Mmofra Hwɛ Ho Nsɛnnennen
Britania yɛ Atɔe fam man a edi yiye. Nanso, wobu akontaa sɛ afe biara ɛhɔnom mmofra bɛboro 100,000—dodow a bere a atwam no na wogye di sɛ woguan fi fie no mmɔho abien—guan fi fie. Esiane eyi nti, wɔboro 7 biara mu 1 pirapira no anaasɛ wɔto no mmonnaa.
Ian Spark, Mmofra Fekuw no panyin ka sɛ: “Sɛ mmofra te nka sɛ afoforo atwe wɔn ho afi wɔn ho anaasɛ wɔapo wɔn a, guan a wobeguan afi fie no bɛyɛ te sɛ ano aduru.” Ɔka kaa ho sɛ: “Mmofra a wɔn asetra gu ahorow nyinaa bi guan fi fie—mmofra a wɔte mmeae a wodi yiye ne wɔn a wɔte ahiafo atrae nyinaa tumi guan fi fie.”
Mmofra hwɛ ne wɔn ntetee yɛ asɛyɛde a emu yɛ duru. Ɛhe na wubetumi anya mmoa afi? Wɔayɛ Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no na adi ahiade yi ho dwuma. Eti 16 a ɛwom no bi ne “Tete Wo Ba Fi Ne Mmofra Ase,” “Boa Wo Ba Aberantewaa Anaa Ababaawa Ma Onnya Nkɔso,” ne “Bɔ W’abusua Ho Ban Wɔ Nkɛntɛnso Bɔne Ho.” Nhoma no ti 16 no nyinaa kura afotu pa, na nea ehia kɛse no, ɛde Bible no di dwuma sɛ nea emu nyansa korɔn sen yɛn ankasa de.
Wubetumi akra Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba no bi denam ɔfa a wɔagyaw wɔ ase hɔ no a wobɛhyehyɛ de amena address a wɔde ama no anaa nea ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata so.
□ Momfa Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no bi mmena me.
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.