Onyankopɔn Din Ma Akyinnyegye Bi Sɔre
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ NETHERLANDS HƆ
NSƐM asekyerɛfo a wɔkyerɛɛ Dutch Bible no ase no maa akyinnyegye bi sɔree wɔ Bible ho abenfo ne wɔn a wɔnyɛ abenfo no ntam. Dɛn na ɛkɔfa bae? Sɛ́ wɔbɛfrɛ Nyankopɔn sɛ Heer, anaa Awurade ho gyinae a wobesi na ɛkɔfa bae.
Wɔ December 1998 mu, bere a nsɛm asekyerɛfo no yii nea wɔakyerɛ ase no ho nhwɛso bi adi wiei wɔ nnawɔtwe akyi pɛɛ no, mmea bi a wɔwɔ Kerk en Wereld (Asɔre ne Wiase) kuw a ɛyɛ Protestant ahyehyɛde, mu no yɛɛ ɔsatu bi de kasa tiae. Ná wɔn atirimpɔw ne dɛn? Ná wobu asɛm “Awurade” no sɛ “ɛfa ɔbarima ho titiriw.” Ankyɛ na kuw foforo—Katolekfo ne Protestantfo—de wɔn ho gyee ɔsatu no mu. Wɔ February 1999 mu no, abenfo baasa kyerɛe sɛ wɔpenee so sɛ wontwa Hebri nkyerɛwde a wɔde kyerɛw Nyankopɔn din no tia sɛ YHWH. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Bible ho abenfo, nsɛm asekyerɛfo, ne nyamekyerɛfo hyiae wɔ Amsterdam susuw asɛm no ho. Bere a wosusuw ho wiei no, wɔka kyerɛɛ wɔn a wɔbae no nyinaa sɛ wɔntow aba mfa nkyerɛ nkyerɛase ko a wɔpɛ.
Dawurubɔ krataa Nieuwsblad van het Noorden bɔɔ nea efii abatow no mu bae no ho amanneɛ wɔ nnianim asɛm a ɛne “Nyankopɔn Ho Dɔ Nti, Mommma Yɛnko Wɔ Ne Din Ho” no ase sɛ: “Asekyerɛ a ɛne AWURADE no nyaa mma ason pɛ. Afoforo a aka no mu pii annya mma ahe biara. Aba a wonyae na edidi so yi: Edin no (1); Onii (3), Mmɔborohunufo (6), Nea Onni Din (7), Ɔteasefo (10), ne Daa Agya (15). Asekyerɛ a enyaa mma pii ne . . . YHWH!” Wɔ March 15, 2001 no, Boayikuw a Wɔhwɛ Bible nkyerɛase foforo no so no sii gyinae sɛ wɔde HEER (AWURADE) a wɔde nkyerɛwde nketewa akyerɛw besi Nyankopɔn din no ananmu.
Saa akyinnyegye a ɛrekɔ so yi da no adi sɛ ɛmfa ho wontwiwontwi a ɛwɔ Nyankopɔn din a wɔkyerɛ ase wɔ Dutch mu ho no, abenfo gye tom sɛ Nyankopɔn wɔ din ankasa. Wɔde Hebri nkyerɛwde anan na ɛkyerɛw edin no wɔ Hebri kasa mu, a ɛne, יהוה anaa YHWH. Ɔkwan bɛn so na wɔfa kyerɛɛ YHWH no ase wɔ Bible nkyerɛase foforo a ɛwɔ Dutch kasa mu, nea atwam ne nea ɛwɔ hɔ seesei no?
Netherlandsni barima bi a wɔfrɛ no Nicolaas Goetzee tintim Bible a wɔfrɛ no Staten wɔ 1762 mu. Ɔkyerɛɛ wɔ ɔfã a edi anim no mu sɛ: “Ɛdenam ntease pa bi a obiara nim so no, yɛagyaw Nyankopɔn Nkae Din YEHOWA no a yɛankyerɛ ase.” Netherlands abenfo afoforo a wonim wɔn paa—te sɛ Ɔbenfo Nicolaas Beets ne Petrus Augustus de Genestet—nso de Yehowa din no dii dwuma.
Anigyesɛm ne sɛ, New World Translation of the Holy Scripturesa no akɔ so de Yehowa din no adi dwuma. Nkekaho a ɛwɔ New World Translation a ɛwɔ Dutch kasa mu no ka sɛ “ɛkɔ so de edin ‘Yehowa’ no di dwuma esiane sɛ nnipa nim saa din no mfehaha pii nti. Afei nso ɛde nkyerɛwde anan YHWH . . .” Enti New World Translation no aboa nnipa ɔpepem pii ma wɔabehu nokwasɛm a ɛfa Nyankopɔn din ho no.
[Ase hɔ asɛm]
a Yehowa Adansefo na wotintimii.