kar atra mu atu kwan anaa. Paul ani gyei bere a ofirikafo bi gyina faa no no. Wansusuw da sɛ kar no a ɔbɛtra mu kwa no betumi ama wahwere ne nkwa.a
ESIANE sɛ na Paul nnwene sɛ asiane bi betumi ato no nti, ɔtraa kar no anim na ofii ase ne ofirikafo no bɔɔ nkɔmmɔ. Simma kakraa bi mu no, ofirikafo a ɔyɛɛ ne ho sɛ ne yam ye no bo fii ase fuwii. Afei ofirikafo no gyinaa kwankyɛn prɛko pɛ kae sɛ ɔreyi kasɛt a wɔakyere nnwom agu so wɔ akongua no ase. Wanyi kasɛt na mmom oyii tuo—na ɔde sii Paul koko so.
Paul ammua ofirikafo no bere a ɔka kyerɛɛ no sɛ ɔntra ase no, na osianee kar mu bɛlt a ɛbɔ no no de ahoɔhare sii fam tuu mmirika denneennen faa ɔkwan no so. Wɔn a na wɔte kar afoforo mu no nyinaa hui sɛ ofirikafo no nso de mmirika sã no. Awiei koraa no, ɔtoo no, na osoo ne T-shɛɛt mu twee no hwee fam. Bere a Paul gyee ne ho no, otuu mmirika kohyiaa kar bi a na ɛreba, na ɛmaa ofirikafo a na ne koma atu, a ɔne ɔbea bi ne ne mma te kar mu no, gyinae. Paul srɛɛ ɔbea no ma ogyina faa no traa kar no mu na otu faa ɔkwan no mfinimfini kɔe. Akyiri yi ansa na wɔrehu sɛ nea ɔtaataa Paul no yɛ owudifo a wakunkum nnipa baason a na wɔn mu binom abom atra ne kar mu kwa.
Ɛyɛɛ dɛn na owudifo yi tumi kunkum nnipa a wɔte saa no? Bere a na wɔredi owudifo no asɛm no, ɔtemmufo no hui sɛ: “Na wɔn a okunkum wɔn no nyinaa yɛ mmofra. Na wɔadi mfe 19 kosi 22. Na wɔn mu biara retu kwan akɔ akyirikyiri, a na wɔn adwene ne sɛ sɛ biribi yɛ wɔn anaasɛ wowu mpo a ɛrenkyɛ koraa na obiara werɛ afi wɔn.”
Hokwan a Wotumi De Tutu Akwan
Nnipa pii tumi tutu akwan kɔ mmeaemmeae wɔ wiase nyinaa nnɛ sen mfe kakraa a abɛsen kɔ no. Sɛ nhwɛso no, wɔ mfe anum pɛ mu no, nnipa a wofi Australia tuu kwan kɔɔ Asia no bu bɔɔ ho abien. Mmofra a afei na wɔadu wɔn mpanyin mfe so no pii de wimhyɛn tutu akwan kɔ akyirikyiri asase so kɔhwehwɛ hɔ na ama wɔanya osuahu ahorow. Akwantufo yi mu pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtra nkurɔfo kar mu kwa na wɔammɔ ka pii. Awerɛhosɛm ne sɛ, wɔ aman pii mu no, kar a wɔde fa nkurɔfo kwa no nyɛ anigye bio na ahobammɔ nso nnim—mma wɔn a wɔsrɛ kar kwa anaa wɔn a wɔsrɛ fi wɔn hɔ no nyinaa—sɛnea na ɛte bere bi no.
Adwempa ne anigye a wɔde tu kwan no nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ wɔyɛ ahwɛyiye na wɔyɛ ade nyansam. Kratawa bi a ɛka mmusua a wɔrehwehwɛ wɔn mma a wɔayera ho asɛm no kyerɛ sɛ: “Mpɛn pii no, ɔpɛ a mmofra wɔ sɛ wobetu kwan no mma wonsiesie wɔn ho na wonsusuw asiane a wobehyia ne asɛyɛde a ɛwom ho.”
