Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g01 12/8 kr. 32
  • Ɛhe na Yebenya Mmuae?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛhe na Yebenya Mmuae?
  • Nyan!—2001
Nyan!—2001
g01 12/8 kr. 32

Ɛhe na Yebenya Mmuae?

Ɛno ne asɛm a nnipa pii bisa nnɛ. Sukuu kyerɛkyerɛfo bi a ɔwɔ Novosibirsk, a ɛwɔ Russia no kae sɛ, ɛyɛ den sɛ obenya mmuae ama nsɛm a n’adesuafo no bisa fa Nyankopɔn ne nyamesom ho no. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne krataa a ɔkyerɛwee no mu sɛ:

“Da koro bi a mebaa fie no, mibehuu kratawa ketewaa bi a obi agyaw ato hɔ a n’asɛm ti ne, ‘Nea Enti a Wubetumi De Wo Ho Ato Bible no So.’ Mekyerɛ abakɔsɛm wɔ sukuu, na metaa ne adesuafo no susuw nsɛm ti bi te sɛ asɔre, Bible, ne Nyankopɔn ho. Ɛtɔ mmere bi a, ɛyɛ den sɛ wubenya mmuae ama sukuufo no nsɛmmisa no bi.

“Bere bi a atwam no, na misusuw sɛ sɛ nkurɔfo hyia nsɛnnennen nkutoo a na wɔbɛn Nyankopɔn. Nanso, afei de mabehu sɛ ɛno nyɛ nokware. Obiako nso bisa sɛ: ‘Dɛn nti na asɛm yi ato me? Hena ne me? Ɛhe na mifi bae? Sɛ miwu a, ɛhe na mɛkɔ?’ Ɛyɛ den sɛ wubenya mmuae ama nsɛmmisa a ɛtete saa. Ɛte sɛ nea Bible no de mmuae a ɛtɔ asom ma.”

Ɔkyerɛkyerɛfo no de baa awiei sɛ: “Nea enti a mekyerɛw krataa yi ne sɛ mepɛ sɛ mihu pii fa Bible no ne Nyankopɔn ho.”

Yehowa Adansefo kyerɛ nkurɔfo kwan kɔ Bible no so ma wonya wɔn nsɛmmisa ho mmuae. Susuw nhoma a ɛne Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu no ho hwɛ. Atiri ahorow 19 no mu bi ne: “Hena Ne Nokware Nyankopɔn No?,” “Dɛn Nti na Yenyinyin na Yewuwu?,” ne “Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?” Wubetumi abisa nhoma a ekura nkratafa 192 a wɔde sua Bible yi bi denam krataa a wɔde kra a ɛwɔ ase hɔ a wobɛhyehyɛ denam address a wɔde ama wɔ kratafa 5 wɔ nsɛmma nhoma yi mu no so.

□ Momfa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no biako mmena me.

□ Mesrɛ mo mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena