Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 12/8 kr. 16-18
  • Mɛyɛ Dɛn ne Nnipa a Wɔn Bo Afuw Asusuw Nsɛm Ho?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn ne Nnipa a Wɔn Bo Afuw Asusuw Nsɛm Ho?
  • Nyan!—2001
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Wubebua Obi a Ne Bo Afuw
  • Odwo—Ɛyɛ Mmerɛwyɛ Anaa Denyɛ?
  • Odwo Ho Nhwɛso Ahorow a Ɛwɔ Bible Mu
  • ‘Fi Hɔ Kɔ’
  • Abigail ne Dawid
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Ɔyɛɛ N’ade Nyansam
    Suasua Wɔn Gyidi
  • “Onipa Nhunumu Twentwɛn N’abufuo Ase”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Ɔbea Nyansafo Bi Sianka Asiane
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—2001
g01 12/8 kr. 16-18

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn ne Nnipa a Wɔn Bo Afuw Asusuw Nsɛm Ho?

“Ná ne bo afuw paa. Misusuw sɛ esiane sɛ ohui sɛ misua nti na na ɔpɛ sɛ ɔboro me no. Bere a merekɔ m’akyi no, meka kyerɛɛ no sɛ: ‘Twɛn ansa! Twɛn kakra! Twɛn kakra! Adɛn nti na wopɛ sɛ woboro me? Menyɛɛ wo hwee. Minnim nea enti koraa a wo bo afuw no. So yebetumi aka ho asɛm?’”—David a wadi mfe 16.

SO OSISIFO bi a ne bo afuw de n’ani asi wo so pɛn? Bible aka sɛ nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ no bɛyɛ “keka, wɔn a wɔmpɛ papa.” (2 Timoteo 3:3) Na bere a woayɛ nea wubetumi biara sɛ wo ne ‘abufufafo mmfa yɔnko’ no, mmere bi bɛba a worentumi nkwati abufufafo. (Mmebusɛm 22:24) Sɛ woba tebea a ɛte saa mu a, wobɛyɛ w’ade dɛn?

Sɛnea Wubebua Obi a Ne Bo Afuw

Ɛnnɛ ebia nea mmofra pii bɛyɛ ara ne sɛ wɔn nso bɛda abufuw adi. Nanso saa kɛkɛ a wobɛyɛ no de awerɛhodi na ɛba. Bio nso, sɛ woanni wo ho so a, ɛbɛma wo ne nea ne bo afuw no ayɛ pɛ. Mmebusɛm 26:4 ka sɛ: “Mmua ɔkwasea n’agyimisɛm so, na wo nso woanyɛ sɛ ɔno.” Aberante Jeremy huu sɛnea saa nsɛm no yɛ nokware wɔ ɔkwan a ɛyɛ yaw so. Bere a ɔte adidi pon ho wɔ sukuu no ɔka sɛ: “Mmarimaa kuw bi wɔ hɔ a wodi wɔn ankasa ne afoforo ho fɛw. Na wɔtaa ka me ho nsɛm. Na mibu m’ani gu nsɛm a wɔka no so. Nanso, bere a wɔn mu biako fii ase kaa me maame ho asɛm no, mantumi anni me ho so, mede abufuw kɔɔ ne so.” Dɛn na efii mu bae? Jeremy ka sɛ: “Ɔhwee me yiye.”

Bible no de afotu a nyansa wom yi ma sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.” (Mmebusɛm 15:1) Yiw, “asɛnnennen” a wɔde bua abufuw sɛe asɛm no ankasa. Nanso, mpɛn pii no mmuae bɔkɔɔ betumi ama nneɛma abrɛ ase na abrɛ tebea a emu yɛ den ase.

Kae David a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no. Otumi ne osisifo no kasae ma ɔkyerɛkyerɛɛ nea enti a na ne bo afuw no mu. Nea ɛbae ne sɛ na obi awia osisifo no aduan, enti ɔde n’abufuw kɔɔ nipa a n’ani dii kan bɔɔ ne so no so ara kwa. David ne no susuw ho sɛ: “Hwe a wobɛhwe me no remma aduan no nsan mma.” Enti ɔhyɛɛ no nyansa sɛ wɔn baanu nyinaa nkɔ adidibea hɔ. David ka sɛ: “Esiane sɛ na minim nea ɔhwɛ nnuan no so no nti, mitumi nyaa aduan no bi hyɛɛ nea ayera no ananmu. Okyiaa me nsam, na efi ɛno akyi no yɛbɛyɛɛ nnamfo.” Wahu sɛnea mmuae bɔkɔɔ tumi yɛ anwonwade? Mmebusɛm ka no saa kwan yi so sɛ, “tɛkrɛmabere bu dompe mu.”—Mmebusɛm 25:15.

