Adwuma Ho Adwene a Ɛfata
ƆSRAANI panyin bi de bere a ɔde bedidi awia nyinaa yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi awie adwuma a egye ntɛmpɛ bi a na ne panyin hia. Bere a ne mfɛfo kodidi bae no, wohui sɛ ne ti si adwuma no so wɔ ne pon so—wawu.
Bɛyɛ nnɔnhwerew abien akyi no, ne mfɛfo mpanyimfo no ho dwiriw wɔn bere a wɔn panyin no frɛe wɔ telefon so kae sɛ: “Asɛm no yɛ awerɛhow ———, nanso mihia sɛ obi si n’anan mu ɔkyena anɔpa!” Ɛyɛɛ wɔn a wogyina hɔ no nwonwa sɛ, So adwuma a na ɔsraani panyin no bɛyɛ nkutoo na na ɛsom bo ma ne wura no?
Saa asɛm a esii ankasa yi si nokwasɛm bi so dua—nea ɛma odwumayɛni ho hia n’adwumawura ara ne sɛ ɔbɛyɛ n’adwuma ama no. Enti eyi ma obi bisa sɛ: So adwuma ne m’asetram ade titiriw, anaa meyɛ adwuma de pɛ asetrade? M’adwuma nti m’asetram nneɛma bɛn na mede rebɔ afɔre?
Gyinae Ahorow a Nyansa Wom a Wosi
Nneɛma abien a ebinom bu no sɛ gyinae titiriw wɔ asetram no taa fi nkate mu—aware mu ɔhokafo a ɔbɛpaw ne adwuma a ɔbɛyɛ. Bere bi na wobu adwuma ne aware sɛ biribi a ɛtra hɔ daa. Enti na wɔyɛ ahwɛyiye wɔ emu biara paw ho. Mpɛn pii no, na wɔhwehwɛ afotu fi wɔn a wɔanyin ne nnamfo hɔ.
Nanso, nnansa yi, ɛkame ayɛ sɛ ahoɔfɛ nkutoo so na nnipa pii gyina paw aware mu ahokafo, a adwene a wokura ne sɛ, sɛ aware no ankɔ yiye sɛnea wɔhwehwɛ no a wobetumi apaw ɔhokafo foforo. Saa ara nso na nnipa pii gyina sɛnea adwuma bi akatua te so paw sɛ wɔbɛyɛ, bere a wonsusuw tebea bɔne a ebetumi afi mu aba ho. Anaasɛ anyɛ yiye koraa no, wobu ani gu tebea bɔne no so, nya adwene ntɛm sɛ ‘metumi adi ho dwuma.’
Awerɛhosɛm ne sɛ, nnwuma a wɔhyɛ bɔ sɛ ɛbɛma obi adi yiye wɔ baabi no ho dawurubɔ taa twetwe mmea a wɔwɔ aman a ahia wɔn mu. Nanso sɛ wodu ɔman foforo no so a, wɔtaa de wɔn kɔ nguamandan mu, faako a wosi tuutuu ma wɔn asetra sɛe koraa sen asetra a na wɔwɔ mu kan no. Sɛnea World Press Review asɛm bi kyerɛ no, ɛnnɛ mmere yi mu nkoasom a ɛte saa a ɛyɛ ahodwiriw yi “yɛ amanehunu a entwam da.”
So wobetumi adɛfɛdɛfɛ nkurɔfo nso ma wɔapene adwuma bi so na afei akowie tebea bi a wɔte nka sɛ ama wɔayɛ nkoa mu? Saa pɛpɛɛpɛ na aba! Sɛ nhwɛso no, nnwumakuw binom de nneɛma a ɛma wɔn adwumayɛfo nya asetra pa ma. Ebia nea ɛka eyinom ho yɛ adan a mmusua ne nnamfo betumi adidi mu, kar a wobesiesie ama obi kwa ne ntade a wosi to so ma obi kwa, ɛsẽ ho animdefo a wɔwɔ adwuma mu hɔ, apɔw-mu-teɛteɛ a obi benya no kwa, ne baabi a wodidi a ɛho ka sõ a wotua bi ma adwumayɛfo no.
Sɛnkyerɛwfo Richard Reeves bɔ amanneɛ sɛ: “Adwumakuw biako bi mpo tua sika ma n’adwumayɛfo a wɔayɛ adwuma abrɛ a wɔyɛ nhyehyɛe ne mmea pue.” Nanso yɛ ahwɛyiye! Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Saa nnwumakuw yi de nhyehyɛe horow bi a ɛbɛma w’asetra ayɛ mmerɛw ma, wɔ tebea biako pɛ mu—sɛ wobɛma wɔadi w’asetra so; sɛ wobɛyɛ adwuma nnɔnhwerew 18 na edu dapɛn awiei a, woadidi, ateɛteɛ w’apɔw mu, adi agoru, na mpo woada adwumam hɔ sɛnea wobetumi anya wo bere biara a wohia wo no.”
