Sɛnea Wɔbɛma Aduan Ayɛ Papa
SO ADUANDI yɛ hu? Akontaabu bi betumi ama woagye adi saa. Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no (WHO) bɔ amanneɛ sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 130 a wɔwɔ Europa Aman a WHO hwɛ so mu no na wonya yare fi aduan a wodi mu afe biara. Wɔ United Kingdom nkutoo no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ nnipa 100,000 na wodii aduan a enye—ma wɔn mu bɛyɛ 200 wuwui—wɔ 1998 mu. Wɔ United States no, wobu akontaa sɛ nnipa bɛyɛ ɔpepem 76 na wonya yare fi aduan a wodi mu afe biara, na wɔn mu 325,000 na wogye wɔn gu ayaresabea na emu 5,000 wuwu.
Ɛyɛ den ankasa sɛ wobetumi anya akontaabu a edi mu wɔ wiase nyinaa. Nanso WHO bɔ amanneɛ sɛ wɔ 1998 mu no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 2.2 na ayamtu kunkum wɔn—na wɔn mu ɔpepem 1.8 yɛ mmofra. Amanneɛbɔ no se: “Aduan ne nsu a enye na ɛkɔfaa ɔhaw yi mu dodow no ara bae.”
Ebia akontaabu a ɛte saa bɛyɛ sɛ nea ɛdɔɔso. Nanso, ɛsɛ sɛ akontaabu yi ma wobɔ hu wɔ aduan a wudi ho? Enni sɛ ɛba saa. Susuw nhwɛso foforo ho. Nnipa bɛyɛ ɔpepem 4.2 na aduan ma wɔyare afe biara wɔ Australia—anaasɛ nnipa 11,500 na wɔyare da biara! Ebia saa bere yi wubebu akontaa yi sɛ ade kɛse bi. Nanso susuw ho ɔkwan fofofo so. Afe biara Australiafo di nnuan bɛyɛ ɔpepem 20; sɛ wɔkyɛ aduan yi mu a nea ɛde yare ba no nnu ɔha mu biako mu nkyem 50 mu biako. Nokwasɛm ne sɛ ɔhaw a ebetumi afi aduan no mu biara mu aba no sua koraa.
Nanso, aduan ho asiane wɔ hɔ ankasa a ɛsɛ sɛ wobu no aniberesɛm. Dɛn na ɛma obi nya yare fi aduan mu, na dɛn na wobetumi ayɛ de atew asiane no so?
Nea Ɛma Wotumi Nya Yare Fi Aduan Mu
Emerging Infectious Diseases nsɛmma nhoma ka sɛ aduan tumi de nyarewa pii—bɛboro 200—ba. Nanso, mmoawa a ɛde nyarewa yi nyinaa ba no nnɔɔso pii. Oduruyɛfo Iain Swadling, Ɔpanyin a ɔhwɛ Wiase Aduan Ho Nsɛm so no ka sɛ, “ebetumi aba sɛ mmoawa a wɔde nyarewa ɔha mu 90 ba no dodow nnu aduonu anan mpo.” Ɛyɛ dɛn na nneɛma a ɛde yare ba—ɔyare mmoawa, awuduru, ne nea ɛkeka ho—ba aduan mu?
Oduruyɛfo Swadling kyerɛ akwan atitiriw anum a yare mmoawa tumi fa so kɔ aduan mu: “Aduan a aporɔw a wɔnoa; aduannoafo no a wɔn ankasa yare; aduan a wɔmfa nsie yiye anaasɛ wɔnoa na wodi no nnɔnhwerew bi akyi; yare mmoawa pii a ɛkɔ aduan mu bere a wɔrenoa; aduan a wɔnnoa ma ɛmmen anaa wɔnka no hyew yiye.” Ɛwom sɛ asɛm a ɛte saa no betumi ahaw adwene de, nanso ɛma wohu nokwasɛm bi a ɛfata. Nyarewa a wonya fi aduan mu pii wɔ hɔ a wobetumi asiw ano ankasa. Sɛ wubetumi ahu nea wobɛyɛ de abɔ aduan a wudi ho ban a, hwɛ kratafa 8 ne 9.