Odwo—Ɛyɛ Mmerɛwyɛ Anaa Denyɛ?

Nokwarem no, adwene a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ obi nya “tɛkrɛmabere” no bɛyɛ te sɛ nea ɛnyɛ anigyesɛm. Sɛ wode abufuw hyia obi a ne bo afuw a, ɛma woda adi sɛ obi a ɔwɔ akokoduru na ne ho yɛ den. Wubetumi asuro mpo sɛ sɛ wo dwo a, afoforo besusuw sɛ woyɛ mmerɛw ankasa. Nanso sɛ wɔka sɛ obi dwo a ɛkyerɛ dɛn? Nhwehwemu bi kyerɛ sɛ, sɛ́ wubedwo no kyerɛ sɛ wobɛyɛ w’ade brɛbrɛ. Afei nso nhwehwemu koro no ara de ka ho sɛ: “Dwo a obi dwo no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ den.” Enti, sɛ anka odwo bɛyɛ mmerɛwyɛ ho sɛnkyerɛnne no, ebetumi ayɛ denyɛ ho sɛnkyerɛnne mmom. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa?

Wiɛ, ade biako ne sɛ, obi a odwo tumi di ne ho so na ɛyɛ den sɛ wobɛma n’adwene atu afra. Wɔ ɔkwan foforo so no, obi a onnwo no nni n’ankasa mu ahotoso, ɔhaw, anaasɛ ne ho tumi yeraw no. Onni ahosodi nso. Ontumi nni ne nkate so, na bere nyinaa ntawntawdi wɔ ɔne afoforo ntam. Yiw, “ɔbarima a ontumi nsianka ne honhom te sɛ kurow a abubu a afasu nni ho.” (Mmebusɛm 25:28) Sɛ saa a, ɛnde na obi a odwo no na ɔyɛ den!

Odwo Ho Nhwɛso Ahorow a Ɛwɔ Bible Mu

Susuw Yesu Kristo ho hwɛ. Ɔkaa n’ankasa ho asɛm sɛ “midwo na mebrɛ me ho ase koma mu.” (Mateo 11:29) Wanyɛ katee anaa obi a onni ntease da, wamfa bɔne antua bɔne ka. Nokwasɛm ni, Yesu ankasa adamfo ɔsomafo Petro kae sɛ: “[Yesu] na wɔyaw no, na wanyaw bi, ohuu amane, na wanteɛteɛ, na ɔde hyɛɛ nea obu ntɛntrenee no nsa.” (1 Petro 2:23) Kae nso sɛ, Yesu koro yi ara “na ɔkɔpam wɔn a wɔtɔn ne wɔn a wɔtɔ fii asɔrefi hɔ” no. (Mateo 21:12) Sɛ na Yesu hia Onyankopɔn mmoa a, anka obetumi afrɛ “abɔfo asafotow dumien ne akyiri.” (Mateo 26:53) Dabi, na ɔnyɛ mmerɛw.

Susuw nhwɛso a Ɔtemmufo Gideon yɛe a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible no mu wɔ Atemmufo 8:1-3 no nso ho hwɛ. Wodii nkonim kɛse wɔ ɔko bi mu akyi no, asraafo bi a wofi Efraim abusua no mu bo fuwii efisɛ na wɔte nka sɛ wɔamma wɔn kwan amma wɔankɔ ɔko no bi. Na wɔbɔɔ Gideon sobo sɛ: “Ɛdɛn nti na wo ne yɛn adi saa asɛm yi sɛ wo ne Midian rekɔko no, woamfrɛ yɛn? Na wɔne no hamee dennen pa.” Saa bere yi na Gideon yɛ “ɔdɔmmarima.” (Atemmufo 6:12) Ɛnyɛ den koraa sɛ na anka obetumi de basabasayɛ ahyia wɔn abufusɛm no. Nanso, obuaa wɔn wɔ odwo so ma wɔn a wɔn bo afuw no bo dwoe. Gideon bisae sɛ: “Dɛn na mayɛ afei a ɛte sɛ mo de?” Dɛn na efi ahobrɛase mu a ofi buae no mu bae? “Wɔn bo gyaa no fuw.”

Nea etwa to no, susuw Bible mu kyerɛwtohɔ a ɛfa ɔbea bi a wɔfrɛ no Abigail ho no hwɛ. Na Dawid akohintaw sɛ oguanfo afi ne tamfo, Israel hene Saul anim. Na Dawid mmarima no rehu amane de, nanso na wɔtaa bɔ wɔn mfɛfo Israelfo no ho ban. Nipa biako a wɔboaa no ne Abigail kunu Nabal, ɔbarima a ɔwɔ ahonyade pii. Nanso, na Nabal yɛ “den na ne nneyɛe nye.” Bere a Dawid mmarima no hia aduan no, wɔkɔsrɛɛ aduan fii Nabal hɔ. Sɛ anka Nabal bɛkyerɛ anisɔ wɔ ahobammɔ a onya fii Dawid nkurɔfo no hɔ kwa ho no, “opoopoo” wɔn a Dawid somaa wɔn no, na ɔpam wɔn a wamma wɔn hwee.—1 Samuel 25:2-11, 14.