Kratawa no ka bio sɛ: “Nkurɔfo anaa kuw a wɔbom kɔhwehwɛ mmeae bi, anaa wɔkɔyɛ adwuma bi, a wɔwɔ kwan a wɔretu no ho akwankyerɛ pɔtee bi no, ntaa nyera. Sɛ ɛyɛ Australia anaa ɔman foforo mu no, nnipa pii a wobu wɔn ho akontaa sɛ wɔayera no yɛ wɔn a wɔfa wɔn nneɛma bɔ wɔn akyi tu kwan na wɔmpɛ sɛ wɔbɔ ka pii no.”
Sɛ obi tra kar mu kwa de tutu akwan anaasɛ ɔnyɛ saa no, kwan a otu a onni ho akwankyerɛ biara—ɛwom sɛ nnipa pii pɛ sɛ wotu kwan a wɔnhaw wɔn ho wɔ akwankyerɛ a wobenya ho de—betumi ama ɔde ne ho ato asiane kɛse mu. Sɛ abusuafo ne nnamfo nnim faako a wɔn ho nnipa bi atu kwan kɔ a, wontumi mfa mmoa biara mma bere a asɛm bi asi no. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɛba sɛ wɔde ɔkwantufo no kɔto ayaresabea bere a ontumi nkasa na sɛ ne fiefo nnim baabi a ɔwɔ ɛ?
Nkitahodi a Mubenya
Britania sɛnkyerɛwfo Richard Shears kyerɛw nnipa baason bi a wɔforoo kaa kwa de tuu kwan a wɔyerae a na “wɔn mmusua ne wɔn nnamfo nte wɔn nka koraa” ho asɛm wɔ ne nhoma Highway to Nowhere mu. Nokwarem no, sɛ ɛba saa a, ɛyɛ a mmusua ntumi nhu wɔ mfiase no sɛ wɔn busuani no ayera anaasɛ te na wɔnte no nka kɛkɛ. Eyi mma wontumi mmɔ atumfoɔ no amanneɛ bere a wɔnte wɔn a wɔatu kwan no nka no.
Na wɔn a wɔforo kar kwa de tu kwan no mu biako taa ne n’awofo di nkitaho wɔ telefon so, nanso ogyaee bere a ne sika sae no. Ne saa nti, n’awofo tuu mmusua afoforo fo sɛ wɔntɔ krataa a wɔde frɛ obi wɔ telefon so mma wɔn mma anaasɛ wɔmfa ɔkwan foforo so mmoa wɔn mma wontumi mfrɛ fie. Ɛwom sɛ ebia anka eyi ntumi mmoa ababaa yi de, nanso nkitaho a wɔne obi a ɔretu kwan bedi daa no betumi aboa ma wɔadi ɔhaw nketenkete ho dwuma.
Ebia akwantufo baason a wowuwui no kenkanee nhoma a ɛkyerɛ sɛ Australia ka aman a ɛnyɛ hu sɛ obi betu kwan akɔ hɔ no ho no. Nanso, kwan a wɔtra nkurɔfo kar mu kwa tu no asan ayɛ hu—sɛ ɛyɛ nnipa dodow bi na wɔbom yɛ saa anaasɛ wotu kwan kɔ ɔman a “ahobammɔ” wom mu no. Eye sɛ wobɛma w’ani ada hɔ—hwɛ sɛ wobɛkwati asiane ahorow na fa anigye san bra fie.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛsɛ sɛ yehu sɛ wɔ mmeae bi no, wɔma kwan ma nkurɔfo tratra afoforo kar mu kwa de tu kwan.
[Mfonini wɔ kratafa 25]
Sɛ awofo tɔ krataa a wɔde frɛ obi wɔ telefon so ma wɔn mma anaa wɔma wohu kwan foforo a wɔbɛfa so afrɛ fie a ɛmma wɔnnwennwene pii