Adwuma Foforo a Ɛfata a Wopaw
Tete bɛ bi kenkan sɛ: “Ɔkraman a ɔte ase ye sen gyata a wawu.” (Ɔsɛnkafo 9:4) Saa bɛ yi ma asɛmmisa bi sɔre sɛ, So ɛsɛ sɛ mede me nkwa anaa m’ahoɔden bɔ afɔre ma m’adwuma? Wɔ eyi ho mmuae mu no, nnipa pii asan asusuw wɔn tebea ho na wɔahu ɔkwan a wɔbɛfa so anya wɔn asetrade—ne wɔn mmusua de, sɛ ebia wɔwɔ bi a—na afei wɔanya asetra pa a anigye wom nso.
Ampa, eyi yɛ hwehwɛ sɛ obi tew nneɛma bi so, na ebia ebehia sɛ ohu nea ehia sɛ ɔpaw ankasa sen nneɛma bi a enhia pii a ɔbɛpɛ. Ebia wɔn a wɔrepɛ asetra mu dibea ne anuonyam no bɛpo hokwan a ɛte saa no na ebetumi aba sɛ wobedi wɔn a wɔpaw asetra a ɛnkyere so no ho fɛw mpo. Nanso, dɛn ankasa na ehia wɔ asetra mu? So woagyina kakra asusuw eyi ho nnansa yi?
Ebetumi aba sɛ Ɔhene Salomo, a ɔkyerɛw ɛbɛ a yɛafa mu asɛm aka wɔ atifi hɔ no, nyaa honam fam nneɛma sen onipa biara. Nanso bere a ɔreka nea ehia paa ho asɛm no, ɔnam Onyankopɔn honhom so kyerɛwee sɛ: “Asɛm no awiei, ne nea yɛate nyinaa ne sɛ: Suro Onyankopɔn, na di ne mmara nsɛm so. Na eyi ne nnipa nyinaa asɛde.”—Ɔsɛnkafo 12:13.
Bere koro no ara no, Salomo hui nso sɛ adwuma som bo. Ɔkyerɛwee sɛ: “Biribi pa bi nna hɔ mma onipa sɛ obedidi na wanom na wama ne kra ahu adepa ne brɛ no mu.” (Ɔsɛnkafo 2:24) Yesu Kristo, Salomo Ɔkɛseɛ no, nso hui sɛ adwuma som bo sɛnea ne soro Agya yɛ no. Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “M’agya gu so yɛ adwuma besi sesɛɛ, na me nso meyɛ adwuma.”—Yohane 5:17; Mateo 12:42.
Nanso, seesei nnipa nkwa nna so atew. (Dwom 90:10) Nanso, na Kristo nim sɛ adesamma benya nkwa a enni awiei wɔ asase so wɔ Ahenni nniso ase, nea ɔkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔmmɔ ho mpae no. Ɛno nti na ɔhyɛe sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho” wɔ ne Bepɔw so Asɛnka a agye din no mu no.—Mateo 6:9, 10, 33.
Ɛdefa sɛnea asetra bɛyɛ wɔ saa Ahenni no nniso ase ho no, Bible no hyɛ bɔ sɛ: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. Wɔrensisi adan mma obi ntra mu, . . . na wɔn a mapaw wɔn yi bedi wɔn nsa ano adwuma.”—Yesaia 65:21, 22.
Hwɛ anigye ara a ɛno bɛyɛ—sɛ yebenya daa nkwa a enni awiei a nea ɛka ho ne adwuma a ɛma akomatɔyam! Ebia mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yɛbɛhwehwɛ yɛn ankasa nsɛm tebea mu no bɛma yɛahu sɛ ɛsɛ sɛ yɛsan susuw nnwuma binom a yɛyɛ nnɛ ho na yɛakwati asiane ahorow a ebetumi aka ‘sɔ a yɛbɛsɔ nokware nkwa no mu’—daakye asetra wɔ Onyankopɔn Ahenni no ase—ɔkwammɔne so no. (1 Timoteo 6:19) Enti momma yɛnna no adi wɔ yɛn adwumam, anaa biribiara a yɛyɛ mu sɛ, yɛwɔ obu ma Nea ɔmaa yɛn nkwa no.—Kolosefo 3:23.
[Mfonini ahorow wɔ kratafa 28 ,29]
Nnipa benya adwuma a asiane nnim na ɛma akomatɔyam wɔ Onyankopɔn Ahenni ase