“Mesrɛ Mo Mommoa Me! Mo Ne M’anidaso Koro Pɛ”
ATIFI HƆ ASƐM NO YƐ ASƐM A ODURUYƐFO BI a ɔwɔ Kaunas Aduruyɛ Sukuupɔn a ɛwɔ Lithuania no de wiee ne krataa bi a ɔkyerɛw kɔmaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ ɔman no mu no. Oduruyɛfo no kyerɛkyerɛ mu sɛ:
“Mifii ase kenkan Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no wɔ adwumam. Mebɔɔ me tirim sɛ mede emu nsɛm no bedi dwuma wɔ me nkrataa a mekyerɛw no bi mu, nanso biribi si maa nhoma no yerae. Ɛda adi sɛ obi na ɔfae. Eyi haw me paa—esiane sɛ meyeraa biribi a ɛsom bo saa nti. Mesrɛ mo sɛ mo mmena me foforo.
“Mihia saa nhoma yi denneennen efisɛ mekɔsrasra sukuu ahorow na megye bere ne mmerante ne mmabaa bɔ nkɔmmɔ, na saa nhoma yi boa me ma mibua wɔn nsɛmmisa no mu pii. Sɛ minya foforo a, mede bɛto fie na mahwɛ so yiye. Nhoma yi kura biribi a ɛsom bo yiye, na ɛbɛyɛ sɛ ɛno nti na obi afa no. Wɔ mmere a emu yɛ den yi mu no, ehia sɛ obi nya denhyɛ fi baabi foforo. Mesrɛ sɛ mo mommoa me! Mo ne m’anidaso koro pɛ.”
Young People Ask nhoma no bua nsɛmmisa pii a mmofra bisa te sɛ: “Mɛyɛ Dɛn Ama M’awofo Ama Me Ahofadi Pii?,” “Ɛsɛ sɛ Mifi Fie?,” “Mɛyɛ Dɛn Anya Nnamfo Pa?,” “Adwuma Bɛn na Ɛsɛ sɛ Mepaw?,” “Nna a Edi Aware Anim Nso ɛ?,” ne “Meyɛ Dɛn Ahu sɛ Ɔdɔ Me Paa?,” ho nsɛm. Nea ɛwɔ atifi hɔ no yɛ emu nsɛmti no kakraa bi. Sɛ wopɛ nhoma yi bi a, hyehyɛ ɔfa a wɔagyaw wɔ ase hɔ no na fa mena address a ɛka ho no anaa nea ɛfata wɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no.
□ Momfa Questions Young People Ask—Answers That Work nhoma no bi mmrɛ me.
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.