“Ɛda a Ɛyɛ Anigye Sen Biara Wɔ Yɛn Asetra Mu”
AYEFOROHYIA yɛ anigye bere. Awarefo pii aka sɛ: “Ɛno ne ɛda a ɛyɛ anigye sen biara wɔ yɛn asetra mu.” Na ebetumi ayɛ da a ahokyere wom sen biara nso. Adwennwen ne ɔbrɛ a ayeforo ne ayeforokunu ne wɔn mmusua kɔ mu no betumi ayɛ kɛse esiane gyinaesi ne ahoboa ahorow a ehia ne nnipa pii a ayeforo ne ayeforokunu no behyia wɔn saa da no nti.
Ayeforohyia no na efi awarefo no asetra foforo ase. Nanso ɛnyɛ wɔn nko na ɛbɛka wɔn. Esiane sɛ ɔbabea, ɔbabarima, nuabea, anaa nuabarima bi a ɔware taa kyerɛ sɛ ɔdɔfo bi retew ne ho akɔkyekye ne fie nti, mpɛn pii no, ɛma abusua no di awerɛhow.
Ɛsono sɛnea ayeforohyia ho nsɛm te wɔ ɔman biara mu, na entumi nyɛ yiye sɛ yebesusuw ne nyinaa ho wɔ ha. Saa nsɛm yi bɛtwe adwene asi ɔkwan titiriw a Atɔe fam aman ne aman a wɔte sɛ wɔn fa so hyia ayeforo no so. Ɛhɔ no, ware a obi bɛware no ho ka betumi ayɛ nea ɛnna fam. Ebinom sɛe sika kakra a wɔwɔ no wɔ ayeforohyia da no, a nneɛma a wɔbɔ ho ka no bi ne asa anaa adidibea a wogye tua ho ka hyiam wɔ hɔ didi na wɔnom no. Wobu akontaa sɛ wɔ Italy no, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, wɔbɔ ayeforohyia biara ho ka $10,000. Wɔ Japan, ne mmeae foforo no, ɛka no betumi asen saa. Mpɛn pii no, ɛnyɛ ayeforo ne ayeforokunu no na wotua ka no. Wɔn awofo na etua.
Ayeforohyia yɛ adwuma a sika wom. Nnwumakuw pii hyɛ ayeforohyia “a edi mu,” a biribi ntɔ sin wom, ho nkuran. Anyɛ yiye koraa no, nea wɔka ne sɛ, “eyi yɛ ɛda a ɛyɛ anigye sen biara wɔ w’asetram!” Wɔnam saayɛ so yɛ aguade ne nneɛma foforo a “ɛho hia” na ama wo da kɛse no ‘adi mu.’ Wobɛto nsa afrɛ nnipa pɔtee bi, wobɛtɔ ayeforo atade “a ɛyɛ fɛ,” atɔ bi ama ayeforo mmaawa no, na woatɔ ntade a ayeforokunu ne n’aboafo bɛhyɛ. Afei nso, ɛsɛ sɛ munya nhwiren, kar ahorow a ɛyɛ fɛ ne wɔn a wɔbɛka, baabi a ɛdɔm no behyia adidi, mfoninitwafo, nnwontofo, ne nneɛma foforo. Nneɛma a ayeforo ne ayeforokunu no behia a ɛho ka nna fam no betumi ama agyanom pii abɔ hu.
Wɔ aman pii mu no, wɔtwe adwene si amammerɛ so kɛse. Wɔwɔ kwan titiriw bi a ɛsɛ sɛ wɔfa so yɛ ho nneɛma nyinaa, na wɔhwɛ kwan sɛ ayeforo ne ayeforokunu no bedi so. Yiw, nneɛma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔkae, nanso bere tiaa bi pɛ na ɛsɛ sɛ wɔde di ne nyinaa ho dwuma.
So ɛyɛ akwanhwɛ a ɛyɛ anigye anaasɛ etu abasam? Sɛnea wubebua biara no, biribiara a egye na ama ayeforohyia bi aba so a wubesusuw ho no ma nsɛmmisa pii sɔre. Dɛn na ware a obi bɛware no kyerɛ nnɛ? So eyi nyinaa ho hia na ama ayeforohyia bi ayɛ “nea ɛfata”? Ɔkwan bɛn so na wobetumi afa adi honam ne nkate fam haw ahorow no so?
Ɛmfa ho dadwen yi nyinaa no, nnipa pii atumi adi ayeforohyia ho nneɛma no ho dwuma na wɔn ani agye adeyɛ no ho. Wɔn suahu no betumi aboa afoforo a wɔreyɛ ahoboa ama adeyɛ a ɛte saa no. Afei nso, Bible nnyinasosɛm ahorow wɔ hɔ a ebetumi aboa bere a obi pɛ sɛ ohyia ayeforo no, na ama da no ayɛ anigye na ahyɛ obiara nkuran.