Dawid tee asɛm no, ne bo fuwii na ɔhyɛɛ ne mmarima no sɛ: “Mo nyinaa mmobɔ mo nkrante.” Dawid ne ne mmarima no sii kwan so sɛ wɔrekokum Nabal ne ne fifo a wɔn ho nni asɛm no mu mmarima no nyinaa nanso Abigail siankaa wɔn. Bere a ohyiaa Dawid no ofi ayamye mu maa no nnuan ne anonne. Ɔpaa subammɔne a ne kunu yii no adi ho kyɛw na ɔsrɛɛ Dawid sɛ onnyae wɔn a wɔ ho nni asɛm no.—1 Samuel 25:13, 18-31.

Ahobrɛase mu a Abigail fi paa kyɛw no maa Dawid siankaa n’abufuw no. Nokwarem no, bere a Dawid huu sɛnea na n’abufuw no mu yɛ den fa no, ɔkae sɛ: “Nhyira nka [Yehowa, NW], Israel Nyankopɔn a ɔsomaa wo behyiaa me nnɛ yi. Na nhyira nka w’adwempa, na nhyira nka wo sɛ woasianka me nnɛ da yi na mankodi mogya ho sõ, na mamfa m’ankasa nsa mantɔ were.” (1 Samuel 25:32-35) Yiw, wɔ nsɛm pii mu no ‘mmuae bɔkɔɔ’ betumi asianka afoforo abufuw. Nanso, sɛ ɛba sɛ woma mmuae bɔkɔɔ na anyɛ yiye nso ɛ?

‘Fi Hɔ Kɔ’

Wubetumi akwati sɛ wobɛma tebea no asɛe koraa denam wo ho a wobɛtwe afi hɔ akɔ kɛkɛ no so. Bible no ka sɛ: “Nnyina sã a, ogya dum.” Ɛsan nso tu fo sɛ: ‘Ɔham mu nnya nyɛɛ den no, fi hɔ kɔ.’ (Mmebusɛm 17:14; 26:20) Merissa a wadi mfe 17 no ka sɛ: “Abarimaa bi a wagye din wɔ sukuu mu baa me nkyɛn pɛe sɛ ɔne me kasa. Ɔka kyerɛɛ me sɛ me ho yɛ fɛ. Ankyɛ koraa na ne mpena bi de abufuw baa me so. Ɔbɔɔ me sobo sɛ me ne ne mpena no hyehyɛ hɔ na ɔpɛe sɛ ɔne me ko! Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkyerɛkyerɛ nea esii no mu nanso wantie nea meka no. Yɛpɔn sukuu no ɔne mmeawa foforo baa me so sɛ wɔrebɛhwe me! Meyɛɛ ntɛm frɛɛ nea ɔwɛn sukuu mu hɔ no bae, na mekyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ abeawa a ne bo afuw no sɛ menko ntɔkwaw na ne mpena no mmom na ɔbaa me nkyɛn. Afei mifii hɔ kɔe.” Merissa anyɛ nea ne nkate pɛ sɛ ɔyɛ no. Ɛnyɛ ntɔkwaw no kɛkɛ na ɔkwatii na mmom ofii hɔ kɔe de bɔɔ ne ho ban. Te sɛ nea Mmebusɛm 17:27 ka no: “Nea ɔkyɛe ne nsɛm hu nimdeɛ, na nea ne honhom dwo yɛ nhumu nipa.”

Nanso sɛ ɛba sɛ wɔbɔ wo sobo sɛ wo na woahyɛ obi abufuw ankasa—a ebia woanhyɛ da nso ɛ? Pa onii no kyɛw, na yɛ no ntɛm ara! Ebetumi aba sɛ nea ɛsɛ sɛ woyɛ de sianka ɔfoforo no abufuw no ara ne eyi. Mmere yi yɛ mmere a ahokyere ahyɛ mu ma, na nnipa pii wɔ hɔ a wɔn bo nkyɛ fuw. Nanso sɛ wode Bible mu nnyinasosɛm ahorow di dwuma wɔ w’asetra mu a, ɛda adi sɛ wubetumi akwati obi abufuw a ɔde bɛba wo so.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 17]

“Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere”

[Mfonini wɔ kratafa 18]

Ɛtɔ mmere bi a ɛsɛ sɛ wufi hɔ kɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena