“Ɛtɔ Da a, Ɛyɛ Me Sɛ Adaeso!”
Lourdes gyina ne mpomma mu hwɛ kurom a ɔde ne nsa asum n’ano a ɛrebɔ biribiri no. Ɔyɛ Latin Amerikani bea a ohuu amane wɔ Alfredo, ne kunu a na ɔyɛ basabasa, no nsam bɛboro mfe 20. Biribi kaa Alfredo ma ɔsesae. Nanso, ɛda so ara yɛ den ma Lourdes sɛ ɔbɛka honam ne nkate fam yaw a ohyiae no ho asɛm.
Lourdes de nne a ɛba fam ka sɛ: “Efii ase wɔ yɛn ayeforohyia akyi adapɛn abien pɛ. Bere bi otuu me sẽ abien. Bere foforo nso, metwee me ho maa ne nsa bɔɔ adaka mu. Nanso nea ɛhaw kɛse mpo ne din ahorow a na ɔde frɛ me no. Ná ɔfrɛ me ‘nipahunu’ na na ɔne me di nsɛm sɛ nea minnim nyansa. Ná mepɛ sɛ migyae no, nanso na mɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa a mmofra baasa ka me ho?”
Alfredo de ne nsa to Lourdes kɔn mu. Alfredo ka sɛ: “Meyɛ adwumam panyin. M’ani wui bere a wɔbrɛɛ me nsamanhoma na asɛnnibea hyɛe sɛ ɛnsɛ sɛ mehaw wo bio no. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛsesa, nanso nea na mihu ara ne sɛ mereyɛ ade koro no ara bio.”
Ɛyɛɛ dɛn na nneɛma sesae? Afei de Lourdes de anigye kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɔbea no a ɔwɔ sotɔɔ no a esi kwankyɛn mu no yɛ Yehowa Dansefo. Ɔyɛe sɛ ɔbɛboa me ma mate Bible no ase. Mibehui sɛ Yehowa Nyankopɔn ani sɔ mmea. Mifii ase kɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam ahorow, ɛwom sɛ mfiase no ɛhyɛɛ Alfredo abufuw de. Ná ɛyɛ osuahu foforo ma me sɛ me ne nnamfo rebɔ wɔ Ahenni Asa so. Me ho dwiriw me sɛ mihui sɛ metumi afi me pɛ mu agye biribi adi, mafi me pɛ mu aka ho asɛm, de akyerɛkyerɛ afoforo mpo. Mibehui sɛ mesom bo ma Onyankopɔn. Eyi maa minyaa akokoduru.
“Nsakrae bi bae a me werɛ remfi da. Ná Alfredo da so ara kɔ Katolekfo Mass no Kwasida biara, na na ɔsɔre tia nea me ne Yehowa Adansefo reyɛ no. Mehwɛɛ n’anim hann de ahotoso kaa no bɔkɔɔ sɛ: ‘Alfredo, ɛnyɛ w’adwene ne m’adwene.’ Na wammɔ me! Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔbɔɔ me asu, na bɛyɛ mfe anum ni, ɔnhwee me bio.”
Nanso na nsakrae akɛse reba. Alfredo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ Lourdes asubɔ akyi bɛyɛ mfe abiɛsa no, m’adamfo bi a ɔyɛ Yehowa Dansefo too nsa frɛɛ me kɔɔ ne fie, na ofi Bible no mu kyerɛkyerɛɛ me nneɛma a ɛyɛ anigye. Mifii ase ne no suaa Bible no a manka ankyerɛ me yere. Ankyɛ koraa na mifii ase ne Lourdes kɔɔ nhyiam ahorow. Ná ɔkasa ahorow a mitie wɔ hɔ no pii fa abusua asetra ho, na na eyi hyɛ me aniwu bere nyinaa.”
Alfredo ho dwiriw no sɛ ohui sɛ asafo no mufo, a mmarima ka ho, repra Asa no so hɔ wɔ nhyiam no akyi. Bere a ɔkɔɔ wɔn afie no, ohuu okununom sɛ wɔreboa wɔn yerenom ma wɔahohoro nkuku mu. Nneɛma kakra a Alfredo hui yi kyerɛɛ no sɛnea nokware dɔ te ankasa.
Ɛno akyi bere tiaa bi no, wɔbɔɔ Alfredo asu, na seesei ɔne ne yere som sɛ bere nyinaa asomfo. Lourdes ka sɛ: “Bere nyinaa ɔboa me ma misiesie pon so bere a yɛadidi awie no, na ɔto mpa nso. Ɔkamfo me wɔ m’aduannoa ho, na ɔma mepaw nea mepɛ—te sɛ nnwom ko a mepɛ sɛ mitie ne nneɛma a ɛsɛ sɛ yɛtɔ ba fie. Eyi yɛ nneɛma a anka Alfredo renyɛ da! Nnansa yi ara, ɔtɔɔ nhwiren bi maa me bere a edi kan. Ɛtɔ da a, ɛyɛ me sɛ adaeso!”
[Mfonini wɔ kratafa 10]
‘Mibehui sɛ mesom bo ma Onyankopɔn. Eyi maa minyaa akokoduru’
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Ohuu okununom sɛ wɔreboa wɔn yerenom ma wɔahohoro nkuku mu
[Mfonini wɔ kratafa 10]
Alfredo ho dwiriw no sɛ ohui sɛ asafo no mufo, a mmarima ka ho, repra asa no so wɔ nhyiam no akyi
[Mfonini wɔ kratafa 10]
“Nnansa yi ara, ɔtɔɔ nhwiren bi kyɛɛ me bere a edi kan”