Gyinae a Ɛfata a Wubesi
Esiane aduan ho nsɛmnsɛm ne asiane a ɛwɔ mu nti, ɛnnɛ, ebinom gye bere tɔ aduan a ɛyɛ foforo na wogye bere de siesie. Sɛ wopɛ sɛ woyɛ biribi a ɛte saa a, hwehwɛ gua a wɔtɔn aduan a ɛyɛ mono na wɔnyɛɛ nsakrae biara wɔ mu. Nhoma bi kae sɛ: “Adetɔfo pii kohu akuafo—ebia dapɛn dapɛn gua da [baabi a wɔtɔn nnuan a ɛyɛ mono no] anaa baabi a wodua nnuan—no, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛtɔ nneɛma no bere a ɛyɛ mono koraa, na ama wɔahu sɛnea wodua nnuan no ne baabi a efi no.” Sɛ woyɛ saa a ɛbɛboa wo, ɛnkanka bere a woretɔ nam no.
Saa na ebetumi ayɛ nea ɛfata koraa sɛ wobɛtɔ nnuan a wodua wɔ baabi a wote no wɔ ne bere mu, efisɛ saa bere no na ebetumi ayɛ nea ahoɔden wom sen biara. Nanso, kae sɛ sɛ woyɛ biribi a ɛte saa a, wuntumi nnya nnuaba ne atosode bebree afe no mu.
Ɛsɛ sɛ wudi nnuan a wɔamfa nnuru biara na eduae? W’ankasa na ɛsɛ sɛ wusi ɛno ho gyinae. Nnipa pii ani gye nnuan a wɔamfa nnuru biara na eduae ho, na ɛda adi pefee sɛ nea enti a ɛte saa no ne sɛ ebinom nni ahotoso wɔ akwan foforo a nnwumakuw fa so siesie nnuan no mu. Nanso, ɛnyɛ obiara na ogye di sɛ nnuan a wɔmfa nnuru biara nnua no yɛ papa.
Ɛmfa ho aduan ko a wopɛ biara no, ɛsɛ sɛ wususuw nea wotɔ no ho yiye. Onimdefo bi kae wɔ Die Zeit atesɛm krataa no mu sɛ: “Sɛ obi retɔ aduan a, odwen ne bo nkutoo ho.” Ɛfata sɛ wobɛma aduan bi bo ho ahia wo, nanso ɛsɛ sɛ wohwɛ nea wɔakyerɛw agu ho no nso. Wobu akontaa sɛ nkurɔfo a wɔtɔ nnuan wɔ atɔe fam aman mu nnye bere nkan nneɛma a wɔde yɛɛ aduan no ho nsɛm a ɛfam ho no. Ɛyɛ ampa sɛ wɔ aman bi mu no, ɛnyɛ biribiara na ade a wɔkyerɛw gu aduan bi ho no bɛma woahu. Nanso, sɛ wopɛ aduan a eye a, ɛnde bɔ mmɔden sɛ wubehu nneɛma a wɔde yɛe no.
Ɛdefa aduan ko a wopɛ sɛ wotɔ ho no, ebia wopɛ sɛ ɛtɔ da a, woyɛ obi a ɔwɔ ntease na wugye sɛnea aduan ho asɛm te ankasa wɔ wo man mu no tom. Wɔ nnipa pii a wɔwɔ hɔ nnɛ fam no, ɛyɛ nea ɛnyɛ yiye ankasa—egye sika, bere pii, na ɔhaw pii wom—sɛ wɔbɛhwɛ adi aduan a wɔahwehwɛ mu ahu sɛ ɔhaw biara nnim nkutoo.
So ɛno ma wote nka sɛ biribi pa biara nni nnɛ wiase yi mu? Saa na ɛte. Nanso, anigyesɛm ne sɛ ɛnkyɛ nneɛma bɛsesa ayɛ papa.
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18, 19]
Nea Wubetumi Ayɛ
◼ Hohoro wo nsa. Ɛsɛ sɛ wode samina nsu a ɛyɛ hyew hohoro wo nsa ansa na woasiesie aduan biara. Bere biara a wobɛkɔ tiafi aba, woresiesie abofra bi ho (te sɛ bere a woresesa ne ho anaa bere a worepopa ne hwene ano), anaa bere a woasɔ aboa bi mu, a ayɛmmoa ka ho no, ɛsɛ sɛ wohohoro wo nsa. Sɛ wonoa aduan wie a, hohoro nkuku anaa dua a wutwitwaa so nneɛma—ɛnkanka sɛ ɛyɛ nam mono te sɛ ntakraboa biara anaa nsunam a. Test nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Hohoro aduaba ne atosode biara ho wɔ nsu boturobodwo mu ma enyi nkoekoemmoa ne nnuru a wɔde kunkum mmoawammoawa biara.” Mpɛn pii no, akwan pa a wotumi fa so ma aduan bi ho tew ne sɛ wobehuan ho, asensen, na wɔanoa. Sɛ obi de lɛtuse anaa kabege reyɛ biribi a, ɛsɛ sɛ oyiyi ɛho nnuraho no gu.
◼ Noa ma ɛmmen. Sɛ woma aduan bi yɛ hyew digrii celsius 71 wɔ bere tiaa bi mu mpo a, yare mmoawa biara a ɛwom bewu. Ɛsɛ sɛ wonoa ntakraboa ma ɛboro saa mpo, bɛyɛ sɛ digrii celsius 82. Ɛsɛ sɛ woma aduan a woka no hyew no du digrii celsius 74. Nnwe ntakraboa a emu mmenee, kesua a ammen yiye, anaa apataa a ammen na wuntumi mfa adinam ntew.
◼ Mfa aduan mmom. Mfa nam mono te sɛ ntakraboa, anaa nsunam, mfra—bere a wɔakɔtɔ, worekora so, na worenoa. Hwɛ na nam yi mu biara ho nsu ankɔfra foforo anaasɛ ankɔfra aduan biara. Afei nso mfa kankyee a woanoa mu nam mono te sɛ apataa, anaa ntakraboa nnoa aduan gye sɛ wode samina nsu a ɛyɛ hyew ahohoro mu ansa.
◼ Fa aduan sie baabi pa. Frigye betumi abɔ aduan ho ban afi yare mmoawa a wɔn ho yɛ hu ho, nanso ɛsɛ sɛ anyɛ yiye koraa no emu nwini yɛ digrii celsius 4. Ɛsɛ sɛ faako a etumi ma nneɛma yɛ nwini paa no nwini yɛ celsius -17. Sɛ wuhu sɛ nnuan bi aporɔw a, mma ensi hɔ mmoro nnɔnhwerew abien. Ɛsɛ sɛ wokata aduan biara a wubedi so yiye na nwansena ansisi so.
◼ Hwɛ yiye wɔ abɔntenduan ho. Akontaabu bi kyerɛe sɛ, wɔ aman a wodi yiye mu no nyarewa a wonya fi aduan mu no mu bɛyɛ ɔha mu 60 kosi 80 fi abɔntenduan. Hwɛ hu sɛ adidibea biara a wobɛkɔ no di ahotew gyinapapɛn ahorow a mmara hwehwɛ so. Tɔ nam a wɔanoa ma aben. Sɛ wotɔ aduan a wubedi no akyiri yi a, hwɛ hu sɛ womma ensi hɔ nni nnɔnhwerew abien. Sɛ esi hɔ kyɛ a, san ka no hyew yiye.
◼ To aduan biara a asɛm wɔ ho gu. Sɛ wo tirim nteɛ wo aduan bi ho sɛ ebia ɛyɛ papa anaa asɛe a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛtow agu. Nokwarem no, nyansa nnim sɛ wobɛsɛe aduan. Nanso, aduan a enye a wubedi ayare no betumi de ɔhaw kɛse abrɛ wo.
[Asɛm Fibea]
—Eyinom mu pii gyina Food Safety Tips, a United States Bagua a Ɛkyerɛ Aduan a Ɛho Tew No de mae no so.