Sɛnea Onyaa Abasobɔde a Edi Kan No
Abofra bi kyerɛw krataa kɔmaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Lusaka, Zambia de kyerɛɛ Nyan! no ho anisɔ. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ esiane nsɛmma nhoma yi nti, wɔama no abasobɔde a edi kan wɔ asɛm bi a ntoaso sukuufo kyerɛwee de sii akan mu. Wɔmaa adesuafo no asɛmti a ɛne sɛ, “The Space Race—The World’s Biggest Money Waster” (Ahunmu Akansi—Ade a Ɛsɛe Sika Paa Wɔ Wiase) na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnyɛ nhwehwemu wɔ saa asɛmti no ho. Abofra no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ:
“Ankyɛ koraa na me nsa kaa September 8, 1992 Engiresi Nyan! no bi. Na nea mehwehwɛ nyinaa wɔ nsɛmma nhoma no mu. Mesan de nsɛm bi a ɛwɔ Nyan! afoforo mu nso kaa ho.” Nea ɛka akyɛde a edi kan a abofra no nyae ho ne kyɛɛk a wɔakyerɛw sika $75 wɔ so. Ɔde anisɔ kae sɛ: “Nyan! ada ne ho adi sɛ nsɛmma nhoma a ɛma wonya abasobɔde.”
Sɛ nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa susuw ahunmu dwumadi—a mmɔden a aban ahorow bɔ sɛ wɔbɛbɔ wɔn nsasesin ho ban afi ntua ho ka ho—no ho a, pii bisa sɛ ebia wiase bi a akodi nnim bɛba da bi anaa. Saa asɛm yi ara ne nhomawa a ekura nkratafa 32 a ɛde adanse a emu yɛ den ma a ɛkyerɛ sɛ wiase bi a ɛte saa bɛba no asɛmti. Nanso ɔkwan bɛn so? ne bere bɛn?
Yɛto nsa frɛ wo sɛ kenkan Will There Ever Be a World Without War? nhomawa no. Wubetumi abisa nhomawa yi bi denam kratasin a ɛwɔ ase hɔ a wode address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata bɛhyehyɛ de amena no so.
□ Momfa Will There Ever Be a World Without War? nhomawa no bi mmrɛ me.
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.